Asomafoɔ 2

Pentekoste Da no

1 Na Pentekoste da no duruiɛ no, na wɔn nyinaa ahyia faako.

2 Na mpofirim no, ahum bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den a ɛrebɔ firi soro bae, na ɛbɛhyɛɛ efie a wɔte mu no ma.

3 Na tɛkyerɛma a wɔapaepae mu a ɛte sɛ ogya yiyi kyerɛɛ wɔn, na ɛbɛsisii wɔn atifi mmaako mmaako.

4 Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wɔfirii aseɛ kasaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka.

5 Na Yudafoɔ bi a wɔyɛ nnipa nyamesurofoɔ a wɔfiri wiase aman nyinaa mu te Yerusalem.

6 Na wɔtee deɛ ɛrekɔ so no, nnipa pii bɛhyiae, na wɔn adwene mu yɛɛ wɔn keserenee sɛ obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa.

7 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri ne nwanwa, na wɔkaa sɛ: Hwɛ, wɔn a wɔrekasa yi nyinaa nyɛ Galileafoɔ anaa?

8 Na ɛyɛɛ dɛn na yɛn nyinaa te yɛn ara yɛn kasa a wɔwoo yɛn mu yi?

9 Partifoɔ ne Mediafoɔ ne Elamfoɔ ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto ne Asia,

10 Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene, ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔadane Yudafoɔ,

11 Kretafoɔ ne Arabfoɔ, yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Nyankopɔn nnwuma akɛseɛ.

12 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri, na wɔn tirim yɛɛ wɔn keserenee, na wɔsesee wɔn ho sɛ: Yei ase ne sɛn?

13 Na ebinom nso de dii fɛw sɛ: Nsa foforɔ na abo wɔn.

Petro asɛnka

14 Na Petro ne dubaako no sɔre gyinae, na ɔmaa ne nne so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yuda mmarima ne mo a mote Yerusalem nyinaa, monhunu yei, na momma me nsɛm yi nkɔ mo aso mu!

15 Na yeinom mmoroo nsa, sɛdeɛ mosusuo yi, ɛfiri sɛ ɛyɛ anɔpa nnɔnkron.

16 Na yei ne deɛ Odiyifoɔ Yoel kaeɛ no

17 sɛ Onyankopɔn se:

Na ɛbɛba sɛ nna a ɛdi akyire no mu no,

mɛhwie me Honhom no magu honam nyinaa so,

na mo mmammarima ne mo mmammaa ahyɛ nkɔm,

na mo mmeranteɛ ahunhunu anisoadeɛ,

na mo mpanimfoɔ asoso daeɛ;

18 na me nkoa ne me mfenaa so

na nna no mu mɛhwie me Honhom no bi maguo,

na wɔahyɛ nkɔm.

19 Na mɛma anwanwadeɛ aba ewiem wɔ ɔsoro,

na nsɛnkyerɛnneɛ aba asase so ɛfam,

mogya ne ogya ne wisie kumoo.

20 Owia bɛdane sum,

na ɔsrane adane mogya

ansa na Awurade da kɛseɛ a ɛhyerɛn no aba.

21 Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no, wɔbɛgye no nkwa.

22 Israel mmarima, montie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenneɛ ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔno Onyankopɔn no ara nam ne so yɛɛ no mo mu yii no kyerɛɛ mo, sɛdeɛ mo ara nso monim no,

23 ɔno ara a wɔnam Nyankopɔn agyina a ɔtuiɛ, ne ne nim a ɔnim dada so yii no maeɛ no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa soɔ bɔɔ no asɛnnua mu kumm no.

24 Ɔno na Onyankopɔn anyane no, na wasane owuya homa, ɛfiri sɛ antumi amma sɛ ɛka no hyɛ.

25 Na Dawid kaa ne ho asɛm sɛ:

Mehunuu Awurade m’anim daa,

ɛfiri sɛ ɔwɔ me nifa na manhinhim.

26 Yei nti m’akoma tɔɔ me yam, na me tɛkyerɛma ho sanee no;

na me honam nso bɛda anidasoɔ mu,

27 ɛfiri sɛ worennya me kra Asamando,

na woremma wo Kronkronni no nhunu porɔeɛ.

28 Wokyerɛɛ me nkwa akwan;

wode w’anim bɛma abotɔyam amee me.

29 Anuanom, momma me kwan na menka agya panin Dawid ho asɛm pefee menkyerɛ mo, sɛ wawu, na wɔasie no, na ne da wɔ yɛn nkyɛn ha de bɛsi nnɛ.

30 Na sɛ ɔyɛ odiyifoɔ, na ɔnim sɛ Onyankopɔn de ntam ka kyerɛɛ no sɛ n’asene mu aba mu bi na ɔbɛtena n’ahennwa soɔ nti,

31 ɔhunuu yei siee, na ɔkaa Kristo sɔreɛ ho asɛm sɛ

wɔannya no Asamando,

nanso ne honam anhunu porɔeɛ.

32 Yesu yi ara na Onyankopɔn anyane no; ɛho adansefoɔ na yɛn nyinaa yɛ.

33 Afei wɔmaa no so kɔɔ Nyankopɔn nifa, na ɔnyaa Agya no nkyɛn Honhom Kronkron bɔhyɛ nti na wahwie deɛ mohunu na moteɛ yi aguo.

34 Na Dawid ankɔ soro; nanso ɔno ara kaa sɛ:

Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ:

Tena me nifa

35 kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ.

36 Enti ma Israel fie nyinaa nhunu ampa sɛ Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛnee no no ayɛ Awurade ne Kristo.

Akyidifoɔ foforɔ mpensa

37 Na wɔteeɛ no, ɛwowɔɔ wɔn akoma mu, na wɔka kyerɛɛ Petro ne asomafoɔ a aka no sɛ: Anuanom, yɛnyɛ dɛn?

38 Na Petro see wɔn sɛ: Monsakyera mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu, mma mo bɔne fakyɛ, na mobɛnya Honhom Kronkron akyɛdeɛ no.

39 Na bɔhyɛ no yɛ mo ne mo mma ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, a Awurade yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba nyinaa dea.

40 Na ɔde nsɛm bebree kaa ho dii wɔn adanseɛ, na ɔtuu wɔn fo sɛ: Momma wɔnnye mo mfiri nnɛ mma abusua kontonkye yi mu!

41 Ɛnna wɔn a wɔgyee n’asɛm no maa wɔbɔɔ wɔn asu. Na da no ara wɔde akra bɛyɛ mpensa bɛkaa wɔn ho.

Asafo no daa asetena

42 Na wɔkura asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ ne ayɔnkofa ne paanoobubuo ne mpaebɔ mu ara.

43 Na ehu baa nnipa nyinaa so, na asomafoɔ no yɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ pii.

44 Na wɔn a wɔgye diiɛ nyinaa hyiaa faako, na wɔn nnoɔma nyinaa yɛ kwasafodeɛ,

45 na wɔtɔn wɔn ahonyadeɛ ne wɔn nnoɔma, na wɔkyɛɛ mu maa wɔn nyinaa, sɛdeɛ ɛhia obiara.

46 Na daa wɔde akoma korɔ hyiaa mu wɔ asɔrefie, na wɔbubuu paanoo afie mu de ahosan ne akoma kronn dii wɔn aduane,

47 na wɔyii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔwɔ animuonyam ɔman no nyinaa anim. Na Awurade de wɔn a na wɔregye wɔn nkwa kaa asafo no ho daa.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

18 + 12 =