Asomafoɔ 1

Wɔhunu Yesu a wasɔreɛ no

1 Teofilo, akane nwoma a meyɛeɛ no fa nnoɔma a Yesu firii aseɛ yɛeɛ, na ɔkyerɛkyerɛeɛ nyinaa

2 de bɛsii da a ɔnam Honhom Kronkron soɔ maa asomafoɔ a ɔyii wɔn no ahyɛdeɛ, na wɔfaa no kɔɔ soro no ho.

3 Wɔn nso na n’amanehunu akyiri no, ɔnam adanseɛ bebree so yii ne ho kyerɛɛ wɔn sɛ ɔteasefoɔ adaduanan mu maa wɔhunuu no, na ɔkaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm.

4 Na ɔne wɔn hyiaeɛ no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmmfiri Yerusalem nnkɔ, na mmom wɔntwɛn Agya no bɔhyɛ a ɔse:Mote firii m’anomu no,

5 sɛ Yohane deɛ, ɔde nsuo na ɛbɔɔ asu, na mo deɛ, nna yi mu, ɛrenkyɛ na wɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron mu.

6 Ɛnna wɔhyiaeɛ no, wɔbisaa no sɛ: Awurade, berɛ yi mu na wobɛsane de ahennie no ama Israel anaa?

7 Na ɔbuaa wɔn sɛ:Ɛnyɛ mo asɛm, sɛ mobɛhunu berɛ anaa nna a Agya no ahyɛ ato hɔ ɔno ara ne tumi mu,

8 na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mobɛnya ahoɔden, na moayɛ m’adansefoɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohoa.

Yesu sorokɔ

9 Na ɔkaa yeinom wieeɛ na wɔrehwɛ no no, wɔmaa no so, na mununkum gyee no firii wɔn anim.

10 Na ɔrekorɔ na wɔrehwɛ soro haa no, hwɛ, mmarima baanu bi a wɔhyɛ ntadeɛ fitaa bɛgyinaa wɔn nkyɛn,

11 na wɔkaa nso sɛ: Galilea mmarima, adɛn na mogyina ha rehwɛ soro yi? Yesu yi ara a wɔafa no mo nkyɛn kɔ soro yi, ɔbɛba saa ara, sɛdeɛ mohu no sɛ ɔrekɔ soro yi.

Asomafoɔ no hyia Yerusalem

12 Ɛno na wɔfirii bepɔ a wɔfrɛ no Ngo Bepɔ a ɛbɛn Yerusalem bɛyɛ homeda kwan no so sane kɔɔ Yerusalem.

13 Na wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu; ɛhɔ na na Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda teɛ.

14 Na yeinom nyinaa de akoma korɔ kura mpaebɔ mu ara, wɔne mmaa no ne Maria, Yesu ne na ne ne nuanom.

Petro asɛnka

15 Na nna yi mu Petro sɔre gyinaa anuanom no mfimfini (na nkurɔfokuo a wɔahyia faako no bɛyɛ nnipa ɔha aduonu) na ɔkaa sɛ:

16 Anuanom, ɛtwa sɛ twerɛ no a Honhom Kronkron nam Dawid anomu nsɛm so kaa no akane no nya ba mu wɔ Yuda a ɔyɛɛ wɔn a wɔkyeree Yesu no kwankyerɛfoɔ no ho.

17 Na wɔkann no fraa yɛn, na ɔnyaa ɛsom yi kyɛfa bi somee.

18 (Saa Yuda yi na ɔde n’amumuyɛ akatua nyaa asase, na ne nkɔnkɔ bɛwɔɔ hɔ no, ne mu paee, na ne yam adeɛ nyinaa tu gui;

19 na wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa tee, na wɔfrɛɛ asase no wɔn ara wɔn kasa mu sɛ Hakeldama, aseɛ ne Mogya Asase.)

20 Na wɔatwerɛ no Nnwom nwoma mu sɛ:

Ne tenaberɛ nyɛ amamfo,

na obiara nntena mu!

Na ne hwɛ adwuma no deɛ, ɔfoforɔ mfa!

21 Enti ɛtwa sɛ mmarima a wɔne yɛn nanteeɛ berɛ a Awurade Yesu dii yɛn mu ahyemfire no nyinaa

22 firi Yohane asubɔ so de bɛsi da a wɔfaa no yɛn nkyɛn kɔɔ soro no mu baako ne yɛn yɛ ne sɔreɛ ho adansefoɔ.

Matia yie

23 Na wɔde baanu bɛgyinaa hɔ, Yosef a wɔfrɛ no Barsaba a wɔtoo no Yusto no, ne Matia.

24 Na wɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: Wo, Awurade a wonim nnipa nyinaa akoma mu, kyerɛ baanu yi mu baako a woayi no

25 sɛ ɔmfa ɛsom yi ne asomafodwuma a Yuda firii mu teree ho sɛ ɔrekɔ ɔno ara tenaberɛ no kyɛfa no nsom!

26 Na wɔtwee wɔn so ntonto; na ntonto no bɔɔ Matia, na wɔkann no kaa asomafoɔ dubaako no ho.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

eighteen − 5 =