1 Samuel 31

Saulo ne ne mmammarima wuo

1 Na Filistifoɔ ne Israel koeɛ; na Israel mmarima dwanee Filistifoɔ anim, na wɔtotɔe Gilboa bepɔ so.

2 Na Filistifoɔ tu saa Saulo ne ne mma, na Filistifoɔ no kumm Saulo mma Yonatan ne Abinadab ne Malkisua.

3 Na ɔko no denee Saulo, na agyantofoɔ, mmarima a wɔkura tadua no hunuu no, na wɔtoo no piraa no.

4 Na Saulo ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani sɛ: Twe wo nkrantɛ fa wɔ me, na momonotofoɔ yi amma ammɛwɔ me na wɔammɛgoro me atɔprɛ. Na n’akodeɛkurani no ampene, ɛfiri sɛ na ɔsuro pii. Ɛnna Saulo faa nkrantɛ na ɔhwee soɔ.

5 Na n’akodeɛkurani no hunuu sɛ Saulo awuo no, ɔno nso hwee ne nkrantɛ so saa ara, na ɔne no wui.

6 Saa na Saulo ne ne mma baasa ne n’akodeɛkurani ne ne mmarima nyinaa nso wuwuu prɛko da no ara.

7 Na Israel mmarima a wɔwɔ bonhwa no agya ne wɔn a wɔwɔ Yordan agya hunuu sɛ Israel mmarima adwane na Saulo ne ne mma atotɔ no, wɔgyaa nkuro no hɔ dwanedwanee, na Filistifoɔ no ba bɛtenaa mu.

8 Na adeɛ kyeeɛ a Filistifoɔ ba bɛyiyii atɔfoɔ ho adeɛ no, wɔhunuu Saulo ne ne mma baasa no sɛ wɔatotɔ wɔ Gilboa bepɔ soɔ.

9 Na wɔtwaa ne ti, na wɔyii ne ho akodeɛ, na wɔsoma maa wɔde kyinii Filistifoɔ asase so hyiae, sɛ wɔnkɔbɔ kaseɛ wɔ wɔn abosomfie ne ɔman no mu.

10 Na wɔde n’akodeɛ no kɔsiee Astarot dan mu, na ne funu no, wɔde sɛnee Bet-san fasuo ho.

11 Na Yabes-gileadfoɔ tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo no,

12 akofoɔ nyinaa sɔree nam anadwo nyinaa kɔfaa Saulo funu ne ne mma afunu no firii Bet-san fasuo no ho de baa Yabes, na wɔhyee no wɔ hɔ.

13 Na wɔfaa wɔn nnompe kɔkoraa no santɛ dua no ase wɔ Yabes, na wɔdii mmuada nnanson.

Rut 1

Elimelek tutu kɔtena Moab

1 Na nna a atemmufoɔ no bu atɛn no mu no, ɛkɔm baa asase no so. Na ɔbarima bi a ɔfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda kɔɔ sɛ ɔrekɔtena Moab asase so ayɛ hɔ hɔhoɔ, ɔno ne ne yere ne ne mmammarima baanu.

2 Ɔbarima no din de Elimelek, na ne yere din de Naomi, na ne mmammarima baanu no din de Mahlon ne Kilion, wɔyɛ Efratifoɔ a wɔfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda. Na wɔduruu Moab asase so, na wɔtenaa hɔ.

3 Na Elimelek, Naomi kunu no wui, na ɛkaa ɔno ne ne mma baanu no.

4 Na wɔwaree yerenom Moabfoɔ mu, ɔbaako din de Orpa, na ɔbaako din de Rut. Na wɔtenaa hɔ bɛyɛ mfeɛ du.

5 Na wɔn baanu no, Mahlon ne Kilion, nso wuwui, na ɛkaa ɔbaa no nko, ne mma baanu no ne ne kunu no akyi.

Ne yere ne n’ase sane kɔ Betlehem

6 Ɛnna ɔsɔreeɛ, ɔne ne nsenom baanu no, sɛ ɔresane afiri Moab asase so aba, ɛfiri sɛ ɔtee no wɔ Moab asase so sɛ AWURADE abɛhwɛ ne man na wama wɔn aduane.

7 Na ɔfirii deɛ ɔwɔ hɔ, na ne nsenom baanu no ka ne ho. Na wɔsii kwan so sɛ wɔresane aba Yuda asase so.

8 Na Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom baanu no sɛ: Monsane nkɔ mo nanom fie. AWURADE ne mo nni no yie sɛdeɛ mo ne awufoɔ no ne me adi no yi.

9 AWURADE mma monnya atenayie mo kununom fie. Na ɔfee wɔn ano; na wɔmaa wɔn nne so sui.

10 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, yɛne wo bɛsane akɔ wo manfoɔ nkyɛn.

11 Na Naomi kaa sɛ: Me mma, monsane! Adɛn na mo ne me bɛkorɔ? Mmammarima da so wɔ me yam na wɔabɛyɛ mo kununom?

12 Me mma, monsane nkɔ! na manyini dodo sɛ mɛnya kunu. Sɛ mese: Mewɔ anidasoɔ, na menya kunu anadwo yi na mewo mmammarima mpo a,

13 mobɛtwɛn wɔn akɔsi sɛ wɔbɛnyini anaa? Mobɛtena hɔ a morenwareɛ anaa? Dabi, me mma, na me na awie me bɔne sene mo, ɛfiri sɛ AWURADE nsa afiri adi ne me adi no bɔne.

14 Na wɔmaa wɔn nne so suu bio. Na Orpa fee n’ase ano, na Rut deɛ, ɔbataa ne ho.

15 Na ɔkaa sɛ: Hwɛ, wo kora asane kɔ ne manfoɔ ne n’anyame nkyɛn. Sane di wo kora akyi!

16 Na Rut kaa sɛ:

Nhyɛ me sɛ mennya wo hɔ

na mennyae w’akyiri die nsane nkɔ;

na deɛ wokorɔ na mɛkorɔ,

na deɛ wosoɛ na mɛsoɛ;

wo man bɛyɛ me man,

na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn;

17 deɛ wobɛwuo na mɛwuo,

na ɛhɔ ara na wɔbɛsie me;

AWURADE nyɛ me yei

na ebi nka ho,

sɛ gye owuo na ɛbɛtete

me ne wo ntam.

18 Na ɔhunuu sɛ wawe ataa so sɛ ɔne no bɛkorɔ no, ɔne no gyaee kasa.

19 Na wɔn baanu no nante bɛduruu Betlehem. Na wɔduruu Betlehem no, wɔn nti kuro no nyinaa bɔɔ twi na wɔkaa sɛ: Naomi nie?

20 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:

# Mommfrɛ me Naomi,

# na momfrɛ me Mara,

ɛfiri sɛ Tweaduampɔn ne me adi no nwononwono so sɛ!

21 Mekɔɔ no ma,

na AWURADE de me hunu na aba.

Adɛn na mofrɛ me Naomi,

na AWURADE abua me atɛn,

na Tweaduampɔn ne me adi no bɔne yi?

22 Sɛ Naomi ne n’ase Moabni Rut sane firii Moab asase so baeɛ nie. Na wɔduruu Betlehem no, na wɔafiri atokoɔ twa ase.

Rut 2

Rut di Boas afuo mu mpɛpɛ

1 Na Naomi nyaa ne kunu busuani bi a ɔyɛ ɔbarima kunini a ɔfiri Elimelek abusua mu a ne din de Boas.

2 Na Rut, Moabni baa no ka kyerɛɛ Naomi sɛ: Ma menkɔ mfuo mu menkɔdi mmɛtem no mpɛpɛ deɛ mɛnya n’anim animuonyam akyi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me ba, kɔ ɛ!

3 Na ɔkɔ kɔdii mpɛpɛ afuo mu wɔ atwafoɔ no akyi. Na ɔkɔfirii afuo bi a ɛyɛ Boas a ɔfiri Elimelek abusua mu no deɛ mu.

4 Na hwɛ, Boas firi Betlehem bae, na ɔka kyerɛɛ atwafoɔ no sɛ: AWURADE nni mo akyi! Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE nhyira wo.

5 Ɛnna Boas ka kyerɛɛ n’abɔfra a ɔgyina atwafoɔ no akyire sɛ: Hwan ababaa nie?

6 Na abɔfra a wɔde no agyina ayutwafoɔ no akyire no kaa sɛ: Ɛyɛ Moabni ababaa a ɔne Naomi sane firii Moab asase so baeɛ no.

7 Ɔbɛkaa sɛ: Ma menni ayutwafoɔ no akyi menni mpɛpɛ mentase afiafi no ntam. Na ɔbae, na ɔkura mu ara de firi anɔpa de abɛduru sɛsɛɛ a ɔnhomee kakraa bi mpo.

8 Ɛnna Boas ka kyerɛɛ Rut sɛ: Me ba, tie, nkɔ afuo biara mu nkɔdi mpɛpɛ, nso mfiri ha, na fa wo ho bɔ me mmaawa yi ho.

9 Ma w’ani mmra afuo no fa a wɔtwa hɔ, na di wɔn akyire. Hwɛ, mahyɛ mmeranteɛ no sɛ wɔnnha wo. Na sɛ sukɔm de wo a, kɔ nnoɔma no ho kɔnom deɛ mmeranteɛ no asa no bi.

10 Ɛnna ɔde n’anim butuiɛ, na ɔkotoo fam na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na manya w’anim adom, na w’ani ku me a meyɛ ɔnanani ho yi?

11 Na Boas buaa no sɛ: Deɛ wo kunu wuo akyi woyɛɛ w’ase no nyinaa, wɔatu aseɛ aka akyerɛ me; sɛdeɛ wogyaa w’agya ne wo na ne asase a wɔwoo wo wɔ soɔ, na wonam baa ɔman a wonni wɔn da yi nkyɛn no.

12 AWURADE nhyɛ wo wo nneyɛɛ ananmu na nya akatua mu firi AWURADE Israel Nyankopɔn a woaba ne ntaban ase abɛdan no no nsam.

13 Na ɔkaa sɛ: Me wura, woayɛ me adɔeɛ a ɛboro soɔ, na woakyekyere me werɛ, na woaka w’abaawa asomdwoeɛsɛm, nso mente sɛ wo mmaawa yi mu biara mpo.

14 Na ɛduruu adidiberɛ no, Boas ka kyerɛɛ no sɛ: Bra ha bɛdi aduane no bi, na fa wo buprɛko bɔ nsa kekakeka no mu. Na ɔbɛtenaa ayutwafoɔ no nkyɛn. Na ɔmaa no nkyeweɛ no bi, na ɔwe mee maa ebi kae.

15 Na ɔsɔree sɛ ɔrekɔdi mpɛpɛ no, Boas hyɛɛ ne mmeranteɛ no sɛ: Momma no nni afiafi no nso ntam mpɛpɛ, na mommpoopoo no.

16 Na monyiyi afiafi no mu deɛ no bi nnyae mu ngu fam mma no, na ɔnni mpɛpɛ; na monnyɛ no.

17 Ɛnna ɔdii afuo no mu mpɛpɛ de kɔduruu anwummerɛ, na ɔporee mpɛpɛ a ɔdiiɛ no, na ɛyɛɛ bɛyɛ atokoɔ efa baako.

18 Na ɔsoa baa kuro no mu; na n’ase hunuu deɛ ɔtaseeɛ no; na ɔyii deɛ ɔdi meeɛ na ɛkaeɛ no maa no.

19 Ɛnna n’ase ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛhe na wokɔdii mpɛpɛ nnɛ, na ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma yi? Nhyira nka deɛ n’ani kuu wo ho no. Na ɔkyerɛɛ n’ase onii ko a ɔkɔyɛɛ ne nkyɛn adwuma no sɛ: Ɔbarima a mekɔyɛɛ ne nkyɛn adwuma nnɛ no din de Boas.

20 Na Naomi ka kyerɛɛ n’ase no sɛ: Nhyira nka no AWURADE a ɔnnyaee ateasefoɔ ne awufoɔ adɔeɛyɛ no anim. Na Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima no bɛn yɛn, ɔyɛ yɛn bogya.

21 Na Moabni Rut kaa sɛ: Nso ɔka kyerɛɛ me sɛ: Mmeranteɛ a mewɔ yi ho na bata kɔsi sɛ wɔbɛwie deɛ mewɔ nyinaa twa.

22 Na Naomi ka kyerɛɛ n’ase Rut sɛ: Me ba, ɛyɛ sɛ wo ne ne mmaawa no bɛkorɔ, na wɔanhu wo, afu foforɔ bi mu.

23 Na ɔbataa Boas mmaawa no ho dii mpɛpɛ de kɔsii sɛ wɔwiee atokoɔ ne ayuo no twa. Na ɔtenaa n’ase no nkyɛn.

Rut 3

Rut da Boas nan ase

1 Na n’ase Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba, mennhwehwɛ ahomeeɛ memmma wo na asi wo yie anaa?

2 Na afei, Boas a wo ne ne mmaawa nanteeɛ no nyɛ yɛn manni anaa? Hwɛ, ɔrehu atokoɔ so anadwo yi wɔ aporeeɛ.

3 Na dware na sra hyɛ wo ntadeɛ na siane kɔ aporeeɛ hɔ; na nyi wo ho adi nkyerɛ ɔbarima no kɔsi sɛ ɔbɛwie adidie ne ɔnom ansa;

4 na sɛ ɔkɔda na wokɔhunu ne daberɛ hɔ a, kɔ kɔyi n’anafoɔ ntoma na da hɔ, na ɔno ara bɛkyerɛ wo deɛ yɛ.

5 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mɛyɛ deɛ woka nyinaa.

6 Na ɔsiane kɔɔ aporeeɛ hɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ n’ase hyɛɛ no no nyinaa.

7 Na Boas didi nomeeɛ na ne bo tɔɔ ne yam no, ɔkɔ kɔdaa atokokuo no ano hɔ. Na ɔbaa komm bɛyii n’anafoɔ ntoma na ɔdaa hɔ.

8 Na dasuom no, ɔbarima no bɔɔ binim, na ɔmaa ne mu so hwɛe, na hwɛ, na ɔbaa da n’anafoɔ.

9 Na ɔkaa sɛ: Ɛyɛ wo hwan a? Na ɔse: Ɛyɛ me, w’abaawa Rut. Trɛ w’atadeɛ mmuano mu fa kata w’abaawa so, ɛfiri sɛ abusua mu gyefoɔ ne wo.

10 Na ɔkaa sɛ: AWURADE nhyira wo, me ba, woama w’akyiri adɔeɛ ayɛ yie sene kan deɛ no, sɛ woanni mmeranteɛ, ahiafoɔ oo, adefoɔ oo, akyire.

11 Na afei, me ba, nsuro. Deɛ woka nyinaa, mɛyɛ mama wo, ɛfiri sɛ me manfoɔ a wɔfa kuro pono ano nyinaa nim sɛ woyɛ ɔbaa pa.

12 Na afei, ɛwom sɛ abusua mu gyefoɔ ne me, nanso abusua mu gyefoɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛn sene me.

13 Tena ha anadwo yi, na sɛ anɔpa, ɔyɛ wo ɔgyefoɔ ade a, ɛyɛ, ma no nyɛ ɔgyefoɔ; na sɛ ɔmpɛ sɛ ɔyɛ wo ɔgyefoɔ ade a, ɛnneɛ sɛ AWURADE te aseɛ yi, me na mɛyɛ wo ɔgyefoɔ. Da ma adeɛ nkye.

14 Na ɔdaa n’anafoɔ hɔ kɔduruu anɔpa. Na ɔsɔree ansa na obi rehunu ne yɔnko. Na ɔkaa sɛ: Wɔmma wɔnnte sɛ ɔbaa no baa aporeeɛ ha.

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa mmuatoma a ɛgu wo soɔ no bra, na sɔ mu. Na ɔsɔɔ mu, na ɔsusuu atokoɔ susukoraa nsia guu mu, na ɔde soaa no, na ɔkɔɔ kuro no mu.

16 Na ɔduruu n’ase nkyɛn no, ɔkaa sɛ: Ɛte sɛn, me ba? Na ɔkaa deɛ ɔbarima no yɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ no.

17 Na ɔkaa sɛ: Atokoɔ susukoraa nsia yi na ɔmaa me, na ɔse, mfa nsansa nkɔ w’ase nkyɛn.

18 Na ɔkaa sɛ: Tena hɔ, me ba, kɔsi sɛ wobɛhunu sɛdeɛ asɛm yi bɛsie, ɛfiri sɛ ɔbarima no renhome gye sɛ ɔwie asɛm yi di nnɛ ansa.

Rut 4

Boas ware Rut. Rut yɛ Dawid nana

1 Na Boas kɔɔ kuro pono no ano kɔtenaa hɔ. Na hwɛ, na abusua mu gyefoɔ a Boas bɔɔ ne din no retwam; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asomasi ee, mane bra bɛtena ha. Na ɔmane bɛtenaa ase.

2 Na ɔfrɛɛ kuro no mu mpanin mu du bae, na ɔkaa sɛ: Montena ha! Na wɔtenaa ase.

3 Na ɔka kyerɛɛ abusua mu gyefoɔ no sɛ: Naomi a ɔsane firii Moab asase so baeɛ no retɔn asase a ɛyɛ yɛn nua Elimelek deɛ no.

4 Na me deɛ, mese: Mɛyi wo asotire sɛ tɔ no wɔ nkurɔfoɔ yi ne me man mpanin yi anim. Sɛ wobɛgye a, gye, na sɛ worennye a, ka kyerɛ me na menhunu, ɛfiri sɛ obi nni hɔ a ɔbɛgyeɛ sɛ wo ne me a medi w’akyire yi. Na ɔkaa sɛ: Me ara mɛgye.

5 Ɛnna Boas kaa sɛ: Da a wobɛtɔ Naomi nsam asase no, wotɔ no Moabni baa Rut a ɔyɛ nsamanyerɛ no nsam, na woama ɔsaman no din so n’awunnyadeɛ ho.

6 Ɛnna ɔgyefoɔ no kaa sɛ: Merentumi mennye memfa, na mansɛe me ara m’awunnyadeɛ. Wo na kɔgye m’adeɛ a ɛsɛ sɛ megyeɛ no fa, na merentumi mennye.

7 Nso ɛgyeɛ ne nsesa ho amanneɛ a akane no na ɛwɔ Israel nie: Obi rebɛhyɛ asɛm biara den a, ɔyi ne mpaboa de ma ne yɔnko; na yei na na wɔde yɛ adanseɛ wɔ Israel.

8 Enti ɔgyefoɔ no ka kyerɛɛ Boas sɛ: Tɔ fa! Na ɔyii ne mpaboa.

9 Na Boas ka kyerɛɛ mpanin no ne ɔman no nyinaa sɛ: Mone adansefoɔ nnɛ, sɛ matɔ Elimelek ho nnoɔma nyinaa ne Kilion ne Mahlon ho nnoɔma nyinaa afiri Naomi nsam.

10 Na Moabni Rut, Mahlon yere no nso, matua ne tiri adeɛ aware no, na ɔsaman no din atena hɔ daa, n’agyapadeɛ mu, na wɔantwa ɔsaman no din amfiri ne nuanom mu ne ne kuro pono ano. Mone adansefoɔ nnɛ!

11 Na ɔman a wɔwɔ kuro pono ano hɔ no nyinaa ne mpanin no kaa sɛ: Adansefoɔ ne yɛn. AWURADE nyɛ ɔbaa a waba wo fie no sɛ Rahel ne Lea a wɔn baanu akyekyere Israel fie no. Na yɛ okunini wɔ Efrata, na gye din wɔ Betlehem.

12 Na w’asefoɔ a AWURADE de bɛma woɔ afiri ababaa yi mu no nyɛ sɛ Peres a Tamar woo no maa Yuda fie no asefoɔ.

13 Na Boas faa Rut waree, na ɔkɔɔ ne ho. Na AWURADE maa no nyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima.

14 Na mmaa no ka kyerɛɛ Naomi sɛ: Nhyira nka AWURADE a wamma ɔgyefoɔ ammɔ wo nnɛ, na wɔmma no nnye din wɔ Israel.

15 Na ɔnyɛ wo nkwamafoɔ ne wo mmerewaberɛ mu hwɛfoɔ, ɛfiri sɛ w’ase a ɔdɔ woɔ a ɔyɛ ma woɔ sene mmammarima baason no na awo no.

16 Na Naomi gyee akɔkoaa no de no bɔɔ ne bo, na ɔyɛɛ no ɔbagyegyefoɔ.

17 Na n’afipamfoɔ mmaa no too no din kaa sɛ: Wɔawo ɔbabarima ama Naomi. Na wɔfrɛɛ no Obed, ɔno ne Dawid agya Yisai agya.

18 Yeinom ne Peres awoɔ ntoatoasoɔ: Peres woo Hesron,

19 na Hesron woo Ram, na Ram woo Aminadab,

20 na Aminadab woo Nahson, na Nahson woo Salmon,

21 na Salmon woo Boas, na Boas woo Obed,

22 na Obed woo Yisai, na Yisai woo Dawid.

Akannifoɔ 1

Israel ne Kanaanfoɔ akodie wɔ Yosua wuo akyi

1 Na Yosua wuo akyiri no, Israelfoɔ bisaa AWURADE sɛ: Yɛn mu hwan na ɔntu kane ne Kanaanfoɔ nkɔko?

2 Na AWURADE kaa sɛ: Yuda ntu, hwɛ, mede asase no mahyɛ ne nsa.

3 Na Yuda ka kyerɛɛ ne nua Simeon sɛ: Ɛne me nkɔ me kyɛfa mu na yɛne Kanaanfoɔ nkɔko, na me nso me ne wo bɛkɔ wo kyɛfa mu. Na Simeon ne no kɔe.

4 Na Yuda tu kɔe, na AWURADE de Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ no hyɛɛ ne nsa, na wɔkum nnipa mpem du wɔ Besek.

5 Na wɔhunuu Adoni-besek wɔ Besek, na wɔne no koe, na wɔkum Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ no.

6 Na Adoni-besek dwanee, na wɔtii no kɔkyeree no, na wɔtwitwaa ne nsa ne ne nan kokurobetie.

7 Ɛnna Adoni-besek kaa sɛ: Ahemfo aduɔson a wɔn nsa ne wɔn nan kokurobetie atwitwa tasetasee me pono ase; sɛdeɛ meyɛeɛ no, saa ara na Onyankopɔn ahyɛ me ananmu. Na wɔde no baa Yerusalem, na ɔbɛwuu wɔ hɔ.

8 Na Yudafoɔ no bɛnee Yerusalem koe, na wɔfae, na wɔkum wɔn nkrantɛ ano, na wɔtoo kuro no mu gya.

9 Ɛno akyiri no, Yudafoɔ no sianee na wɔne Kanaanfoɔ a wɔte bepɔ soɔ ne Negeb asase soɔ ne po ho mpaperɛ soɔ no kɔkoe.

10 Na Yuda sii mu kɔɔ Kanaanfoɔ a wɔte Hebron no ho, (nso akane no na Hebron din ne Kiriat-arba), na wɔkum Sesai ne Ahiman ne Talmai.

11 Na wɔfiri hɔ kɔɔ Debirfoɔ ho. Akane no na Debir din ne Kiriat-sefer.

12 Na Kaleb kaa sɛ: Deɛ ɔbɛbɔ Kiriat-sefer na ɔbɛfa no, mede me ba Aksa bɛma no aware.

13 Na Kaleb nua kumaa Kenas ba Otniel kɔfae, na ɔde ne ba Aksa maa no awareɛ.

14 Na ɔbaa no kɔɔ Otniel nkyɛn no, ɔhyɛɛ Otniel sɛ ɔmmisa n’agya Kaleb hɔ asase bi. Na ɔfiri n’afunumu so sii fam. Na Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na worehwehwɛ?

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma me akyɛdeɛ bi ɛ, na Negeb asase na wode ama me, na ma me mmasuo nso. Na Kaleb maa no atifi mmasuo ne anafoɔ mmasuo.

16 Na Mose ase Kenini no mma ne Yuda mma firi nkyiresua kuro no mu foro baa Yuda serɛ a ɛwɔ Arad anafoɔ fam no so na wɔkɔ kɔtenaa ɔman no mu.

17 Na Yuda ne ne nua Simeon sii mu kɔe kɔkunkumm Kanaanfoɔ a wɔte Sefat no, na wɔsɛee no pasapasa, na wɔfrɛɛ kuro no din Horma.

18 Na Yuda kɔfaa Gasa ne ne hyeɛ ne Askelon ne ne hyeɛ ne Ekron ne ne hyeɛ.

19 Na AWURADE dii Yuda akyi na ɔdii bepɔ no so; na mmɔnsefoɔ no deɛ, wɔannya wɔn atuyɛ, ɛfiri sɛ na wɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam.

20 Na wɔde Hebron maa Keleb, sɛdeɛ Mose kaeɛ no, na ɔtuu Anak mma baasa no firii hɔ.

21 Na Yebusifoɔ a wɔte Yerusalem no, Benyaminfoɔ no antu wɔn, na Yebusifoɔ no ne Benyaminfoɔ no atena Yerusalem de bɛduru nnɛ ara.

22 Na Yosef fie nso foro kɔɔ Betel, na AWURADE dii wɔn akyi.

23 Na Yosef mma no soma maa wɔkɔsraa Betel. (Akane no na kuro no din de Lus.)

24 Na asrafoɔ no hunuu ɔbarima bi a ɔfiri kuro no mu, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛ yɛn kuro no mu ahyɛneeɛ, na yɛne wo bɛdi no adɔeɛ so.

25 Na ɔkyerɛɛ wɔn kuro no mu ahyɛneeɛ, na wɔde nkrantɛ ano bɔɔ kuro no, na ɔbarima no ne n’abusua nyinaa deɛ, wɔgyaa wɔn.

26 Na ɔbarima no sii mu kɔɔ Hetifoɔ asase so kɔkyekyeree kuro, na ɔtoo no din Lus. Ɛno ne ne din de bɛsi nnɛ.

27 Na Manase antu Bet-sean ne ɛho nkuraa ne Taanak ne ɛho nkuraa ne Dor ne ɛho nkuraa ne Yibleam ne ɛho nkuraa ne Megido ne ɛho nkuraa mufoɔ. Ɛno nti Kanaanfoɔ no tumi tenaa asase yi so.

28 Na Israel ho yɛɛ den no, wɔmaa Kanaanfoɔ no de ɔsom adwuma yii toɔ, na tuo deɛ, wɔantu wɔn.

29 Na Efraim antu Kanaanfoɔ a wɔte Geser no; na Kanaanfoɔ no tenaa wɔn mu wɔ Geser.

30 Na Sebulon antu Kitronfoɔ ne Nahalolfoɔ; na Kanaanfoɔ no tenaa wɔn mu, na wɔmaa wɔde ɔsom adwuma yii toɔ.

31 Aser antu Akofoɔ ne Sidonfoɔ ne Ahlab ne Aksib ne Helba ne Afik ne Rehob;

32 na Aserfoɔ no tenaa Kanaanfoɔ a wɔte asase no soɔ no mu, na wɔantu wɔn.

33 Naftali antu Bet-semesfoɔ ne Bet-anatfoɔ, na wɔtenaa Kanaanfoɔ a wɔte asase no soɔ no mu. Na Bet-semesfoɔ ne Bet-anatfoɔ no de ɔsom adwuma yii wɔn toɔ.

34 Na Amorifoɔ no kaa Danfoɔ no kɔɔ bepɔ no so, na wɔamma wɔansiane ansi mmɔnseɛ.

35 Na Amorifoɔ no tumi tenaa Heres bepɔ so wɔ Ayalon ne Saalbim, nanso Yosef fie nsa yɛɛ wɔn so den, na wɔde ɔsom adwuma yii toɔ.

36 Na Amorifoɔ hyeɛ firi Akrabim aforoeɛ, ɛfiri Sela rekorɔ no.

Akannifoɔ 2

Ɔman no asoɔden ne Nyankopɔn abufuo

1 Na AWURADE bɔfoɔ firi Gilgal baa Bokim bɛkaa sɛ: Meyii mo firii Misraim na mede mo baa asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ mo agyanom no so, na mese: Meremmu me ne mo ntam apam no so da biara da.

2 Na mo nso, mo ne asase yi sofoɔ mmpam apam biara; mommubu wɔn afɔrebukyia! Nanso moantie me nne: Ɛdeɛn na moayɛ yi?

3 Na maka nso sɛ: Merempamo wɔn mo anim, na wɔbɛdane nkasɛɛ ama mo, na wɔn anyame adane mo fidie.

4 Na AWURADE bɔfoɔ no kaa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa no, ɔman no maa wɔn nne so sui.

5 Enti wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Bokim,na wɔbɔɔ AWURADE afɔdeɛ wɔ hɔ.

6 Na Yosua gyaa ɔman no kwan maa Israelfoɔ nyinaa kɔɔ wɔn agyapadeɛ so kɔdii asase no so.

7 Na ɔman no som AWURADE, Yosua nna nyinaa, ne nna a mpanimfoɔ a wɔnyini kyɛree Yosua akyiri nyinaa na wɔhunuu AWURADE nnwuma akɛseɛ a ɔyɛ maa Israel no nyinaa wɔ hɔ no.

8 Na Nun ba Yosua, AWURADE akoa no wui, na wadi mfirinhyia ɔha ne du;

9 na wɔsiee no n’agyapadeɛ hyeɛ so wɔ Timnat-heres, Efraim bepɔ so, Gaas bepɔ atifi fam.

10 Na wɔsiee awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa nso kaa wɔn agyanom ho, na awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ dii wɔn akyi sɔree, nnipa a wɔnnim AWURADE nneyɛɛ a ɔyɛ maa Israel no nso.

11 Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim.

12 Na wɔgyaa AWURADE hɔ, wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim asase soɔ no, na wɔkɔdii anyame foforɔ a wɔfiri aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no mu no anyame akyi, na wɔsɔree wɔn, na wɔyii AWURADE abufuo.

13 Na wɔgyaa AWURADE hɔ kɔsomm Baal ne Astarot.

14 Na AWURADE bo fuu Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa na wɔfom wɔn fae, na ɔtɔnee wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsa, na wɔantumi annyina wɔn atamfoɔ anim bio.

15 Baabiara a wɔfiri korɔ no, na AWURADE nsa ne wɔn di no bɔne, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ ne sɛdeɛ AWURADE kaa wɔn ntam no; na wɔn ho hiahiaa wɔn papaapa.

16 Ɛnna AWURADE memaa atemmufoɔ soɔ maa wɔgyee wɔn nkwa firii wɔn afomfafoɔ no nsam.

17 Na wɔn atemmufoɔ no nso, wɔantie wɔn, na wɔdii anyame foforɔ akyi adwamammɔ mu, na wɔsɔree wɔn; ntɛm ara na wɔfirii kwan a wɔn agyanom nantee so tiee AWURADE mmara nsɛm no soɔ; na wɔn deɛ, wɔanni so.

18 Na sɛ AWURADE ma atemmufoɔ so ma wɔn a, ɛnneɛ AWURADE di ɔtemmufoɔ no akyi na ɔgye wɔn firi wɔn atamfoɔ no nsam, ɔtemmufoɔ no nna nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn ahafoɔ ne wɔn taafoɔ anim apinisie no nti, AWURADE yam hyehyee no.

19 Na sɛ ɔtemmufoɔ no wu a, wɔsane wɔn akyi na wɔsɛe sene wɔn agyanom di anyame foforɔ akyiri som wɔn sɔre wɔn; wɔannyae wɔn amumuyɛ ne wɔn kɔnseneeɛ kwan so nante.

20 Na AWURADE abufuo dɔre tiaa Israel, na ɔkaa sɛ: Sɛdeɛ ɔman yi ato m’apam a mehyɛɛ wɔn agyanom, na wɔntie me nne yi,

21 me nso merenkɔ so mentu amanaman a Yosua wu gyaa wɔn no mu biara bio, wɔn anim,

22 na wɔde wɔn asɔ Israel ahwɛ sɛ wɔbɛhwɛ AWURADE kwan no anante so, sɛdeɛ wɔn agyanom hwɛeɛ no anaasɛ wɔrenhwɛ.

23 Enti AWURADE gyaee amanaman no komm, na wantu wɔn ntɛm, na wamfa wɔn anhyɛ Yosua nsa.

Akannifoɔ 3

Otniel

1 Na yeinom ne amanaman a AWURADE gyaee wɔn sɛ ɔde bɛsɔ Israel a wɔanhunu Kanaan ko no biara no nyinaa ahwɛ no,

2 sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Israel awoɔ ntoatoasoɔ no bɛhunu akodie na wɔakyerɛ wɔn a akane no na wɔnnim no:

3 Filistifoɔ ahemfo baanum no ne Kanaanfoɔ ne Sidonfoɔ ne Hewifoɔ a wɔte Lebanon bepɔ soɔ de firi Baal-hermon bepɔ ho kɔsi Hamet ahyɛneeɛ no nyinaa.

4 Na wɔtenaa hɔ na wɔde wɔn asɔ Israel ahwɛ de ahunu sɛ wɔbɛtie AWURADE mmara nsɛm a ɔnam Mose nsa so hyɛɛ wɔn agyanom no anaa.

5 Na Israelfoɔ no tenaa Kanaanfoɔ, Hetifoɔ ne Amorifoɔ ne Perisifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no mu.

6 Na wɔfefaa wɔn mmammaa warewaree na wɔde wɔn mma mmaa memaa wɔn mma awareɛ, na wɔsonsom wɔn anyame.

7 Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔn werɛ firii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔkɔsom Baalim ne Asera nnua.

8 Ɛnna AWURADE abufuo dɛre tiaa Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Mesopotamia hene Kusan-risataim nsa, na Israelfoɔ som Kusan-risataim mfirinhyia nwɔtwe.

9 Na Israelfoɔ no su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ɔgyefoɔ bi so maa Israelfoɔ no maa no gyee wɔn, Otniel, Kaleb nua kumaa Kenas ba.

10 Na AWURADE honhom baa ne so, na ɔbuu Israel atɛn na ɔfirii adi tuu sa, na AWURADE de Mesopotamia hene Kusan-risataim hyɛɛ ne nsa, na ne nsa yɛɛ Kusan-risataim so den.

11 Na asase no so dwoo mfirinhyia aduanan. Na Kenas ba Otniel wui.

Ehud

12 Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne; na AWURADE hyɛɛ Moabhene Eglon den tiaa Israel, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.

13 Na ɔboaboaa Amon ne Amalekfoɔ ano kaa ne ho, na ɔba bɛkunkum Israel, na wɔbɛfaa nkyiresua kuro no.

14 Na Israelfoɔ som Moabhene Eglon mfeɛ dunwɔtwe.

15 Ɛnna Israel mma no su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ɔgyefoɔ bi so maa wɔn, Gera ba Ehud, Benyaminni a ɔyɛ abenkum no. Na Israelfoɔ no de ayɛyɛdeɛ nam ne so kɔmaa Moabhene Eglon.

16 Na Ehud yɛɛ sɛpɔ anofanu a ne tentene yɛ basafa, na ɔde bɔɔ n’akotadeɛ ase, ne dwonku nifa so.

17 Na ɔde ayɛyɛdeɛ no kɔmaa Moabhene Eglon; nso na Eglon yɛ onipa brane pa ara.

18 Na ɔde ayɛyɛdeɛ no maa no wieeɛ no, ɔgyaa nkurɔfoɔ a na wɔsoso ayɛyɛdeɛ no kwan maa wɔkɔe.

19 Na ɔno ara deɛ, ɔdanee ne ho firii ahoni a ɛwɔ Gilgal no ho bɛkaa sɛ: Ɔhene, mewɔ ahuntasɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ɔhene no se: Komm! Na wɔn a wɔgyina ne ho nyinaa firii ne nkyɛn firii adi.

20 Na Ehud baa ne nkyɛn, nso ɔno nko ara na na ɔte n’abansoro mframadan no mu. Na Ehud kaa sɛ: Mewɔ Nyankopɔn asɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ɔsɔre firii n’adwa so.

21 Ɛnna Ehud tenee ne nsa benkum sɔɔ sɛpɔ a ɛwɔ ne dwonku nifa soɔ no mu de wɔɔ n’afuru mu,

22 na sɛpɔ dua no nso dii dadeɛ no akyi hyɛnee mu, na sradeɛ sram dadeɛ no so. Na wantwe sɛpɔ no amfiri ne yafunu no mu, na ɛpue firii akyire.

23 Na Ehud firii adi kɔɔ abrannaa so, na ɔtotoo abansoro dan no apono mu wɔ n’akyi, na ɔtoo apratwom no mu.

24 Na ɔfiri adie no, ne nkoa no ba bɛhwɛe, na hwɛ, na wɔatoto abansoro dan apratwom no mu. Na wɔse: Ebia ɔkɔgya ne nan mframadan pia mu.

25 Na wɔtwɛnee ara de kɔsii sɛ wɔn ani buiɛ, na hwɛ, obiara anhini abansoro dan no pono no. Ɛnna wɔfaa safoa de hiniiɛ, na hwɛ, na wɔn wura da fam awu.

26 Na wɔretwentwɛn wɔn nan aseɛ no, Ehud dwanee, na ɔbɛsianee ahoni no ho, na ɔdwane baa Seira.

27 Na ɔduruiɛ no, ɔhyɛn totorobɛnto Efraim bepɔ so, na Israelfoɔ no ne no siane firii bepɔ no so, na ɔdii wɔn anim;

28 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montu mmirika nni m’akyi, ɛfiri sɛ AWURADE de mo atamfoɔ Moabfoɔ no ahyɛ mo nsa. Na wɔsiane dii n’akyi, na wɔkɔfaa Yordan atwareeɛ a wɔde kɔ Moab no, na wɔamma obiara antwa.

29 Na saa berɛ no wɔkunkumm Moab mmarima bɛyɛ mpem du, mmarima akatakyie ahoɔdenfoɔ ara nko, na wɔamma obiara amfiri mu.

30 Na wɔbrɛɛ Moab ase da no ara, Israel nsa ase. Na asase no so dwoo mfirinhyia aduɔwɔtwe.

Samgar

31 Na n’akyiri no, Anat ba Samgar na ɔde nantwika poma kumm Filistifoɔ mu nnipa ahansia; na ɔno nso, ɔgyee Israel.

Akannifoɔ 4

Debora ne Barak

1 Na Israelfoɔ no kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne; nso na Ehud awu.

2 Na AWURADE tɔnee wɔn hyɛɛ Kanaan hene Yabin a ɔdi hene wɔ Hasor no nsa. Na ne safohempanin ne Sisera; na ɔte Haroset-hagoyim.

3 Na Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE, ɛfiri sɛ na ɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam ahankron, na ɔhyɛɛ Israelfoɔ so denden mfeɛ aduonu.

4 Nso Odiyifoɔbaa Debora a ɔyɛ Lapidot yere na na ɔbu Israel atɛn saa berɛ no.

5 Na ɔte Debora kyiresua ase, Rama ne Betel ntam, Efraim bepɔ so; na Israelfoɔ foro ba ne nkyɛn sɛ ɔmmu wɔn atɛn.

6 Na ɔsoma maa wɔkɔhyiaa Abinoam ba Barak firi Kedes-naftali bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ hyɛ na AWURADE Israel Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ: Kɔ, pinkyɛ Tabor bepɔ, na fa Naftalifoɔ ne Sebulonfoɔ mu mmarima mpem du ka wo ho?

7 Na mɛtwetwe Yabin safohempanin Sisera ne ne nteaseɛnam ne ne dɔm bebree no aba wo nkyɛn Kison nsunoa, na mede no mahyɛ wo nsa.

8 Na Barak ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wo ne me bɛkɔ a, ɛnneɛ mɛkɔ; na sɛ wo ne me renkɔ a, ɛnneɛ merenkɔ.

9 Na ɔkaa sɛ: Korɔ na me ne wo bɛkorɔ, nanso ɔkwan a worekorɔ yi so animuonyam renyɛ wo ara wo deɛ, na ɔbaa bi nsam na AWURADE atɔn Sisera ahyɛ. Na Debora sɔree, na ɔne Barak kɔɔ Kedes.

10 Na Barak maa wɔkɔpae hyiahyiaa Sebulon ne Naftali baa Kedes, na nnipa mpem du dii ne nan so foro kɔe; na Debora nso ne no kɔeɛ.

11 Na Kenini Heber atwe ne ho afiri Kenifoɔ a wɔyɛ Mose akonta Hobab mma na wate mu akɔduru dupɔn a ɛwɔ Saanaim a ɛbɛn Kades no ho akɔsi ne ntomadan.

12 Na wɔkɔka kyerɛɛ Sisera sɛ Abinoam ba Barak aforo kɔ Tabor bepɔ so.

13 Na Sisera maa wɔkɔpae hyiahyiaa ne nteaseɛnam a ɛyɛ dadeɛ nteaseɛnam ahankron no nyinaa ne ɔman a wɔka ne ho nyinaa de firi Haroset-hagoyim baa Kison nsunoa.

14 Ɛnna Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ: Sɔre, na ɛnnɛ ne da a AWURADE de Sisera ahyɛ wo nsa. Ɛnyɛ AWURADE na atu di wɔn anim yi? Ɛnna Barak siane firii Tabor bepɔ soɔ, na nnipa mpem du no dii n’akyi.

15 Na AWURADE yɛɛ Sisera ne ne nteaseɛnam nyinaa ne ne dɔm mu no nyinaa basabasa nkrantɛ ano wɔ Barak anim, na Sisera firii ne nteaseɛnam mu sii fam dwanee ne nan mu.

16 Na Barak tii nteaseɛnam no ne dɔm no kɔduruu Haroset-ha-goyim, na Sisera dɔm nyinaa totɔɔ nkrantɛ ano, anka baako mpo.

17 Na Sisera de ne nan dwane kɔɔ Kenini Heber yere Yael ntomadan mu, ɛfiri sɛ na asomdwoeɛ wɔ Hasor hene Yabin ne Kenini Heber fie ntam.

18 Na Yael firii adi kɔhyiaa Sisera, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mane, me wura! Mane bra me nkyɛn, nsuro! Na ɔmane baa ne nkyɛn ntomadan no mu, na ɔde kuntu kataa ne so.

19 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma me nsuo kakra mennom ɛ, na sukɔm de me. Na ɔsanee nufosuo adeɛ ano maa no nomee, na ɔkataa ne so.

20 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Gyina ntomadan no pono ano, na sɛ obi ba na ɔbisa wo sɛ obi wɔ hɔ anaa a, woaka akyerɛ no sɛ: Dabi.

21 Ɛnna Heber yere Yael faa ntomadan no pɛɛwa, na ɔfaa saeɛ kuraa ne nsam, na ɔkɔɔ ne nkyɛn brɛɛ, na ɔde pɛɛwa no kɔbɔɔ n’asontorɔ mu kɔsii fam, ɛfiri sɛ na ɔbrɛ nti wada hatee, na ɔwui.

22 Na hwɛ, na Barak reti Sisera; na Yael firii adi kɔhyiaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ no no. Na ɔbaa ne nkyɛn. Na hwɛ, na Sisera da hɔ awu, na pɛɛwa no tua n’asontorɔ mu.

23 Na Onyankopɔn brɛɛ Kanaan hene Yabin ase da no ara wɔ Israelfoɔ anim;

24 na Israelfoɔ no nsa kɔɔ so ara yɛɛ den Kanaan hene Yabin so kɔsii sɛ wɔtuu no guiɛ.

Akannifoɔ 5

Debora ne Barak dwom

1 Na Debora ne Abinoam ba Barak too dwom da no ara sɛ:

2 Sɛ Israel mu atitire dii wɔn anim,

na ɔman no nso yii wɔn yam baeɛ nti,

monhyira AWURADE.

3 Ahemfo, montie! Aberempɔn, monyɛ aso!

Me deɛ, AWURADE na mɛto no dwom,

mɛto AWURADE, Israel Nyankopɔn, sankuo dwom.

4 AWURADE, wofiri Seir baeɛ no,

wofiri Edom asase so bɛneeɛ no,

asase wosoe,

ɔsoro nso tuee,

mununkum nso tuee nsuo.

5 Mmepɔ popoo AWURADE anim,

Sinai, wɔ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, anim.

6 Anat ba Samgar berɛ so,

Yael berɛ so, atempɔn daa mpan,

akwantemfoɔ nantee akwamfo akontonkyi so.

7 Asafohene saa Israel mu,

wɔsae kɔsii sɛ me,

Debora, mesɔreeɛ,

mesɔree sɛ ɛna wɔ Israel mu.

8 Wɔyiyii anyame foforɔ,

ɛno na akodie baa kuro apono akyire.

Wɔhunuu kyɛm ne pea Israel mu

nnipa mpem aduanan mu?

9 M’akoma da Israel atitire a

wɔfiri ɔman no mu yii wɔn yam baeɛ no so.

Monhyira AWURADE!

10 Mo a motete mfunumubereɛ afufuo soɔ,

mo a motete nkuntu a ɛsom boɔ soɔ,

mo a monenam akwan soɔ, monto dwom!

11 Deɛ anka apereperefoɔ team wɔ anomeeɛ no,

ɛhɔ ara na wɔnkamfo AWURADE tenenee,

ne nnisoɔ tenenee Israel mu.

Ɛno na AWURADE man siane kɔɔ kuro no apono mu.

12 Sɔre, ka wo ho, Debora!

Sɔre, ka wo ho to dwom!

Sɔre, Barak, na fa wo nnommum nnommum,

O Abinoam ba.

13 Ɛno mu na nkaeɛ bi siane kɔtiaa atumfoɔ,

AWURADE man siane kɔtiaa dɔmmarima maa me.

14 Wɔfirii Efraim a wɔn nhini muni dii Amalek soɔ.

W’akyiri na Benyamin baa wo man mma no mu;

Makir mu na mpanin firi siane baeɛ,

na Sebulon mu nso wɔn a wɔkura ɔsafohene abaa.

15 Na Isakar mu asafohene kaa Debora ho,

na Isakar yɛɛ Barak okyiritaafoɔ,

wɔtiaa ne nan mu kɔguu bonhwa mu.

Ruben asuwa ano

na akoma mu pɔbɔ a ɛsoso wɔ.

16 Adɛn nti na wote nnwammuo no ntam

retie akuakuo no mu mmɛnhyɛn?

Ruben asuwa no ano

na akoma mu mpeepeemu akɛseɛ wɔ.

17 Gilead te Yordan agya;

na Dan deɛ, adɛn nti na ɔne ahyɛn teɛ?

Aser te mpoano,

na ne dɔnnɔn ho na ɔteɛ.

18 Sebulon yɛ ɔman a ɔde ne kra sɔɔ owuo hwɛeɛ,

ne Naftali nso wɔ petee mu sorɔnsorɔmmea.

19 Ahemfo ba bɛdii ako,

ɛno mu na Kanaan ahemfo bɛkoo

Taanak, Megido asuo no ano,

wɔannya dwetɛ mfasoɔ biara.

20 Wɔfiri soro bɛdii ako,

nsoromma firii wɔn akwan so ne Sisera koe.

21 Kison asuo sesaa wɔn kɔe,

tete dɔm asuo no, Kison asuo no.

Me kra, tiatia kɔ wɔ ahoɔden so.

22 Ɛno na apɔnkɔ nammuromu pempem fam ammirikatuo mu,

n’ahoɔdenfoɔ ammirikatuo nti.

23 AWURADE bɔfoɔ kaa sɛ: Monnome Meros,

dome na monnome emutefoɔ no,

sɛ wɔammɛdi ammoa AWURADE,

wɔammɛboa AWURADE antia dɔmmanin no.

24 Wɔnhyira Yael, mmaa mu,

Kenini Heber yere no,

wɔnhyira no ntomadan mu, mmaa mu.

25 Nsuo na ɔresrɛ anom, ɔmaa no nufosuo,

koraa fɛfɛ mu na ɔde nufosuo ani sradeɛ baeɛ.

26 Ɔtenee ne nsa sɔɔ pɛɛwa mu,

na ne nifa kuraa adwumayɛfoɔ saeɛ,

na ɔde bɔɔ Sisera

pɛkyɛɛ ne ti,

ɔfitiiɛ na ɔde bɔɔ n’asontorɔ mu.

27 Ɔpono hwee ne nan ase daa hɔ,

ɔpono hwee ne nan ase;

deɛ ɔpono hweeɛ hɔ,

ɛhɔ na ɔhwee ase wuiɛ.

28 Mpomma mu na Sisera na fa hwɛeɛ,

na ɔtwaa agyaadwo aniahunuankansa mu:

Adɛn na ne teaseɛnam akyɛre ba yi?

Adɛn na ne nteaseɛnam nan ka akyire yi?

29 Ne mmaa anyansafoɔ bua no,

na ɔno nso gye ɔno ara ne nsɛm no so:

30 Wɔrennya asadeɛ nkyɛ?

Ababaa baako anaa baanu mma ɔbarima baako,

ntadeɛ a wɔahyɛ no aduro asadeɛ mma Sisera,

ntadeɛ a wɔahyɛ no aduro adi mu adwini asadeɛ,

mpaneɛadwuma ntoma nworonnworan ahodoɔ mmienu a ɛbɛkata me kɔn mu sɛ asadeɛ?

31 Saa na ma w’atamfo nyinaa nsɛeɛ, AWURADE,

na w’adɔfo nyɛ sɛ owia a ɛfiri n’ahoɔden mu.

Na asase no so dwoo mfeɛ aduanan.