Akannifoɔ 3

Otniel

1 Na yeinom ne amanaman a AWURADE gyaee wɔn sɛ ɔde bɛsɔ Israel a wɔanhunu Kanaan ko no biara no nyinaa ahwɛ no,

2 sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Israel awoɔ ntoatoasoɔ no bɛhunu akodie na wɔakyerɛ wɔn a akane no na wɔnnim no:

3 Filistifoɔ ahemfo baanum no ne Kanaanfoɔ ne Sidonfoɔ ne Hewifoɔ a wɔte Lebanon bepɔ soɔ de firi Baal-hermon bepɔ ho kɔsi Hamet ahyɛneeɛ no nyinaa.

4 Na wɔtenaa hɔ na wɔde wɔn asɔ Israel ahwɛ de ahunu sɛ wɔbɛtie AWURADE mmara nsɛm a ɔnam Mose nsa so hyɛɛ wɔn agyanom no anaa.

5 Na Israelfoɔ no tenaa Kanaanfoɔ, Hetifoɔ ne Amorifoɔ ne Perisifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no mu.

6 Na wɔfefaa wɔn mmammaa warewaree na wɔde wɔn mma mmaa memaa wɔn mma awareɛ, na wɔsonsom wɔn anyame.

7 Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔn werɛ firii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔkɔsom Baalim ne Asera nnua.

8 Ɛnna AWURADE abufuo dɛre tiaa Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Mesopotamia hene Kusan-risataim nsa, na Israelfoɔ som Kusan-risataim mfirinhyia nwɔtwe.

9 Na Israelfoɔ no su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ɔgyefoɔ bi so maa Israelfoɔ no maa no gyee wɔn, Otniel, Kaleb nua kumaa Kenas ba.

10 Na AWURADE honhom baa ne so, na ɔbuu Israel atɛn na ɔfirii adi tuu sa, na AWURADE de Mesopotamia hene Kusan-risataim hyɛɛ ne nsa, na ne nsa yɛɛ Kusan-risataim so den.

11 Na asase no so dwoo mfirinhyia aduanan. Na Kenas ba Otniel wui.

Ehud

12 Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne; na AWURADE hyɛɛ Moabhene Eglon den tiaa Israel, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.

13 Na ɔboaboaa Amon ne Amalekfoɔ ano kaa ne ho, na ɔba bɛkunkum Israel, na wɔbɛfaa nkyiresua kuro no.

14 Na Israelfoɔ som Moabhene Eglon mfeɛ dunwɔtwe.

15 Ɛnna Israel mma no su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ɔgyefoɔ bi so maa wɔn, Gera ba Ehud, Benyaminni a ɔyɛ abenkum no. Na Israelfoɔ no de ayɛyɛdeɛ nam ne so kɔmaa Moabhene Eglon.

16 Na Ehud yɛɛ sɛpɔ anofanu a ne tentene yɛ basafa, na ɔde bɔɔ n’akotadeɛ ase, ne dwonku nifa so.

17 Na ɔde ayɛyɛdeɛ no kɔmaa Moabhene Eglon; nso na Eglon yɛ onipa brane pa ara.

18 Na ɔde ayɛyɛdeɛ no maa no wieeɛ no, ɔgyaa nkurɔfoɔ a na wɔsoso ayɛyɛdeɛ no kwan maa wɔkɔe.

19 Na ɔno ara deɛ, ɔdanee ne ho firii ahoni a ɛwɔ Gilgal no ho bɛkaa sɛ: Ɔhene, mewɔ ahuntasɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ɔhene no se: Komm! Na wɔn a wɔgyina ne ho nyinaa firii ne nkyɛn firii adi.

20 Na Ehud baa ne nkyɛn, nso ɔno nko ara na na ɔte n’abansoro mframadan no mu. Na Ehud kaa sɛ: Mewɔ Nyankopɔn asɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ɔsɔre firii n’adwa so.

21 Ɛnna Ehud tenee ne nsa benkum sɔɔ sɛpɔ a ɛwɔ ne dwonku nifa soɔ no mu de wɔɔ n’afuru mu,

22 na sɛpɔ dua no nso dii dadeɛ no akyi hyɛnee mu, na sradeɛ sram dadeɛ no so. Na wantwe sɛpɔ no amfiri ne yafunu no mu, na ɛpue firii akyire.

23 Na Ehud firii adi kɔɔ abrannaa so, na ɔtotoo abansoro dan no apono mu wɔ n’akyi, na ɔtoo apratwom no mu.

24 Na ɔfiri adie no, ne nkoa no ba bɛhwɛe, na hwɛ, na wɔatoto abansoro dan apratwom no mu. Na wɔse: Ebia ɔkɔgya ne nan mframadan pia mu.

25 Na wɔtwɛnee ara de kɔsii sɛ wɔn ani buiɛ, na hwɛ, obiara anhini abansoro dan no pono no. Ɛnna wɔfaa safoa de hiniiɛ, na hwɛ, na wɔn wura da fam awu.

26 Na wɔretwentwɛn wɔn nan aseɛ no, Ehud dwanee, na ɔbɛsianee ahoni no ho, na ɔdwane baa Seira.

27 Na ɔduruiɛ no, ɔhyɛn totorobɛnto Efraim bepɔ so, na Israelfoɔ no ne no siane firii bepɔ no so, na ɔdii wɔn anim;

28 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montu mmirika nni m’akyi, ɛfiri sɛ AWURADE de mo atamfoɔ Moabfoɔ no ahyɛ mo nsa. Na wɔsiane dii n’akyi, na wɔkɔfaa Yordan atwareeɛ a wɔde kɔ Moab no, na wɔamma obiara antwa.

29 Na saa berɛ no wɔkunkumm Moab mmarima bɛyɛ mpem du, mmarima akatakyie ahoɔdenfoɔ ara nko, na wɔamma obiara amfiri mu.

30 Na wɔbrɛɛ Moab ase da no ara, Israel nsa ase. Na asase no so dwoo mfirinhyia aduɔwɔtwe.

Samgar

31 Na n’akyiri no, Anat ba Samgar na ɔde nantwika poma kumm Filistifoɔ mu nnipa ahansia; na ɔno nso, ɔgyee Israel.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

fifteen − 13 =