Rut 3

Rut da Boas nan ase

1 Na n’ase Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba, mennhwehwɛ ahomeeɛ memmma wo na asi wo yie anaa?

2 Na afei, Boas a wo ne ne mmaawa nanteeɛ no nyɛ yɛn manni anaa? Hwɛ, ɔrehu atokoɔ so anadwo yi wɔ aporeeɛ.

3 Na dware na sra hyɛ wo ntadeɛ na siane kɔ aporeeɛ hɔ; na nyi wo ho adi nkyerɛ ɔbarima no kɔsi sɛ ɔbɛwie adidie ne ɔnom ansa;

4 na sɛ ɔkɔda na wokɔhunu ne daberɛ hɔ a, kɔ kɔyi n’anafoɔ ntoma na da hɔ, na ɔno ara bɛkyerɛ wo deɛ yɛ.

5 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mɛyɛ deɛ woka nyinaa.

6 Na ɔsiane kɔɔ aporeeɛ hɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ n’ase hyɛɛ no no nyinaa.

7 Na Boas didi nomeeɛ na ne bo tɔɔ ne yam no, ɔkɔ kɔdaa atokokuo no ano hɔ. Na ɔbaa komm bɛyii n’anafoɔ ntoma na ɔdaa hɔ.

8 Na dasuom no, ɔbarima no bɔɔ binim, na ɔmaa ne mu so hwɛe, na hwɛ, na ɔbaa da n’anafoɔ.

9 Na ɔkaa sɛ: Ɛyɛ wo hwan a? Na ɔse: Ɛyɛ me, w’abaawa Rut. Trɛ w’atadeɛ mmuano mu fa kata w’abaawa so, ɛfiri sɛ abusua mu gyefoɔ ne wo.

10 Na ɔkaa sɛ: AWURADE nhyira wo, me ba, woama w’akyiri adɔeɛ ayɛ yie sene kan deɛ no, sɛ woanni mmeranteɛ, ahiafoɔ oo, adefoɔ oo, akyire.

11 Na afei, me ba, nsuro. Deɛ woka nyinaa, mɛyɛ mama wo, ɛfiri sɛ me manfoɔ a wɔfa kuro pono ano nyinaa nim sɛ woyɛ ɔbaa pa.

12 Na afei, ɛwom sɛ abusua mu gyefoɔ ne me, nanso abusua mu gyefoɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛn sene me.

13 Tena ha anadwo yi, na sɛ anɔpa, ɔyɛ wo ɔgyefoɔ ade a, ɛyɛ, ma no nyɛ ɔgyefoɔ; na sɛ ɔmpɛ sɛ ɔyɛ wo ɔgyefoɔ ade a, ɛnneɛ sɛ AWURADE te aseɛ yi, me na mɛyɛ wo ɔgyefoɔ. Da ma adeɛ nkye.

14 Na ɔdaa n’anafoɔ hɔ kɔduruu anɔpa. Na ɔsɔree ansa na obi rehunu ne yɔnko. Na ɔkaa sɛ: Wɔmma wɔnnte sɛ ɔbaa no baa aporeeɛ ha.

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa mmuatoma a ɛgu wo soɔ no bra, na sɔ mu. Na ɔsɔɔ mu, na ɔsusuu atokoɔ susukoraa nsia guu mu, na ɔde soaa no, na ɔkɔɔ kuro no mu.

16 Na ɔduruu n’ase nkyɛn no, ɔkaa sɛ: Ɛte sɛn, me ba? Na ɔkaa deɛ ɔbarima no yɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ no.

17 Na ɔkaa sɛ: Atokoɔ susukoraa nsia yi na ɔmaa me, na ɔse, mfa nsansa nkɔ w’ase nkyɛn.

18 Na ɔkaa sɛ: Tena hɔ, me ba, kɔsi sɛ wobɛhunu sɛdeɛ asɛm yi bɛsie, ɛfiri sɛ ɔbarima no renhome gye sɛ ɔwie asɛm yi di nnɛ ansa.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

11 + 15 =