Rut 4

Boas ware Rut. Rut yɛ Dawid nana

1 Na Boas kɔɔ kuro pono no ano kɔtenaa hɔ. Na hwɛ, na abusua mu gyefoɔ a Boas bɔɔ ne din no retwam; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asomasi ee, mane bra bɛtena ha. Na ɔmane bɛtenaa ase.

2 Na ɔfrɛɛ kuro no mu mpanin mu du bae, na ɔkaa sɛ: Montena ha! Na wɔtenaa ase.

3 Na ɔka kyerɛɛ abusua mu gyefoɔ no sɛ: Naomi a ɔsane firii Moab asase so baeɛ no retɔn asase a ɛyɛ yɛn nua Elimelek deɛ no.

4 Na me deɛ, mese: Mɛyi wo asotire sɛ tɔ no wɔ nkurɔfoɔ yi ne me man mpanin yi anim. Sɛ wobɛgye a, gye, na sɛ worennye a, ka kyerɛ me na menhunu, ɛfiri sɛ obi nni hɔ a ɔbɛgyeɛ sɛ wo ne me a medi w’akyire yi. Na ɔkaa sɛ: Me ara mɛgye.

5 Ɛnna Boas kaa sɛ: Da a wobɛtɔ Naomi nsam asase no, wotɔ no Moabni baa Rut a ɔyɛ nsamanyerɛ no nsam, na woama ɔsaman no din so n’awunnyadeɛ ho.

6 Ɛnna ɔgyefoɔ no kaa sɛ: Merentumi mennye memfa, na mansɛe me ara m’awunnyadeɛ. Wo na kɔgye m’adeɛ a ɛsɛ sɛ megyeɛ no fa, na merentumi mennye.

7 Nso ɛgyeɛ ne nsesa ho amanneɛ a akane no na ɛwɔ Israel nie: Obi rebɛhyɛ asɛm biara den a, ɔyi ne mpaboa de ma ne yɔnko; na yei na na wɔde yɛ adanseɛ wɔ Israel.

8 Enti ɔgyefoɔ no ka kyerɛɛ Boas sɛ: Tɔ fa! Na ɔyii ne mpaboa.

9 Na Boas ka kyerɛɛ mpanin no ne ɔman no nyinaa sɛ: Mone adansefoɔ nnɛ, sɛ matɔ Elimelek ho nnoɔma nyinaa ne Kilion ne Mahlon ho nnoɔma nyinaa afiri Naomi nsam.

10 Na Moabni Rut, Mahlon yere no nso, matua ne tiri adeɛ aware no, na ɔsaman no din atena hɔ daa, n’agyapadeɛ mu, na wɔantwa ɔsaman no din amfiri ne nuanom mu ne ne kuro pono ano. Mone adansefoɔ nnɛ!

11 Na ɔman a wɔwɔ kuro pono ano hɔ no nyinaa ne mpanin no kaa sɛ: Adansefoɔ ne yɛn. AWURADE nyɛ ɔbaa a waba wo fie no sɛ Rahel ne Lea a wɔn baanu akyekyere Israel fie no. Na yɛ okunini wɔ Efrata, na gye din wɔ Betlehem.

12 Na w’asefoɔ a AWURADE de bɛma woɔ afiri ababaa yi mu no nyɛ sɛ Peres a Tamar woo no maa Yuda fie no asefoɔ.

13 Na Boas faa Rut waree, na ɔkɔɔ ne ho. Na AWURADE maa no nyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima.

14 Na mmaa no ka kyerɛɛ Naomi sɛ: Nhyira nka AWURADE a wamma ɔgyefoɔ ammɔ wo nnɛ, na wɔmma no nnye din wɔ Israel.

15 Na ɔnyɛ wo nkwamafoɔ ne wo mmerewaberɛ mu hwɛfoɔ, ɛfiri sɛ w’ase a ɔdɔ woɔ a ɔyɛ ma woɔ sene mmammarima baason no na awo no.

16 Na Naomi gyee akɔkoaa no de no bɔɔ ne bo, na ɔyɛɛ no ɔbagyegyefoɔ.

17 Na n’afipamfoɔ mmaa no too no din kaa sɛ: Wɔawo ɔbabarima ama Naomi. Na wɔfrɛɛ no Obed, ɔno ne Dawid agya Yisai agya.

18 Yeinom ne Peres awoɔ ntoatoasoɔ: Peres woo Hesron,

19 na Hesron woo Ram, na Ram woo Aminadab,

20 na Aminadab woo Nahson, na Nahson woo Salmon,

21 na Salmon woo Boas, na Boas woo Obed,

22 na Obed woo Yisai, na Yisai woo Dawid.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

12 − 10 =