1 Makabee 3

Yuda nkonimdie a ɛdi kan 1 Afei ne ba Yuda a na wɔfrɛ no Makabeus sii n’agya ananmu. 2 Ne nuanom ne wɔn a wɔkaa n’agya ho no nyinaa boaa no; wɔde anigyeɛ ko maa Israel. 3 Ɔmaa ne nkurɔfoɔ animuonyam yɛɛ kɛseɛ. Te sɛ deɛ abrane yɛ no, ɔde nkataboɔ hyɛe; ɔkyekyeree n’akodeɛ na […]

1 Makabee 4

Wɔtu sa wɔ Emaus 1 Afei Gorgias faa asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu mpem nnum ne apɔnkɔsotefoɔ apem a wɔayiyi wɔn, na saa ɔfa yi tuu anammɔn anadwo 2 sɛ wɔrekɔsɛe Yudafoɔ nsraban no na wɔato ahyɛ wɔn so mpofirim. Mmarima a na wɔfiri abankɛseɛ no mu na na wɔyɛ n’akwankyerɛfoɔ. 3 Nanso Yuda tee […]

1 Makabee 6

Antiokus Epifanes nna a ɛdi akyire 1 Na Ɔhene Antiokus retwam wɔ atifi mantam mu na ɔtee sɛ Elimais a ɛwɔ Persia no agye din wɔ ne sika ne dwetɛ ahodeɛ nti. 2 N’asɔrefie no wɔ ahonyadeɛ pii, ɛwɔ sika akyɛm, nkataboɔ ne akodeɛ a Filipo ba Aleksandro, Makedonia hene a ɔdii kan dii hene […]

1 Makabee 8

Romafoɔ no ayeyie 1 Afei Yuda tee edin a Romafoɔ agyeɛ, sɛ wɔn ho yɛ den papaapa na wɔkyerɛ esu pa kyerɛ wɔn a wɔne wɔn yɛ apam nyinaa, na wɔdi ayɔnkoyɛ ho nseɛ de kyerɛ wɔn a wɔba wɔn hɔ, 2 sɛ wɔn ho yɛ den papaapa. Wate wɔn akodie ne wɔn mmaninyɛ a […]

1 Makabee 10

Aleksandro Epifanes atuateɛ 1 Afe ɔha aduosiamu no, Antiokus ba Aleksandro Epifanes bɛduruu Ptolemais na ɔtenaa hɔ. Wɔyɛɛ no atuu, na ɔfiri aseɛ dii hene wɔ hɔ. 2 Ɛberɛ a Ɔhene Demetrius teeɛ no, ɔboaboaa asraafoɔ dɔm kɛseɛ ano na wɔkɔe sɛ wɔrekɔhyia no ne no ako. 3 Demetrius de krataa a emu nsɛm yɛ […]

1 Makabee 11

Ptoleme hyɛne Siria 1 Afei Misraim hene boaa akofoɔ pii ano sɛ ɛpo ano anwea, ne nsuhyɛn bebree; na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔnam nnaadaa kwan so bɛgye Aleksandro ahennie na ɔde aka n’ankasa ahennie ho. 2 Ɔsiim de asomdwoeɛ nsɛm kɔɔ Siria, na nnipa a wɔwɔ nkuro no mu no buee wɔn apono maa no, […]

1 Makabee 12

Wɔne Roma ne Sparta yɛ apam 1 Afei ɛberɛ a Yonatan hunuu sɛ ɛberɛ no yɛ ma no no, ɔyii mmarima somaa wɔn kɔɔ Roma sɛ wɔnkɔsi wɔne wɔn ayɔnkofa no so dua na wɔnyɛ no foforɔ. 2 Ɔsan nso de nkrataa a ɛreka asɛm korɔ no ara kɔɔ Sparta ne mmeaɛ afoforɔ. 3 Saa […]