Paulo si mu kɔ Roma 1 Na wɔsii agyinaeɛ sɛ yɛnkɔ Italia no, wɔyii Paulo ne apokyerɛfoɔ bi maa asraafoɔ ha so panin bi a ne din de Yulio, a ɔfiri Augustan asraafoɔ kuo mu. 2 Na yɛkɔɔ Adramitio suhyɛn bi a ɛrebɛkɔ Asia fam mu no, yɛtui, na Makedoniani Aristarko a ɔfiri Tesalonika ka […]
Monthly Archives: July 2017
Asomafoɔ 28
Paulo wɔ Malta supɔ so 1 Na yɛfirii mu firiiɛ no, ɛno na yɛtee sɛ wɔfrɛ supɔ no Malta. 2 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no yɛɛ yɛn adɔeɛ kɛseɛ; na osuo a ɛretɔ ne awɔ no nti, wɔsɔɔ ogya maa yɛn gyee yɛn nyinaa fɛ so. 3 Na Paulo boaboaa mmabowa ano de guu […]
Yohane 1
Nkwa Farebae no bɛyɛɛ honam 1 Mfitiaseɛ no, na Nkwa Farebaeno wɔ hɔ, na Nkwa Farebae no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Nkwa Farebae no ara ne Nyankopɔn. 2 Ɔno ara na mfitiaseɛ no na ɔne Onyankopɔn wɔ hɔ. 3 Ɛnam ne so na wɔyɛɛ nnoɔma nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛeɛ. […]
Yohane 2
Kana ayeforɔhyia 1 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔhyiaa ayeforɔ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea; na Yesu ne na wɔ hɔ. 2 Na wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne n’asuafoɔ nso baa ayeforɔ no ase. 3 Na nsa no anso no, Yesu ne na see no sɛ: Wɔnni nsa. 4 Yesu see no sɛ:Ɔbaa, […]
Yohane 3
Nikodemo kɔsra Yesu 1 Na onipa bi firi Farisifoɔ mu wɔ hɔ a ne din de Nikodemo a ɔyɛ Yudafoɔ panin bi; 2 ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na ɔbɛsee no sɛ: Rabi, yɛnim sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛni; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka […]
Yohane 4
Yesu ne Samariani baa no 1 Afei Yesuhunuu sɛ Farisifoɔ ate sɛ: Ɔno Yesu renya asuafoɔ bebree, na ɔrebɔ nnipa pii asu sene Yohane. 2 Nso Yesu no ara deɛ, na ɔmmɔ asu, na mmom n’asuafoɔ no. 3 Ɔfirii Yudea, na ɔsii mu kɔɔ Galilea bio. 4 Na ɛtwa sɛ ɔfa Samaria. 5 Na afei […]
Yohane 5
Betesda obubuani no ayaresa 1 Yei akyiri no, Yudafoɔ afahyɛ duruiɛ, na Yesu kɔɔ Yerusalem. 2 Nso ɔtadeɛ bi wɔ Yerusalem Nnwanten Pono kɛseɛ no ho a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwonoo nnum. 3 Na yeinom mu na nnipa pii, ayarefoɔ, anifirafoɔ, mpakye ne wɔn a wɔn fa awuwuo deda [retwɛn […]
Yohane 6
Nnipa mpemnum aduanema 1 Yeinom akyiri no, Yesu sii mu kɔɔ Galilea po a ɛne Tiberia po no agya. 2 Na nkurɔfokuo kɛseɛ dii n’akyi, ɛfiri sɛ na wɔahunu nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛɛ no wɔn a wɔyareɛ ho. 3 Na Yesu kɔɔ bepɔ no so, na ɔne n’asuafoɔ no kɔtenaa hɔ. 4 Nso na Twam da […]
Yohane 7
Yesu nuanom 1 Na yeinom akyiri no, Yesu kyinii Galilea; na ɔmpɛ sɛ ɔkyini Yudea, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no rehwehwɛ no akum no. 2 Na Yudafoɔ Asesebɔ afahyɛ abɛn. 3 Ɛnna ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ: Firi ha kɔ Yudea, na w’asuafoɔ nso nhunu wo nnwuma a woyɛ no. 4 Na obi nyɛ […]
Yohane 8
Ɔbaa odwamammɔfoɔ bi 1 Na Yesu kɔɔ Ngo Bepɔ no so. 2 Na ahemadakye no, ɔbaa asɔrefie bio, na ɔman mu no nyinaa baa ne nkyɛn; na ɔtenaa ase kyerɛkyerɛɛ wɔn. 3 Na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no de ɔbaa bi a wɔakye no adwamammɔ mu bae; na wɔde no bɛgyinaa mfimfini no, 4 wɔka kyerɛɛ […]