Asomafoɔ 28

Paulo wɔ Malta supɔ so

1 Na yɛfirii mu firiiɛ no, ɛno na yɛtee sɛ wɔfrɛ supɔ no Malta.

2 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no yɛɛ yɛn adɔeɛ kɛseɛ; na osuo a ɛretɔ ne awɔ no nti, wɔsɔɔ ogya maa yɛn gyee yɛn nyinaa fɛ so.

3 Na Paulo boaboaa mmabowa ano de guu ogya no soɔ no, ɔhyeɛ no nti, ahuritia bi firii mu bɛbankyeree ne nsa ho.

4 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no hunuu aboa no sɛ ɔsɛne ne nsa ho no, wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ owudini a wanya nkwa afiri ɛpo mu deɛ, nanso aweretɔ nti, ɛremma no nnya nkwa.

5 Na ɔpetee aboa no too ogya mu, nso hwee anyɛ no.

6 Na wɔn deɛ, na wɔn ani da so sɛ Paulo rebɛhonhono anaasɛ ɔrebɛhwe ase awu mpofirim; nanso wɔhwɛe hwɛeɛ na wɔhunuu sɛ biribiara anyɛ no no, wɔsesaa wɔn adwene kaa sɛ gyama ɔyɛ onyame bi.

7 Nso ɛhɔnom ara na supɔ no so otitire a ne din de Publio no asase wɔ; na ɔgyee yɛn, yɛɛ yɛn hɔhoɔ nnansa, hwɛɛ yɛn yie.

8 Na ɛbaa sɛ na Publio n’agya da hɔ yare huraeɛ ne konkurowa; enti Paulo kɔɔ ne nkyɛn, na ɔbɔɔ mpaeɛ, de ne nsa guu ne so saa no yadeɛ.

9 Yei akyiri no, wɔn a aka nso a wɔyare supɔ no soɔ no bae, maa ɔsaa wɔn yadeɛ.

10 Wɔdii yɛn ni pii, na yɛfiri hɔ rekorɔ no, wɔde nnoɔma a ɛhia yɛn no brɛɛ yɛn.

Paulo kɔduru Roma

11 Na abosome mmiɛnsa akyiri no, yɛfaa Aleksandria suhyɛn bi a ɛbɛdii awɔ berɛ supɔ no so a ne nsɛnkyerɛnneɛ ne Ata-ne-Ata no mu kɔe.

12 Na yɛkɔgyinaa Sirakuse no, yɛdii hɔ nnansa.

13 Ɛhɔ na yɛfiri konton kɔduruu Regio, na dafua akyiri no, anafoɔ mframa bɔe, na adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔduruu Puteoli.

14 Ɛhɔ na yɛhunuu anuanom bie, na wɔsrɛɛ yɛn sɛ yɛntena wɔn nkyɛn nnanson. Na yɛfiri hɔ kɔduruu Roma.

15 Ɛhɔ na anuanom a wɔtee yɛn nka no firi bɛhyiaa yɛn Apia dwa mu ne akuraa bi a ɛde Nsadan-Mmiɛnsa, na Paulo hunuu wɔn no, ɔdaa Onyankopɔn ase, na ɔmaa ne bo tɔɔ ne yam.

16 Na yɛduruu Roma no, wɔmaa Paulo kwan sɛ ɔne ɔsraani a ɔhwɛ no no nkɔtena faako a ɔpɛ.

Paulo ne Yudafoɔ mpanimfoɔ nkɔmmɔbɔ

17 Na ɛbaa sɛ nnansa akyiri no, Paulo frɛfrɛɛ Yudafoɔ atitire no hyiae; na wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, manyɛ biribi mantia ɔman anaa yɛn agyanom amanneɛ deɛ, nanso wɔkyeree me Yerusalem de me hyɛɛ Romafoɔ nsa.

18 Na wɔn nso, wɔhwehwɛɛ asɛm no mu no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔgyaa me, ɛfiri sɛ menyɛɛ adeɛ biara a ɛfata okum.

19 Nanso Yudafoɔ kasa tiaeɛ nti, na ɛtwa sɛ mede m’asɛm mekɔdan Kaesare; na ɛnyɛ sɛ me ne me man wɔ nkuro bi.

20 Afei yei nti na mefrɛɛ mo, sɛ mɛhu mo, na makasa makyerɛ mo; ɛfiri sɛ Israel anidasoɔ nti na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn yi agu me yi.

21 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn deɛ, yɛnnyaa wo ho nwoma bi mfirii Yudea, nanso anuanom no mu biara mma mmɛbɔɔ kaseɛ, anaasɛ ɔmmɛkaa wo ho asɛmmɔne bi.

22 Na yɛpɛ sɛ yɛtie deɛ wo ara wodwene, na fekuo yi deɛ, yɛnim sɛ wɔkasa tia wɔ mmaa nyinaa.

Paulo ka asɛm wɔ Roma

23 Na wɔhyɛɛ no da no, nnipa bebree baa ne nkyɛn faako a ɔteɛ hɔ; na ɔkyerɛɛ wɔn aseɛ dii Nyankopɔn ahennie ho adanseɛ, na ɔde Mose mmara ne adiyifoɔ no kyerɛɛ wɔn Yesu ho nsɛm no firi anɔpa kɔsii anwummerɛ.

24 Na ebinom gyee deɛ ɔkaeɛ no dii, na ebinom nso annye anni.

25 Na wɔn ano ankɔ bɛnkorɔ mu nti, wɔkɔe, berɛ a Paulo kaa asɛm baako sɛ: Nokwasɛm na Honhom Kronkron nam Odiyifoɔ Yesaia so ka kyerɛɛ mo agyanom sɛ:

26 Kɔ ɔman yi nkyɛn, na kɔka sɛ:

Ɛteɛ deɛ, mobɛte, na morente aseɛ,

na ehunu nso, mobɛhunu, na morenhunu mu.

27 Na ɔman yi akoma apirim,

na wɔmfa wɔn aso nte asɛm yie,

na wɔamuamua wɔn ani;

na wɔamfa wɔn ani anhunu adeɛ,

na wɔamfa wɔn aso ante asɛm,

na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ,

na wɔannane amma me nkyɛn na mansa wɔn yadeɛ.

28 Enti monhunu sɛ wɔama wɔde Nyankopɔn nkwagyeɛ no akɔma amanaman mufoɔ; na wɔbɛte.

29 [Na ɔkaa nsɛm yi no, Yudafoɔ no kɔe, na wɔgyegye akyinnyeɛ pii wɔn mu.]

30 Na mfeɛ mmienu kusuu na ɔde tenaa ɔno ara ne fie a ɔtua ka no mu, na ɔgyee wɔn a wɔbaa ne nkyɛn nyinaa

31 kaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm, na ɔde nnam nyinaa kyerɛkyerɛɛ nnoɔma a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho, na obiara ansi no kwan.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

seven + twelve =