Asomafoɔ 27

Paulo si mu kɔ Roma

1 Na wɔsii agyinaeɛ sɛ yɛnkɔ Italia no, wɔyii Paulo ne apokyerɛfoɔ bi maa asraafoɔ ha so panin bi a ne din de Yulio, a ɔfiri Augustan asraafoɔ kuo mu.

2 Na yɛkɔɔ Adramitio suhyɛn bi a ɛrebɛkɔ Asia fam mu no, yɛtui, na Makedoniani Aristarko a ɔfiri Tesalonika ka yɛn ho.

3 Na adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔgyinaa Sidon. Na Yulio yɛɛ Paulo adɔeɛ maa no kwan sɛ ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn mma wɔnhwɛ no.

4 Na yɛtu firii hɔnom no, yɛfaa Kipro aseɛ aseɛ, ɛfiri sɛ mframa hyiaa yɛn.

5 Na yɛfaa Kilikia ne Pamfilia po soɔ no, yɛkɔgyinaa Likia kuro Mira ho.

6 Ɛhɔ na asraafoɔ ɔha so panin no hunuu Aleksandria suhyɛn bi a ɛrekɔ Italia no, ɔde yɛn kɔguu mu.

7 Na nnafua bebree na yɛnam brɛɛ, na yɛbrɛe ansa na yɛrebɛn Knido, na mframa amma yɛn ho kwan nti, yɛfaa Kreta aseɛ aseɛ sianee Salmone ho.

8 Na yɛnam ano ano resiane ho no, yɛbrɛɛ mu ansa na yɛreduru baabi a wɔfrɛ hɔ Hyɛn-Agyinayie a Lasea kuro bɛn ho.

9 Na ɛsiane sɛ na berɛ kɔ pii, na Abuadadieatwa mu dada ma akwantuo no ayɛ hu nti, Paulo tuu wɔn fo

10 see wɔn sɛ: Mmarima, mehunu sɛ akwantuo yi rekɔyɛ sɛ deɛ amaneɛ ne adesɛeɛ bebree bɛba mu, ɛnyɛ adwadeɛ ne suhyɛn yi fam nko ara, na yɛn nkwa nso ka ho bi.

11 Nanso asraafoɔ ɔha so panin no gyee suhyɛn kwankyerɛfoɔ ne suhyɛn wura no diiɛ kyɛnee deɛ Paulo kaeɛ no.

12 Na ɛsiane sɛ suhyɛn gyinaberɛ hɔ nna hɔ yie, sɛ wɔbɛdi awɔ berɛ wɔ hɔ nti, wɔn mu bebree kaa sɛ wɔbɛtu afiri hɔ nso akɔhwɛ sɛ wɔbɛtumi akɔduru Foinike a ɛyɛ Kreta suhyɛn gyinaberɛ a ɛda kɔ atifi ne atɔeɛ ntam, ɛne anafoɔ ne atɔeɛ ntam, na wɔakɔdi awɔ berɛ no wɔ hɔ.

Ahum tu wɔ ɛpo no so

13 Na anafoɔ mframa firii aseɛ bɔeɛ no, ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔn nsa aka deɛ wɔde sii wɔn anim no, na wɔtuu sɛkyɛ no nam ano ano a wɔbɛnee Kreta.

14 Na ankyɛ, na mframa kɛseɛ bi a wɔfrɛ no Atifi-Apueeɛ-Mframa faa Kreta so bɛbɔeɛ;

15 na ɛkyeree hyɛn no, na ɛntumi nhyia mframa no, yɛmaa no twee yɛn.

16 Na yɛde mmirika kɔfaa supɔ ketewa bi a wɔfrɛ no Klauda aseɛ no, yɛbɔɔ mmɔden ansa na yɛresosɔ kodoɔ no mu.

17 Na wɔmaa soɔ no, wɔboa maa wɔkyekyeree hyɛn no; na wɔsuro sɛ ebia wɔbɛkɔ akɔhwe Anweatam no so nti, wɔhwann hyɛndua no, na ɛtwee wɔn saa.

18 Na mframa no bɔɔ dendeenden de yɛn kyinkyiniiɛ, na adeɛ kyeeɛ no, wɔtotoo hyɛn no mu nnoɔma bi gui.

19 Na ne nnansa soɔ no, wɔde wɔn ara nsa totoo hyɛn no ho nnoɔma no twenee.

20 Na nnafua bebree na owia anaa nsoromma mpueeɛ, nso na mframa a ɛrebɔ yɛn nyɛ adewa, enti yɛn nkwagyeɛ ho anidasoɔ nyinaa yerae.

21 Na nna bebree twaa mu a wɔnnidie no, Paulo sɔre gyinaa wɔn mfimfini kaa sɛ: Mmarima, ɛsɛ sɛ anka motie me, na yɛamfiri Kreta ammɛhunu amane ne adesɛeɛ yi.

22 Na afei metu mo fo sɛ momma mo bo ntɔ mo yam, na mo mu biara renhwere ne nkwa, gye suhyɛn yi nko na ɛbɛsɛe.

23 Na anadwo yi, Onyankopɔn a meyɛ ne dea na mesom no no bɔfoɔ bɛgyinaa me nkyɛn

24 kaa sɛ: Paulo, nsuro! Ɛtwa sɛ wokɔgyina Kaesare anim; na hwɛ, Onyankopɔn de wɔn a wɔne wo nam no nyinaa akyɛ wo.

25 Enti, mmarima, momma mo bo ntɔ mo yam, na megye Onyankopɔn medi sɛ ɛbɛyɛ hɔ sɛdeɛ wɔaka akyerɛ me no;

26 nanso ɛtwa sɛ yɛkɔgu supɔ bi soɔ.

27 Na dadu nnanan duruiɛ na yɛredi akɔneaba Adria po soɔ no, ɛbɛyɛ dasuo mu na suhyɛn no mu adwumayɛfoɔ no hunuu sɛ wɔrebɛn asase bi.

28 Na wɔtoo susuhoma, na wɔhunuu sɛ ɛsi abasam aduonu; na wɔkɔɔ wɔn anim kakra no, wɔtoo bio, na wɔhunuu no abasam dunum.

29 Na wɔsuroo sɛ ebia yɛbɛkɔ akɔhwe abotan bi so nti, wɔtoo asɛkyɛ nnan firii hyɛn no to twɛnee adekyeeɛ.

30 Na ɛsiane sɛ na suhyɛn mu adwumayɛfoɔ no rehwehwɛ adwane afiri suhyɛn no mu nti, wɔgyaa kodoɔ no mu too po mu, yɛɛ sɛdeɛ wɔrekɔto sɛkyɛ afiri hyɛn no tiri nso no,

31 Paulo ka kyerɛɛ asraafoɔ ɔha so panin ne asraafoɔ no sɛ: Sɛ yeinom antena hyɛn yi mu deɛ a, morennya nkwa.

32 Ɛnna asraafoɔ no twaa kodoɔ no ntampehoma no, na wɔmaa no kɔeɛ.

33 Na adeɛ rebɛkye no, Paulo srɛɛ wɔn nyinaa sɛ wɔnnidi, na ɔkaa sɛ: Dadu nnanan ni a moatena hɔ adi mmuada a momfaa biribi nkaa mo ano.

34 Enti mesrɛ mo sɛ monnidi, na ɛno nso bɛgye mo nkwa bi. Na mo mu biara nwi baako mpo rentu mfiri ne tiri so ntɔ.

35 Na ɔkaa saa na ɔfaa paanoo no, ɔdaa Onyankopɔn ase wɔn nyinaa anim, na ɔbubu firii aseɛ diiɛ.

36 Na wɔn nyinaa bo tɔɔ wɔn yam, na wɔn nso faa bi diiɛ.

37 (Na yɛn a yɛwɔ suhyɛn no mu nyinaa yɛ nnipa ahanu aduɔson nsia.)

38 Na wɔdidi meeɛ no, wɔtoo aduane no guu po mu maa suhyɛn no mu yɛɛ hare.

Suhyɛn no bɔ

39 Na adeɛ kyeeɛ no, na wɔnnim asase no. Na wɔhunuu dɔnnɔn bi a ne mpoano da fam; ɛno mu na wɔsusuu sɛ wɔbɛtumi a, wɔbɛtwe suhyɛn no akorɔ.

40 Na wɔtwaa asɛkyɛ no ahoma mu gyaa mu guu po mu, na wɔsanee akyerɛkyerɛkwan no ahoma, na wɔsii hyɛn no anim abrannaa maa mframa a ɛbɔeɛ no pia kɔɔ mpoano.

41 Na wɔkɔpemm nsuo mu anweatam bi no, wɔde suhyɛn no kɔtaee, na etire kɔtimii, na ɛkaa hɔ pintinn, na ɛtoɔ deɛ, asorɔkyeɛ a na ɛrebɔ denden no bubui.

42 Na asraafoɔ no tuu agyina sɛ wɔbɛkum nneduafoɔ no, na obi annware annwane.

43 Nanso asraafoɔ ɔha so panin no pɛ sɛ ɔgye Paulo nti, wamma wɔanyɛ deɛ wɔsusuiɛ no, na ɔhyɛɛ sɛ wɔn a wɔbɛtumi adwareɛ mfa wɔn ho ngu po mu kane nsi fam.

44 Na wɔn a aka no deɛ, ebinom butubutuu ntaaboɔ so, na ebinom nso butubutuu suhyɛn nnua asinasini no bi so. Na sɛdeɛ ɛyɛeɛ na yɛn nyinaa nyaa nkwa sii fam ne no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

8 − one =