Filipifoɔ 3

Aniani ha dibea yɛ ɔkwa

1 Afei deɛ ɛdi akyire, me nuanom, momma mo ani nnye Awurade mu. Sɛ metwerɛ mo ade korɔ no ara a, ɛnyɛ adeɛ a ɛha me, na mmom, ɛma motim.

2 Monhwɛ yie akraman no ho, monhwɛ yie adwumayɛfoɔ bɔne no ho, monhwɛ yie wɔ twetiatwafoɔ no ho!

3 Na yɛne twetiatwafoɔ no, yɛn a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam soɔ.

4 Ɛwom sɛ anka me nso mewɔ honam mu biribi a mede me ho bɛto soɔ. Sɛ ɔfoforɔ bi susu sɛ ɔwɔ honam mu biribi a ɔde ne ho bɛto so a, me mmom na mewɔ bie.

5 Hwɛ, wɔtwaa me twetia da a ɛtɔ so nwɔtwe, mefiri Israel asefoɔ mu, Benyamin abusuakuo mu, Hebrifoɔ mu Hebrini, mmara fam, meyɛ Farisini,

6 mmɔdemmɔ fam, metaa asafo no, mmara mu tenenee fam, wɔannya me ho asɛm.

Paulo hwɛ wɔne Kristo baakoyɛ

7 Nanso nnoɔma a anka ɛyɛ me mfasoɔ no, Kristo nti mebuu no adehwereɛ.

8 Nanso ampa ara meda so mebu nnoɔma nyinaa adehwereɛ, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛboro soɔ no nti. Ne nti na mebuu nnoɔma no nyinaa adehwereɛ, na mebu no sɛ sumina so adeɛ, na Kristo ayɛ me mfasoɔ,

9 na wɔahunu me ne mu sɛ menni me ara me tenenee a ɛfiri mmara mu, na mmom deɛ ɛnam Kristo ho gyidie so ba, tenenee a ɛfiri Nyankopɔn mu, a ɛnam gyidie so.

10 Na anka mahu no yie, ne ne wusɔreɛ tumi no, na manya kyɛfa wɔ n’amanehunu no mu, na wɔama masɛ ne wuo no,

11 sɛ ebia mɛnya awufoɔ mu sɔreɛ no.

Paulo nkonim

12 Ɛnyɛ sɛ me nsa anya aka, anaasɛ manya mawie pɛyɛ dada, na mmom mepem kɔ m’anim ara na me nsa aka, sɛdeɛ Kristo nso nsa aka me no.

13 Anuanom, me deɛ, mensusu sɛ me nsa anya aka biribi; nanso adeɛ baako pɛ na meyɛ, mema me werɛ firi deɛ atwa mu no, na metwe me mu mepɛ deɛ ɛwɔ anim no.

14 Mepem kɔ m’anim sɛ mɛduru botaeɛ no ho, na makɔnya ɔsoro frɛ a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no mu nkonimboɔ no.

15 Enti momma yɛn mu dodoɔ a yɛyɛ pɛ no nnwene saa; na sɛ biribi wɔ hɔ a modwene no foforɔ a, ɛno nso Onyankopɔn bɛyi no adi akyerɛ mo.

16 Nanso deɛ yɛanya dada no, momma yɛnkɔ so saa ara nkura mu.

Asɛnnua no atamfoɔ

17 Anuanom, monsua me, na monhwɛ wɔn a wɔnam saa, sɛdeɛ mowɔ yɛn sɛ nhwɛsoɔ no.

18 Na nnipa bebree wɔ hɔ a metaa ka wɔn nanteɛ ho asɛm kyerɛ mo, na seesei nso mede nisuo mereka bio sɛ, wɔyɛ Kristo asɛnnua no atamfoɔ;

19 wɔn na wɔn awieeɛ ne ɔsɛeɛ, wɔn nyame ne yafunu, na wɔn animuonyam wɔ wɔn aniwuo mu, na asase so nnoɔma ho na wɔdwene.

20 Na yɛn deɛ, yɛn man a yɛfiri mu ankasa ne ɔsoro. Ɛfiri hɔnom nso na yɛtwɛn Agyenkwa a ɔno ne Awurade Yesu Kristo

21 a ɔbɛsakyera yɛn ahobrɛaseɛ nipadua, sɛdeɛ n’ahoɔden adwuma a ɔde bɛtumi abrɛ nnoɔma nyinaa ase ahyɛ n’aseɛ no teɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

twelve + 9 =