Marko 15

Wɔde Yesu kɔgyina amrado anim

1 Na ntɛm ara, ɛrekɔ anɔpa no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne badwafoɔ no nyinaa tuu agyina, na wɔkyekyeree Yesu de no kɔ kɔhyɛɛ Pilato nsa.

2 Na Pilato bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa? Na Yesu bua see no sɛ:Wo na woreka.

3 Na asɔfoɔ mpanin no totoo n’ano pii.

4 Na Pilato bisaa no bio sɛ: Wommua hwee? Hwɛ nsɛm pii a wɔreka gu wo soɔ yi?

5 Na Yesu ammua hwee bio, na ɛyɛɛ Pilato nwanwa.

6 Nso daa, afahyɛ no mu no, ɔgyaa odeduani baako a wɔsrɛ no ma wɔn.

7 Na obi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Baraba a wɔagu no ne wɔn a wɔasɔre atia Aban, a wɔadi awu basabasa no mu no mpokyerɛ.

8 Na nkurɔfokuo no kɔ kɔfitii aseɛ srɛɛ no sɛ ɔnyɛ sɛdeɛ ɔyɛ ma wɔn daa no.

9 Na Pilato bua see wɔn sɛ: Mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ hene no mema mo?

10 Na ɔhunuu sɛ nitan nti na asɔfoɔ mpanimfoɔ no yii no maeɛ.

11 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no hwanyann nkurɔfokuo no mu sɛ wɔmma ɔnnyaa Baraba mmom mma wɔn.

12 Na Pilato bua see wɔn sɛ: Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ deɛ mofrɛ no Yudafoɔ hene no?

13 Na wɔteaa mu bio sɛ: Bɔ no asɛnnua mu!

14 Na Pilato bisaa wɔn sɛ: Adɛn, bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteaa mu dendeenden sɛ: Bɔ no asɛnnua mu.

15 Na Pilato pɛɛ sɛ ɔsɔ nkurɔfoɔ no ani nti, ɔgyaee Baraba maa wɔn; na Yesu deɛ, ɔhwee no mpire no, ɔyii no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.

Yesu ho agorɔdie

16 Na asraafoɔ no de no kɔɔ Amrado aban no adihɔ hɔ, na wɔfrɛɛ asraafoɔkuo no nyinaa hyiae.

17 Na wɔhyɛɛ no atadeɛ kɔkɔɔ bi, na wɔnwonoo nkasɛɛ abotire hyɛɛ no,

18 na wɔfitii aseɛ kyeaa no sɛ: Mo, Yudafoɔ hene!

19 Na wɔde demmire paee n’apampam, na wɔtotoo ntasuo guu ne so, na wɔbuu nkotodwe sɔree no.

Golgota

20 Na wɔwiee ne ho agorɔdie no, wɔyii atadeɛ kɔkɔɔ no, de ɔno ara n’atadeɛ hyɛɛ no. Na wɔde no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.

21 Na wɔhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ɔfiri afuom retwam, a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya, sɛ ɔnsoa n’asɛnnua no.

22 Na wɔde no kɔduruu baabi a wɔfrɛ no Golgota; (ne nkyerɛaseɛ ne Nitireso so).

23 Na wɔmaa no nsa a wɔde aduhwam afra mu, nanso wannom.

24 Na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, na wɔkyekyɛɛ ne ntadeɛ mu twee so ntonto, hwehwɛɛ deɛ ɛbɛyɛ obiara deɛ.

25 Na ɛyɛ dɔn a ɛtɔ so mmiɛnsa mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu.

26 Na wɔtwerɛɛ afodisɛm no wɔ atifi sɛ: YUDAFOƆ HENE NO!

27 Na wɔsɛnee akwanmukafoɔ baanu kaa ne ho, ɔbaako wɔ ne nifa, na ɔbaako wɔ ne benkum;

28 [na atwerɛsɛm a ɛse: Wɔakan no afra amumuyɛfoɔ mu no baa mu.]

29 Na wɔn a wɔretwam no kaa abususɛm tiaa no, wosoo wɔn ti kaa sɛ: Ao, wo a wodwiri asɔredan, na wosi no nnansa nie!

30 Gye wo ho, na firi asɛnnua no so si fam!

31 Saa ara na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no goroo ne ho sɛ: Ɔgyee ebinom, na ɔntumi nnye ne ho.

32 Afei ma Kristo, Israel hene no, mfiri asɛnnua no so nsi fam, na yɛnhunu, na yɛnnye nni! Na wɔn a wɔbɔɔ wɔn ne no asɛnnua mu no nso yaa no.

Yesu wuo

33 Na ɛbɔɔ awia dummienu no, esum duruu asase no nyinaa so kɔsii nnɔnmmiɛnsa.

34 Na ɛbɔɔ awia nɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ:Eloi, Eloi, lama sabaktani?A nkyerɛaseɛ ne:Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woapa me yi?

35 Na wɔn a wɔgyina hɔ no teeɛ no, wɔkaa sɛ: Hwɛ, ɔrefrɛ Elia!

36 Na ɔbaako tuu mmirika de sapɔ kɔbɔɔ nsa kekakeka bi mu de tuaa demmire ano, de maa no sɛ ɔnom, na ɔkaa sɛ: Monnyae mma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛyi no asi fam anaa?

37 Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu no, ɔwui.

38 Na ntoma a ɛtwa asɔredan mu no mu tee mmienu firi soro bɛsii fam.

39 Na asraafoɔ ɔha so panin a ɔgyina n’anim ntentensoɔ no hunuu sɛ ɔteaa mu saa na ɔwuiɛ no, ɔkaa sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ Nyankopɔn ba!

40 Mmaa bi nso wɔ hɔ a na wɔgyina akyirikyiri rehwɛ; na Maria Magdalene nso ne Yakobo kumaa ne Yose na Maria, ne Salome ka ho;

41 wɔn nso, ɔwɔ Galilea no, wɔdii n’akyi, na wɔsomm no, ne mmaa afoforɔ pii a wɔne no baa Yerusalem no.

Yesu amu sie

42 Na ɛnya duruu anwummerɛ, na ɛyɛ ahosiesie da a ɛne da a ɛdi homeda anim no nti,

43 Yosef a ɔfiri Arimatea, ɔbadwani a ɔwɔ din a ɔno nso retwɛn Nyankopɔn ahennie no de akokoɔduro kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no.

44 Na Pilato adwene mu yɛɛ no naa, ɛfiri sɛ na ɔnnim sɛ wawu ampa anaa! na ɔfrɛɛ asraafoɔ ɔha so panin no bisaa no sɛ ɔwuiɛ akyɛ anaa?

45 Na ɔte firii asraafoɔ ɔha so panin no hɔ sɛ wawu no, ɔde amu no maa Yosef.

46 Na ɔtɔɔ nwera bi, na ɔyii no de nwera no kyekyeree ne ho, na ɔde no kɔtoo ɛda a wɔatwa no ɔbotan bi mu, na ɔmunii ɛboɔ hinii ɛda no ano.

47 Na Maria Magdalene ne Maria Yose ne na, hunuu faako a wɔde no toeɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

four × one =