2 Berɛsosɛm 9

Seba hemmaa ba Salomo nkyɛn

1 Na Seba hemmaa tee Salomo nka no, ɔbaa sɛ ɔde nsɛm a emu yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ. Na ɔne asafo yuu pa ne yoma a wɔsoso nnuhwam ne sika pii pa, ne abohene baa Yerusalem. Na ɔduruu Salomo nkyɛn no, ɔne no bɔɔ deɛ ɛwɔ n’akomam nyinaa ho nkɔmmɔ.

2 Na Salomo buaa no ne nsɛm nyinaa, na asɛm biara anhunta Salomo a wanka ankyerɛ no.

3 Na Seba hemmaa no hunuu Salomo nyansa ne efie a wasie

4 ne ne pono so nnuane, ne ne nkoa atenaeɛ, ne n’asomfo agyinaeɛ ne wɔn ntadeɛ, ne ne nsahyɛfoɔ ne wɔn ntadeɛ, ne n’aforoeɛ a ɔnam so kɔ AWURADE fie no, ne ho dwirii no.

5 Na ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Wo nneyɛɛ ne wo nyansa ho asɛm a metee no m’asase soɔ no yɛ nokorɛ,

6 na mannye wɔn nsɛm no manni de bɛsii sɛ mebaeɛ, na mede m’ani mabɛhunu yi. Na hwɛ, wɔanka me wo nyansa so a ɛso no mu fa mpo, wosene wo ho nsɛm a meteeɛ no.

7 Nhyira ne wo nnipa, na nhyira ne wo nkoa yi a wɔgyinagyina w’anim daa yi, sɛ daa wɔte wo nyansa no.

8 Nhyira nka AWURADE wo Nyankopɔn a ɔpɛ w’asɛm na ɔde wo atena n’adwa so sɛ di hene ma AWURADE wo Nyankopɔn. Sɛ wo Nyankopɔn dɔ Israel, sɛ ɔde no bɛtim hɔ de akɔsi daa nti, na ɔde wo asi wɔn so hene, sɛ yɛ atemmudeɛ ne teneneedeɛ.

9 Na ɔmaa ɔhene sika dwetikɛseɛ ɔha aduonu ne nnuhwam pii pa ara ne abohene, na nnuhwam a ɛte sɛ deɛ Seba hemmaa no de maa Ɔhene Salomo no so bi amma bio.

10 Na Huram nkoa ne Salomo nkoa a wɔde sika firi Ofir baeɛ no nso de abako nnua ne abohene bae.

11 Na ɔhene de abako nnua no yɛɛ AWURADE fie ne ɔhene fie ntrapoe ne nsankutene ne mmɛnta maa nnwontofoɔ no. Na wɔnhunuu saa nnoɔma no bi pɛn wɔ Yuda asase so.

12 Na Ɔhene Salomo maa Seba hemmaa no n’adeɛ a ɔpɛ a ɔbisaeɛ no nyinaa, ɛsono deɛ ɔde brɛɛ ɔhene no. Ɛnna ɔno ne ne nkoa sane sii mu kɔɔ n’asase soɔ.

Salomo ahonya

13 Nso sika a na ɛba Salomo nsam afe baako mu duro yɛ sika dwetikɛseɛ ahansia aduosia nsia,

14 ɛsono deɛ ɛfiri adwadifoɔ hɔ, ne deɛ abatafoɔ de ba. Na Arabia ahemfo nyinaa ne asase no so amradofoɔ no nso de sika ne dwetɛ brɛɛ Salomo.

15 Na Ɔhene Salomo de sika a wɔaborɔ yɛɛ akyɛm akɛseɛ ahanu, sika a wɔaborɔ nnwetɛbena ahansia na ɔde duraa akyɛm no mu biara ho.

16 Na ɔyɛɛ sika a wɔaborɔ akyɛm ahasa, sika nnwetɛbena ahasa na ɔde duraa akyɛm no mu biara ho. Na ɔhene de kɔsiee Lebanon Kwaeɛ dan no mu.

17 Na ɔhene de asonse yɛɛ ahennwa kokuroo, na ɔde sika amapa duraa ho;

18 na adwa no wɔ ntrapoe nsia, na sika ntiasoɔ wɔ adwa no ho a wɔabobɔ mu, na nsa wowɔ ɛha ne ha, atenaeɛ no ho, na agyata mmienu gyinagyina nsa no ho;

19 na agyata dummienu gyinagyina hɔ wɔ ntrapoe nsia no so ɛha ne ha. Wɔnyɛɛ saa bi da ahennie biara mu.

20 Na Ɔhene Salomo nnoɔma a ɔnom mu nyinaa yɛ sika, na Lebanon Kwaeɛ dan mu nnoɔma nyinaa yɛ sika amapa, dwetɛ nni mu. Wɔmmu dwetɛ hwee Salomo berɛ so.

21 Na ɔhene wɔ ahyɛnkuo a ɛne Huram nkoa no kɔ Tarsis; mfeɛ mmiɛnsa biara Tarsis ahyɛn no ba prɛko de sika ne dwetɛ, asonse ne nkontromfi ne nkokɔnini-abankwaa ba.

22 Na Ɔhene Salomo so senee asase so ahemfo nyinaa, adedodoɔ ne nyansa fam.

23 Na asase so ahemfo nyinaa hwehwɛɛ sɛ wɔbɛhunu Salomo anim na wɔate nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ n’adwene mu no bie.

24 Na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ ba mmaako mmaako, dwetɛ nnoɔma ne sika nnoɔma ne ntadeɛ, akodeɛ ne nnuhwam, apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ, afe biara ne ne deɛ.

25 Na Salomo wɔ apɔnkɔ adan mpemnan ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ mpem dummienu, na ɔde wɔn tenatenaa nteaseɛnam nkuro mu, ne ɔhene nkyɛn wɔ Yerusalem.

26 Na ɔdii ahennie nyinaa so de firi Asuo Eufrate ano de kɔsii Filistifoɔ asase so ne Misraim hyeɛ so.

27 Na ɔhene maa dwetɛ yɛɛ sɛ aboɔ, Yerusalem, na ntweneduro nso, ɔmaa no yɛɛ sɛ akyee nnua a ɛwɔ mpaperɛ soɔ no dodoɔ.

28 Na wɔkraa apɔnkɔ firii Misraim ne nsase nyinaa so brɛɛ Salomo.

Salomo wuo

29 Na Salomo ho nsɛm nkaeɛ, akane deɛ ne akyire yi deɛ no, wɔantwerɛ no Odiyifoɔ Natan nsɛm ne Siloni Ahia adiyisɛm ne Odehwɛfoɔ ldo adehwɛ a ɔhwɛɛ no Nebat ba Yeroboam ho no mu?

30 Na Salomo dii Israel nyinaa so hene Yerusalem mfirinhyia aduanan.

31 Na Salomo tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no n’agya Dawid kuro mu. Na ne ba Rehoboam bɛdii n’adeɛ.

2 Berɛsosɛm 10

Ɔman no mpaepaemu

1 Na Rehoboam sii mu kɔɔ Sekem, deɛ na Israelfoɔ nyinaa aba sɛ wɔrebɛsi no hene.

2 Na Nebat ba Yeroboam a ɔwɔ Misraim, (deɛ ɔfiri Ɔhene Salomo anim dwane kɔeɛ no, tee). Ɛnna Yeroboam sane firii Misraim baeɛ.

3 Na wɔsoma maa wɔkɔhyiaa no bae, na Yeroboam ne Israel nyinaa ba bɛka kyerɛɛ Rehoboam sɛ:

4 W’agya maa yɛn kɔnnua yɛɛ duru papa, na afei yi w’agya ɔsom denden, ne ne kɔnnua duruduro a ɔde too yɛn soɔ no ma no nyɛ hare, na yɛnsom wo.

5 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdi nnansa a, monsane mmra me nkyɛn bio. Na ɔman no kɔe.

6 Na Ɔhene Rehoboam ne mpanimfoɔ a n’agya Salomo da so te aseɛ no, na wɔsom no sɛ afotufoɔ no tuu agyina sɛ: Ɛfoɔ bɛn na moretu me na mede makɔbua ɔman yi?

7 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ ɔman yi yie, na wosɔ wɔn ani, na woka wɔn nsɛm pa a, ɛnneɛ wɔbɛyɛ wo nkoa nna nyinaa.

8 Na ɔgyaa mpanimfoɔ no fo a wɔtuu no no, na ɔne mmɔfra a wɔne no nyiniiɛ a wɔsom no no kɔtuu agyina,

9 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛfoɔ bɛn na mo nso moretuo, na yɛde akɔbua ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Yi kɔnnua a w’agya de too yɛn soɔ no so ma no nyɛ hare, no?

10 Na mmɔfra a wɔne no nyiniiɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Sei na ka kyerɛ ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ wo sɛ: W’agya maa yɛn kɔnnua yɛɛ duru, na wo deɛ, yɛ no hare ma yɛn, no, sei na ka kyerɛ wɔn: Me kɔkorɔmmɔto so sene m’agya asene.

11 Na sɛ, m’agya de kɔnnua duruduro soaa mo a, me deɛ, mɛto mo kɔnnua no so; m’agya de mpire na ɛhwee mo a, me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo.

12 Na Yeroboam ne ɔman no nyinaa baa Rehoboam nkyɛn da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, sɛdeɛ ɔhene kaa sɛ: Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, monsane mmra me nkyɛn, no.

13 Na ɔhene no de asɛm denden buaa wɔn, na Ɔhene Rehoboam gyaa mpanimfoɔ no fo a wɔtuu no no,

14 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ mmɔfra no tuu no foɔ no sɛ: M’agya maa mo kɔnnua yɛɛ duru, na me deɛ, mɛto so, m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo.

15 Na ɔhene no antie ɔman no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na ɔdanee no saa, sɛdeɛ AWURADE bɛma n’asɛm a ɔnam Siloni Ahia so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no aba mu.

16 Na Israel nyinaa hunuu sɛ ɔhene no antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene no sɛ:

Kyɛfa bɛn na yɛwɔ no Dawid mu?

Na yɛnni agyapadeɛ biara nso Yisai ba no mu.

O Israel, monkɔ mo afie!

Afei, Dawid, hwɛ wo ara wo fie so.

Ɛnna Israel nyinaa sii mu kɔɔ wɔn afie mu.

17 Na Israelfoɔ a na wɔtete Yuda nkuro mu no deɛ, Rehoboam dii wɔn so hene.

18 Na Ɔhene Rehoboam somaa Hadoram a ɔdi adwuma toɔ soɔ no, na Israelfoɔ no sii no aboɔ maa ɔwuiɛ. Ɛnna Ɔhene Rehoboam yɛɛ ntɛm foroo teaseɛnam sɛ ɔredwane akɔ Yerusalem.

19 Na Israel wae firii Dawid fie ho de bɛsi nnɛ.

2 Berɛsosɛm 12

Misraim tu Yuda so sa

1 Na Rehoboam ahennie timiiɛ, na ɔyɛɛ den no, ɔgyaa AWURADE mmara, na Israel nyinaa ka ne ho.

2 Na Ɔhene Rehoboam afe a ɛtɔ so nnum no Misraimhene Sisak foro baa Yerusalem so, ɛfiri sɛ na wɔafom AWURADE.

3 Ɔde nteaseɛnam apem ahanu ne apɔnkɔsotefoɔ mpemaduosia bae, na ɛdɔm a wɔne no baeɛ no nni ano, wɔfiri Misraim: Libiafoɔ, Sukifoɔ ne Etiopiafoɔ.

4 Na ɔgyee Yuda nkuro a ɛyɛ den no, na ɔbɛduruu Yerusalem.

5 Ɛnna Odiyifoɔ Semaia baa Rehoboam ne Yuda mmapɔmma a wɔaboa wɔn ano aba Yerusalem afiri Sisak anim no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Mo deɛ, moagya me, na me nso magyaa mo ahyɛ Sisak nsa.

6 Ɛnna Israel mmapɔmma ne ɔhene no brɛɛ wɔn ho aseɛ, na wɔkaa sɛ: Ɔteneneeni ne AWURADE.

7 Na AWURADE hunuu sɛ wɔabrɛ wɔn ho aseɛ no, AWURADE asɛm baa Semaia nkyɛn sɛ: Wɔabrɛ wɔn ho ase nti, merensɛe wɔn, na ɛyɛ kakra a mɛma wɔafiri mu afi, na m’abufuo amfa Sisak nsa so anhwie angu Yerusalem so.

8 Nanso wɔbɛyɛ no nkoa, na wɔahunu me som ne nsase so ahennie som no.

9 Na Misraimhene Sisak foro baa Yerusalem bɛfaa AWURADE fie akoradeɛ ne ɔhene fie akoradeɛ no, — ne nyinaa na ɔfaeɛ, — na ɔfaa sika akyɛm a Salomo yɛeɛ no nso.

10 Na Ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ akyɛm sisii ananmu, na ɔde hyehyɛɛ awɛmfoɔ a wɔwɛn ɔhene fie pono ano no asafohene no nsa.

11 Na da biara a ɔhene ba AWURADE fie no, awɛmfoɔ no bɛsoa kɔ na wɔde asane aba awɛmfoɔ no dan mu.

12 Na ɛnam sɛ ɔbrɛɛ ne ho aseɛ nti, AWURADE abufuo no sane firii ne so, sɛ ɔrensɛe no nwie; na ɔmannwoeɛ wɔ Yuda mu nso.

Rehoboam nnisoɔ no awieeɛ

13 Na Ɔhene Rehoboam hyɛɛ ne ho den wɔ Yerusalem, na ɔdii hene. Na ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduanan baako, na ɔdii hene mfirinhyia dunson wɔ Yerusalem a ɛne kuro a AWURADE yii Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni.

14 Na ɔyɛɛ bɔne, na wamfa n’akoma anhwehwɛ AWURADE.

15 Na Rehoboam ho nsɛm, kane deɛ ne akyire yi deɛ nso, wɔantwerɛ no Odiyifoɔ Semaia ne ɔdehunufoɔ Ido nsɛm mu antoatoa so? Na akodie daa Rehoboam ne Yeroboam ntam nna nyinaa.

16 Na Rehoboam tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid kuro no mu. Na ne ba Abia bɛdii n’adeɛ.

2 Berɛsosɛm 13

Abia di Yeroboam so nkonim

1 Ɔhene Yeroboam afe a ɛtɔ so dunwɔtwe soɔ no, Abia bɛdii Yuda so hene.

2 Mfeɛ mmiɛnsa na ɔdii hene Yerusalem, na ne na din de Mikaia, Uriel ba a ɔfiri Gibea. Na ɛko baa Abia ne Yeroboam ntam.

3 Na Abia de mmarima akofoɔ dɔm a ano si nnipa a wɔayi wɔn mpemahanan kɔɔ ɔsa no, na Yeroboam de nnipa mpemahanwɔtwe, mmarima a wɔtumi wɔn ho a wɔayi wɔn ne no de bɛbɔɔ ani.

4 Na Abia sɔree Semaraim bepɔ a ɛwɔ Efraim mmepɔ soɔ no atifi, na ɔkaa sɛ: Yeroboam ne Israel nyinaa, montie me.

5 Ɛnyɛ mo deɛ, sɛ mobɛhunu sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no de Israel so ahennie ama Dawid, de rekɔsi daa sɛ nkyene apam ama ɔno ne ne mma anaa?

6 Na Nebat ba Yeroboam a ɔyɛ Dawid ba Salomo akoa no asɔre ate ne wuranom so atua,

7 na nnipa hunu ahuhufoɔ ne no boom hyɛɛ wɔn ho den tiaa Salomo ba Rehoboam, na Rehoboam yɛ abɔfra, na n’akoma yɛ mmerɛ, na wanhyɛ ne ho den wɔn anim.

8 Na afei, mo deɛ, mose mobɛhyɛ mo ho den, AWURADE ahennie a ɛwɔ Dawid mma nsam no anim, na moyɛ asafo yuu, na mowɔ sika anantwie a Yeroboam ayɛ ama mo sɛ anyame.

9 Montutuu AWURADE asɔfoɔ, Aaron mma no ne Lewifoɔ no na monyɛɛ asɔfoɔ mfaeɛ sɛ nsase so aman no? Obiara a ɔde nantwinini ba, anaa adwennini nson ba sɛ ɔrebɛdwira ne ho no bɛyɛ ɔsɔfoɔ ma deɛ ɛnyɛ anyame.

10 Na yɛn deɛ, AWURADE ne yɛn Nyankopɔn, na yɛnnyaa no, na asɔfoɔ a wɔsom AWURADE no yɛ Aaron mma, na Lewifoɔ no kura wɔn adwuma mu.

11 Na wɔhye ɔhyeɛ afɔdeɛ ma AWURADE daa anɔpa ne anwummerɛ ne ɔhyeɛ aduhwam no. Na wɔsiesie kyerɛ paanoo wɔ ɔpono kronkron no so, na sika kaneadua ne ne kanea no, wɔsɔ no daa anwummerɛ. Na yɛn deɛ, yɛyɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ahyɛdeɛ no, na mo deɛ, moagya no.

12 Na hwɛ, Onyankopɔn ka yɛn ho, di kan, ne n’asɔfoɔ a wɔhyɛne osebɔ ntotorobɛnto, sɛ wɔde bɛfrɛ ɔko atia mo. Israel mma, mo ne AWURADE mo agyanom Nyankopɔn no nnko, na ɛrensi mo yie.

13 Na Yeroboam maa atɛfoɔ buu wɔn ho braka na wɔabɛfiri wɔn akyi. Na wɔwɔ Yuda anim, na atɛfoɔ no wɔ wɔn akyire.

14 Na Yuda danedanee wɔn ani no, na hwɛ, ɛdɔm no wɔ anim ne akyire. Ɛnna wɔteaa mu frɛɛ AWURADE, na asɔfoɔ no hyenhyɛnee ntotorobɛnto.

15 Na Yuda mmarima no bɔɔ ose. Na ɛbaa sɛ Yuda mmarima no bɔɔ ose no, Onyankopɔn kaa Yeroboam ne Israel nyinaa gui, Abia ne Yuda anim.

16 Na Israelfoɔ no dii nkoguo wɔ Yuda anim, na Onyankopɔn de wɔn hyɛɛ wɔn nsa.

17 Na Abia ne ne man kunkumm wɔn okumkɛseɛ, na asraafoɔ a wɔtotɔɔ Israel mu yɛ nnipa a wɔayi wɔn mpemahanum.

18 Na wɔbrɛɛ Israelfoɔ no ase berɛ no mu, na Yudafoɔ no ho yɛɛ den, ɛfiri sɛ na wɔtwere wɔn agyanom Nyankopɔn no.

19 Na Abia tii Yeroboam, na ɔkɔgyee ne nsam nkuro, Betel ne ɛho nkurowa ne Yesana ne ɛho nkurowa ne Efron ne ɛho nkurowa.

20 Na Yeroboam annya tumi biara bio Abia berɛ so. Na AWURADE kaa no maa no wui.

21 Na Abia hyɛɛ ne ho den, na ɔwarewaree yerenom dunan, na ɔwowoo mmammarima aduonu mmienu ne mmammaa dunsia.

22 Na Abia ho nsɛm nkaeɛ ne n’akwan ne ne nsɛm, wɔatwerɛ no Odiyifoɔ Ido nkyerɛaseɛ nwoma no mu.

2 Berɛsosɛm 15

Odiyifoɔ Asaria kɔkɔbɔ

1 Na Nyankopɔn honhom baa Oded ba Asaria so,

2 na ɔfiri adi kɔhyiaa Asa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asa ne Yudafoɔ ne Benyaminfoɔ nyinaa, montie me. AWURADE ne mo te, sɛdeɛ mo ne no teɛ yi. Na sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mogya no a, ɔbɛgya mo.

3 Na Israel nna bebree wɔ hɔ a wɔnni nokorɛ Nyankopɔn na wɔnni ɔsɔfoɔ a ɔkyerɛkyerɛ, na wɔnni mmara.

4 Na wɔn ahohiahia mu no, wɔsane baa AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn bɛhwehwɛɛ no no, ɔmaa wɔhunuu no.

5 Na ɛberɛ no mu no na asomdwoeɛ nni hɔ mma deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu, na sakasaka bebree baa nsase no sotefoɔ nyinaa so.

6 Na wɔbobɔɔ wɔn ho, ɔman ne ɔman ne kuro ne kuro, na Onyankopɔn maa wɔn ani tanee ahohiahia nyinaa mu.

7 Na mo deɛ, monhyɛ mo ho den, na mommma mo abasa mu nngo, na wɔbɛtua mo adwuma so ka.

Nyankopɔn apam no ntimu

8 Na Asa tee nsɛm yi ne Odiyifoɔ Oded adiyie no, ɔhyɛɛ ne ho den, na ɔyii atantanneɛ no firii Yuda ne Benyamin asase nyinaa so, ne nkuro a ɔgyee no Efraim bepɔ soɔ no mu, na ɔyɛɛ AWURADE afɔrebukyia a ɛwɔ AWURADE ntwonoowa no anim no foforɔ.

9 Na ɔboaa Yuda ne Benyamin nyinaa ne ahɔhoɔ a wɔfiri Efraim ne Manase ne Simeon, ba bɛkaa wɔn ho no ano hyiae, na wɔhunuu sɛ AWURADE ne Nyankopɔn di n’akyire nti, nnipa pii wae firii Israel baa ne fam.

10 Na wɔboaa wɔn ano wɔ Yerusalem bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Asa ahennie afe a ɛtɔ so dunum so.

11 Na wɔde asadeɛ a wɔde baeɛ no bi bɔɔ AWURADE afɔdeɛ da no, anantwie ahanson ne nnwan mpemnson,

12 na wɔne AWURADE yɛɛ apam sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa bɛhwehwɛ AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no,

13 na obiara a ɔrenhwehwɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no, akumaa oo, ɔkɛseɛ oo, ɔbarima oo, ɔbaa oo, wɔnku no.

14 Na wɔde nne kɛseɛ ne osebɔ ne ntotorobɛnto ne mmɛn suae kyerɛɛ AWURADE.

15 Na Yuda nyinaa ani gyee nsuaeɛ no ho, ɛfiri sɛ wɔn akoma nyinaa na wɔde suaeeɛ; na wɔn pɛ nyinaa so na wɔhwehwɛɛ no; na ɔmaa wɔhunuu no, na AWURADE maa wɔn ɔhome afa nyinaa hyiae.

16 Na Maaka a ɔyɛ Ɔhene Asa ne na nso, ɔtuu no firii ɔhemmaadie so, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ ohoni maa Asera. Na Asa twaa ne honi no, bubuu no gɔsɔgɔsɔ, kɔhyee no Kidron subonhwa mu.

17 Na sorɔnsorɔmmea no deɛ, wɔanyi amfiri Israel. Nanso Asa akoma dii mu ne nna nyinaa mu.

18 Na ɔde n’agya akronkronneɛ ne ɔno ara n’akronkronneɛ baa Nyankopɔn fie: Dwetɛ, sika ne nnwinneɛ.

19 Na akodie biara amma de kɔsii Asa ahennie afe a ɛtɔ so aduasa nnum so.

2 Berɛsosɛm 16

Asa ne Basa ko

1 Asa ahennie afe a ɛtɔ so aduasa nsia mu na Israelhene Baasa foro baa Yuda soɔ, na ɔkyekyeree Rama sɛ ɔde resi deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu, Yudahene Asa fam kwan.

2 Ɛnna Asa yii dwetɛ ne sika firii AWURADE fie ne ɔhene fie akoradeɛ mu soma maa wɔde kɔmaa Siriahene Ben-hadad a ɔwɔ Damasko no sɛ:

3 Apam wɔ me ne wo ntam ne m’agya ne w’agya ntam; hwɛ, mabrɛ wo dwetɛ ne sika: Bra bɛbubu wo ne Israelhene Baasa apam no mu, na ɔmfiri me so nkɔ.

4 Na Ben-hadad tiee Ɔhene Asa, na ɔsomaa ne dɔm so asafohene maa wɔkɔɔ Israel nkuro so, na wɔkɔbɔɔ Iyon ne Dan ne Abel-maim ne Naftali nkuro aduane akoraeɛ nyinaa.

5 Na ɛbaa sɛ Baasa teeɛ no, ɔgyaee Rama kyekyerɛ na ɔmaa n’adwuma no kae.

6 Ɛnna Ɔhene Asa faa Yuda nyinaa, na wɔkɔsoaa Rama aboɔ ne nnua a Baasa de kyekyereeɛ no, na ɔde kyekyeree Geba ne Mispa.

Ɔdehunufoɔ Hanani animka

7 Na ɛberɛ no mu no, Ɔdehunufoɔ Hanani baa Yudahene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnam sɛ wotweree Siriahene na woantwere AWURADE wo Nyankopɔn no nti, Siriahene dɔm no afiri wo nsa.

8 Na Etiopiafoɔ ne Libiafoɔ no nyɛ dɔm a wɔdɔɔso bebree pa ara, dodoɔ ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ mu? Na ɛnam sɛ wotweree AWURADE nti, ɔde wɔn hyɛɛ wo nsa.

9 Na AWURADE de n’ani kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bɛdi ama wɔn a wɔn akoma di mu wɔ ne ho no. Yei mu woadi nkwaseasɛm, na ɛfiri seesei de rekorɔ yi, akodie bɛba wo so.

10 Na Asa nyaa ɔdehunufoɔ no ho abufuo, na ɔde no kɔtoo nneduadan mu, ɛfiri sɛ ɔfaa no yei ho abufuo. Nanso Asa hyɛɛ ɔman no mu binom so ɛberɛ no mu.

Asa wuo

11 Na hwɛ, Asa ho nsɛm, akane deɛ ne akyire yi deɛ no, hwɛ wɔatwerɛ no Yuda ne Israel Ahemfo Nwoma no mu.

12 Na Asa yaree ne nan, n’ahennie afe a ɛtɔ so aduasa nkron mu, na ne yadeɛ no ano yɛ den pa ara, nanso ne yadeɛ no mu no, wanhwehwɛ AWURADE, na mmom nnuruyɛfoɔ.

13 Na Asa tii n’agyanom wɔ asamando, na ɔwuu n’ahennie afe a ɛtɔ so aduanan baako mu.

14 Na wɔsiee no n’asieeɛ a ɔbɔre faeɛ, Dawid kuro mu no mu. Na wɔde no too mpa a nnuhwam ahodoɔ a wɔafra no nnufrafoɔ kwan soɔ ayɛ so ma no so, na wɔhyee gya kɛseɛ pa maa no.

2 Berɛsosɛm 17

Yehosafat ahennie pa

1 Na ne ba Yehosafat bɛdii n’adeɛ, na ɔhyɛɛ ne ho den ne Israel dii asie.

2 Na ɔde dɔm duaduaa Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa mu, na ɔde bansifoɔ duaduaa Yuda asase so, ne Efraim nkuro a n’agya Asa gyeeɛ no mu.

3 Na AWURADE dii Yehosafat akyi, ɛfiri sɛ ɔnantee n’agya Dawid kane akwan no so, na wanhwehwɛ Baalim,

4 na mmom n’agya Nyankopɔn na ɔhwehwɛɛ no, na ne mmara nsɛm so na ɔnanteeɛ, na ɛnyɛ sɛ Israel nneyɛɛ no.

5 Na AWURADE maa n’ahennie no timii wɔ ne nsam. Na Yuda nyinaa de ayɛyɛdeɛ brɛɛ Yehosafat, na ɔnyaa adedodoɔ ne animuonyam bebree.

6 Na ɔnyaa AWURADE akwan mu akoma pa; na afei ɔyiyii sorɔnsorɔmmea ne Asera nnua no firii Yuda.

7 Na n’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔsomaa n’asafohene Ben-hail ne Obadia ne Sakaria ne Netanel ne Mikaia sɛ wɔnkɔ nkɔkyerɛkyerɛ Yuda nkuro mu.

8 Na Lewifoɔ Semaia, Netania, Sebadia, Asahel, Semiramot, Yonatan, Adoniya, Tobia ne Tob-Adoniya ka wɔn ho, na Asɔfoɔ Elisama ne Yehoram nso ka wɔn ho.

9 Na wɔkɔkyerɛkyerɛɛ Yuda; na wɔkura AWURADE mmara nwoma no, kyinii Yuda nkuro nyinaa mu, kyerɛkyerɛɛ ɔman no mu.

10 Na AWURADE ho hu baa nsase a ɛtwa Yuda ho hyia no ahennie nyinaa so, na wɔne Yehosafat anni ako.

11 Na wɔfiri Filistifoɔ mu nso de ayɛyɛdeɛ ne apeatoɔ dwetɛ brɛɛ Yehosafat, Arabiafoɔ mpo de nnwan brɛɛ no, adwennini mpemnson ahanson ne mpapo nso mpemnson ahanson.

12 Na Yehosafat kɔɔ so yɛɛ kɛse pa ara, na ɔtotoo aban ne aduanekora nkuro Yuda.

13 Na ɔwɔ adwuma bebree Yuda nkuro mu, na akofoɔ, mmarima a wɔtumi wɔn ho, Yerusalem.

14 Na wɔn dodoɔ sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ nie: Yuda mu mpem mpem so asafohene ne: Ɔsafohene Adna, na mmarima a wɔtumi wɔn ho mpemahasa ka ne ho.

15 Na ɔno so na ɔsafohene Yehohanan die, na nnipa mpemahanu aduɔwɔtwe ka ne ho.

16 Na ɔno so na Sikri ba Amasia a ɔde ne ho maa AWURADE som kwa no die, na mmarima a wɔtumi wɔn ho mpemahanu ka ne ho.

17 Na Benyamin mu: Ɔbarima a ɔtumi ne ho Eliada, na nnipa mpemahanu a wɔkura ntadua ne akyɛm ka ne ho.

18 Na ɔno so na na Yehosabad die, na nnipa mpemha aduɔwɔtwe a wɔamia sɛdeɛ wɔrekɔ sa ka ne ho.

19 Yeinom ne wɔn a wɔsom ɔhene no, ɛsono wɔn a ɔhene de wɔn duaduaa Yuda nyinaa mu nkuro a ɛyɛ den no mu no.

2 Berɛsosɛm 18

Odiyifoɔ Mikaia bɔ Ahab kɔkɔ

1 Na Yehosafat nyaa ahodeɛ ne animuonyam bebree. Na ɔne Ahab bɔɔ nseɛ.

2 Na mfeɛ bi akyiri no, ɔsiane kɔɔ Ahab nkyɛn Samaria, na Ahab kunkumm nnwan ne anantwie bebree maa no ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no. Na ɔgyegyee no sɛ ɔmforo nkɔ Ramot-gilead.

3 Na Israelhene Ahab bisaa Yudahene Yehosafat sɛ: Wo ne me bɛkɔ Ramot-gilead anaa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mete sɛ wo, na me man te sɛ wo man, me ne wo bɛkɔ ɔsa no.

4 Na Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Mesrɛ wo, kɔbisa AWURADE ansa.

5 Ɛnna Israel hene no boaboaa adiyifoɔ no ano hyiaeɛ, nnipa ahanan, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko, anaasɛ mennyae? Na wɔse: Foro kɔ, na Onyankopɔn de bɛhyɛ ɔhene nsa.

6 Na Yehosafat bisaa sɛ: AWURADE diyifoɔ biara nni ha bio, na yɛnkɔbisa ne hɔ adeɛ?

7 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɔbarima baako da so wɔ hɔ a anka yɛbɛkɔ ne nkyɛn akɔbisa AWURADE hɔ adeɛ, nanso metane no, ɛfiri sɛ ɔnka me ho asɛm pa biara, na daa, bɔne na ɔka. Ɔno ne Imla ba Mikaia. Na Yehosafat se: Mma ɔhene nnka saa.

8 Ɛnna Israel hene no frɛɛ opiani bi, na ɔkaa sɛ: Ma Imla ba Mikaia mmra ntɛm.

9 Na Israel hene ne Yudahene Yehosafat tete wɔn adwa so, hyehyɛ wɔn ntadeɛ, na wɔtete Samaria pono ano mpraeɛ so. Na adiyifoɔ no nyinaa rehyehyɛ nkɔm, wɔn anim.

10 Na Kenaana ba Sedekia yɛɛ dadeɛ mmɛn, na ɔkaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Yeinom na wode bɛbobɔ Siriafoɔ no de akɔsi sɛ wɔbɛwie wɔn.

11 Na adiyifoɔ no nyinaa hyehyɛɛ nkɔm saa sɛ: Foro kɔ Ramot-gilead na kɔdi nim; na AWURADE de bɛhyɛ ɔhene nsa.

12 Na ɔbɔfoɔ a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, adiyifoɔ no nsɛm yɛ koro, na ɛyɛ ma ɔhene, na ma w’asɛm nyɛ sɛ wɔn mu baako asɛm, na ka asɛmpa.

13 Na Mikaia se: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, deɛ me Nyankopɔn bɛka no, ɛno na mɛka.

Mikaia hyɛ nkoguo ho nkɔm

14 Na ɔbaa ɔhene nkyɛn. Na ɔhene no bisaa no sɛ: Mikaia, yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ mennyae? Na ɔse: Monkɔ na monkɔdi nim, na wɔde bɛhyɛ mo nsa.

15 Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Mprɛ ahe ara na menka wo ntam sɛ, nka me asɛm biara sɛ nokorɛ nko AWURADE din mu?

16 Ɛnna ɔse: Mehunuu Israel nyinaa sɛ wɔapansam mmepɔ soɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ. Na AWURADE se: Yeinom nni wuranom? Ma wɔnsane nkɔ wɔn afie asomdwoeɛ mu.

17 Ɛnna Israel hene no ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ ɔrenhyɛ me ho nkɔm pa biara, na mmom bɔne?

18 Na Mikaia se: Enti montie AWURADE asɛm. Mehunuu AWURADE sɛ ɔte n’adwa soɔ, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne nifa ne ne benkum.

19 Na AWURADE se: Hwan na ɔbɛdaadaa Israelhene Ahab, na waforo akɔtua Ramot-gilead? Na oyi kaa sɛɛ, na oyi nso kaa sɛɛ.

20 Na honhom bi firi bɛgyinaa AWURADE anim, na ɔkaa sɛ: Me na mɛdaadaa no. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Wode deɛn?

21 Na ɔse: Mɛfiri akɔyɛ honhom torofoɔ n’adiyifoɔ nyinaa anomu. Na ɔkaa sɛ: Wobɛdaadaa no, na wobɛtumi nso, firi kɔ na kɔyɛ saa.

22 Na afei, hwɛ, AWURADE de honhom torofoɔ ahyɛ w’adiyifoɔ yi nyinaa anomu, na AWURADE aka wo ho bɔne.

23 Ɛnna Kenaana ba Sedekia twe piniiɛ bɛbɔɔ Mikaia sotorɔ kaa sɛ: Ɛhe na AWURADE honhom nam firii me nkyɛn bɛkasa kyerɛɛ woɔ yi?

24 Na Mikaia se: Hwɛ, ɛda a wobɛfiri pia mu akɔ pia mu akɔhunta na wobɛhunu.

25 Na Israel hene no kaa sɛ: Momfa Mikaia nsane nkɔ kuro no safohene Amon ne ɔhene ba Yoas nkyɛn,

26 na monka sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Momfa oyi nkɔto nneduadan mu, na momma no ahohiahia aduane nni, ne ahohiahia nsuo nnom nkɔsi sɛ mɛba no dwoodwoo.

27 Na Mikaia se: Sane deɛ, wosane ba dwoodwoo a, ɛnneɛ na ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so kasaeɛ. Na ɔse: Mo aman nyinaa, montie!

Ahab wuo

28 Na Israel hene no ne Yudahene Yehosafat foro kɔɔ Ramot-gilead.

29 Na Israel hene no ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Mɛsakyera me ho na makɔ dɔm no mu, na wo deɛ, hyɛ wo ntadeɛ. Na Israel hene no sakyeraa ne ho, na ɔkɔɔ dɔm no mu.

30 Nso na Siriahene no ahyɛ ne nteaseɛnam a ɔwɔ no so asafohene sɛ: Mone akumaa anaa ɔkɛseɛ nnko gye Israel hene no nko ara.

31 Na nteaseɛnam so asafohene no hunuu Yehosafat no, wɔkaa sɛ: Israel hene no nie! Na wɔmane ne no kɔkoe. Na Yehosafat teaa mu; na AWURADE boaa no, na Onyankopɔn danee wɔn firii ne ho.

32 Na nteaseɛnam so asafohene no hunuu sɛ ɛnyɛ Israel hene no ne no no, wɔsane firii n’akyi.

33 Na ɔbarima bi twee ne tadua mu, mpofirim so, na ɔto wuraa Israel hene no mmɔtoam ne nkataboɔ no ntam. Na ɔka kyerɛɛ ne teaseɛnamkafoɔ no sɛ: Dane w’ani na fa me firi ɛdɔm yi mu, na mapira.

34 Na ɔko no mu yɛɛ den da no, na Israel hene no kura ne teaseɛnam mu gyina mu Siriafoɔ anim ara kɔsii anwummerɛ. Na owia kɔtɔeɛ no, ɔwui.

2 Berɛsosɛm 19

Odiyifoɔ Yehu ka Ɔhene Yehosafat anim

1 Na Yudahene Yehosafat sane baa ne fie asomdwoeɛ mu wɔ Yerusalem.

2 Na Hanani ba Yehu, ɔdehunufoɔ no, firi kɔhyiaa no, na ɔka kyerɛɛ Ɔhene Yehosafat sɛ: Ɔbɔnefoɔ na ɛsɛ sɛ woboa no, na wɔn a wɔtane AWURADE no na wodɔ wɔn? Na yei nti abufuo a ɛfiri AWURADE anim da wo so.

3 Nanso wɔahunu wo ho nsɛm pa, sɛ woatwitwa Asera nnua afiri asase no so, na woasiesie w’akoma ahwehwɛ Onyankopɔn.

4 Na Yehosafat tenaa Yerusalem. Na ɔsane firi kɔɔ ɔman no mu de firii Beer-seba kɔsii Efraim bepɔ so, na ɔsane wɔn baa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no nkyɛn.

Asennie ho nhyehyɛɛ foforɔ

5 Na ɔsisii atemmufoɔ asase no so, Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa mu mmaako mmaako.

6 Na ɔka kyerɛɛ atemmufoɔ no sɛ: Monhwɛ deɛ moreyɛ yie, na ɛnyɛ onipa na morebu atɛn ama no, na mmom AWURADE, na ɔne mo wɔ hɔ atemmuo asɛm no mu.

7 Na afei AWURADE ho hu ntena mo so. Monhwɛ yie na monyɛ, ɛfiri sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn no, nkontompo ne animhwɛ ne afonomuhyɛ nni ne fam.

8 Na Yerusalem nso, Yehosafat de Lewifoɔ ne asɔfoɔ ne Israel agyanom atitire no mu binom sisii AWURADE atemmuo ne asennie so. Na wɔn atenaeɛ ne Yerusalem.

9 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Sei na monyɛ wɔ AWURADE ho suro mu, nokorɛ ne mo akoma mu.

10 Asɛm biara a ɛba mo anim a ɛfiri mo nuanom a wɔtete wɔn nkuro mu, na ɛyɛ mogya ne mogya ntam asɛm, anaa mmara ne ɛmom, ahyɛdeɛ ne atemmuo ntam asɛm no, monkyerɛkyerɛ wɔn mu, na wɔanni fɔ wɔ AWURADE anim, na abufuo amma mo ne mo nuanom so; monyɛ saa, na morenni fɔ.

11 Na hwɛ, Ɔsɔfoɔ Amaria na ɔda mo ano, AWURADE nsɛm nyinaa fam, na Ismael ba Sebadia a ɔyɛ Yuda fie bapɔmma no nso, ɔhene nsɛm nyinaa fam, na atemmufoɔ Lewifoɔ no nso wɔ mo anim. Mo ho nyɛ den na monyɛ, na AWURADE ne apapafoɔ bɛtena.

2 Berɛsosɛm 20

Atamfoɔ ba bɛtu sa

1 Na ɛbaa sɛ ɛno akyiri no, Moabfoɔ, Amonfoɔ ne Maonfoɔ no mu binom a wɔka wɔn ho no baa Yehosafat so sɛ wɔne no rebɛko.

2 Na wɔbɛka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɛdɔm kɛseɛ bi firi po no agya firi Edom reba wo so, na hwɛ, wɔwɔ Hasason-tamar (a ɛne En-gedi no).

3 Na Yehosafat suroe, na ɔyeree ne ho hwehwɛɛ AWURADE, na ɔpaee abuadadie Yuda nyinaa mu.

4 Na Yudafoɔ boaboaa wɔn ano sɛ wɔrebɛhwehwɛ AWURADE hɔ mmoa. Yuda nkuro nyinaa mu na wɔfiri ba bɛhwehwɛɛ AWURADE.

5 Na Yehosafat sɔre gyinaa Yuda ne Yerusalem badwa no mu AWURADE fie abannwa foforɔ no anim,

6 na ɔkaa sɛ: AWURADE yɛn agyanom Nyankopɔn, ɛnyɛ wone Onyankopɔn wɔ soro, na wo ara na wodi amanaman ahennie nyinaa soɔ? Na wo nsam na tumi ne mmaninyɛ wɔ, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi agyina w’anim.

7 Ɛnyɛ wone yɛn Nyankopɔn a wotuu asase yi sofoɔ firii wo man Israel anim na wode maa wo dɔfo Abraham asefoɔ sɛ wɔntena so daa?

8 Na wɔatena so, na wɔasi wo kronkronbea wɔ so maa wo din sɛ:

9 Sɛ bɔne bi, sɛ afena, atemmuo anaa ɔyaredɔm, sɛ ɛkɔm ba yɛn so a, yɛbɛba abɛgyina efie yi anim ne w’anim, ɛfiri sɛ wo din wɔ efie yi mu, na yɛafiri yɛn amanehunu mu asu afrɛ wo, na woatie yɛn agye yɛn.

10 Na afei, hwɛ, Amonfoɔ, Moab ne Seir bepɔ a woamma Israel kwan amma wɔankɔ wɔn soɔ, berɛ a wɔfiri Misraim asase so reba no, na mmom wɔdane firii wɔn ho na wɔansɛe wɔn no,

11 hwɛ, deɛ wɔde retua yɛn ka ne sɛ wɔaba rebɛtu yɛn afiri w’agyapadeɛ a wɔde maa yɛn sɛ yɛnni soɔ no soɔ.

12 Yɛn Nyankopɔn, woremmu wɔn atɛn? Na yɛnni tumi a yɛde regyina ɛdɔm bebree yi a wɔreba yɛn soɔ yi anim. Na yɛn deɛ, yɛnnim deɛ yɛnyɛ, na wo so na yɛn ani da.

Yehosafat mpaebɔ tie

13 Na Yudafoɔ nyinaa gyinagyina AWURADE anim, wɔn ne wɔn mma nketewa, wɔn yerenom ne wɔn mma.

14 Na Matania ba Yeiel ba Benaia ba Sakaria ba Yehasiel a ɔyɛ Lewini a ɔfiri Asaf mma mu no, AWURADE honhom baa ne so badwa no mu,

15 na ɔkaa sɛ: Yuda nyinaa ne Yerusalemfoɔ ne Ɔhene Yehosafat, montie! Sɛ AWURADE se mo nie: Mo deɛ, monnsuro na mo akoma nntu dɔm bebree yi anim, na ɛnyɛ mo na ɔsa yi wɔ mo, na ɛwɔ Onyankopɔn.

16 Ɔkyena, monsiane nkɔ wɔn so, hwɛ, wɔreforo Sis aforoeɛ aba, na mobɛkɔ akɔto wɔn bonhwa no awieeɛ Yeruel serɛ anim.

17 Ɛnyɛ mo deɛ sɛ mobɛko yei mu, gyina nko ara na monkɔgyina, na monhwɛ AWURADE a ɔka mo ho no nkwagyeɛ. Yuda ne Yerusalem, monnsuro na mo akoma nntu, ɔkyena momfiri adi nkɔhyia wɔn, na AWURADE bɛdi mo akyi.

18 Ɛnna Yehosafat koto de n’anim butuu fam, na Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ no nyinaa hwehwee fam AWURADE anim sɔree AWURADE.

19 Na Lewifoɔ a wɔfiri Kohatfoɔ mma mu ne Korafoɔ mma mu no sɔree sɛ wɔde ɛnne kɛseɛ pa ara reyi AWURADE Israel Nyankopɔn no ayɛ.

20 Na wɔsɔree anɔpatutu, na wɔfirii adi kɔɔ Tekoa serɛ so. Na wɔrefiri adie no, Yehosafat gyinae na ɔkaa sɛ: Yuda ne Yerusalemfoɔ, montie me. Monnye AWURADE mo Nyankopɔn nni, na mobɛtim, na monnye n’adiyifoɔ no nni, na mobɛdi yie.

21 Na ɔne ɔman no tuu agyina, na ɔyiyii nnwontofoɔ a wɔto AWURADE dwom yi no ayɛ, ahokeka kronkron mu; na wɔrefiri adie no, wɔdii wɔn a wɔamia no anim, na wɔkaa sɛ:

Monna AWURADE ase,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

22 Na ɛberɛ a wɔrefiri dwontoɔ ne ayeyie aseɛ no, AWURADE maa atɛfoɔ baa Amonfoɔ, Moab ne Seir bepɔ sofoɔ a wɔbaa Yuda soɔ no so, na wɔkaa wɔn gui.

23 Na Amonfoɔ ne Moabfoɔ no sɔre tiaa Seir bepɔ sofoɔ no sɛee wɔn pasapasa. Na wɔwiee Seirfoɔ no, wɔboaa wɔn ho wɔn ho kunkumm wɔn ho wɔn ho.

24 Na Yuda duruu ahwɛeɛ a ɛhwɛ ɛserɛ soɔ, na wɔdanee wɔn ani hwɛɛ dɔm kɛseɛ no, na hwɛ, wɔn afunu na ɛgugu fam, na obi amfiri mu amfi.

25 Na Yehosafat ne ne dɔm no kɔ kɔfomm wɔn asadeɛ no, na wɔhunuu wɔn mu ahodeɛ ne ntadeɛ ne nnwinneɛ a ɛyɛ fɛ pii pa ara, na wɔtase fae a na wɔntumi nsoa, na wɔde nnansa fomm asadeɛ no, ɛfiri sɛ na ɛdɔɔso bebree.

26 Na da a ɛtɔ so nnan no, wɔboaboaa wɔn ano wɔ Beraka Bonhwa no mu, ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔhyiraa AWURADE, enti na wɔfrɛ ɛhɔ din sɛ “Beraka-Bonhwa” de bɛsi nnɛ.

27 Na Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa sanee, na Yehosafat di wɔn anim, na wɔde anigyeɛ sane baa Yerusalem. Na AWURADE maa wɔn ani gyee wɔn atamfoɔ ho.

28 Na wɔkurakura mmɛnta ne asankuten ne ntotorobɛnto baa Yerusalem bɛhyɛnee no AWURADE fie.

29 Na wɔtee sɛ AWURADE ne Israel atamfoɔ ako no, Nyankopɔn ho hu kaa nsase so ahennie nyinaa.

30 Na Yehosafat ahemman mu dwoe, na ne Nyankopɔn maa no ɔhome afa nyinaa hyiae.

Yehosafat ne Ahasia ntam apam

31 Na Yehosafat dii Yuda so hene. Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduasa nnum, na ɔdii hene mfirinhyia aduonu nnum wɔ Yerusalem. Na ne na din de Asuba a ɔyɛ Silhi ba.

32 Na ɔnantee n’agya Asa kwan so, na wammane amfiri so, na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so.

33 Nanso sorɔnsorɔmmea no deɛ, wanyi, na ɔman no nnya nsiesiee wɔn akoma mmaa wɔn agyanom Nyankopɔn no.

34 Na Yehosafat ho nsɛm nkaeɛ, akane deɛ ne akyire yi deɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Hanani ba Yehu nsɛm a wɔde hyɛɛ Israel ahemfo nwoma mu no mu.

35 Na ɛno akyiri no, Yudahene Yehosafat ne Israelhene Ahasia a ɔdii nsɛmmɔne no pamee.

36 Na ɔne no pam sɛ wɔbɛyeyɛ ahyɛn akɔ Tarsis, na wɔpempam ahyɛn no Esion-geber.

37 Na Dodafahu ba Eliesa a ɔfiri Maresa hyɛɛ Yehosafat ho nkɔm sɛ: Sɛ wo ne Ahasia apam nti, AWURADE asɛe wo nnwuma. Na ahyɛn no bobɔe, na wɔantumi ankɔ Tarsis.