2 Berɛsosɛm 16

Asa ne Basa ko

1 Asa ahennie afe a ɛtɔ so aduasa nsia mu na Israelhene Baasa foro baa Yuda soɔ, na ɔkyekyeree Rama sɛ ɔde resi deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu, Yudahene Asa fam kwan.

2 Ɛnna Asa yii dwetɛ ne sika firii AWURADE fie ne ɔhene fie akoradeɛ mu soma maa wɔde kɔmaa Siriahene Ben-hadad a ɔwɔ Damasko no sɛ:

3 Apam wɔ me ne wo ntam ne m’agya ne w’agya ntam; hwɛ, mabrɛ wo dwetɛ ne sika: Bra bɛbubu wo ne Israelhene Baasa apam no mu, na ɔmfiri me so nkɔ.

4 Na Ben-hadad tiee Ɔhene Asa, na ɔsomaa ne dɔm so asafohene maa wɔkɔɔ Israel nkuro so, na wɔkɔbɔɔ Iyon ne Dan ne Abel-maim ne Naftali nkuro aduane akoraeɛ nyinaa.

5 Na ɛbaa sɛ Baasa teeɛ no, ɔgyaee Rama kyekyerɛ na ɔmaa n’adwuma no kae.

6 Ɛnna Ɔhene Asa faa Yuda nyinaa, na wɔkɔsoaa Rama aboɔ ne nnua a Baasa de kyekyereeɛ no, na ɔde kyekyeree Geba ne Mispa.

Ɔdehunufoɔ Hanani animka

7 Na ɛberɛ no mu no, Ɔdehunufoɔ Hanani baa Yudahene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnam sɛ wotweree Siriahene na woantwere AWURADE wo Nyankopɔn no nti, Siriahene dɔm no afiri wo nsa.

8 Na Etiopiafoɔ ne Libiafoɔ no nyɛ dɔm a wɔdɔɔso bebree pa ara, dodoɔ ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ mu? Na ɛnam sɛ wotweree AWURADE nti, ɔde wɔn hyɛɛ wo nsa.

9 Na AWURADE de n’ani kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bɛdi ama wɔn a wɔn akoma di mu wɔ ne ho no. Yei mu woadi nkwaseasɛm, na ɛfiri seesei de rekorɔ yi, akodie bɛba wo so.

10 Na Asa nyaa ɔdehunufoɔ no ho abufuo, na ɔde no kɔtoo nneduadan mu, ɛfiri sɛ ɔfaa no yei ho abufuo. Nanso Asa hyɛɛ ɔman no mu binom so ɛberɛ no mu.

Asa wuo

11 Na hwɛ, Asa ho nsɛm, akane deɛ ne akyire yi deɛ no, hwɛ wɔatwerɛ no Yuda ne Israel Ahemfo Nwoma no mu.

12 Na Asa yaree ne nan, n’ahennie afe a ɛtɔ so aduasa nkron mu, na ne yadeɛ no ano yɛ den pa ara, nanso ne yadeɛ no mu no, wanhwehwɛ AWURADE, na mmom nnuruyɛfoɔ.

13 Na Asa tii n’agyanom wɔ asamando, na ɔwuu n’ahennie afe a ɛtɔ so aduanan baako mu.

14 Na wɔsiee no n’asieeɛ a ɔbɔre faeɛ, Dawid kuro mu no mu. Na wɔde no too mpa a nnuhwam ahodoɔ a wɔafra no nnufrafoɔ kwan soɔ ayɛ so ma no so, na wɔhyee gya kɛseɛ pa maa no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

13 − three =