2 Berɛsosɛm 17

Yehosafat ahennie pa

1 Na ne ba Yehosafat bɛdii n’adeɛ, na ɔhyɛɛ ne ho den ne Israel dii asie.

2 Na ɔde dɔm duaduaa Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa mu, na ɔde bansifoɔ duaduaa Yuda asase so, ne Efraim nkuro a n’agya Asa gyeeɛ no mu.

3 Na AWURADE dii Yehosafat akyi, ɛfiri sɛ ɔnantee n’agya Dawid kane akwan no so, na wanhwehwɛ Baalim,

4 na mmom n’agya Nyankopɔn na ɔhwehwɛɛ no, na ne mmara nsɛm so na ɔnanteeɛ, na ɛnyɛ sɛ Israel nneyɛɛ no.

5 Na AWURADE maa n’ahennie no timii wɔ ne nsam. Na Yuda nyinaa de ayɛyɛdeɛ brɛɛ Yehosafat, na ɔnyaa adedodoɔ ne animuonyam bebree.

6 Na ɔnyaa AWURADE akwan mu akoma pa; na afei ɔyiyii sorɔnsorɔmmea ne Asera nnua no firii Yuda.

7 Na n’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔsomaa n’asafohene Ben-hail ne Obadia ne Sakaria ne Netanel ne Mikaia sɛ wɔnkɔ nkɔkyerɛkyerɛ Yuda nkuro mu.

8 Na Lewifoɔ Semaia, Netania, Sebadia, Asahel, Semiramot, Yonatan, Adoniya, Tobia ne Tob-Adoniya ka wɔn ho, na Asɔfoɔ Elisama ne Yehoram nso ka wɔn ho.

9 Na wɔkɔkyerɛkyerɛɛ Yuda; na wɔkura AWURADE mmara nwoma no, kyinii Yuda nkuro nyinaa mu, kyerɛkyerɛɛ ɔman no mu.

10 Na AWURADE ho hu baa nsase a ɛtwa Yuda ho hyia no ahennie nyinaa so, na wɔne Yehosafat anni ako.

11 Na wɔfiri Filistifoɔ mu nso de ayɛyɛdeɛ ne apeatoɔ dwetɛ brɛɛ Yehosafat, Arabiafoɔ mpo de nnwan brɛɛ no, adwennini mpemnson ahanson ne mpapo nso mpemnson ahanson.

12 Na Yehosafat kɔɔ so yɛɛ kɛse pa ara, na ɔtotoo aban ne aduanekora nkuro Yuda.

13 Na ɔwɔ adwuma bebree Yuda nkuro mu, na akofoɔ, mmarima a wɔtumi wɔn ho, Yerusalem.

14 Na wɔn dodoɔ sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ nie: Yuda mu mpem mpem so asafohene ne: Ɔsafohene Adna, na mmarima a wɔtumi wɔn ho mpemahasa ka ne ho.

15 Na ɔno so na ɔsafohene Yehohanan die, na nnipa mpemahanu aduɔwɔtwe ka ne ho.

16 Na ɔno so na Sikri ba Amasia a ɔde ne ho maa AWURADE som kwa no die, na mmarima a wɔtumi wɔn ho mpemahanu ka ne ho.

17 Na Benyamin mu: Ɔbarima a ɔtumi ne ho Eliada, na nnipa mpemahanu a wɔkura ntadua ne akyɛm ka ne ho.

18 Na ɔno so na na Yehosabad die, na nnipa mpemha aduɔwɔtwe a wɔamia sɛdeɛ wɔrekɔ sa ka ne ho.

19 Yeinom ne wɔn a wɔsom ɔhene no, ɛsono wɔn a ɔhene de wɔn duaduaa Yuda nyinaa mu nkuro a ɛyɛ den no mu no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

13 − three =