2 Berɛsosɛm 19

Odiyifoɔ Yehu ka Ɔhene Yehosafat anim

1 Na Yudahene Yehosafat sane baa ne fie asomdwoeɛ mu wɔ Yerusalem.

2 Na Hanani ba Yehu, ɔdehunufoɔ no, firi kɔhyiaa no, na ɔka kyerɛɛ Ɔhene Yehosafat sɛ: Ɔbɔnefoɔ na ɛsɛ sɛ woboa no, na wɔn a wɔtane AWURADE no na wodɔ wɔn? Na yei nti abufuo a ɛfiri AWURADE anim da wo so.

3 Nanso wɔahunu wo ho nsɛm pa, sɛ woatwitwa Asera nnua afiri asase no so, na woasiesie w’akoma ahwehwɛ Onyankopɔn.

4 Na Yehosafat tenaa Yerusalem. Na ɔsane firi kɔɔ ɔman no mu de firii Beer-seba kɔsii Efraim bepɔ so, na ɔsane wɔn baa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no nkyɛn.

Asennie ho nhyehyɛɛ foforɔ

5 Na ɔsisii atemmufoɔ asase no so, Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa mu mmaako mmaako.

6 Na ɔka kyerɛɛ atemmufoɔ no sɛ: Monhwɛ deɛ moreyɛ yie, na ɛnyɛ onipa na morebu atɛn ama no, na mmom AWURADE, na ɔne mo wɔ hɔ atemmuo asɛm no mu.

7 Na afei AWURADE ho hu ntena mo so. Monhwɛ yie na monyɛ, ɛfiri sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn no, nkontompo ne animhwɛ ne afonomuhyɛ nni ne fam.

8 Na Yerusalem nso, Yehosafat de Lewifoɔ ne asɔfoɔ ne Israel agyanom atitire no mu binom sisii AWURADE atemmuo ne asennie so. Na wɔn atenaeɛ ne Yerusalem.

9 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Sei na monyɛ wɔ AWURADE ho suro mu, nokorɛ ne mo akoma mu.

10 Asɛm biara a ɛba mo anim a ɛfiri mo nuanom a wɔtete wɔn nkuro mu, na ɛyɛ mogya ne mogya ntam asɛm, anaa mmara ne ɛmom, ahyɛdeɛ ne atemmuo ntam asɛm no, monkyerɛkyerɛ wɔn mu, na wɔanni fɔ wɔ AWURADE anim, na abufuo amma mo ne mo nuanom so; monyɛ saa, na morenni fɔ.

11 Na hwɛ, Ɔsɔfoɔ Amaria na ɔda mo ano, AWURADE nsɛm nyinaa fam, na Ismael ba Sebadia a ɔyɛ Yuda fie bapɔmma no nso, ɔhene nsɛm nyinaa fam, na atemmufoɔ Lewifoɔ no nso wɔ mo anim. Mo ho nyɛ den na monyɛ, na AWURADE ne apapafoɔ bɛtena.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

1 × one =