Yudit 13

Yudit twa Holoferne ti

1 Onwunu dwoeɛ no, ntɛm ara na ne nkoa no twee wɔn ho. Bagoas too ntomadan no mu wɔ akyire, na ɔyii asomfoɔ no firii ne wura anim. Wɔn nyinaa kɔdaeɛ. Na na wɔabrɛbrɛ ɛsiane sɛ, wɔkyɛree wɔ apontoɔ no ase.

2 Ɛno nti ɛkaa Yudit nko ara wɔ ntomadan no mu hɔ, a Holoferne bea ne mpa so, ɛsiane sɛ na waboro papaapa.

3 Afei nso na Yudit aka akyerɛ n’abaawa no sɛ ɔntwɛn wɔ dabekyire no akyi kɔsi sɛ ɔbɛba, sɛdeɛ na ɔyɛ no nna a aka no; ɛsiane sɛ na waka sɛ ɔbɛfiri adi akɔbɔ ne mpaeɛ no. Na waka saa nso akyerɛ Bagoas.

4 Saa nti obiara firii adi, na anka obiara, sɛ ketewa anaa kɛseɛ, obiara anka wɔ dabekyire no mu. Ɛnna afei Yudit gyinaa ne mpa no ho, ɔkaa wɔ ne koma mu sɛ: O Awurade Nyankopɔn, tumi nyinaa wura, ɛdɔn yi mu, hwɛ me nsa ano adwuma na fa so korɔn Yerusalem.

5 Ampa ara, afei na ɛberɛ aduru sɛ woboa w’agyapadeɛ, na meyɛ deɛ mahyehyɛ sɛ mede rebɛsɛe atamfoɔ a wɔasɔre atia yɛn no.

6 Ɔkɔgyinaa mpadua a ɛbɛn Holoferne ti ho no, na ɔyii ne nkrantɛ a na ɛsɛne hɔ no.

7 Ɔtwi bɛnee ne mpa no, na ɔsɔɔ ne tirinwi mu kaa sɛ: O Awurade, Israel Nyankopɔn, ma me ahoɔden nnɛ da yi!

8 Na ɔde n’ahoɔden nyinaa twaa ne kɔn mprenu, na ɔtwaa ne ti.

9 Afei ɔmunii ne sini no firii mpa no so, na ɔtwetwee ntoma a wɔde akata mpadua no ho no firii dua no so. Ɛyɛɛ kakra no, ɔfirii adi de Holoferne ti no kɔmaa n’abaawa no,

10 a ɔno nso de hyɛɛ n’aduane bɔtɔ mu.

Yudit sane ba Betulia

Ɛnna wɔn baanu no bɔɔ anan sɛdeɛ wɔtaa yɛ no sɛ wɔbɔ mpaeɛ no. Wɔtwaam faa nsraban no mu, na wɔtwaa bɔnhwa no ho hyiae, na wɔforoo bepɔ no kɔɔ Betulia, na wɔbɛduruu n’apono ano.

11 Yudit firii akyirikyiri frɛɛ awɛmfoɔ a wɔwɛn ɛpono no sɛ: Bue, bue pono no! Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn ka yɛn ho, na ɔda so ara kyerɛ ne tumi wɔ Israel, ne n’ahoɔden kyerɛ yɛn atamfoɔ, sɛdeɛ wayɛ no ɛnnɛ da yi!

12 Na ɛberɛ a nkurɔfoɔ a wɔwɔ kuro no mu tee ne nne no, wɔyɛɛ ntɛm siane baa kuro pono no ano, na wɔfrɛfrɛɛ kuro no mu mpanimfoɔ.

13 Wɔn nyinaa tuu mmirika, nketewa ne akɛseɛ, ɛfiri sɛ na wɔnnye nni sɛ ɔbɛtumi asane aba. Wɔbuee ɛpono no maa wɔbaa mu. Afei wɔsɔɔ gya de nyaa hann, na wɔtwaa ho hyiae.

14 Na ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ: Monyi Awurade ayɛ, O monyi no ayɛ! Monyi Awurade ayɛ, ɔno a wamfa ne mmɔborɔhunu ankame Israel fie, na mmom ɔnam me nsa so asɛe yɛn atamfoɔ anadwo yi ara!

15 Ɛnna afei ɔyii etire no firii bɔtɔ no mu kyerɛɛ wɔn, na ɔkaa sɛ: Monhwɛ ha, Asiriafoɔ sahene Holoferne ti ne ntoma a na ɛkata mpadua so a waboro sram da so no nie. Awurade nam ɔbaa nsa so aku no.

16 Na sɛ Awurade te aseɛ yi, ɔno a wabɔ me ho ban wɔ ɔkwan a mekɔeɛ no, meka ntam sɛ ɛyɛ m’animdua na ɛdaadaa no kɔɔ ne sɛeɛ mu, na ɔne me anyɛ bɔne biara a ɛgu me ho fi na ɛgu m’anim ase.

17 Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn kɛseɛ. Wɔbɔɔ wɔn mu ase sɔree Onyankopɔn, na wɔde ano koro kaa sɛ: Nhyira nka wo, yɛn Nyankopɔn a ɛnnɛ da yi woabrɛ wo nkurɔfoɔ atamfoɔ aseɛ.

18 Ɛnna afei Ussia ka kyerɛɛ no sɛ: O ɔba, Ɔsorosoro Nyankopɔn no ahyira wo asene mmaa nyinaa wɔ asase so; na nhyira nka Awurade Nyankopɔn a ɔbɔɔ soro ne asase, ɔno a waboa wo ama woakɔtwa yɛn atamfoɔ sahene ti.

19 W’ayeyie remfiri wɔn a wɔkae Onyankopɔn tumi no akoma mu da.

20 Onyankopɔn mma yei nyɛ daa animuonyam mma wo, na ɔnhyira wo, ɛfiri sɛ woankame w’ankasa wo nkwa, ɛberɛ a wɔbrɛɛ yɛn man aseɛ no, wosii yɛn sɛeɛ ho kwan, sɛ wonantee tee kwan so wɔ Onyankopɔn anim. Na nkurɔfoɔ no nyinaa kaa sɛ: Amen, Amen!

Yudit 14

Yudit afotuo

1 Afei Yudit ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɔfonom, montie me. Momfa saa etire yi na momfa nsɛne mo dan atifi ban ho.

2 Na sɛ adeɛ kye na owia repue a, mo mu biara mfa mmia, na ma mmarima akokoɔdurufoɔ no mu biara mfiri kuro no mu; monyi ɔsahene nni mo anim sɛ gyama moresiane akɔ petee mu atoa Asiriafoɔ wɔ wɔn nsraban mu; nso monnsiane nkɔ.

3 Ɛnna wɔbɛfa wɔn akodeɛ na wɔakɔ nsraban no mu, na wɔakɔkanyan Asiriafoɔ asraafoɔ akannifoɔ no. Wɔbɛtu mmirika akɔ Holoferne ntomadan no mu, nanso wɔrenhu no. Afei ahopopoɔ bɛka wɔn nyinaa, na wɔadwane afiri mo anim.

4 Afei mo a motete Israel ahyeɛ so nyinaa bɛti wɔn, na moakunkum wɔn berɛ a wɔgu so redwane no.

5 Nanso ansa na mobɛyɛ yeinom nyinaa no, momfa Amonni Akior mmrɛ me, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔbɛhwɛ na wahunu onipa a ɔbuu Israel fie animtia no na ɔde no brɛɛ yɛn sɛdeɛ gyama ɔrekɔwu.

6 Ɛno nti wɔkɔfaa Akior firii Ussia fie baeɛ. Na ɛberɛ a ɔbɛhunuu Holoferne ti sɛ ɛkura mmarima no mu baako nsam wɔ nkurɔfoɔ no nhyiamu no mu no, ɔhwee fam sɛdeɛ ne honhom afiri ne mu.

7 Na ɛberɛ a wɔmaa no so gyinaeɛ no, ɔhwee Yudit nan ase de anidie maa no, na ɔkaa sɛ: Nhyira nka wo wɔ Yuda ntomadan biara mu! Aman nyinaa mu, obiara a ɔbɛte wo din no ho bɛpopo.

8 Afei na ka kyerɛ me deɛ nna yi nyinaa mu woayɛ.

Ɛno nti Yudit ka kyerɛɛ no wɔ nnipa no anim deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, ɛfiri ɛda a ɔkɔeɛ kɔsi ɛberɛ a ɔfirii aseɛ kasa kyerɛɛ wɔn no.

9 Na ɛberɛ a wakasa awie no, nkurɔfoɔ no de nne kɛseɛ teaam na wɔde ahurisie yɛɛ dede wɔ wɔn kuro mu.

10 Na ɛberɛ a Akior hunuu deɛ Israel Nyankopɔn ayɛ no, ɔgyee Onyankopɔn dii dendeenden. Enti, wɔtwaa no twetia na ɔbɛkaa Israel fie ho, na ɔwɔ mu ara de bɛsi nnɛ.

Holoferne wuo da adi

11 Na ahemadakye no, wɔde Holoferne ti no sɛnee ɔfasuo no ho. Ɛnna afei wɔn nyinaa miaeɛ, na wɔfirii adi akuakuo kɔɔ ɔkwan a ɛda mmepɔ no ho.

12 Na ɛberɛ a Asiriafoɔ no hunuu wɔn no, wɔde nkra kɔmaa wɔn asahene, na wɔn nso kɔɔ wɔn asafohene ne asahene ne wɔn mpanimfoɔ nyinaa nkyɛn.

13 Wɔbɛduruu Holoferne ntomadan mu na wɔka kyerɛɛ ne piafoɔ a wɔhwɛ n’ankasa nnoɔma soɔ sɛ: Nyane yɛn wura, ɛfiri sɛ nkoa no anya akokoɔduro asiane aba rebɛne yɛn ako, na yɛrebɛsɛe wɔn korakora.

14 Ɛno nti Bagoas hyɛnee mu na ɔkɔbɔɔ ntomadan no pono mu, na ɔdwene sɛ ɔne Yudit da hɔ.

15 Nanso ɛberɛ a obiara annye soɔ no, ɔbueeɛ na ɔkɔɔ dabekyire hɔ kɔhunuu sɛ ɔda hɔ kagyaa awu da ɛfam apa so na ne ti ntua soɔ.

16 Ɔde nne kɛseɛ teateaam sui na ɔsii apinie, na ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu.

17 Afei ɔkɔɔ ntomadan a na Yudit te mu no mu, na wanhu no no, ɔtuu mmirika teateaam kɔɔ nkurɔfoɔ no hɔ kɔkaa sɛ:

18 Nkoa no adaadaa yɛn! Hebrini baa baako de animguaseɛ aba Ɔhene Nebukadnessar fie. Hwɛ, Holoferne na ɔda fam, na ne ti ayera no!

19 Na ɛberɛ a Asiriafoɔ asraafoɔ no tee yei no, wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu na wɔn akoma tuu pa ara, na wɔn su ne wɔn nteateam no gyegyee nsraban no mu hɔ nyinaa.

Yudit 15

Asiriafoɔ de ahopopoɔ dwane

1 Na ɛberɛ a mmarima a wɔwɔ ntomadan no mu teeɛ no, asɛm a asie no yɛɛ wɔn nwanwa.

2 Suro ne ahopopoɔ hyɛɛ wɔn so, na wɔantwentwɛn wɔn ho wɔn ho, na mmom wɔgyee twi firii adi na wɔdwaneeɛ, ɔkwan biara a obiara bɛnya na ɔfaa soɔ wɔ petee mu hɔ wɔ nkokoɔ man no mu nyinaa.

3 Wɔn a wɔakyere nsraban wɔ nkokoɔ a atwa Betulia ho ahyia no nso dwaneeɛ. Ɛnna afei Israel asraafoɔ no firii adi to hyɛɛ wɔn so.

4 Ussia somaa mmarima kɔɔ Betomastaim, Koba ne Kola, ne Israel ahyeɛ so nyinaa sɛ wɔnkɔka deɛ asie na wɔakasa akyerɛ wɔn ama wɔafiri adi ato ahyɛ atamfoɔ no so asɛe wɔn.

5 Na ɛberɛ a Israelfoɔ teeɛ no, wɔyɛɛ koro kɔɔ atamfoɔ no so, na wɔkunkumm wɔn kɔsii Koba. Wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne nkokoɔ man so nso baeɛ, ɛfiri sɛ wɔka kyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛsiiɛ wɔ ɔtamfoɔ no nsraban mu. Mmarima a wɔwɔ Gilead ne Galilea twaree wɔn kaa wɔn hyɛɛ mfimfini kumm wɔn mu pii ara, mpo wɔtraa Damasko ne n’ahyeɛ so.

6 Nnipa nkaeɛ a wɔwɔ Betulia no toaa Asiriafoɔ nsraban no kɔfomm wɔn nnoɔma, wɔnyaa ahodeɛ pii.

7 Na Israelfoɔ no kɔkunkumm wɔn sane baeɛ no, wɔbɛfaa nnoɔma a aka no. Na nkuraa ne nkuro a ɛwɔ nkokoɔ aman so ne petee mu no mpo nyaa asadeɛ pii, ɛsiane sɛ nnoɔma a ɛdɔɔso na na ɛwɔ hɔ.

Israelfoɔ hyɛ wɔn nkonimdie ho fa

8 Ɛnna Ɔsɔfopanin Yoakim ne Israel mpanimfoɔ a wɔtenaa Yerusalem no baa sɛ wɔrebɛhwɛ nnoɔma pa a Awurade ayɛ ama Israel, na wɔahwɛ Yudit na wɔama no amo.

9 Na ɛberɛ a wɔhyiaa no no, wɔde anokorɔ hyiraa no na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Wone Yerusalem animuonyam no, wo na Israel de wo hyehye ne ho, wone yɛn man ahohoahoa!

10 Wode w’ankasa wo nsa na ayɛ yeinom nyinaa; woayɛ papa a ɛso ama Israel, na asɔ Onyankopɔn ani. Awurade Tumfoɔ no nhyira wo daa daa! Na nnipa no nyinaa kaa sɛ: Amen.

11 Nnipa no nyinaa fomm nsraban no nna aduasa. Wɔde Holoferne ntomadan ne dwetɛ nnoɔma a ɔdidi mu anwummerɛ, ne mpa, ne nkyɛnsee ne ne nkonnwa nyinaa maa Yudit. Ɔfaa nnoɔma no de soaa ne mfunumupɔnkɔ na ɔyɛɛ ne teaseɛnam no yie na ɔde nnoɔma no guu mu.

12 Afei mmaa a wɔwɔ Israel nyinaa boaa wɔn ano bɛhwɛɛ no, na wɔhyiraa no, na wɔn mu binom saeɛ de hyɛɛ no animuonyam. Na ɔfaa nnubaa kuraa ne nsam, na ɔkyekyɛ maa mmaa a na wɔka ne ho no;

13 na ɔne wɔn a na wɔka ne ho no de ngo nhahamma nkyekyereeɛ hyehyɛɛ wɔn ti. Ɔdii nkurɔfoɔ no nyinaa anim saeɛ, ɔdii mmaa no anim, na Israel mmarima no toaa so kurakuraa wɔn akodeɛ ne nhwiren a wɔakyekyerɛ hyehyɛɛ wɔn ho na wɔtoo dwom.

Yudit to n’ayeyie dwom

14 Yudit firii aseɛ daa ase wɔ Israelfoɔ nyinaa anim, na nkurɔfoɔ no nyinaa de nne a ɛgyegyeɛ too saa dwom yi.

Yudit 16

1 Ɛnna Yudit too dwom kaa sɛ:

Momfa akasae nhyɛ dwontoɔ ase ma me Nyankopɔn,

momfa nnonno nto dwom ma m’Awurade.

Monto dwom foforɔ ma no;

momma no so, na mommɔ ne din.

2 Na Awurade ne Onyankopɔn a ɔka akodie hyɛ;

ɔde ne ntomadan si ne nkurɔfoɔ mu;

na ɔgye me firi m’atifoɔ nsam.

3 Asiriafoɔ no firii atifi mmepɔ so baeɛ;

ɔne n’akofoɔ pii baeɛ;

wɔn dodoɔ asi mmonhwa no,

na wɔn apɔnkɔsotefoɔ akata nkokoɔ no so.

4 Ɔka de hoahoaa ne ho sɛ ɔbɛhye me man,

na ɔde afena akunkum me mmeranteɛ,

na ɔde me nkokoaa ahwehwe fam,

na wakyere me mmɔfra sɛ asadeɛ,

na wafa me mmabunu sɛ fomadeɛ.

5 Nanso Awurade Tumfoɔ

nam ɔbaa nsa so ama no ayɛ kwa.

6 Ɛfiri sɛ wɔn katakyie no antɔ wɔ mmeranteɛ nsa ano,

ɛnna ɛnyɛ Titan mma na wɔkumm no,

anaa abrane na wɔto hyɛɛ ne soɔ;

na mmom Merari babaa Yudit,

n’anim fɛfɛ no na ɔde nyaa no.

7 Na ɔyii ne kunayɛ ntoma guu hɔ

na ɔde ama wɔn a wɔrehyɛ wɔn soɔ no so wɔ Israel.

Ɔde sradehwan sraa n’anim;

8 ɔsiesiee ne ti yɛɛ no takuwa

na ɔhyɛɛ nwera atadeɛ de daadaa no.

9 Ne mpaboa yɛɛ n’ani so fɛ,

n’ahoɔfɛ faa n’adwene dommum,

na nkrantɛ twaa ne kɔn!

10 Persiafoɔ no ho popoo wɔ n’akokoɔduro ho,

Medefoɔ no ho dwirii wɔn wɔ ne nnamyɛ ho.

11 Afei me nkurɔfoɔ a wɔhyɛ wɔn so no teaam;

me nkurɔfoɔ a wɔyɛ mmerɛ no suiɛ, na ɔtamfoɔ no ho popoeɛ;

wɔmaa wɔn nne so, na ɔtamfoɔ no sanee n’akyi.

12 Mfenaa mmammarima hwiree wɔn mu,

na wɔapira wɔn sɛ akobɔfoɔ mma;

wɔwuwuiɛ wɔ m’Awurade asraafoɔ anim.

13 Mɛto dwom foforɔ ama me Nyankopɔn:

O Awurade, woyɛ kɛseɛ ne onimuonyamfoɔ,

ɔnwanwani wɔ ahoɔden mu, a wɔnhu wo.

14 Ma w’abɔdeɛ nyinaa nsom wo,

ɛfiri sɛ wokasae na wɔbaeɛ.

Wosomaa wo honhom, na ɛbɔɔ wɔn;

obiara nni hɔ a ɔtumi si deɛ woaka no kwan.

15 Ɛfiri sɛ mmepɔ bɛwoso akɔduru wɔn fapem;

na nsuo nso bɛwoso akɔduru wɔn fapem;

mmotan bɛnane sɛ sradeɛ ntentan wɔ w’anim.

Na mmom wɔn a wɔsuro wo no,

wohu wɔn mmɔbɔ.

16 Ɛfiri sɛ afɔrebɔ biara a ɛyɛ ohwam afɔrebɔ yɛ ade ketewa,

na sradeɛ a ɛwɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mu no nyinaa no yɛ wo ade ketewa bi;

na mmom obiara a ɔsuro Awurade no bɛkɔ so ara ayɛ kɛseɛ.

17 Nnome nka aman a wɔsɔre tia me nkurɔfoɔ!

Awurade Tumfoɔ no bɛtɔ wɔn so were wɔ atemmuo da no;

na ɔbɛsoma ogya ne mmoaa akɔ wɔn honam mu;

na wɔbɛsu wɔ yea mu afebɔɔ.

18 Ɛberɛ a wɔduruu Yerusalem no, wɔsomm Onyankopɔn. Na nkurɔfoɔ no tee wɔn ho ara pɛ no, wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, mmasoɔ afɔdeɛ na wɔde wɔn akyɛdeɛ maeɛ.

19 Yudit de Holoferne agyapadeɛ a nkurɔfoɔ no de ama no no nyinaa maa Onyankopɔn, na ntoma a na ɛkata mpadua no ho a ɔfa firii dabekyire no, ɔde maa sɛ anohoba afɔdeɛ.

20 Na abosome mmiɛnsa na nnipa no gu so ara wɔ apontoɔ mu wɔ kronkronbea hɔ wɔ Yerusalem, na Yudit ne wɔn tenaa hɔ.

Yudit din gyeɛ ne ne wuo

21 Na yeinom nyinaa baa awieeɛ no, obiara sane kɔɔ ne fie, wɔn agyapadeɛ ho, na Yudit sane kɔɔ Betulia kɔtenaa n’agyapadeɛ ho. Na ne nkwa nna a aka nyinaa wɔhyɛɛ no animuonyam wɔ ɔman no mu nyinaa.

22 Mmarima bebree na wɔpɛɛ sɛ wɔware no, nanso wamfa ne ho amma ɔbarima biara wɔ ne nkwa nna nyinaa mu, ɛfiri berɛ a ne kunu Manase wuiɛ na ɔtoaa n’agyanom wɔ nseɛdo no akyi no.

23 Ɔkɔɔ so ara gyee din, na ɔnyini bɔɔ aberewa wɔ ne kunu fie, na ɔdii mfeɛ ɔha ne nnum. Ɔde n’abaawa no ho kyɛɛ no. Yudit wui wɔ Betulia, na wɔsiee no wɔ ne kunu Manase bodan mu;

24 na Israel fie suu no nna nson. Ansa na ɔrebɛwuo no, ɔkyekyɛɛ n’agyapadeɛ maa ne kunu Manase nkurɔfoɔ a wɔbɛn no no, ne ɔno ara nso nkurɔfoɔ a wɔbɛn no no.

25 Na ne berɛ so anaa ne wuo akyi mmerɛ tentene bi mu no, obiara ammɛteetee Israelfoɔ no bio.

Tobit 1

1 Nwoma yi ka Tobit ho asɛm. Tobit agya ne Tobiel, a n’agya ne Ananiel, a n’agya ne Aduel, a n’agya ne Gabael, a n’agya ne Rafael; Asiel asefoɔ a wɔfiri Naftali abusuakuo mu.

2 Ɔno na Asiriahene Salmaneser berɛ so wɔfaa no dommum firi Tisbe a ɛwɔ Kades Naftali anafoɔ fam wɔ Galilea Atifi, wɔ Aser atifi a ɛkyerɛ atɔeɛ ne Fogor atifi fam no.

Tobit abrabɔ ahyɛaseɛ

3 Me Tobit, menantee wɔ nokorɛ ne tenenee kwan so me nkwa nna nyinaa. Meyɛɛ adɔeɛ bebree maa m’abusuafoɔ ne me man mufoɔ a wɔfaa wɔn ne me dommum kɔɔ Ninewe wɔ Asiriafoɔ asase so no.

4 Ɛberɛ a na meyɛ aberantewaa te me man Israel asase so no, me nana Naftali abusuakuo no nyinaa tu gyaa Dawid fie ne Yerusalem hɔ. Saa kuro yi ne faako a wɔayi wɔ Israel abusuakuo nyinaa mu, sɛ Israel abusuakuo nyinaa mmɔ afɔdeɛ, baabi a asɔrefie a ɛyɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn tenabea wɔ, a wɔasi ate ho ama awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa daa.

5 Na m’abusuakuo ne yɛn nana Naftali fie nyinaa bɔɔ afɔdeɛ maa nantwie ba honi a Ɔhene Yeroboam a ɔwɔ Israel de sii hɔ wɔ Dan ne Galilea mmepɔ nyinaa so no.

6 Nanso na me nko ara metaa kɔ Yerusalem afahyɛ, sɛdeɛ wɔahyɛ mmara a ɛntwa mu da ato hɔ ama Israelfoɔ nyinaa teɛ no. Na meyɛ ntɛm de nnuaba ne nnwankuo mu mmakan, anantwie so ntotosoɔ du du ne nnwan nwi a ɛdi kan a metwitwa no kɔ.

7 Mede yeinom nyinaa maa asɔfoɔ a wɔyɛ Aaron mma no wɔ afɔrebukyia no so; saa ara nso na mede ntotosoɔ du du a ɛfiri ayuo, nsa, ngo, atoaa aba, borɔdɔma, ne nnuaba nkaeɛ no maa Lewi mma a wɔsomm wɔ Yerusalem no. Afei nso, mesiee ntotosoɔ du du a ɛtɔ so mmienu wɔ sika mu a na mede kɔmema wɔ Yerusalem.

8 Ntotosoɔ du du a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na mede ma nnyanka ne akunafoɔ ne ahɔhoɔ a wɔabɛtena Israel. Mede ba na mede ama wɔn wɔ afe a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu, na yɛadi sɛdeɛ wɔahyɛ wɔ Mose mmara mu ne m’agya Tobiel ne na Debora ahyɛdeɛ no mu, ɛfiri sɛ na m’agya awu agya me ama mayɛ agyanka.

9 Meyɛɛ panin no, mewaree ɔbaa bi a ɔfiri yɛn abusua mu. Mene no woo ɔbabarima na metoo ne din Tobias.

10 Wɔfaa me dommum kɔɔ Asiria na mebaa Ninewe sɛ dommum no, me nuanom ne m’abusuafoɔ nyinaa dii Amanaman mufoɔ aduane;

11 nanso mekoraa me ho sɛ merenni Amanaman mufoɔ aduane no bi.

12 Ɛfiri sɛ na mebɔɔ m’adwenem pɔ sɛ mɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ,

13 na Ɔsorosoroni no maa menyaa adom ne animuonyam wɔ Salmaneser anim, na me na na metotɔ n’ahiadeɛ nyinaa.

14 Kɔsi berɛ a ɔwuiɛ no, na metaa kɔ Media kɔtotɔ nnoɔma firi hɔ brɛ no. Na meda so wɔ Media man mu no, megyaa dwetɛ a ɛwɔ mmɔtɔ mu talente du maa Gabael a ne nuabarima ne Gabri sɛ ɔmfa nyɛ adwuma.

15 Nanso ɛberɛ a Salmaneser wuiɛ no, na ne ba Senakerib bɛdii n’adeɛ sɛ ɔhene no; kwantempɔn a na ɛkɔ Media no mu bɛyɛɛ hu, enti mantumi ankɔ Media bio.

Akokoɔduro a wɔde sie awufoɔ

16 Salmaneser ahennie nna mu no, meyɛɛ adɔeɛ nnwuma bebree maa me nuanom ne me nkurɔfoɔ.

17 Mede m’aduane maa wɔn a ɛkɔm de wɔn, na mefiraa wɔn a wɔda adagya ntoma; na sɛ mehunu me nkurɔfoɔ a wɔawu na wɔato wɔn afunu atwene Ninewe afasuo akyiri a, na mesie wɔn.

18 Na mesane siee obiara a Ɔhene Senakerib kumm no berɛ a na onii no redwane afiri Yudea wɔ nna no mu, na ɛsiane mmusuo a wabɔ nti na ɔsoro hene de n’atemmuo aba ne soɔ. Ɔfirii n’abufuo mu kumm Israelfoɔ bebree; nanso na mefa wɔn afunu no kɔsie no kodɛɛ. Ɛno nti ɛberɛ a Senakerib hwehwɛɛ wɔn no, wanhu wɔn.

19 Ɛnna Ninewefoɔ no mu baako kɔdii me ho nkɔnkɔnsa kyerɛɛ ɔhene sɛ, me na mesie wɔn; saa nti mehuntae. Na ɛberɛ a metee sɛ wɔrehwehwɛ me aku me no, mede suro dwaneeɛ.

20 Na wɔde nsa too m’agyapadeɛ nyinaa so; na wɔfaa me biribiara kɔkaa adehyeɛ fotoɔ ho, gye me yere Anna ne me ba Tobias.

21 Nanso adaduanan annuru na Senakerib mmammarima kumm no, na wɔdwane kɔɔ Ararat mmepɔ so, na ne ba Esarhadon sii n’ananmu dii adeɛ. Na ɔyii me nua Hanael ba Ahikar sɛ ɔnhwɛ n’ahennie mu nkontaa ne emu dwumadie nyinaa so.

22 Ahikar twitwa gyee me, na mesan baa Ninewe. Saa berɛ yi na Ahikar yɛ nsahyɛni,nsɔanokaa korafoɔ, ne nkontaa dwumadifoɔ a ɔhyɛ Asiriahene Senakerib ase; enti Esarhadon sane faa no. Na ɔyɛ me wɔfaase a ɔyɛ me ho nipa a ɔbɛne me pa ara.

Tobit 2

Abusua afahyɛ bi

1 Na Esar-hadon ahennie berɛ soɔ no, mesane kɔɔ fie, na wɔde me yere ne me babarima Tobias sane maa me. Yɛn afahyɛ Pentekoste a ɛyɛ nnawɔtwe nson afahyɛ kronkron mu no, wɔnoaa aduane pa maa me na metenaa ase sɛ meredidi.

2 Ɛberɛ a wɔtoo me pono na wɔde aduane a ɛdɔɔso saa bɛsii m’anim no, meka kyerɛɛ me ba Tobias sɛ: Me ba, kɔfa mmɔborɔni biara a wobɛhu no wɔ yɛn nkurɔfoɔ a wɔka nnommumfoɔ ho wɔ Ninewe a ɔde n’akoma nyinaa dwene Awurade ho bra, na ɔne me mmɛdidi. Mɛtwɛn wo kɔsi sɛ wobɛsan aba.

3 Ɛno nti Tobias kɔeɛ kɔhwehwɛɛ ohiani bi wɔ yɛn nkurɔfoɔ mu. Ɛberɛ a ɔsane baeɛ no, ɔbɛkaa sɛ: Agya! Na megyee so sɛ: Menie, me ba. Ɛnna ɔtoaa so kaa sɛ: Agya, hwɛ, wɔaku yɛn nkurɔfoɔ no mu baako ato no atwene edwa so hɔ, ɔda hɔ seesei ara a wɔaku no.

4 Saa nti, mesɔre gyinaeɛ, na mesɔre firii aduane no ho a manka anhwɛ mpo, na mefaa efunu no de kɔtoo adan no baako mu kɔsi sɛ owia bɛtɔ na makɔsie no.

5 Mesan baeɛ no, mehohoroo me ho na mede awerɛhoɔ dii aduane no.

6 Ɛnna mekaee Amos nkɔmhyɛ no, sɛdeɛ ɔkasa tiaa Betel sɛ:

Mo nnapɔnna bɛdane esu,

na mo nnwom nyinaa ayɛ kwadwom.

Na mesuiɛ.

Tobit anifira

7 Na owia kɔtɔeɛ no, mekɔbɔɔ amena na mesiee efunu no.

8 Na me fipamfoɔ seree me kaa sɛ: Enti ɔda so ara nsuro? Wɔrehwehwɛ no dada aku no sɛ ɔreyɛ yei, na ɔdwaneeɛ; hwɛ, ɛnna ɔda so ara resie efunu no!

9 Saa anadwo no ara mehohoroo me ho na mekɔɔ adihɔ fasuo no ho kɔdaeɛ; na ɛsiane ahuhuro nti mankata m’anim.

10 Na mennim sɛ mpatuprɛ wɔ ɔfasuo no so; na wɔn agyanan foforɔ guu m’ani so na ɛyɛɛ so fitaa. Mekɔɔ aduruyɛfoɔ nkyɛn sɛ wɔnsa me yadeɛ, nanso mprɛ dodoɔ a wɔde aduro ka me no, na ade fitaa no yɛ m’ani so wantann de kɔsii sɛ m’ani no firaeɛ koraa. Na mfeɛ nan na mentumi nhunu hwee. M’asɛm yi yɛɛ m’abusuafoɔ nyinaa ya, na Ahikar hwɛɛ me ara mfeɛ mmienu ansa na ɔkɔɔ Elimais.

Tobit yere yɛ adwuma de hwɛ fie

11 Saa berɛ no nso, me yere Anna nyaa sika firii mmaa dwumadie mu.

12 Na ɔtaa de nnoɔma a wayɛ no kɔma ne wuranom na wɔatua no ka. Da bi, bosome Distruse da a ɛtɔ so nson no, ɔtwaa ntoma a wanwono no bi kɔmaa ne wuranom. Wɔtuaa no ka nyinaa na wɔsane kyɛɛ no abirekyie ba bi sɛ ɔnkɔkum nni.

13 Ɛberɛ a ɔsane baa me nkyɛn no, abirekyie no firii aseɛ sui. Ɛno nti mefrɛɛ no kaa sɛ: Ɛhe na wonyaa abirekyie ba yi firiiɛ? Ɛnyɛ adeɛ a ɛyɛ korɔnodeɛ, ɛnte saa? San fa kɔ ma ne wuranom; ɛsiane sɛ ɛnyɛ sɛ wɔdi adeɛ a ɛyɛ korɔno adeɛ.

14 Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛyɛ akyɛdeɛ a wɔde kaa m’akatua ho maa me. Nanso mannye no anni, na meka kyerɛɛ no sɛ ɔnsan mfa nkɔma ne wuranom. Me bo fuu no ɛsiane yei nti. Ɛnna ɔbuaa me sɛ: W’adɔeɛ nnwuma no wɔ he? Wo tenenee nnwuma no wɔ he? Wɔnnim saa nnoɔma yi fa wo ho!

Tobit 3

Tobit mpaebɔ

1 Afei mefiri yea mu mesuiɛ, na mede anibereɛ bɔɔ mpaeɛ sɛ:

2 O Awurade, wone ɔteneneeni,

wo nnwuma nyinaa yɛ tee;

w’akwan nyinaa yɛ mmɔborɔhunu ne nokorɛdie;

wobu wiase atɛn.

3 Afei, O Awurade kae me

na te w’anim kyerɛ me.

Ntwe m’aso wɔ me bɔne

ne mfomsoɔ a manyɛ no anidaho mu

ne deɛ m’agyanom yɛee no wɔ w’anim no ho.

Wɔyɛɛ bɔne tiaa wo,

4 na wɔanni wo mmara so.

Ɛno nti wode yɛn maa fomfa, nnommum ne owuo,

na woyɛɛ yɛn ɛfene ahohora mu

wɔ aman a wɔabɔ yɛn apete soɔ nyinaa mu.

5 Na afei w’atemmuo bebree yɛ nokorɛ

sɛ woretwe m’aso wɔ me bɔne ho.

Ɛfiri sɛ yɛanni wo mmara so

na yɛannante w’anim nokorɛ mu.

6 Afei wo ne me nni no sɛdeɛ wo ara wopɛ;

kasa na gye me honhom firi me mu,

na memfiri asase so nkɔdane mfuturo.

Na ɛyɛ ma me sɛ mɛwu sene sɛ mɛtena ase,

ɛfiri sɛ mate atɛnnie a ɛmfata,

na me mu yeadie no so.

Kasa na afei memfiri m’ahohiahia mu;

gyae me na menkɔ daa fie no mu,

na nnane w’ani mfiri me so, O Awurade.

Na ɛyɛ ma me sɛ mewuo

sene sɛ mɛhu amaneɛ kɛseɛ wɔ m’abrabɔ mu

na matie atɛnnie.

Sara amanehunu

7 Ɛda no ara wɔ Ekbatana a ɛwɔ Media no, ɛbaa nso sɛ Raguel babaa Sara agya mmaawa guu n’anim ase,

8 ɛfiri sɛ na wɔde no ama mmarima nson awadeɛ, na honhom bɔne Asmodeus akum wɔn nyinaa ansa na mpo wɔrebɛka ne ho sɛ ɔyerɛ. Ɛno nti mmaawa no ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ara na woakum wo kununom! Hwɛ, woaware ekununom nson dada na wɔn mu baako mpo din nna wo so.

9 Ɛdeɛn nti na woboro yɛn yi? Ɛsiane sɛ wo kununom awuo ntira? Kɔka wɔn ho ɛ! Mma yɛnhunu wo yafunu babarima anaa ɔbaa biara da!

Sara mpaebɔ

10 Saa da no ne kra werɛ hoe na ɔsui. Ɛberɛ a ɔkɔɔ n’agya abansoro dan mu no, ɔdwenee sɛ ɔsɛne ne ho. Nanso ɔdwenee ho kaa sɛ: Wɔremmɔ m’agya ahohora bio, na wɔaka akyerɛ no sɛ: Na wowɔ ɔbabaa baako pɛ a wodɔ no, nanso n’amanehunu nti ɔsɛnee ne ho. Na mama m’agya de awerɛhoɔ asan akɔ asamando wɔ ne nkwakoraa berɛ mu. Ɛyɛ ma me sɛ mensɛne me ho, na mmom mɛbɔ Awurade mpaeɛ sɛ ebia mɛwu na mentie saa ahohora yi bio.

11 Saa berɛ no a watene ne nsa ahwɛ mpomma mu no, ɔbɔɔ mpaeɛ kaa sɛ:

Nhyira nka wo, mmɔborɔhunu Nyankopɔn!

Nhyira nka wo din daa daa;

ma wo nnwuma nyinaa nyi wo ayɛ daa.

12 Na afei, madane m’anim akyerɛ wo,

na mema m’ani so hwɛ wo.

13 Kasa na memfiri asase so

na mantie ahohora a ɛte saa bio.

14 O Owura, wonim sɛ menni fɔ

wɔ efiguo biara wɔ ɔbarima ho,

15 na mangu me

anaa m’agya din ho fi wɔ me dommum asase so.

Meyɛ m’agya ba koro;

na ɔnni ba biara a ɔbɛdi n’adeɛ,

ɔnni busuani a ɔbɛn anaa onua foforɔ bi

a mɛkora me ho ama no sɛ ɔyere.

Me kununom baason adi kan awuwu dada.

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ metena aseɛ?

Nanso sɛ ɛnsɔ w’ani sɛ wobɛgye me nkwa afiri me nsam a,

O Awurade, ɛnneɛ tie me wɔ m’animguaseɛ mu.

Mpaebɔ ho mmuaeɛ

16 Ɛdɔn no ara mu na wɔtiee wɔn baanu no mpaeɛ yi wɔ Onyankopɔn kɛseɛ no animuonyam anim.

17 Ɛno nti wɔsomaa Rafael sɛ ɔnkɔsa wɔn baanu no yadeɛ; sɛ ɔnkɔyi adeɛ fitaa no mfiri Tobit ani so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔde n’ani bɛhu Onyankopɔn hann; na ɔmfa Raguel babaa Sara mma Tobit ba Tobias awareɛ, na ɔnnye no mfiri honhom bɔne Asmodeus tirimuɔdenfoɔ no nsam; ɛfiri sɛ Tobias na ɛsɛ sɛ ɔware no ansa koraa na afoforɔ a wɔpɛ sɛ wɔware no no nyinaa aba. Saa berɛ no ara mu Tobit sane firi adihɔ kɔɔ ɔno ara ne fie no na Raguel babaa Sara firi abansoro dan mu sianee.

Tobit 4

Tobit de nhyehyɛɛ ma ne babarima

1 Saa da no Tobit kaee sika a na ɔde agya Gabael wɔ Rages a ɛwɔ Media no,

2 na ɔka kyerɛɛ ne ho sɛ: Afei mafrɛ owuo ama me ho. Adɛn nti na memfrɛ me ba Tobias na menkyerɛkyerɛ no ɛfa sika no ho ansa na mawu?

3 Yei nti ɔfrɛɛ ne ba Tobias, na ɛberɛ a ɔbɛduruu ne nkyɛn no, ɔkaa sɛ: Me ba, sɛ mewu a, sie me osie pa. Di wo na ni na ntoto no ase wɔ ne nkwa nna nyinaa mu. Yɛ biribiara a ɛsɔ n’ani, na ɛnho ne werɛ wɔ biribiara mu.

4 Me ba, kae sɛ, ɔhunuu amaneɛ bebree maa wo berɛ a na woda ne yafunu mu. Sɛ ɔwu a, sie no wɔ me da ho pɛɛ.

5 Bu Awurade yɛn Nyankopɔn yie wɔ wo nkwa nna nyinaa mu, me ba, na ɛnyɛ bɔne anaa nto ne mmara. Tena ase wɔ tenenee mu, wo nkwa nna nyinaa na nante wɔ bɔne kwan so;

6 ɛfiri sɛ wɔn a wɔyɛ wɔn nnoɔma nokorɛ mu no bɛyɛ prɔmprɔm wɔn dwumadie nyinaa mu.

7 Firi w’ahonya mu kyɛ obiara a ɔyɛ setie ma Onyankopɔn nokorɛ mu no adeɛ. Nnane w’ani mfiri ohiani ho, na Onyankopɔn annane n’ani amfiri wo ho.

8 Sɛ wowɔ ahonyadeɛ bebree a, firi mu ma sɛdeɛ ɛsɛ; sɛ ɛsua a, nsuro sɛ wobɛfiri kakra a wowɔ no mu ama.

9 Saa na wobɛhyehyɛ agyapadeɛ pa ama wo ho atwɛn da a wo ho bɛkyere wo no.

10 Na adɔeɛ gye wo firi owuo mu na akora wo amma woankɔ Esum mu.

11 Ampa ara, yei yɛ afɔdeɛ a ɛkorɔn wɔ Ɔsorosoroni no anim, ma wɔn a wɔyɛ saa no nyinaa.

12 Me ba, hwɛ yie wɔ adwamammɔ ahodoɔ nyinaa ho. Deɛ ɛdi kan, nya ɔyere firi w’agyanom asefoɔ mu, na nware ɔbaa hohoɔ a ɔmfiri w’agya abusuakuo mu; ɛfiri sɛ, yɛyɛ adiyifoɔ mma. Me ba, kae sɛ, yɛn tete agyanom, Noa, Abraham, Isak ne Yakob nyinaa ware firii wɔn abusua mu. Wɔhyiraa wɔn mma, na nkyirimma bɛnya asase no.

13 Enti afei, me ba, dɔ wo nuanom, na mmu wo nuanom ne wo nkurɔfoɔ mmammarima ne wɔn mmammaa animtia wɔ w’akomam sɛ wonware ɔyere mfiri wɔn mu mma wo ho. Na ahantan mu na ɔsɛeɛ ne sakasakayɛ firie; na akwadworɔ mu wɔ ahokyere a ɛso, ɛsiane sɛ, ɛkɔm ne na ne akwadworɔ.

14 Obiara a ɔyɛ w’adwuma no, nkame no n’akatua mma adeɛ nkye so, na mmom tua no ka ntɛm; na sɛ wosom Onyankopɔn a, wobɛnya akatua. Me ba, yɛ ahwɛyie wɔ biribiara a woyɛ ho, na hyɛ wo ho so wɔ wo nneyɛɛ nyinaa mu.

15 Na deɛ wompɛ no, mfa nyɛ obi. Nnom nsa mma no mmoro so, anaa nnyegye nsaborɔ so wɔ w’akwan mu.

16 Deɛ ɛkɔm de no no, ma no aduane nni, na deɛ ɔda adagya no, fira no ntoma. Fa w’adeɛ a ɛboro soɔ no kyɛ ahiafoɔ, na sɛ wode kyɛ wie a, mma w’ani mmere akyɛdeɛ no.

17 Fa w’aduane to ɔteneneeni da so, na mmom mfa mma abɔneyɛfoɔ.

18 Hwehwɛ afotuo firi onipa nyansani biara hɔ, na mmu afotuo a mfasoɔ wɔ mu no ade hunu.

19 Ɛberɛ nyinaa hyira Awurade Nyankopɔn; bisa no ma w’atempɔn ntenetene na w’akwan ne wo nhyehyɛɛ nyinaa ayɛ prɔmprɔm. Ɛsiane sɛ, amanaman no mu biara nni nteaseɛ; nanso Awurade ankasa na ɔma afotu pa nyinaa; na ne pɛ mu no, ɔbrɛ obiara a ɔno ara pɛ ase.

Saa nti, me ba, kae me mmara, na mma no mpopa mfiri w’adwene mu.

Sika a ɔde gyaa Gabael

20 Afei, me ba, ma menkyerɛkyerɛ wo mfa nnwetɛbena du a mede gyaa Gabrias ba Gabael wɔ Rages a ɛwɔ Media no.

21 Me ba, nsuro, ɛsiane sɛ ohia aka yɛn nti. Wowɔ ahonya kɛseɛ, sɛ wosuro Onyankopɔn na woyi wo ho firi bɔne nyinaa ho na woyɛ adeɛ a ɛsɔ n’ani.

Tobit 5

Ɔbɔfoɔ Rafael

1 Ɛnna Tobias buaa n’agya Tobit sɛ: Agya, mɛyɛ deɛ woahyɛ me no nyinaa;

2 nanso ɛbɛyɛ dɛn na me nsa aka sika no, wɔ berɛ a mennim ɔbarima no na ɔno nso nnim me? Adanseɛ bɛn na mede bɛma no a ɔbɛhu me na wagye me ato mu, na ɔde sika no ama me? Bio, mennim ɔkwan a wɔde kɔ Media no, anaasɛ sɛdeɛ wɔsi kɔ hɔ.

3 Ɛnna Tobit buaa ne ba Tobias sɛ: Ɔde ne sika-gyeɛ krataa no maa me na me nso mede me deɛ maa no. Mekyɛɛ ne deɛ no mu mmienu; maa obiara faa baako, na mede baako kaa sika no ho. Na afei mfeɛ aduonu atwa mu ni a mede sika no maa no. Enti afei me ba, hwehwɛ onipa bi a ɔyɛ ɔnokwafoɔ na wone no nkɔ, na mosan ba a, yɛbɛtua no ka. Na sika no deɛ kɔgye firi Gabael hɔ.

4 Enti Tobias siim sɛ ɔrekɔhwehwɛ onipa bi na ɔne no akɔ Media, obi a ɔnim ɔkwan no so yie. Ɔfirii adi na ɔkɔhunuu Ɔbɔfoɔ Rafael sɛ ɔgyina n’anim; nanso wanhunu sɛ ɔyɛ Onyankopɔn bɔfoɔ.

5 Tobias ka kyerɛɛ no sɛ: Aberanteɛ, ɛhefa na wofire? Ɔbuaa sɛ: Mefiri wo nuanom Israelfoɔ no mu, na maba ɛha sɛ merebɛyɛ adwuma. Ɛnna Tobias ka kyerɛɛ no sɛ: Wonim ɔkwan a wɔde kɔ Media no anaa?

6 Ɔbɔfoɔ no buaa no sɛ: Aane, makɔ hɔ mprɛ bebree; menim hɔ yie na menim akwan no nyinaa so. Metaa tu kwan kɔ Media, na ɛyɛ a mekɔtena yɛn nua Gabael nkyɛn wɔ Rages a ɛwɔ Media no. Ɛfiri Ekbatana rekɔ Rages no yɛ nnanu akwantuo; ɛfiri sɛ ɛda mmepɔ mu, ɛnna Ekbatana nso da mfimfini wɔ petee no mu.

7 Ɛnna Tobias see no sɛ: Twɛn me ɛ, aberanteɛ, kɔsi sɛ mɛkɔ akɔbɔ m’agya amanneɛ; ɛfiri sɛ mehia wo sɛ mene wo bɛtu kwan no, na mɛtua wo ka.

8 Ɔbɔfoɔ no buaa sɛ: Ɛyɛ, mɛtwɛn; na mmom hwɛ na woankyɛ pii.

9 Enti Tobias kɔe kɔka kyerɛɛ n’agya Tobit na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Makɔnya ɔbarima bi a ɔte sɛ yɛn nuanom Israelfoɔ yi ara bi! Tobit ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba, frɛ ɔbarima no bra mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mɛhu ne nkurɔfoɔ ne abusua a ɔfiri mu, ɛnna afei nso sɛ ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔbɛtumi ne wo akorɔ.

10 Ɛnna Tobit firii adi frɛɛ no kaa sɛ: Aberanteɛ, m’agya refrɛ wo. Ɛno nti ɔhyɛnee mu kɔɔ ne nkyɛn, na Tobit dii kan kyeaa no. Ɔgyee so sɛ: Anigyeɛ nkyea mmra wo nkyɛn! Nanso Tobit de nsɛnkwaa yii ano sɛ: Anigyeɛ bɛn na ɛwɔ hɔ ma me bio? Meyɛ onipa a menni ani; Mentumi nhunu ɔsoro hann, nanso meda esum mu te sɛ owufoɔ a ɔntumi nhunu hann bio. Mete ase deɛ, nanso fanyinam sɛ mawuo. Mete nnipa nka nanso menhu wɔn. Nanso Aberanteɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Mmɔ hu, na ɛberɛ abɛn sɛ Onyankopɔn sa wo yadeɛ, nsuro. Ɛnna Tobit ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba, Tobias pɛ sɛ ɔkɔ Media. Wobɛtumi ne no akɔ sɛ ɔkwankyerɛfoɔ anaa? Mɛtua wo ka, me nua. Rafael buaa sɛ: Mɛtumi ne no akɔ na menim akwan no nyinaa, ɛsiane sɛ na metaa kɔ Media na matwam afa ne petee mu hɔ nyinaa, na menim mmepɔ no ne akwan a ɛkɔ hɔ no nyinaa.

11 Ɛnna Tobit ka kyerɛɛ no sɛ: Onua, abusua ne ɔman bɛn mu na wofire? Onua, ka kyerɛ me ɛ.

12 Rafael bisaa sɛ: Adɛn nti na wopɛ sɛ wohu ɔman a mefiri mu? Ɛnna Tobit kaa sɛ: Mepɛ sɛ mehu pa ara, onua, sɛ hwan na ne ba ne woɔ, ɛne wo din.

13 Rafael buaa sɛ: Mene Asaria, Ananias a ɔyɛ okunini ne wo busuani no ba.

14 Afei Tobit ka kyerɛɛ no sɛ: Akwaaba! Onyankopɔn agye wo, me nua. Mma wo bo mfu me, sɛ mepɛɛ sɛ mɛhu wo nananom. Woyɛ me busuani, na wofiri abusua dua a ɛwɔ animuonyam na ɛyɛ mu. Ɛsiane sɛ na menim Hanania ne Natan, Semais mmammarima baanu no, na wɔtaa ne me kɔ Yerusalem kɔsom wɔ hɔ, na wɔammane amfa mfomsoɔ kwan no so. Wo nkurɔfoɔ yɛ nnipa papa, na wofiri abusua papa mu. Akwaaba!

15 Ɛnna ɔtoaa so kaa sɛ: Mede da koro ɔpaani akatua bɛma wo, na afei mɛtua wo ne me ba no ho ka. Enti wo ne me ba no nkɔ,

16 namede akatua no bi bɛka wo ho. Rafael buaa sɛ: Mene no bɛkɔ; enti mɛnsuro. Yɛbɛkɔ asan aba no wɔ akwanhosan mu, ɛsiane sɛ ɔkwan no mu dwo.

17 Ɛno nti Tobit ka kyerɛɛ no sɛ: Nhyira nka wo, me nua.

Ɛnna afei ɔfrɛɛ ne ba no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔba, siesie ɔkwan so aduane na wone wo nua nkɔ. Ɔsoro Nyankopɔn mfa mo nkɔ na ɔnsan mfa mo mmɛduru akwanhosan mu mmrɛ me; na me ba, ne bɔfoɔ nka mo baanu ho mfa mo nkɔ dwoodwoo.

Na ansa na ɔrebɛtu ne kwan no, ɔfee n’agya ne ne na ano. Afei Tobit ka kyerɛɛ no sɛ: Monnante yie.

18 Nanso ne na hyɛɛ aseɛ suiɛ, na ɔka kyerɛɛ Tobit sɛ: Adɛn nti na woasoma yɛn abɔfra yi ama no korɔ? Ɛnyɛ oyi ne poma a ɔkura yɛn a, ɔdi yɛn anim kɔ ba anaa?

19 Mfa sika mpee sika so, na mmom ma ɛnyɛ agyedeɛ mma yɛn ba no.

20 Na nkwa a Awurade de ama yɛn dɔɔso ma yɛn.

21 Ɛnna Tobit ka kyerɛɛ no sɛ: Nha wo ho; na ɔbɛkɔ asan aba wɔ akwanhosan mu. Nkasa bio! Me nuabaa, nsuro mma wɔn.

22 Na ɔbɔfoɔ pa ne no bɛkɔ; n’akwantuo no bɛyɛ prɔmprɔm, na ɔbɛsane aba wɔ akwanhosan mu.

Tobit 6

1 Ɛno nti ɔgyae su.

Wɔtu kwan kɔ Rages

Aberantewaa no siim kɔe a na ɔbɔfoɔ no ka ne ho;

2 na ɔkraman firii adi bɛkaa wɔn ho ne wɔn kɔeɛ. Yei nti wɔn baanu bɔɔ anan kɔeɛ, na ɛberɛ a anadwo a ɛdi kan too wɔn no, wɔbɔɔ sese wɔ Asubɔnten Tigris ho.

3 Ɛnna aberanteɛ no siane kɔɔ sɛ ɔrekɔhohoro ne nan ase wɔ Asubɔnten Tigris mu. Mpofirim ara na apataa kɛseɛ bi huri firii nsuo no mu bɔɔ mmɔden sɛ anka ɔrebɛmene aberantewaa no nan, na ɔteaa mu.

4 Nanso ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ aberantewaa no sɛ: Kye apataa no na kɔ so ara sɔ ne mu! Ɛnna aberanteɛ no sɔɔ apataa no mu na ɔtoo no twenee asase so.

5 Afei ɔbɔfoɔ no see no sɛ: Pae apataa no mu na yi ne bɔnwoma, ne korona ne ne berɛboɔ no. Ma yeinom nka wo hɔ, na to ne nsono no gu. Na ne bɔnwoma, ne korona ne ne berɛboɔ yɛ aduro.

6 Ɛno nti aberanteɛ no paee apataa no mu no, ɔboaboaa bɔnwoma, korona ne berɛboɔ no ano; ɛnna afei ɔtotoo apataa no, na ɔdii bi, na ɔde bi too hɔ sɛ ɔbɛhyɛ no nkyene.

Nnipa baanu no toaa wɔn akwantuo no so kɔsii sɛ wɔbɛnee Media.

7 Aberantewaa no bisaa ɔbɔfoɔ no sɛ: Onua Asaria, ɛdeɛn aduro na ɛwɔ apataa no korona, ne berɛboɔ ne ne bɔnwoma no mu?

8 Ɔbɔfoɔ no buaa sɛ: Ɛyɛ apataa no korona ne ne berɛboɔ no deɛ, ɛsɛ sɛ wohye ma ɛyɛ wisie wɔ ɔbarima anaa ɔbaa a honhom fi anaa honhom bɔne bi teetee no anim, na ateetee biara bɛdwane a ɛnsan mmɛtena onipa no so bio.

9 Na ɛyɛ bɔnwoma no nso, fa sra onipa a adeɛ fitaa ada n’ani so, hu mframa gu adeɛ fitaa no so na n’ani no bɛte.

Rafael Nhyehyɛɛ

10 Ɛberɛ a ɔhyɛnee Media a na afei ɔrebɛn Ekbatana no,

11 Rafael see aberanteɛ no sɛ: Onua Tobias. Ɔgyee so sɛ: Me nie. Ɛnna afei Rafael ka kyerɛɛ no sɛ: Anadwo yi yɛbɛsoɛ wɔ Raguel fie. Ɔyɛ wo busuani, na ɔwɔ babaa bi a wɔfrɛ no Sara.

12 Ɔnni ɔbarima ɔdedifoɔ ne ɔbabaa gye Sara nko ara ne wo ho, a sɛ Sara nni hɔ a ɔdi adeɛ, na ansa na mmarima afoforɔ afa no sɛ awunyadeɛ. Bio nso, wowɔ ho kwan sɛ wodi n’agya adeɛ. Deɛ ɛka ho bio ne sɛ, abaayewa no nim nyansa, ɔwɔ akokoɔduro, ne ho yɛ fɛ na n’agya yɛ onipa pa.

13 Ɔtoaa so sɛ: Wowɔ ho kwan sɛ wofa no sɛ ɔyere. Ɛno nti tie me, onua; anadwo yi mene n’agya bɛkasa afa ababaa no ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛfa no ayɛ wo yere. Ɛberɛ a yɛbɛsan afiri Rages aba no, na yɛrebɛhyia no ayeforɔ. Na menim sɛdeɛ Mose mmara kyerɛ no, Raguel ntumi nsiane wo ho mfa no nkɔma ɔbarima foforɔ wɔ berɛ a ɔnkɔtwetwe owuo mma ne ho. Ɔnim nokorɛ mu pa ara sɛ w’akyi no, ɛnsɛ sɛ ɔbarima foforɔ biara ware ne babaa no. Enti afei tie me, onua, na anadwo yi yɛne no bɛkasa afa ababaa no ho na yɛagye no awadeɛ ama wo. Na ɛberɛ a yɛbɛsan afiri Rages aba no, yɛbɛfa no na yɛde no asan aka yɛn ho aba wo fie.

14 Ɛnna Tobias bua see Rafael sɛ: Onua Asarias, mate sɛ wɔde no ama mmarima nson awadeɛ dada, na wɔn mu biara wuu wɔ ayeforɔ pia mu. Anadwo a wɔkɔ ne nkyɛn no, na wɔawu. Mate sɛ nkurɔfoɔ reka sɛ ɛyɛ honhommɔne bi na ɛkumm wɔn. Enti afei mesuro sɛ mɛwu ama m’agya ne me na de awerɛhoɔ akɔ asamando, ɛsiane me nti. Na wɔnnya ɔba biara a ɔbɛsie wɔn.

15 Ɔnni obiara awu ka wɔn a wɔba abaayewa no nkyɛn nko ara. Na seesei ara, ɛsiane sɛ me nko ara ne m’agya babarima, enti mesuro sɛ mɛwu na ɛde m’agya ne me na de awerɛhoɔ bɛsiane akɔ asamando, ɛfiri sɛ, wɔnni ɔbabarima biara a ɔbɛsie wɔn.

16 Na Rafael ka kyerɛɛ no sɛ: Wokae nsɛm a w’agya de hyɛɛ wo sɛ fa ɔyere firi w’agya fie mu no? Onua, afei tie me, na nkasa bio mfa saa honhommɔne yi ho. Fa no. Menim sɛ anadwo yi ara wɔde no bɛma wo awadeɛ.

17 Sɛ woduru ayeforɔ pia mu hɔ a, fa aduhwan a egya wɔ mu na fa apataa korona ne berɛboɔ no bi gu so. Ehwa bi bɛfiri mu aba;

18 honhommɔne no bɛte pampan no nka na wadwane, na ɔrensane mmɛn no bio. Na sɛ wone no rebɛda a, monni kan nsɔre na mommɔ mpaeɛ nsrɛ ɔsoro Awurade no hɔ mmɔborɔhunu ne banbɔ. Nsuro, na wɔahyehyɛ ato hɔ sɛ ɔnyɛ wo dea ansa na wɔrebɔ wiase. Wobɛgye no, na ɔne wo akɔ, na mesusu sɛ wone no bɛwo mma, na wɔbɛyɛ sɛ anuanom ama wo. Afei ɛnkasa bio! Ɛberɛ a Tobias tee Rafael nsɛm yi no, na ɔhunuu sɛ ɔfiri n’agya abusua mu no, ɔde n’akoma dɔɔ no na ɔnyaa ne ho akɔnnɔ dendeenden.