2 Samuel 22

Dawid aseda ne nkonimdie dwom

1 Na da a AWURADE yii Dawid firii n’atamfo nyinaa ne Saulo nsam no, ɔkaa dwom yi mu nsɛm kyerɛɛ AWURADE,

2 na ɔse:

AWURADE, ne me botan, m’abankɛseɛ ne me gyefoɔ,

3 me botantim Nyankopɔn a medwane mekɔtoa no.

Me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn,

m’abantenten ne me dwanekɔbea,

m’agyenkwa a wogyee me firii akakabensɛm mu.

4 AWURADE a ɔfata sɛ wɔyi no ayɛ no na mesu mefrɛ no,

na ɔgye me m’atamfoɔ nsam.

5 Na owuo asorɔkyeɛ twaa me ho hyiae,

na sɛeɛ asuasu woro yii me hu.

6 Asamando nhoma kyekyeree me,

owuo fidie bɛhyiaa me rebɛyi me.

7 M’ahohiahia mu mesu mefrɛɛ AWURADE,

me Nyankopɔn na meteaa mu mefrɛɛ no.

Na ɔtee me nne n’asɔrefie,

na me nteamu duruu n’aso mu.

8 Ɛnna asase hinhimiiɛ, na ɛwosoe,

ɔsoro nnyinasoɔ nso popoe, na ɛhinhimii,

ɛfiri sɛ na ne bo afu.

9 Wisie tu firii ne hwenem,

na ogya firii n’anomu hyee adeɛ,

na nnyansramma a wɔasɔ ne mu.

10 Ɔkuntunuu ɔsoro na ɔdurui fam,

na esum kabii wɔ ne nan ase.

11 Na ɔtenaa Kerub so tui,

na wɔhunuu no mframa ntaban so.

12 Na ɔde esum yɛɛ ne ho asese,

nsuo mmoaano, danee mununkum kusuu.

13 Ne ho haran mu

na nnyansramma dɛreeɛ.

14 AWURADE bɔɔ mu firii soro,

na ɔsorosoroni no maa wɔtee ne nne.

15 Na ɔtotoo agyan de bɔɔ wɔn petee,

aprannaa na ɔde tuu wɔn ase.

16 Na ɛpo mu aka yiyii adi,

wiase nnyinasoɔ ho daa hɔ.

Ɛnam AWURADE animuka nti,

ɛfiri ne hwene mu home tehyeetehyee mu.

17 Ɔtenee ne nsa firii soro bɛfaa me,

ɔtwee me firii nsuo pii mu.

18 Ɔgyee me firii me tamfo aniɛdenfoɔ

ne wɔn a wɔkyiri me no nsam,

ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene me.

19 Wɔbɛtoaa me m’amanehunu da mu,

na AWURADE bɛyɛɛ me okyigyinafoɔ,

20 na ɔyii me kɔgyinaa deɛ ɛhɔ trɛ,

ɔgyee me, ɛfiri sɛ na ɔpɛ m’asɛm.

21 AWURADE tuaa me ka sɛdeɛ me tenenee teɛ,

sɛdeɛ me bemdie teɛ na ɔtuaa me ka.

22 Na mehwɛɛ AWURADE akwan,

na menyɛɛ bɔne mfirii me Nyankopɔn ho.

23 Na n’atemmudeɛ nyinaa wɔ m’ani so,

na n’ahyɛdeɛ nso, memfirii ho.

24 Na manni fɔ wɔ n’anim,

na mahwɛ me ho so afiri m’amumuyɛ ho.

25 Na AWURADE atua me ka sɛdeɛ me tenenee teɛ,

sɛdeɛ m’ahoteɛ a ɛda n’anim no teɛ.

26 Ɔnokwafoɔ na wo ne no bɛdi no nokorɛ mu,

ɔbarima a ɔdi mu na wo ne no bɛdi no amudie soɔ.

27 Deɛ ne ho teɛ na wobɛte wo ho akyerɛ no,

na ɔkontonkyini deɛ, wobɛkyinkyim wo ho akyerɛ no.

28 Na ɔman a wɔbrɛ wɔn ho aseɛ no, wogye wɔn,

na w’ani sa ahantanfoɔ na woabrɛ wɔn ase.

29 Na wo, AWURADE, wone me kanea,

na AWURADE haran me sum mu ma me.

30 Na wo na mede wo tu dɔm,

na mede me Nyankopɔn mehuri metra ɔfasuo.

31 Onyankopɔn deɛ, ne kwan yɛ pɛ,

AWURADE bɔhyɛ yɛ nokorɛ,

ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ nyinaa.

32 Na hwan ne onyame? Gye sɛ AWURADE nko.

Na hwan na ɔyɛ ɔbotan? Gye sɛ yɛn Nyankopɔn.

33 Saa Onyankopɔn yi ne m’aban a ɛyɛ den,

na ɔma me kwan yɛ dwoodwoo.

34 Ɔyɛɛ me nan sɛ aforotebereɛ deɛ,

na ɔmaa megyinaa me mmepɔ so pintinn.

35 Ɔkyerɛ me nsa akodie,

na m’abasa akuntunu kɔbere mfrafraeɛ tadua mu.

36 Na wode wo nkwagye kyɛm maa me,

na wo mmoa ma meyɛɛ kɛseɛ.

37 Wotrɛ m’anammɔn tutuo mu wɔ m’ase

na me nan anwatiri.

38 Metii m’atamfoɔ na mesɛee wɔn,

na mansane de kɔsii sɛ mehyee wɔn,

39 na memenee wɔn, na mebobɔɔ wɔn na wɔansɔre,

na wɔtotɔe wɔ me nan ase.

40 Na wode ahoɔden bɔɔ me abɔsoɔ maa akodie,

wobrɛɛ wɔn a wɔsɔre tiaa me no ase hyɛɛ m’ase.

41 Na womaa m’atamfoɔ danee wɔn akyi kyerɛɛ me,

wɔn a na wɔkyiri me no, na mesɛee wɔn.

42 Wɔhwɛe, na ɔgyefoɔ biara nni hɔ,

wɔsu frɛɛ AWURADE, na wammua wɔn.

43 Na mepɛkyɛɛ wɔn pasaa sɛ fam mfuturo,

metiatiaa wɔn so mewɔɔ wɔn sɛ mmɔntene so dɔteɛ.

44 Woyii me firii m’amanko mu,

woahwɛ me sɛ menyɛ amanaman ti.

Ɔman a menni wɔn no som me.

45 Ananafoɔ bɛbrɛ wɔn ho ase ama me,

wɔtee me nka pɛ, wɔtiee me.

46 Ananafoɔ bo tui,

na wɔde ahopopoɔ firi wɔn aban mu bae.

47 AWURADE te ase, na nhyira nka me botantim no.

Na me nkwagyeɛ botan Nyankopɔn no, wɔmma no so.

48 Onyankopɔn a ɔtɔɔ were maa me,

na ɔbrɛɛ aman ase hyɛɛ m’ase,

49 deɛ ɔyii me firi m’atamfoɔ nsam, aane,

wo na woma me so boro wɔn a wɔsɔre tia me no soɔ,

wogyee me firi aniɛdenfoɔ nsam,

50 Enti, AWURADE, mɛkamfo wo amanaman mu,

na mabɔ wo din mato ayeyie nnwom,

51 sɛ wone deɛ ɔma ne hene nkwagyeɛ so,

na ɔyɛ deɛ wasra no no adɔeɛ,

Dawid ne n’asefoɔ daa.

2 Samuel 23

Dawid nsɛm a ɛdi akyire

1 Na yeinom ne Dawid nsɛm a ɛdi akyire.

Yisai ba Dawid adiyisɛm a wanya sɛ ɔreka,

ɔbarima a wɔmaa no soɔ no adiyisɛm,

deɛ Yakob Nyankopɔn asra no

ne Israel dwom dɛdɛ tofoɔ asɛm a ɔreka nie:

2 AWURADE honhom nam me so kasa,

na n’asɛm wɔ me tɛkyerɛma so.

3 Israel Nyankopɔn akasa,

me na Israel botan no kasa kyerɛɛ me.

Deɛ ɔdi nnipa soɔ a ɔtene,

deɛ ɔdi so Nyankopɔn suro mu.

4 Na ɔbɛyɛ sɛ anɔpa hann,

berɛ a owia repue, sɛ anɔpa a mununkum nni hɔ,

sɛ owia gyegyeɛ ne osutɔ nti wira fifiri fam.

5 Aane, ɛnyɛ saa na me fie teɛ wɔ Nyankopɔn nkyɛn?

Na ɔne me apam daa apam,

wasiesie nnoɔma nyinaa mu na wɔhwɛ so.

Na me mmoa nyinaa ne deɛ mepɛ nyinaa,

ɔremma no mfefɛ anaa?

6 Nanso ahuhufoɔ deɛ, wɔn nyinaa te sɛ nkasɛɛ a wɔato aguo,

na wɔmfa nsa nsɔ mu.

7 Na onipa a ɔrebɛka no no,

wɔde dadeɛ ne pea dua ma no ma no de mia,

na ɛhyeɛ ara na wɔde ogya bɛhyeɛ ama no asa koraa.

Dawid nnɔmmarima ne wɔn nneyɛɛ

8 Yeinom ne nnɔmmarima a Dawid wɔ no din: Takemoni Yoseb-basebet a ɔdi akunini mmiɛnsa no mu titire. Ɔno na ɔmaa ne pea so nnipa ahanwɔtwe a ɔkunkum wɔn prɛko soɔ.

9 Na deɛ ɔdi n’akyire ne Ahohi ba Dodo ba Eleasa a ɔfra nnɔmmarima baasa a wɔka Dawid ho berɛ a wɔresopa Filistifoɔ a na wɔaboaboa wɔn ano rebɛko na Israel mmarima foro kɔeɛ no mu.

10 Ɔno na ɔsɔre kunkumm Filistifoɔ no kɔsii sɛ ne nsam goeɛ na ne nsa fam ne nkrantɛ ho. Na AWURADE yɛɛ nkonim ade kɛseɛ da no, na ɛdɔm no dane kɔdii n’akyiri sɛ wɔbɛfom adeɛ nko.

11 Na deɛ ɔdi n’akyire ne Hararini Agee ba Sama. Na Filistifoɔ no boaboaa wɔn ano yɛɛ asafo, na asasewa bi wɔ hɔ a asedua wɔ soɔ, na ɔman no dwane Filistifoɔ no anim.

12 Na ɔno deɛ, ɔgyinaa asase no mfimfini na ɔperee, na ɔkum Filistifoɔ no, na AWURADE yɛɛ nkonim ade kɛseɛ.

13 Na atitire aduasa no mu baasa siane baa Dawid nkyɛn twaberɛ wɔ Adulam bodan mu. Na Filistifoɔ asafo bi akyere nsraban Refaim bonhwa mu.

14 Nso ɛberɛ no mu no, na Dawid wɔ bepɔ so atenaeɛ no mu, na Filistifoɔ bansifoɔ wɔ Betlehem.

15 Na sukɔm dee Dawid, na ɔkaa sɛ: Hwan na ɔbɛma me Betlehem asubura a ɛwɔ kuro pono ho no mu nsuo anom?

16 Na nnɔmmarima baasa no te faa Filistifoɔ nsraban no mu kɔsaa Betlehem asubura a ɛwɔ kuro pono ho no mu nsuo de brɛɛ Dawid. Nanso wampɛ sɛ ɔnom, na ɔhwie gu maa AWURADE,

17 na ɔse: Ɛmpare me, AWURADE, sɛ mɛyɛ yei. Mennom mmarima a wɔde wɔn kra too wɔn nsam kɔeɛ no mogya? Na wampɛ sɛ ɔnom. Yei na nnɔmmarima baasa no yɛeɛ.

18 Na Yoab nua Seruia ba Abisai nso di baasa no mu titire. Ɔno na ɔtwee ne pea kumm nnipa ahasa, na ɔgyee din sɛ baasa no.

19 Ɔno na na ɔwɔ animuonyam kɛseɛ wɔ nnipa aduasa no mu, na ɔdi wɔn so safohene, nanso wanto akane nnipa baasa no.

20 Na Yehoiada ɔbarima a ɔfiri Kabseel a ɔyɛ mmaninneɛ a ɛso no ba Benaia kumm Moab gyatasɛefoɔ baanu; na ɔno nso siane kɔkum gyata wɔ abura mu, sukyerɛmma da bi;

21 na ɔno ara nso kɔkum Misraimni bi a ɔyɛ ɔbarima a ɔso, na Misraimni no kura pea ne nsam, na ɔde poma siane kɔɔ ne nkyɛn, na ɔhwam Misraimni no nsam pea no de ɔno ara ne pea no kumm no.

22 Yei na Yehoiada ba Benaia yɛeɛ, na ɔnyaa din nnɔmmarima baasa no mu.

23 Akunini aduasa no mu na ɔwɔ animuonyam, na akane baasa no deɛ, wanto wɔn. Na Dawid de no sii n’ankɔbeafoɔ so.

24 Yoab nua Asahel fra aduasa no mu; Dodo ba Elhanan a ɔfiri Betlehem,

25 Harodini Sama, Harodini Elika,

26 Paltini Heles, Ikes ba Ira a ɔyɛ Tekoani,

27 Anatotni Abieser, Husatni Mebunai,

28 Ahohini Salmon, Netofani Maharai,

29 Netofani Baana ba Heleb, Ribai ba Itai a ɔfiri Benyamin mma Gibea.

30 Piratonni Benaia, Hidai a ɔfiri Nahale-gaas,

31 Arabani Abi-albon, Barhumini Asmawet,

32 Saalbonni Eliahba, Yasenfoɔ no mu: Yonatan.

33 Hararini Sama, Hararini Sarar ba Ahiam,

34 Maakati ba Ahasbai ba Elifelet, Giloni Ahitofel ba Eliam,

35 Karmelni Hesro, Arbini Paarai,

36 Natan ba Yigal a ɔfiri Soba, Gadni Bani,

37 Amonni Selek, Beerotni Naharai, Seruia ba Yoab akodeɛkurani,

38 Yitrini Ira, Yitrini Gareb,

39 Hetini Uria. Wɔn nyinaa yɛ aduasa nson.

2 Samuel 24

Ɔman no kan ne ɛho asotwe

1 Na AWURADE bo huru tiaa Israel bio, na ɔhwanyan Dawid tiaa wɔn sɛ: Kɔ na kɔkan Israel ne Yuda.

2 Na ɔhene ka kyerɛɛ ɔsahene Yoab a ɔka ne ho no sɛ: Kɔkyini Israel mmusuakuo nyinaa mu firi Dan kɔsi Beer-seba, na monkan ɔman no, na menhunu ɔman no dodoɔ.

3 Na Yoab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma AWURADE wo Nyankopɔn nka ɔman no sɛdeɛ wɔteɛ yi ho mprɛha, na me wura ɔhene ani nhunu, na adɛn nti na me wura ɔhene pɛ sɛ wɔdi saa asɛm yi?

4 Nanso ɔhene asɛm no yɛɛ Yoab ne ɛdɔm no mu asafohene no so den. Na Yoab ne ɛdɔm no mu asafohene no firi ɔhene anim firii adi, sɛ wɔrekɔkan Israel man no.

5 Na wɔkɔtwaa Yordan, na wɔkɔsoɛɛ Aroer, kuro bi a ɛda Gad subonhwa no mu a ɛkyerɛ Yaser no nifa,

6 na wɔkɔɔ Gilead ne anafoɔ Hodsi asase so, na wɔkɔɔ Dan-yaan ne Sidon.

7 Na wɔduruu Tiro kuro a ɛyɛ den no ne Hewifoɔ ne Kanaanfoɔ nkuro nyinaa mu. Na wɔfiri hɔ baa Yuda anafoɔ fam wɔ Beer-seba.

8 Na wɔkyinii asase no nyinaa so, na abosome nkron ne adaduonu akyiri no, wɔbaa Yerusalem,

9 na Yoab de ɔman no anobuo no dodoɔ brɛɛ ɔhene, na Israel dɔm mu mmarima a wɔtwe nkrantɛ ano si mpem ha ahodoɔ nwɔtwe, na Yuda mmarima yɛ mpem ha ahodoɔ nnum.

10 Na Dawid kan ɔman no saa no, n’akoma bɔɔ no paripari, na Dawid ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Deɛ mayɛ yi, mayɛ bɔne pa ara, na afei AWURADE, mesrɛ wo, ma w’akoa amumuyɛ nsene nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ!

11 Na Dawid sɔree anɔpa no, AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Gad, Dawid dehununi no nkyɛn sɛ:

12 Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Adeɛ mmiɛnsa na mede mereto w’anim, fa emu baako na memfa menyɛ wo.

13 Na Gad baa Dawid nkyɛn bɛka kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛkɔm mmra w’asase so mfeɛ nson, anaasɛ wobɛdwane w’atamfoɔ a wɔpamo woɔ anim abosome mmiɛnsa, anaasɛ ɔyaredɔm mmra w’asase so nnansa? Afei hwɛ, na hunu mmuaeɛ ko a memfa mensane menkɔma deɛ ɔsomaa me no.

14 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: Me ho hiahia me sɛ! Ma yɛnhwe AWURADE nsa mu ɛ, na ne mmɔborɔhunu dɔɔso; na nnipa nsam na wɔmmma mennhweɛ.

15 Ɛnna AWURADE maa owuyadeɛ baa Israel soɔ firi anɔpa kɔsii berɛ a ɔhyɛeɛ no, na ɔman a ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba no mu nnipa mpem aduɔson wuwui.

Arauna ayuporebea afɔrebɔ

16 Na ɔbɔfoɔ no tenee ne nsa Yerusalem so sɛ ɔresɛe no no, AWURADE nuu ne ho bɔne no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔsɛe ɔman no sɛ: Ayɛ yie, pono wo nsa. Na AWURADE bɔfoɔ no aduru Yebusini Arauna ayuporebea ho.

17 Na Dawid hunuu ɔbɔfoɔ a ɔsɛe ɔman no no, ɔka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Hwɛ, me na mayɛ bɔne, na me na mafom, na nnwan yi deɛ, ɛdeɛn na wɔayɛ? Ma wo nsa mmra me ne m’agya fie so.

18 Na Gad baa Dawid nkyɛn da no bɛka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ na kɔsi afɔrebukyia ma AWURADE Yebusini Arauna ayuporebea hɔ.

19 Na Dawid nam Gad asɛm no so foro kɔe, sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no.

20 Na Arauna hwɛeɛ no, ɔhunuu ɔhene ne ne nkoa sɛ wɔresene aba ne nkyɛn. Na Arauna firii adi kɔbɔɔ ne mu ase ɔhene anim.

21 Ɛnna Arauna bisaa sɛ: Adɛn nti na me wura ɔhene reba n’akoa nkyɛn yi? Na Dawid buaa sɛ: Merebɛtɔ wo hɔ ayuporebea no, na masi afɔrebukyia mama AWURADE, na wɔasi ɔhaw no kwan afiri ɔman no so.

22 Na Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ma me wura ɔhene mfa, na ɔmmɔ afɔdeɛ sɛdeɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ. Hwɛ, ɔhyeɛ afɔrebɔ nantwie ne poreɛ nteaseɛnam ne anantwie no adwumayɛ nnua a wɔde bɛyɛ nnyina nie.

23 Ɔhene, Arauna de ne nyinaa ma ɔhene. Na Arauna ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: AWURADE wo Nyankopɔn ani nsɔ wo.

24 Na ɔhene ka kyerɛɛ Arauna sɛ: Dabi, na tɔ na mɛtɔ no wo hɔ, sɛdeɛ ne boɔ teɛ, na meremfa adeɛ kwa ara kwa memmɔ AWURADE me Nyankopɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ. Na Dawid tɔɔ ayuporebea no ne anantwie no maa dwetɛ nnwetɛbena aduonum.

25 Na Dawid sii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na AWURADE gyee mpata no maa asase no, na wɔsii ɔhaw no kwan firii Israel so.

1 Samuel 1

Samuel awoɔ

1 Na Efratini barima bi wɔ hɔ a ɔfiri Ramataim-sofim, Efraim bepɔ soɔ a ne din de Elkana, Suf ba Tohu ba Elihu ba Yeroham ba.

2 Na ɔwɔ yerenom baanu, ɔbaako din de Hana, na ɔbaako din de Penina. Na Penina wɔ mma, nanso Hana deɛ, na ɔnni ba.

3 Daa afe ɔbarima yi firi ne kurom kɔ sɛ ɔrekɔsɔre na wabɔ afɔdeɛ ama asafo AWURADE wɔ Silo. Na ɛhɔ na Eli mma baanu Hofni ne Pinehas di AWURADE asɔfoɔ.

4 Na da a Elkana bɔ afɔdeɛ no, ɔma ne yere Penina ne ne mmammarima ne ne mmammaa nyinaa kyɛfa.

5 Na Hana deɛ, ɔma no baanu kyɛfa, ɛfiri sɛ ɔdɔ Hana, nanso AWURADE ato ne yafunu mu.

6 Na ahi ara na na ne kora no yi no sɛ ɔbɛhuru ne boɔ, ɛfiri sɛ AWURADE ato ne yafunu mu.

7 Na saa na na ɔyɛ afe biara. Daa sɛ wɔforo kɔ AWURADE fie a, ɔyi no ahi saa; na ɔsu na ɔnnidi.

8 Na ne kunu Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: Hana, adɛn na wosu, na adɛn na wonnidie, na adɛn na wo bo nnwoɔ? Menyɛ memma wo nsene mmammarima du?

9 Na wɔdidiiɛ na wɔnom wieeɛ wɔ Silo no, Hana sɔreeɛ; nanso na Ɔsɔfoɔ Eli te adwa so AWURADE asɔredan ano aponnwa ho.

10 Na ne kra werɛ hoe, na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ, na ɔde yea sui.

11 Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: Asafo AWURADE, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfiri w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnneɛ mede no bɛma AWURADE ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan biara renka ne ti.

12 Na ɔgu so rebɔ mpaeɛ AWURADE anim no, Eli hwɛɛ n’ano dinn;

13 na Hana rekasa n’akoma mu, na n’ano nko na ɔbesebese, na ne nne deɛ, wɔnte. Enti Eli buu no sɛ ɔsabofoɔ.

14 Ɛnna Eli ka kyerɛɛ no sɛ: Da bɛn na wobɛboro nsa akɔsie? Yi wo nsanom firi w’ani so.

15 Na Hana buaa sɛ: Dabi, me wura, meyɛ ɔbaa werɛhoni; na bobesa ne nsa biara deɛ, mennom bi, na mahwie me kra magu AWURADE anim;

16 mfa w’abaawa nto ɔbaa huhuni bi ho, ɛfiri sɛ m’awerɛhoɔ ne m’ayamgya dodoɔ mu na makasa abɛsi sɛsɛɛ yi.

17 Ɛnna Eli buaa sɛ: Fa asomdwoeɛ kɔ, na Israel Nyankopɔn bɛma wo w’adeɛ a wosrɛɛ no ne hɔ no.

18 Na ɔkaa sɛ: Ma w’afenaa nnya w’anim adom. Ɛnna ɔbaa no sii mu kɔ kɔdidiiɛ, na n’anim nte sɛ kane no bio.

19 Na wɔsɔree anɔpatutu kɔsɔree AWURADE anim, na wɔsane baa wɔn fie Rama. Na Elkana ne ne yere Hana daeɛ, na AWURADE kaee no;

20 na afe reduro no, na Hana anyinsɛn awo ɔbabarima, na ɔtoo no din Samuel,na ɔkaa sɛ: AWURADE hɔ na mesrɛɛ no.

21 Na ɔbarima Elkana ne ne fiefoɔ nyinaa foro kɔɔ sɛ ɔrekɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ de n’aboadeɛ akɔma AWURADE.

22 Na Hana deɛ, wankɔ, na ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Gye sɛ abɔfra no atwa nufoɔ ansa na mede no akɔ, na wakɔpue AWURADE anim, na watena hɔ daa.

23 Na ne kunu Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani so, tena hɔ kɔsi sɛ wobɛtwa no nufoɔ ansa; AWURADE asɛm ara na ɔmma no nnyina. Na ɔbaa no tenaa hɔ maa ne ba nufoɔ de kɔsii sɛ ɔtwaa no.

24 Na ɔtwaa no no, ɔfaa no kaa ne ho de nantwinini a wadi mfeɛ mmiɛnsa ne esiam efa baako ne bobesa kotokuo ma de no baa AWURADE fie Silo. Na abɔfra no nnyiniiɛ.

25 Na wɔkum nantwinini no, na wɔde abɔfra no brɛɛ Eli.

26 Na ɔkaa sɛ: O me wura, sɛ wo kra te aseɛ yi, me wura, mene ɔbaa a ɔbɛgyinaa wo nkyɛn ha yi bɔɔ AWURADE mpaeɛ no.

27 Abɔfra yi ho mpaeɛ na mebɔeɛ, na AWURADE ama me adeɛ a mesrɛɛ no ne hɔ no.

28 Enti me deɛ, mede no mafɛm AWURADE; ne nna a ɔbɛtena aseɛ nyinaa mede no mafɛm AWURADE. Na ɔsɔree AWURADE wɔ hɔ.

1 Samuel 2

Hana ayeyie dwom

1 Hana nso bɔɔ mpaeɛ sɛ:

M’akoma di AWURADE mu ahurisie,

AWURADE mu na wɔama m’abɛn soɔ;

M’anomu atrɛ m’atamfoɔ so,

ɛfiri sɛ m’ani gye wo nkwagyeɛ mu.

2 Obiara nyɛ Kronkron sɛ AWURADE,

na obiara nni w’akyi,

na Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.

3 Monnkasa ahantan kasa bebree saa,

mommma asɛm denden mmfiri mo anomu,

na AWURADE ne Onyankopɔn a ɔhunu adeɛ nyinaa,

na ɔno na ɔkari nneyɛɛ.

4 Ahoɔdenfoɔ tadua bubu,

na mmerɛfoɔ deɛ, wɔde ahoɔden bɔ wɔn ho so;

5 Wɔn a wɔmee kɔdi aduane ho paa,

na pititɔfoɔ kɔm gu;

Obonini mpo awo nson,

na deɛ ɔwɔ mma bebree no yɛ ɔhokwafoɔ.

6 AWURADE na ɔkum, na ɔma nkwa;

ɔma wɔsiane kɔ Asamando, na ɔma wɔforo firi adi.

7 AWURADE ma obi di hia, na ɔma obi di yie;

ɔbrɛ onipa ase, na ɔma onipa so.

8 Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu,

na ɔma ohiani so firi sumina so,

sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu,

na wama no anya animuonyam adwa so atena.

Na asase nnyinasoɔ yɛ AWURADE dea,

na ɔde wiase asi so.

9 Ɔhwɛ n’ahotefoɔ nan so,

na abɔnefoɔ bɛtɔre mum esum mu;

na ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bɛdi nim.

10 AWURADE atamfoɔ bɛwie pasaa,

na ɔbɛma n’aprannaa abom ɔsoro agu wɔn so.

AWURADE bɛbu asase ano atɛn;

ɔde ahoɔden bɛma ne hene,

na wama deɛ wasra no no abɛn so.

Samuel wɔ AWURADE fie

11 Na Elkana kɔɔ ne fie Rama; na abɔfra no som AWURADE, Ɔsɔfoɔ Eli anim.

12 Na Eli mma no yɛ mma ahuhufoɔ; wɔmmu AWURADE.

13 Na asɔfoɔ adeɛ a wɔyɛ ɔman no ne sɛ: Sɛ obi rebɔ afɔdeɛ a, wɔrenoa nam no, na ɔsɔfoɔ no abɔfra aba, na ɔkura adinam a ano mmiɛnsa,

14 na ɔde abɛbɔ dadesɛn anaa ahina anaa ɛkyeɛ dadeɛ anaa kukuo no mu, na deɛ adinam no de bɛba nyinaa na ɔsɔfoɔ no afa; saa ara na na wɔyɛ Israelfoɔ a wɔba Silo hɔ nyinaa.

15 Nso wɔnnya nhyee sradeɛ no mmaa AWURADE no, na ɔsɔfoɔ no somfoɔ abɛka akyerɛ deɛ ɔrebɔ afɔdeɛ no sɛ: Ma nam na wɔnkɔtoto mma ɔsɔfoɔ; na ɔnnye wo hɔ nam a wɔanoa, na mmom mono.

16 Na sɛ ɔka sɛ: Ma wɔnhye sradeɛ no nwie ansa na woafa dodoɔ biara a wopɛ a, ɔka sɛ: Dabi, na ma me bi prɛko, anyɛ saa a, mɛfa no ahoɔden so.

17 Enti mmeranteɛ no bɔne soo kɛse, AWURADE anim, ɛfiri sɛ nnipa no buu AWURADE aduane afɔdeɛ no animtia.

18 Na Samuel deɛ, ɔsom AWURADE anim; ɔyɛ abɔfra a wɔde nwera asɔfotadeɛ abɔ ne mu.

19 Na ne na pam batakari kumaa bi ma no, na ɔde kɔma no daa afe a ɔne ne kunu rekɔbɔ daa afe afɔdeɛ no.

20 Na Eli hyira Elkana ne ne yere sɛ: AWURADE mma w’asefoɔ mfiri ɔbaa yi mu nsi deɛ ɔde no afɛm AWURADE yi ananmu. Afei, wɔsim kɔ wɔn kurom.

21 Na AWURADE bɛhwɛɛ Hana, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo mmammarima baasa ne mmammaa baanu. Na abɔfra Samuel no nyinii AWURADE anim.

Eli mma

22 Afei na Eli abɔ akora, na ɔtee adeɛ a na ne mma de yɛ Israel nyinaa no nyinaa ne sɛdeɛ wɔne mmaa a na wɔbɛyɛ ahyiaeɛ ntomadan ano adwuma no da.

23 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na modi saa nsɛm yi? Na mete mo nsɛmmɔne yi firi ɔman yi nyinaa anomu.

24 Dabi, me mma, na ɛnyɛ atenka pa na meteɛ yi; momma AWURADE man no fom.

25 Sɛ obi yɛ onipa bi bɔne a, Onyankopɔn bɛpata ama no; na sɛ obi yɛ AWURADE bɔne a, hwan na ɔbɛpa kyɛw ama no? Nanso wɔantie wɔn agya nne, ɛfiri sɛ na AWURADE repɛ aku wɔn.

26 Na abɔfra Samuel no kɔɔ so nyinii, na ɔyɛ AWURADE ne nnipa anim.

27 Na Nyankopɔn nipa bi baa Eli nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛnyɛ me ho adi na meyi mekyerɛɛ w’agya fie berɛ a wɔwɔ Misraim, Farao fie no,

28 na meyii no Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔmmɛdi me sɔfoɔ na ɔmmɔ m’afɔrebukyia so ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔnhye aduhwam na ɔnhyɛ asɔfotadeɛ no m’anim, na mede Israelfoɔ gya afɔdeɛ nyinaa memaa w’agya fie.

29 Adɛn nti na motiatia me kum afɔdeɛ ne m’aduane afɔdeɛ a mahyɛ sɛ wɔmmɔ no me tenabea no soɔ, na wodi wo mma ni sene me, sɛ mode me man Israel ayɛyɛdeɛ nyinaa mu adeɛ a ɛdi kan yɛne mo ho?

30 Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka nie: Mekae ampa sɛ: Wo fie ne w’agya fie nnante m’anim daa; nanso afei, deɛ AWURADE seɛ nie: Ɛmpare me koraa; na wɔn a wɔdi me ni no, mɛdi wɔn ni, na wɔn a wɔbu me animtia no bɛbɔ ahohora.

31 Hwɛ, nna bi reba a mɛtwa wo basa ne w’agya fie basa, na akɔkoraa bi renka wo fie.

32 Na sɛ wohunu yie a Onyankopɔn bɛyɛ Israel no nyinaa a, ɛbɛma wo ho ahiahia wo wɔ me tenabea hɔ, ɛfiri sɛ akɔkoraa bi renka wo fie da biara da.

33 Nanso meremma onipa mmɔ wo m’afɔrebukyia ho, na wama w’ani ayɛ samoo na wahyɛ wo kra awerɛhoɔ; na wo fie dodoɔ bɛwuwu wɔn mmeranteberɛ mu.

34 Na yei nyɛ wo deɛ ɛbɛba wo mma baanu, Hofni ne Pinehas, soɔ no ho nsɛnkyerɛnneɛ: Da koro na wɔn baanu no bɛwuwuo.

35 Na mɛma ɔsɔfoɔ nokwafoɔ so mafa, ɔbɛyɛ deɛ ɛwɔ m’akoma ne me kra mu, na mɛkyekyere efie a ɛtim hɔ mama no, na wanante deɛ masra no no anim nna nyinaa.

36 Na deɛ ɔbɛka wo fie no bɛba abɛkoto no agye dwetɛbena ne paanoo mua, na waka sɛ: Mesrɛ wo, fa me hyɛ asɔfoɔ adwuma no baako bi mu, na manya paanoo buprɛko madi.

1 Samuel 3

AWURADE yi ne ho adi kyerɛ Samuel

1 Na abɔfra Samuel som AWURADE, Eli anim. Na AWURADE asɛm ho yɛ na nna no mu, na anisoadehunu ntaa mma.

2 Na ɛberɛ no mu, ɛbaa sɛ da bi a Eli da ne daberɛ no, — nso na n’ani afiri aseɛ ayɛ kusukusu a ɔnhunu adeɛ yie, —

3 na Nyankopɔn kanea no nnya nnumiiɛ, na Samuel da AWURADE asɔredan mu, deɛ Nyankopɔn adaka no sie hɔ;

4 AWURADE frɛɛ Samuel, Samuel na ɔse: Menie.

5 Na ɔtuu mmirika kɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: Menie, na wofrɛɛ me. Na ɔse: Memfrɛɛ wo, sane kɔda. Na ɔkɔdae.

6 Na AWURADE frɛɛ no bio, Samuel; na Samuel sɔre kɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: Menie, na wofrɛɛ me. Na ɔse: Memfrɛɛ wo, me ba, sane kɔda.

7 Nso na Samuel nnya nhunuu AWURADE, na wɔnnya nyii AWURADE asɛm nkyerɛɛ no.

8 Na AWURADE kɔɔ so frɛɛ Samuel deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa; na ɔsɔre kɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: Menie, na wofrɛɛ me. Ɛnna Eli hunuu sɛ AWURADE na ɔrefrɛ abɔfra no,

9 enti Eli ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Kɔda, na sɛ ɔfrɛ wo a, ka sɛ: AWURADE, kasa na w’akoa retie. Na Samuel kɔ kɔdaa ne daberɛ.

10 Na AWURADE ba bɛgyinaa hɔ frɛɛ sɛ kane no sɛ: Samuel, Samuel! Ɛnna Samuel se: Kasa, na w’akoa retie.

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Hwɛ, merebɛyɛ biribi Israel mu a obiara a ɔbɛteɛ no aso mmienu mu bɛyɛ no kyeoo.

12 Da no na mɛma adeɛ a maka atia Eli fie nyinaa agyina firi mfitiaseɛ de kɔsi awieeɛ.

13 Na maka makyerɛ no sɛ merebu ne fie atɛn akɔsi daa, amumuyɛ no nti, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne mma retwetwe mmusuo, na wanka wɔn anim.

14 Na enti maka ntam afa Eli fie ho sɛ: Sɛ wɔde okum afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ pata ma Eli fie a, ɛrempepa wɔn amumuyɛ da biara da.

15 Na Samuel da kɔduruu anɔpa, na ɔhinihinii AWURADE fie apono no. Na Samuel suroo sɛ ɔbɛka adeɛ a ɔhunuiɛ no akyerɛ Eli.

16 Ɛnna Eli frɛɛ Samuel sɛ: Me ba Samuel. Na ɔse: Menie.

17 Na ɔkaa sɛ: Asɛm bɛn na ɔka kyerɛɛ woɔ no? Nsi me so. Sɛ wosi me asɛm a ɔka kyerɛɛ woɔ no nyinaa bi so a, Onyankopɔn ntua wo ka, na ɔmfa bi nka ho!

18 Ɛnna Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wansi no bi so. Na ɔse: Ɛyɛ AWURADE, deɛ ɛyɛ n’ani soɔ no, ɔnyɛ.

19 Na Samuel renyini no, AWURADE dii n’akyi, na asɛm biara a Samuel kaeɛ no baa mu.

20 Na Israel nyinaa, ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba hunuu sɛ wɔde Samuel asi hɔ sɛ ɔnyɛ AWURADE diyifoɔ.

21 Na AWURADE kɔɔ so yii ne ho adi Silo; na AWURADE nam AWURADE asɛm so yii ne ho kyerɛɛ Samuel wɔ Silo.

1 Samuel 4

Israelfoɔ di nkoguo

1 Na Samuel asɛm duruu Israel nyinaa nkyɛn. Na Israel tu kɔɔ sɛ wɔrekɔhyia Filistifoɔ ne wɔn akɔko; na wɔkɔkyeree nsraban Eben-eser, na Filistifoɔ nso bɛkyeree nsraban Afek.

2 Na Filistifoɔ no twaa mpasua hyiaa Israel, na ɔko no mu trɛe, na Israel dii nkoguo Filistifoɔ no anim, na wɔkumm mpasua no so nnipa bɛyɛ mpemnan.

3 Na ɔman no baa nsraban no mu no, Israel mpanin kaa sɛ: Adɛn nti na AWURADE ama yɛadi nkoguo nnɛ Filistifoɔ anim yi? Momma yɛnkɔfa AWURADE apam adaka no mfiri Silo mmra yɛn nkyɛn, na ɛmmra yɛn mu mmɛgye yɛn mfiri yɛn atamfoɔ nsam.

4 Ɛnna ɔman no soma maa wɔkɔɔ Silo kɔsoaa asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no apam adaka no baeɛ, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas, na wɔwɔ Nyankopɔn apam adaka no ho.

5 Na AWURADE apam adaka no duruu nsram hɔ no, Israel nyinaa bɔɔ ose kɛseɛ maa asase wosoe.

6 Na Filistifoɔ tee osebɔ no, wɔkaa sɛ: Hebrifoɔ nsram osebɔ kɛseɛ yi aseɛ ne sɛn? Na wɔtee sɛ AWURADE adaka no aba nsraban no mu.

7 Ɛnna Filistifoɔ no suroeɛ, na wɔse: Onyankopɔn aba nsraban no mu. Na wɔkaa sɛ: Buei, yɛnnue! Na ɛmmaa sɛɛ pɛn.

8 Buei, yɛnnue! Hwan na ɔbɛyi yɛn afiri anyame atumfoɔ yi nsam? Yeinom ne anyame a wɔde haw nyinaa haa Misraim ɛserɛ so no.

9 Mo Filistifoɔ, monyɛ den, na monyɛ mmarima, na moansom Hebrifoɔ sɛdeɛ wɔsom mo no; enti monyɛ mmarima na monko.

10 Na Filistifoɔ no koe, na Israel dii nkoguo, na wɔn nyinaa dwanedwane kɔɔ wɔn ntomadan mu. Na ɛyɛɛ okunkɛseɛ sɛ, na Israel mu nnipa a wɔnam anammɔn mu mpem aduasa totɔe.

11 Na Nyankopɔn adaka no, wɔfae, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas nso totɔe.

12 Na Benyaminni bi firi mpasua no mu tutuu mmirika baa Silo da no ara, na n’atadeɛ asunsuane, na dɔteɛ gu n’atifi.

13 Na ɔduruiɛ no, na hwɛ, Eli te adwa so kwankyɛn rehwɛ kwan; na Nyankopɔn adaka no nti na ne bo ntɔ ne yam. Na ɔbarima no ba bɛkae, na kuro mu no nyinaa sui.

14 Na Eli tee esu no, ɔkaa sɛ: Hooyɛ gyegyeegye yi aseɛ ne sɛn? Na ɔbarima no yɛɛ ntɛm bɛka kyerɛɛ Eli.

15 Nso na Eli adi mfeɛ aduɔkron nwɔtwe, na n’ani so ayɛ wisiwisi, na ɔnhunu adeɛ yie.

16 Na ɔbarima no ka kyerɛɛ Eli sɛ: Mene deɛ ɔfiri mpasua mu baeɛ no. Ɛnnɛ na mefiri mpasua no mu medwaneeɛ. Na ɔse: Asɛm no te sɛn, me ba?

17 Na ɔbɔfoɔ no buaa sɛ: Israel adwane Filistifoɔ anim, na wɔakum ɔman no mu nnipa pii nso, na wo mma baanu no, Hofni ne Pinehas, nso atotɔ, na Nyankopɔn adaka no, wɔafa.

18 Na ɔbɔɔ Nyankopɔn adaka no din no, ɔfiri n’adwa so muni faa n’akyi hwee ɛpono kɛseɛ no ho, na ne kɔn mu bui, na ɔwui, ɛfiri sɛ na ɔyɛ akɔkoraa a ne mu yɛ duru. Na wabu Israel atɛn mfeɛ aduanan.

19 Na n’ase, Pinehas yere, anyinsɛn a n’awoɔ reyɛ adu. Na ɔtee nsɛm no sɛ wɔafa Nyankopɔn adaka, na n’ase ne ne kunu awuwuo no, ɔkoto woe, na n’awoko yea kutaa no.

20 Na ɔregyaa mu no, mmaa a wɔgyinagyina ne nkyɛn no ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na ɔbarima na woawoɔ yi. Nanso wammua, na wammu.

21 Na ɔtoo abɔfra no din Ikabod,na ɔkaa sɛ: Fa a wɔafa Nyankopɔn adaka no ne n’ase ne ne kunu nti, animuonyam afiri Israel kɔ.

22 Enti na ɔse: Animuonyam apa afiri Israel, ɛfiri sɛ wɔafa Nyankopɔn adaka no.

1 Samuel 5

Nyankopɔn adaka no si Dagon fie

1 Ɛberɛ a Filistifoɔ no faa Nyankopɔn adaka no, wɔde firi Eben-eser kɔɔ Asdod.

2 Na Filistifoɔ no de Nyankopɔn adaka no kɔɔ Dagon fie, na wɔde kɔsii Dagon nkyɛn.

3 Na adeɛ kyeeɛ no, Asdodfoɔ sɔree anɔpatutu, na hwɛ, na Dagon ahwe ase a n’anim butu fam, AWURADE adaka no anim. Na wɔmaa Dagon so de no sii ne sibea.

4 Na adeɛ kyeeɛ a wɔsɔree anɔpatutu no, na hwɛ, Dagon ahwe ase a n’anim butu fam, AWURADE adaka no anim, na Dagon tiri ne ne nsa mmienu abubu gugu aponnwa aseɛ deɛ no so, na Dagon kuntusini nko na aka.

5 Yei nti na Dagon asɔfoɔ ne wɔn a wɔba Dagon fie nyinaa ntia aponnwa aseɛ deɛ no so wɔ Asdod de bɛsi nnɛ.

6 Na AWURADE nsa yɛɛ duru Asdodfoɔ so, na ɔsɛee wɔn, na ɔde mpɔmpɔ bobɔɔ wɔn, Asdod ne ɛho nkurowa.

7 Na nnipa a wɔtete Asdod no hunuu sɛ ɛte saa no, wɔkaa sɛ: Mommma Israel Nyankopɔn adaka no nntena yɛn nkyɛn, ɛfiri sɛ ne nsa yɛ yɛn ne yɛn nyame Dagon so den papa.

8 Na wɔsoma maa wɔkɔhyiahyiaa Filistifoɔ asafohene nyinaa baa wɔn nkyɛn kaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn adaka no? Na wɔse: Wɔnsoa Israel Nyankopɔn adaka no nkɔ Gat. Na wɔsoaa Israel Nyankopɔn adaka no kɔɔ hɔ.

9 Na wɔsoa kɔeɛ no, AWURADE nsa baa kuro no so, ebumbɔ kɛseɛ pa ara, na ɔbobɔɔ kuro no mufoɔ nketewa ne akɛseɛ nyinaa na mpɔmpɔ sisii wɔn.

10 Na wɔmaa wɔde Nyankopɔn adaka no kɔɔ Ekron. Na wɔde Nyankopɔn adaka no duruu Ekron no, Ekronfoɔ no teaa mu sɛ: Wɔde Israel Nyankopɔn adaka no aba yɛn nkyɛn de rebɛku yɛn ne yɛn man!

11 Na wɔsoma maa wɔkɔhyiahyiaa Filistifoɔ asafohene nyinaa boaa ano, na wɔkaa sɛ: Momma wɔmfa Israel Nyankopɔn adaka no nsane nkɔ ne siberɛ, na ankuku yɛn ne yɛn man. Na owuo anikrakra baa kuro no mu nyinaa, na Nyankopɔn abufuo baa hɔ.

12 Na nnipa a wɔanwuo no, mpɔmpɔ sisii wɔn, na kuro no su sɔre kɔɔ ɔsoro.

1 Samuel 6

Wɔde Nyankopɔn adaka no sane brɛ Israelfoɔ

1 AWURADE adaka no dii Filistifoɔ asase so abosome nson.

2 Ɛnna Filistifoɔ frɛfrɛɛ asɔfoɔ ne akɔmfoɔ sɛ: Yɛnyɛ AWURADE adaka yi dɛn? Monkyerɛ yɛn adekodeɛ a yɛmfa nka ho nkɔ ne siberɛ.

3 Na wɔkaa sɛ: Sɛ morema wɔde Israel Nyankopɔn adaka no akɔ a, mommma wɔmmfa no hunu nnkɔ, na mmom momfa asodie afɔdeɛ nka ho nkɔ. Ɛno ansa na wɔbɛsa mo yadeɛ, na mobɛhunu deɛ enti a ne nsa mfiri mo soɔ yi.

4 Na wɔkaa sɛ: Asodie afɔdeɛ bɛn na yɛmfa mma? Na wɔse: Momfa sika na wɔnyɛ no sɛ mpɔmpɔ nnum ne sika nkura nnum, sɛdeɛ Filistifoɔ asafohene ano sie, ɛfiri sɛ ɔhaw koro no ara na ɛwɔ mo nyinaa ne mo asafohene soɔ.

5 Enti monyɛ mo mpɔmpɔ no nsɛsoɔ ne mo nkura a wɔsɛe mo asase no nsɛsoɔ, na momfa animuonyam mma Israel Nyankopɔn: Ebia ne nsa bɛyɛ hare afiri mo ne mo anyame ne mo asase so.

6 Na adɛn nti na moyɛ mo akoma denden sɛdeɛ Misraimfoɔ ne Farao yɛɛ wɔn akoma denden no? Ɛnyɛ sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔn adeɛ wieeɛ no ansa na wɔregya wɔn kwan ama wɔakorɔ?

7 Na afei monyɛ teaseɛnam foforɔ, na momfa anantwibereɛ mmienu a wɔma nufoɔ a kɔnnua nkɔɔ wɔn so da, na momfa anantwie no nsesa teaseɛnam no, na montete wɔn mma mfiri wɔn ho nkɔ fie;

8 na momfa AWURADE adaka no nsi teaseɛnam no so, na momfa sika nnwinneɛ a mode rekɔyɛ asodie afɔdeɛ ama no no ngu adakawa mu mfa nsi nkyɛn, na monnya no kwan na ɛnkɔ.

9 Na monhwɛ, sɛ ɛfa ɛno ara ne hyeɛ so kwan foro kɔ Bet-semes a, ɛnneɛ na ɔno na ɔyɛ yɛn bɔne kɛseɛ yi; na sɛ anyɛ saa a, na yɛahunu sɛ ɛnyɛ ɔno na ne nsa ha yɛn, na asiane bi na asiane yɛn.

10 Na nnipa no yɛɛ saa, na wɔfaa anantwie mmienu a wɔma nufoɔ de wɔn sesaa teaseɛnam no, na wɔtoo wɔn mma mu wɔ efie;

11 na wɔde AWURADE adaka no sii teaseɛnam no so, na wɔde adakawa a sika nkura ne wɔn mpɔmpɔ nsɛsoɔ no wɔ mu no kaa ho.

12 Na anantwie no faa kwan tee kɔɔ Bet-semes kwan so; wɔnam ɔtempɔn koro so, na wɔrekorɔ no na wɔde su, na wɔammane ankɔ nifa anaa benkum; na Filistifoɔ asafohene no dii wɔn akyi kɔduruu Bet-semes hyeɛ so.

13 Nso na Bet-semesfoɔ retwa wɔn ayuo bonhwa mu; na wɔmemaa wɔn ani so hunuu adaka no, na ne hunu no yɛɛ wɔn anigyeɛ.

14 Na teaseɛnam no duruu Bet-semesni Yosua afuo mu na ɛgyinaa hɔ; nso na ɔbo kɛseɛ bi wɔ hɔ; na wɔpaepaee teaseɛnam no nnua, na wɔde anantwie no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE.

15 Na Lewifoɔ no yii AWURADE adaka no ne adakawa a ɛka ho a sika nnwinneɛ no wɔ mu no sisii ɔbo kɛseɛ no so; na Bet-semesfoɔ no bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wɔkunkum okum afɔdeɛ da no ara maa AWURADE.

16 Na Filistifoɔ asafohene baanum no hunuiɛ no, wɔsane kɔɔ Ekron da no ara.

17 Na yeinom ne sika mpɔmpɔ a Filistifoɔ de yɛɛ asodie afɔdeɛ de brɛɛ AWURADE no: Asdod deɛ baako, Gasa deɛ baako, Askelon deɛ baako, Gat deɛ baako, Ekron deɛ baako;

18 ne sika nkura no, sɛdeɛ Filistifoɔ nkuro a ɛyɛ asafohene baanum no deɛ ano sie no, ɛfiri nkuro a wɔatoto ho afasuo soɔ de kɔsi petee mu nkuraa so. Na adanseɛ ne ɔbo kɛseɛ a wɔde AWURADE adaka no sii soɔ no, na ɛwɔ Bet-semesni Yosua afuo mu bɛduru nnɛ da yi.

19 Na ɔkumm Bet-semesfoɔ no mu bi sɛ wɔahwɛ AWURADE adaka no mu, na ɔkumm ɔman no mu nnipa aduɔson ne nnipa mpem aduonum. Na ɔman no dii abooboo sɛ AWURADE de ekum kɛseɛ akum ɔman no mu nnipa bie.

20 Na Bet-semesfoɔ no kaa sɛ: Hwan na ɔbɛtumi agyina AWURADE, Onyankopɔn kronkronni yi anim, na hwan nkyɛn na ɔmfiri yɛn nkyɛn nkorɔ?

21 Na wɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Kiriat-yearimfoɔ nkyɛn sɛ: Filistifoɔ de AWURADE adaka no aba, na mommɛfa nkɔ mo nkyɛn.

1 Samuel 7

1 Na Kiriat-yearimfoɔ ba bɛfaa AWURADE adaka no de foro kɔɔ Abinadab fie, kokoɔ no so, na wɔdwiraa ne ba Eleasa sɛ ɔnhwɛ AWURADE adaka no so.

Israelfoɔ ahonu wɔ Mispa

2 Na adaka no baa Kiriat-yearim no, ɛkyɛree wɔ hɔ; ɛdii mfirinhyia aduonu. Na Israel fie nyinaa dii abooboo hwehwɛɛ AWURADE akyiri kwan.

3 Na Samuel ka kyerɛɛ Israel fie nyinaa sɛ: Sɛ mode mo akoma nyinaa resane aba AWURADE nkyɛn a, ɛnneɛ monyi ananafoɔ anyame ne Astarot no mfiri mo mu, na monsiesie mo akoma mma AWURADE, na monsom ɔno nko ara, na ɔbɛyi mo Filistifoɔ nsam.

4 Ɛnna Israelfoɔ no yii Baalim ne Astarot, na wɔsomm AWURADE nko ara.

5 Na Samuel kaa sɛ: Monhyia Israel nyinaa mmra Mispa, na memmɔ AWURADE mpaeɛ memma mo.

6 Na wɔbɛhyiaa wɔ Mispa, na wɔsaa nsuo hwie guu AWURADE anim, na wɔdii abuada da no, na wɔkaa no ɛhɔ sɛ: Yɛayɛ AWURADE bɔne. Na Samuel buu Israelfoɔ atɛn Mispa.

7 Na Filistifoɔ tee sɛ Israelfoɔ akɔhyia Mispa no, Filistifoɔ asafohene foro baa Israel so. Na Israelfoɔ teeɛ no, wɔsuroo Filistifoɔ no.

8 Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nnyae osu a woresu afrɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ama yɛn no, na ɔnnye yɛn Filistifoɔ nsam.

9 Na Samuel faa odwanten ba a ɔnum de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mu maa AWURADE; na Samuel su frɛɛ AWURADE maa Israel, na AWURADE gyee no so.

10 Na Samuel rebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, Filistifoɔ no twe pinii sɛ wɔne Israel rebɛko, na AWURADE paepaee aprannaa akɛseɛ guu Filistifoɔ no so da no, na ɔkaa wɔn gui maa wɔtotɔe Israel anim.

11 Na Israel mmarima firii adi firii Mispa kɔpamm Filistifoɔ no, na wɔkunkumm wɔn ara kɔsii Bet-kar ase.

12 Ɛnna Samuel faa ɔboɔ baako de sii Mispa ne Sen ntam, na ɔtoo no din Eben-eserkaa sɛ: Ɛha na AWURADE aboa yɛn abɛsie.

13 Na wɔbrɛɛ Filistifoɔ no ase, na wɔankɔ so amma Israel hyeɛ mu bio; na AWURADE nsa daa Filistifoɔ so Samuel nna nyinaa mu.

14 Na wɔdanee nkuro a Filistifoɔ agye no Israel nsam no maa Israel, ɛfiri Ekron kɔsi Gat, na ɛho asase nso, Israel gyee Filistifoɔ nsam. Na asomdwoeɛ baa Israelfoɔ ne Amorifoɔ ntam.

Samuel atemmuo adwuma

15 Na Samuel buu Israel atɛn ne nkwa nna nyinaa.

16 Na afe afe biara na ɔkyini kɔ Betel ne Gilgal ne Mispa, na ɔbu Israel nyinaa atɛn nkuro yi nyinaa mu.

17 Na ɔsane ba Rama, na ɛhɔ na na ne fie wɔ, na ɔbu Israel atɛn hɔ; na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa AWURADE.