2 Samuel 2

Dawid di Yuda so hene

1 Na yei akyiri no Dawid bisaa AWURADE sɛ: Memforo nkɔ Yuda nkuro bi mu anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ! Na Dawid kaa sɛ: Ɛhe na memforo nkɔ? Na ɔse: Hebron.

2 Ɛnna Dawid kɔɔ hɔ, ɔne ne yerenom baanu no nso, Yesreelni Ahinoam ne Abigail, Karmelni Nabal kunafoɔ no.

3 Na Dawid de mmarima a wɔne no nam no nso ne wɔn fiefoɔ bae, na wɔbɛtenaa Hebron nkuro mu.

4 Ɛnna Yuda mmarima ba bɛsraa Dawid ngo sii no Yuda fie so hene wɔ hɔ.

Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Yabes-gileadfoɔ na wɔsiee Saulo.

5 Dawid somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Yabes-gileadfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE nhyira nka mo sɛ moayɛ mo wura Saulo adɔeɛ sɛɛ, na moasie no.

6 Na afei AWURADE ne mo nni no adɔeɛ ne nokorɛ so, na sɛ moayɛ saa adeɛ yi nti, me nso mɛyɛ mo saa yie yi bi.

7 Na afei monhyɛ mo abasam den, na monyɛ mo ho mmarima, na mo wura Saulo awu, nanso Yuda fie asra me ngo asi wɔn so hene.

Isboset di Israel so hene

8 Na Saulo safohene Abner, Ner ba faa Saulo ba Isboset de no twa kɔɔ Mahanaim,

9 na ɔde no yɛɛ Gilead ne Asurfoɔ ne Yesreel ne Efraim ne Benyamin ne Israel nyinaa so hene.

10 Saulo ba Isboset bɛdii Israel so hene no, na wadi mfirinhyia aduanan, na ɔdii hene mfeɛ mmienu. Nanso, Yuda fie deɛ wɔdii Dawid akyi.

11 Na nna a Dawid dii Yuda fie so hene Hebron no ano si mfirinhyia nson ne abosome nsia.

12 Na Ner ba Abner ne Saulo ba Isboset nkoa tu firii Mahanaim baa Gibeon.

13 Na Seruia ba Yoab ne Dawid nkoa tu kɔe, na wɔhyia boaboaa wɔn ano wɔ Gibeon tadeɛ ho, yeinom boa ɔtadeɛ no fa ha, na yeinom boa ɔtadeɛ no fa ha.

14 Na Abner ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Ma mmeranteɛ no nsɔre nko wɔ yɛn anim ɛ! Na Yoab kaa sɛ: Wɔnsɔre ɛ!

15 Ɛnna wɔbuu wɔn ano sɔre kɔeɛ: Benyamin ne Saulo ba Isboset deɛ dummienu ne Dawid nkoa mu dummienu.

16 Na wɔn nyinaa sosɔɔ wɔn mfɛfoɔ ti de wɔn nkrantɛ wowɔɔ wɔn mfɛfoɔ mfem, na wɔtotɔɔ prɛko. Enti wɔfrɛ hɔ sɛ Helkat-hasurima ɛwɔ Gibeon.

17 Na ɔko no mu yɛɛ den sɛ biribi da no, na Abner ne Israel mmarima no dii nkoguo Dawid nkoa no anim.

Abner kum Asahel

18 Na Seruia mma baasa, Yoab, Abisai ne Asahel wɔ hɔ. Na Asahel nan ase yɛ hare sɛ wiram ɔtwe.

19 Na Asahel pamm Abner, na wammane ankɔ nifa anaa benkum amfiri Abner akyi.

20 Ɛnna Abner hwɛɛ n’akyire, na ɔkaa sɛ: Wo Asahel nie? Na ɔse: Mene no.

21 Na Abner ka kyerɛɛ no sɛ: Mane fa wo nifa anaa wo benkum kɔkyere mmeranteɛ no mu bi na gye n’asadeɛ fa! Na Asahel ampɛ sɛ ɔbɛsane afiri n’akyire.

22 Na Abner kɔɔ so ka kyerɛɛ Asahel bio sɛ: Sane firi m’akyiri kɔ! Adɛn nti na memmɔ wo nhwe fam? Na mɛtumi mama m’ani so makyerɛ wo nua Yoab sɛn?

23 Nanso wampɛ sɛ ɔsane. Ɛnna Abner de ne pea to wɔɔ ne yafunu mu, na pea no hwiree n’akyi, na ɔhwee hɔ wuu hɔ ara. Na obiara a ɔduruu deɛ Asahel wuiɛ hɔ no, ɔgyinae komm.

24 Na Yoab ne Abisai tii Abner. Na owia rekɔtɔ no, na wɔduruu Ama kokoɔ a ɛda Gia anim Gibeon serɛ so kwan ho no so.

25 Na Benyaminfoɔ boaboaa wɔn ano gyinaa Abner akyi yɛɛ ekuo baako, na wɔkɔgyinaa kokoɔ bi atifi.

26 Na Abner bisaa Yoab sɛ: Nkrantɛ nsɛe adeɛ nkɔsi da bɛn? Wonnim sɛ akyire bɛyɛ ɔtan? Na ɛnkɔsi da bɛn ansa na woaka akyerɛ w’asraafoɔ no sɛ wɔnsane mfiri wɔn nuanom akyi?

27 Na Yoab se: Sɛ Onyankopɔn te aseɛ yi, sɛ woankasa a, anka ɛfiri anɔpa na mmarima no asan afiri wɔn nuanom akyi die.

28 Ɛnna Yoab hyɛnee totorobɛnto no na mmarima no nyinaa gyinae, na wɔantaa Israel bio, nso wɔankɔ so anko bio.

29 Na Abner ne ne mmarima no faa mpaperɛ so nam anadwo no nyinaa twaa Yordan nam Bitron nyinaa kɔɔ Mahanaim.

30 Na Yoab sane firii Abner akyi, na ɔboaboaa ɔman no nyinaa ano no, na aka Dawid nkoa no mu dunkron ne Asahel.

31 Na Dawid nkoa no akunkum Benyamin ne Abner mmarima no mu nnipa ahasa aduosia.

32 Na wɔsoaa Asahel kɔsiee no n’agya da a ɛwɔ Betlehem no mu. Na Yoab ne ne mmarima no nam anadwo no nyinaa, na adeɛ kyee wɔn Hebron.

2 Samuel 3

Dawid mma

1 Na akodie daa Saulo fie ne Dawid fie ntam kyɛreeɛ. Na Dawid deɛ, ɔkɔɔ so yɛɛ den ara, nanso Saulo fie deɛ, wɔkɔɔ so hodwoe ara.

2 Na wɔwoo mmammarima maa Dawid wɔ Hebron. N’abakan ne Amnon a Yesreelni Ahinoam woo no no.

3 Na deɛ ɔtɔ so mmienu ne Kileab a Abigail, Karmelni Nabal kunafoɔ no woo no no. Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa Maaka ba.

4 Na deɛ ɔtɔ so nnan ne Hagit ba Adoniya. Na deɛ ɔtɔ so nnum ne Abital ba Sefatia.

5 Na deɛ ɔtɔ so nsia ne Dawid yere Egla ba Yitream. Yeinom na wɔwoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron.

Abner atirisopam ne ne wuo

6 Na ɛberɛ a na akodie da Saulo fie ne Dawid fie ntam no, Abner yɛɛ ne ho kɛseɛ wɔ Saulo fie ara.

7 Nso na Saulo wɔ mpena bi a ne din de Rispa a ɔyɛ Aya babaa. Na Isboset ka kyerɛɛ Abner sɛ: Adɛn nti na wokɔ m’agya mpena ho?

8 Na Isboset asɛm no hyɛɛ Abner abufuo kɛseɛ maa ɔkaa sɛ: Adɛn, ɔkraman ne me na mama Yuda de me adi asie, sɛ ɛbɛsi nnɛ mayɛ w’agya Saulo fie, ne nuanom ne ne namfonom adɔeɛ a menyii wo nhyɛɛ Dawid nsa, na nso worepɛ kwaadu a ɛte saa abɔ me wɔ ɔbaa yi ho?

9 Saa na Onyankopɔn nyɛ Abner na saa na ɔnkɔ so nyɛ no, sɛdeɛ AWURADE kaa Dawid ntam no, saa na mɛyɛ mama no,

10 sɛ wɔbɛma ahennie no afiri Saulo fie, na wɔde Dawid ahennwa asi Israel ne Yuda so, afiri Dan akɔsi Beer-seba.

11 Ɛsiane sɛ na Isboset suro no nti, wantumi ammua Abner asɛm biara bio.

12 Na Abner somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔbisaa sɛ: Hwan na asase yi wɔ no? Nso ɔkaa sɛ: Ɛne me mpam. Na hwɛ, mɛboa wo ama Israel nyinaa adane aba wo nkyɛn.

13 Na ɔkaa sɛ: Wiɛ, me ne wo bɛpam. Na adeɛ baako pɛ na merebisa no wo hɔ sɛ: Nhunu m’anim gye sɛ wode Saulo babaa Mikal ba ansa na woaba abɛhwɛ m’anim.

14 Na Dawid somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Saulo ba Isboset nkyɛn kɔkaa sɛ: Fa me yere Mikal a mede Filistifoɔ mmarima ano ha megyee no awadeɛ no brɛ me.

15 Na Isboset soma maa wɔkɔfaa no firi ne kunu Lais ba Paltiel nkyɛn.

16 Na ne kunu no ne no kɔe, na ɔde esu dii n’akyiri ara kɔduruu Bahurim. Ɛnna Abner ka kyerɛɛ no sɛ: Sane kɔ! Na ɔsaneeɛ.

17 Na Abner ne Israel mpanimfoɔ kasaa sɛ: Mmerɛ a atwam no na morehwehwɛ Dawid sɛ ɔmmɛdi mo so hene.

18 Na afei monyɛ ɛ: Ɛfiri sɛ AWURADE aka akyerɛ Dawid sɛ: M’akoa Dawid nsa na mede bɛgye me man Israel, Filistifoɔ ne wɔn atamfoɔ nyinaa nsam.

19 Na Abner kasa guu Benyamin aso mu nso, na Abner kɔe nso kɔkaa adwene pa a Israel ne Benyamin fie nyinaa afa no guu Dawid aso mu wɔ Hebron.

20 Na Abner baa Dawid nkyɛn Hebron a nnipa aduonu ka ne ho. Na Dawid too Abner ne mmarima a wɔka ne ho no pono.

21 Na Abner ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Mɛsɔre makɔ makɔboaboa Israel nyinaa ano mabrɛ me wura, na wɔne wo apam, na woadi wɔn a wopɛ nyinaa so hene. Na Dawid gyaa Abner kwan, maa no kɔɔ asomdwoeɛ mu.

22 Na hwɛ, Dawid mmarima no ne Yoab firii akofoɔ asafo mu bae, na wɔde asadeɛ pii nso bae. Na Abner nni Dawid nkyɛn Hebron, ɛfiri sɛ wagya no kwan ma no kɔ dwoodwoo.

23 Na Yoab ne dɔm a wɔka ne ho nyinaa baeɛ no, wɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: Ner ba Abner aba ɔhene nkyɛn, na wagya no kwan, ma ɔkɔ asomdwoeɛ mu.

24 Na Yoab baa ɔhene nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Hwɛ, Abner aba wo nkyɛn, adɛn nti na woagya no kwan na ɔkorɔ yi?

25 Wonim Ner ba Abner sɛ ɔbaa sɛ ɔrebɛdaadaa woɔ, na wahunu wo korɔ ne wo ba, na wahunu deɛ woreyɛ nyinaa.

26 Na Yoab firii adi firii Dawid nkyɛn, na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔtii Abner, na wɔde no firii Sira abura ho sane bae. Na Dawid deɛ, na ɔnnim.

27 Na Abner sane baa Hebron no, Yoab de no mane kɔɔ kuro pono no mu, sɛ ɔne no rekɔkasa kokoam; ɛhɔ na ne nua Asahel mogya nti ɔkɔwɔɔ ne yafunum sekan maa no wuiɛ.

28 Na ɛno akyi Dawid teeɛ, na ɔkaa sɛ: Me ne m’ahennie di Ner ba Abner mogya ho bem AWURADE anim daa.

29 Wɔmma no mmua Yoab atifi ne n’agya fie nyinaa so, nanso wɔmmma onipa a ɔwɔ babaso anaa ɔkwatani anaa deɛ ɔtwere poma so anaa deɛ ɔtɔ nkrantɛ ano anaa deɛ aduane bɔ no mmpa Yoab fie da.

30 Na Yoab ne ne nua Abisai dii Abner awu, ɛfiri sɛ ɔkum wɔn nua Asahel Gibeon ko no mu.

31 Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɛ: Monsunsuane mo ntadeɛ mu na momfira ayitoma na montwa adwo ma Abner. Na Ɔhene Dawid dii funnaka no akyi.

32 Na wɔkoraa Abner wɔ Hebron. Na ɔhene maa ne nne so suu Abner da so, na ɔman no nyinaa sui.

33 Na ɔhene bee Abner ho kwadwom yi sɛ:

Ogyegyentwie wuo na Abner awuo yi?

34 Wɔankyekyere wo nsa da,

na wɔanto wo nan mpokyerɛ da.

Sɛ wɔtɔ amumuyɛ mma anim

na woatɔ yi.

Na ɔman no nyinaa kɔɔ so suu no bio.

35 Na ɔman no nyinaa baa sɛ wɔrebɛkorɔkorɔ Dawid ama no adidi, na owia da so wɔ hɔ no, Dawid kaa ntam sɛ: Sei na Onyankopɔn nyɛ me na ɔnkɔ so nyɛ, sɛ mede aduane anaa biribiara meka m’ano ansa na owia akɔtɔ a!

36 Na ɔman no nyinaa hunui, na ɛyɛɛ wɔn anisɔ. Adeɛ a ɔhene yɛeɛ nyinaa yɛɛ ɔman no nyinaa anisɔ.

37 Na ɔman no nyinaa ne Israel nyinaa hunuu da no, sɛ ɛmfiri ɔhene na wɔkum Ner ba Abner.

38 Na ɔhene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monnim sɛ ɔsafohene ne onipa kɛseɛ atɔ nnɛ da yi, Israel?

39 Na me deɛ, ɛnnɛ meyɛ mmerɛ, na wɔasra me asi me hene, na mmarima yi, Seruia mma yi yɛ den ma me. AWURADE ntua deɛ ɔyɛ bɔne so ka sɛdeɛ ne bɔne teɛ.

2 Samuel 4

Wɔdi Isboset awu

1 Na Saulo ba Isboset tee sɛ Abner awu Hebron no, ne nsam goe, na Israel nyinaa bo tui.

2 Na Saulo ba no wɔ mmarima baanu a wɔyɛ no asafohene, ɔbaako din de Baana, na deɛ ɔka ho no din de Rekab, wɔyɛ Beerotni Rimon mma a wɔfiri Benyamin mma mu. Na wɔbu Beerotfoɔ nso fra Benyaminfoɔ mu.

3 Na Beerotfoɔ no dwane kɔɔ Gitaim kɔyɛɛ hɔ ahɔhoɔ de bɛsi nnɛ.

4 Na Saulo ba Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ɔyɛ apakye. Saulo ne Yonatan ho asɛm no firii Yesreel baeɛ no, na wadi mfeɛ nnum, na ne bagyegyefoɔ maa no so dwanee. Na ɔreyɛ ntɛm adwane no, ɔhwee ase, na ɔtɔɔ apakye. Na ne din de Mefiboset.

5 Na Beerotni Rimon mma Rekab ne Baana sii mu baa Isboset fie awia ketee, nso na wada awianna.

6 Na hwɛ, na efie hɔ pono wɛmfoɔ no reporo ayuo, na n’ani akum ama wada; enti Rekab ne ne nua Baana yɛɛ nwaa hyɛnee mu.

7 Na wɔduruu ɛdan no mu, na ɔno nso da mpa so, ne dabekyire no, wɔwɔɔ no sekan kumm no, na wɔtwaa ne ti, na wɔde ne tiri no nam Yordan bonhwa kwan anadwo no nyinaa kɔe.

8 Na wɔde Isboset tiri no brɛɛ Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ, wo tamfo Saulo ba Isboset a anka ɔrehwehwɛ wo aku woɔ no tiri nie, na ɛnnɛ da yi AWURADE atɔ Saulo ne n’asefoɔ so were ama me wura ɔhene.

9 Nanso Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE a ɔgyee me kra ahohiahia nyinaa mu te aseɛ yi,

10 deɛ ɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, Saulo awu, na ɛyɛɛ n’ani so sɛ asɛmpa na ɔde abrɛ me no, mekyeree no mekumm no Siklag, mede metuaa no n’asɛm no so ka,

11 na nkantom sɛ nnipa bɔne adi onipa tenenee awu ne fie, ne mpa soɔ, na afei, meremmisa ne mogya mo nsam, na merenyi mo mfiri asase so anaa?

12 Na Dawid hyɛɛ ne mmeranteɛ no maa wɔkumm wɔn, na wɔtwitwaa wɔn nsa ne wɔn nan de sensɛnee ɔtareɛ a ɛwɔ Hebron no ho. Na Isboset tiri no deɛ, wɔfae, na wɔsiee wɔ Abner da mu Hebron.

2 Samuel 5

Dawid di Israel nyinaa so

1 Ɛnna Israel mmusuakuo nyinaa baa Dawid nkyɛn wɔ Hebron bɛkaa sɛ: Yɛn nie, wo bogya ne yɛn.

2 Nso akane no a na Saulo di yɛn so hene no, wone deɛ na ɔde Israel firi adie na ɔde wɔn ba mu; na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛne me man Israel, na wo na wobɛdi Israel so hene.

3 Na Israel mpanimfoɔ nyinaa baa ɔhene nkyɛn Hebron, na Ɔhene Dawid ne wɔn pamee wɔ Hebron, AWURADE anim, na wɔsraa Dawid ngo de no sii Israel so hene.

4 Dawid bɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduasa, na ɔdii hene mfirinhyia aduanan.

5 Ɔdii Yuda so hene wɔ Hebron mfeɛ nson ne abosome nsia, na ɔdii Israel ne Yuda nyinaa so hene mfeɛ aduasa mmiɛnsa wɔ Yerusalem.

6 Na ɔhene ne ne mmarima kɔɔ Yerusalem kɔtuaa Yebusifoɔ a na wɔte asase no soɔ no, na Yebusifoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Woremma ha, na nnipa a wɔyɛ mmrɛ te sɛ anifirafoɔ ne mpakye mpo bɛsi wo kwan. Na wɔdwene sɛ, Dawid rentumi nhyɛne mu hɔ.

7 Nanso Dawid faa Sion aban no a ɛne Dawid kuro no.

8 Na Dawid kaa no ɛda no sɛ: Obiara a ɔbɛkum Yebusifoɔ no, ɛsɛ sɛ ɔkɔduru nsuka no ho, na wɔato ahyɛ mpakye ne anifirafoɔ a Dawid kra tan wɔn no so! Enti na wɔka sɛ: Onifirani ne apakye mmma fie.

9 Na Dawid tenaa aban no mu, na ɔfrɛɛ no Dawid kuro. Na Dawid totoo ɛho afasuo hyiae firi Milo ne emu fam.

10 Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛseɛ ara, na AWURADE, asafo Nyankopɔn, dii n’akyi.

11 Na Tirohene Hiram somaa abɔfoɔ maa wɔde ntweneduro nnua ne nnuasenfoɔ ne abantofoɔ baa Dawid nkyɛn na wɔkyekyeree efie maa Dawid.

12 Na Dawid hunuu sɛ AWURADE de no asi Israel so hene pintinn na ne man Israel nti wama n’ahennie so.

13 Na Dawid firi Hebron baeɛ akyiri no, ɔfefaa mpena na ɔwarewaree yerenom pii firii Yerusalem, na wɔwowoo mmammarima ne mmammaa maa no bio.

14 Na wɔn a wɔwoo wɔn maa Dawid wɔ Yerusalem no din nie: Samua, Sobab, Natan, Salomo,

15 Yibhar, Elisua, Nefeg, Yafia,

16 Elisama, Eliada ne Elifelet.

Wɔdi Filistifoɔ so nkonim

17 Na Filistifoɔ tee sɛ wɔasra Dawid de no asi Israel so hene no, Filistifoɔ nyinaa foro baa sɛ wɔrebɛhwehwɛ Dawid. Na Dawid teeɛ no, ɔsiane kɔɔ aban no mu.

18 Na Filistifoɔ no ba bɛbɔɔ nsraban wɔ Refaim bonhwa mu.

19 Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: Menkɔ Filistifoɔ no so anaa? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ, na mede Filistifoɔ no bɛhyɛ wo nsa ampa.

20 Na Dawid kɔɔ Baal-perasim, na Dawid kunkumm wɔn hɔ, na ɔkaa sɛ: AWURADE apae m’atamfoɔ mu m’anim sɛdeɛ wɔpae nsuo mu no. Enti ɔfrɛɛ hɔ sɛ Baal-perasim.

21 Na wɔgyaa wɔn ahoni hɔ; na Dawid ne ne nnipa no tase kɔeɛ.

22 Na Filistifoɔ no sane foro baa bio bɛbɔɔ nsraban wɔ Refaim bonhwa mu.

23 Na Dawid bisaa AWURADE no, ɔkaa sɛ: Nkɔ! Dane wo ho kɔsi wɔn akyi, na fa baka nnua no ntentensoɔ bra wɔn so.

24 Na sɛ wote nanteɛ nka baka nnua no atifi a, ɛnneɛ ka wo ho, ɛfiri sɛ ɛkyerɛ sɛ AWURADE afiri redi w’anim akɔkum Filistifoɔ dɔm no.

25 Na Dawid yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na ɔkum Filistifoɔ no firi Geba de kɔduruu Geser.

2 Samuel 6

Wɔde apam adaka no ba Yerusalem

1 Na Dawid sane hyiahyiaa Israel mmarima a wɔayi wɔn nyinaa bio, wɔn ano si mpem aduasa.

2 Na Dawid sɔreeɛ, na ɔne dɔm a wɔka ne ho nyinaa kɔ kɔfirii Baale-yuda, sɛ wɔrekɔfa Nyankopɔn apam adaka a wɔbɔ din a ɛyɛ asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no din wɔ soɔ no afiri hɔ aba.

3 Na wɔde Nyankopɔn adaka no sii teaseɛnam foforɔ so firii Abinadab fie a ɛwɔ kokoɔ soɔ no mu, na Abinadab mma Usa ne Ahio de teaseɛnam foforɔ a Nyankopɔn adaka no si soɔ no kɔe.

4 Na Ahio di adaka no anim.

5 Na Dawid ne Israel fie nyinaa de w’ahoɔden nyinaa de nsankuo, bɛnta a wɔde pepeaa nnua ayɛ, mpintin, nnonno, nsambɔ ne nnawuro goroo AWURADE anim.

6 Na wɔduruu Nakon ayuporebea no, Usa tenee ne nsa kɔkaa Nyankopɔn adaka no sɔɔ mu, ɛfiri sɛ anantwie no hinhimii.

7 Na AWURADE bo fuu Usa, na mfomsoɔ no nti Onyankopɔn bɔɔ no wɔ hɔ, na ɔwuu Nyankopɔn adaka no nkyɛn mu.

8 Na Dawid bo fui sɛ AWURADE atwe Usa aso wɔ n’abufuo mu. Na ɔfrɛɛ hɔ din sɛ Peres-usade bɛsi nnɛ.

9 Na Dawid suroo AWURADE da no, na ɔkaa sɛ: AWURADE adaka no bɛba me nkyɛn sɛn nie?

10 Enti Dawid ampɛ sɛ ɔde AWURADE adaka no ba ne nkyɛn, Dawid kuro no mu, na Dawid de mane kɔɔ Gatni Obed-edom fie.

11 Na AWURADE adaka no sii Gatni Obed-edom fie abosome mmiɛnsa, na AWURADE hyiraa Obed-edom ne ne fie nyinaa.

12 Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE ahyira Obed-edom fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa, Nyankopɔn adaka no nti. Na Dawid kɔ kɔfaa Nyankopɔn adaka no firii Obed-edom fie de baa Dawid kuro mu anigyeɛ mu.

13 Na wɔn a wɔso AWURADE adaka no tutuu anammɔn nsia no, ɔde nantwie ne aboa a wadɔ bɔɔ afɔdeɛ.

14 Na Dawid de n’ahoɔden nyinaa sae wɔ AWURADE anim; nso na Dawid de nwera asɔfotadeɛ amia.

15 Na Dawid ne Israel fie nyinaa de osebɔ ne totorobɛntohyɛn de AWURADE adaka no foro bae.

16 Na ɛbaa sɛ AWURADE adaka no duruu Dawid kuro mu no, Saulo babaa Mikal hwɛɛ mpomma mu, na ɔhunuu Ɔhene Dawid sɛ ɔrehurihuri na ɔresa AWURADE anim, na ɔbuu no animtia n’akoma mu.

17 Na wɔde AWURADE adaka no bae de bɛsii ne siberɛ, ntomadan a Dawid asi ama no no mu. Na Dawid bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ AWURADE anim.

18 Na Dawid wiee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no bɔ no, ɔde asafo AWURADE din hyiraa ɔman no.

19 Na ɔkyɛɛ adeɛ maa ɔman no nyinaa, Israel man mu no nyinaa, mmarima ne mmaa, ɔmaa wɔn mu biara paanoo mua baako ne nankum ne bobe aba taterɛ. Ɛnna ɔman no nyinaa sii mu kɔɔ wɔn fie.

20 Ɛnna Dawid sane bɛhyiraa ne fiefoɔ. Na Saulo ba Mikal firii adi bɛhyiaa Dawid, na ɔkaa sɛ: Animuonyam bɛn na Israel hene anya nnɛ, sɛ wapa ne ho nnɛ wɔ n’asomfoɔ mfenaa anim, sɛ ahuhufoɔ no bi pa ne ho a n’ani mmu ne dwɛ!

21 Na Dawid ka kyerɛɛ Mikal sɛ: AWURADE a ɔfirii w’agya ne ne fie nyinaa akyi yii me na ɔhyɛɛ me sɛ menni ne man Israel so hene no anim na megoroeɛ.

22 Na mɛyɛ awiɛmfoɔ masene yei bio, na mayɛ w’ani so famni. Na mfenaa a woaka no, wɔn na mɛnya animuonyam wɔ wɔn ani so.

23 Na Saulo babaa Mikal annya ɔba de kɔsii ne wuda.

2 Samuel 7

Natan asɛm a ɔde kɔmaa Dawid

1 Na ɔhene te ne fie na AWURADE maa no ɔhome firii n’atamfo nyinaa ho hyiaeɛ no,

2 ɔhene ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Natan sɛ: Hwɛ, me deɛ, mete tweneduro dan mu, na Nyankopɔn adaka si ntomadan mu.

3 Na Natan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Deɛ ɛwɔ w’akoma mu nyinaa kɔyɛ, na AWURADE di w’akyi.

4 Na anadwo no ara AWURADE asɛm baa Natan nkyɛn sɛ:

5 Kɔ na kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Wo na wobɛsi dan ama matena mu?

6 Na ɛfiri da a meyii Israelfoɔ firii Misraim baeɛ de bɛsi nnɛ yi mentenaa efie mu da, na mmom menam ntomadan tenabea mu.

7 Baabiara a me ne me man Israelfoɔ nyinaa anante akɔ no, me ne atemmufoɔ a mayi wɔn sɛ wɔnhwɛ Israel so no bi akasa sɛ adɛn nti na moansi ntweneduro dan amma me anaa?

8 Na afei kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Me na mefaa wo firii nnwanhwɛbea, firii nnwan akyiridie sɛ bɛyɛ me man Israel so hene.

9 Na medii w’akyi baabiara a wokɔeɛ, na matwitwa w’atamfo nyinaa afiri w’anim, na mɛma woanya din kɛseɛ sɛ asase so nnipa akɛseɛ din.

10 Na mɛsiesie tenabea ama me man Israel, na mɛdua wɔn ama wɔatena wɔn tenabea, na wɔanhwanyan wɔn bio, na amumuyɛ mma anha wɔn bio sɛ akane no,

11 ɛberɛ a mehyɛɛ atemmufoɔ sɛ wɔnni me man Israel soɔ no; na mɛma woahome afiri w’atamfo nyinaa nsam. Na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ AWURADE na ɔbɛkyekyere efie ama woɔ.

12 Sɛ wo nna wie duru na woti w’agyanom wɔ asamando a, mɛma w’aseni a ɔfiri wo yam so w’akyi, na mama n’ahennie atim.

13 Ɔno na ɔbɛsi dan ama me din, na mama n’ahennie adwa atim akɔsi daa.

14 Me na mɛyɛ no agya, na ɔno nso ayɛ me ɔba. Na sɛ ɔfom a, mede nnipa abaa ne nnipa mma mpire bɛtea no.

15 Na m’adɔeɛ remfiri ne ho sɛdeɛ ɛfirii Saulo a metuu no w’anim no ho no.

16 Na wo fie ne w’ahennie bɛtim akɔsi daa wɔ m’anim, w’ahennwa bɛtim pintinn akɔsi daa.

17 Na sɛdeɛ nsɛm yi nyinaa ne anisoadehunu yi nyinaa teɛ no, saa ara na Natan ka kyerɛɛ Dawid.

Dawid aseda mpaebɔ

18 Ɛnna Ɔhene Dawid ba bɛtenaa AWURADE anim, na ɔkaa sɛ: Ao, Awurade NYANKOPƆN, mene hwan, na me fie ne deɛn sɛ wode me abɛduru ha yi?

19 Nanso yei da so yɛ w’ani so ketewa, O Awurade NYANKOPƆN; na woaka daakye a ɛwɔ akyirikyiri ho asɛm nso akyerɛ w’akoa fie; na woakyerɛ me awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba, Awurade NYANKOPƆN,

20 na ɛdeɛn na Dawid nkɔ so nka nkyerɛ wo bio? Na wo na wonim w’akoa, O Awurade NYANKOPƆN.

21 Ɛsiane w’asɛm a woaka no nti ne sɛdeɛ w’akoma teɛ no na woayɛ ade kɛseɛ yi, sɛ wobɛma w’akoa ahunu.

22 Enti woso kokuroo, AWURADE Nyankopɔn, na obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ, na onyame biara nso nni w’akyi, sɛ nsɛm a yɛde yɛn aso ateɛ no nyinaa teɛ no.

23 Na ɔman foforɔ bɛn na ɛwɔ asase soɔ a ɛte sɛ wo man Israel, wɔn a Onyankopɔn akɔgye wɔn afa ayɛ ne man na ɔde agye din, na wayɛ nnoɔma akɛseakɛse a ɛyɛ hu ama wɔn, ɛberɛ a wopamm ɔman bi ne n’anyame firii wo nkurɔfoɔ anim?

24 Na woasiesie wo man Israel afa de wɔn ayɛ wo man kɔsi daa, na wo AWURADE, woayɛ wɔn Nyankopɔn.

25 Na afei, ao, AWURADE Nyankopɔn, asɛm a woaka no w’akoa ne ne fie ho no, ma no nnyina nkɔsi daa, na yɛ sɛdeɛ woaka no.

26 Na wo din bɛkorɔn akɔsi daa na wɔaka sɛ: Asafo AWURADE ne Israel so Nyankopɔn. Na w’akoa Dawid fie bɛgyina w’anim pintinn.

27 Na wo, asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, woayi w’akoa asotire sɛ: Mɛkyekyere efie mama wo, enti na w’akoa asi ne bo rebɔ wo saa mpaeɛ yi.

28 Na afei, O Awurade NYANKOPƆN, wo ara wone Onyankopɔn, na wo nsɛm yɛ nokorɛ, na wode adepa yi ahyɛ w’akoa bɔ,

29 na afei ma no nyɛ wo fɛ sɛ wobɛhyira w’akoa fie na agyina wɔ w’anim daa. Na wo, O Awurade NYANKOPƆN, wo na woaka, na wo nhyira mu na wɔbɛhyira w’akoa fie daa.

2 Samuel 8

Dawid nkonimdie ne ne mpanimfoɔ atitire

1 Na yei akyiri no, Dawid ko dii Filistifoɔ so, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na Dawid gyee Metegamma firii Filistifoɔ nsam.

2 Na ɔkaa Moab nso gui, na ɔmaa wɔdedaa fam akuo mmiɛnsa. Na wɔkumm nnipa akuo no mu mmienu, na wɔgyaa ekuo baako sɛ wɔntena ase. Na Moabfoɔ bɛyɛɛ Dawid nkoa a wɔtua apeatoɔ ma no.

3 Dawid kaa Sobahene Rehob ba Hadadeser nso gui, ɛberɛ a ɔkɔɔ sɛ ɔrema ne tumi akɔso Asubɔntene Eufrate ho no mu.

4 Na Dawid kyeree wɔn apɔnkɔsotefoɔ no mu apem ahanson ne anammɔnmufoɔ mpem aduonu, na Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa nantin ntini, na ɔgyaa wɔn mu nteaseɛnam ɔha deɛ.

5 Na Damasko Siriafoɔ baa sɛ wɔrebɛboa Sobahene Hadadeser no, Dawid kumm Siriafoɔ no mu nnipa mpem aduonu mmienu.

6 Ɛnna Dawid de bansifoɔ kɔtenaa Damasko a ɛwɔ Siria, na Siria yɛɛ Dawid nkoa a wɔtua apeatoɔ. Na AWURADE boaa Dawid maa no dii nim wɔ baabiara a ɔkɔeɛ nyinaa.

7 Na Dawid gyegyee sika akyɛm a na Hadadeser nkoa kura no de baa Yerusalem.

8 Na Ɔhene Dawid faa kɔbere mfrafraeɛ pii pa firii Hadadeser nkuro Beta ne Berotai mu.

9 Na Hamathene Toi tee sɛ Dawid aka Hadadeser dɔm nyinaa aguo no,

10 Toi somaa ne ba Yoram baa Ɔhene Dawid nkyɛn bɛkyeaa no maa no amo, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no aguo, ɛfiri sɛ na Hadadeser ne Toi di ako. Na Yoram kura dwetɛ nnwinneɛ ne sika nnwinneɛ ne kɔbere mfrafraeɛ nnwinneɛ de bae.

11 Ɛno nso na Ɔhene Dawid de yɛɛ akronkronneɛ maa AWURADE, sɛ dwetɛ ne sika a ɛfiri amanaman a ɔbrɛɛ wɔn aseɛ no nyinaa mu a ɔde yɛɛ akronkronneɛ no,

12 ɛfiri Edom, Moab, Amonfoɔ, Filistifoɔ, Amalekfoɔ ne Sobahene Rehob ba Hadadeser asadeɛ no mu.

13 Na Dawid sane firii Siriafoɔ kum no, ɔde gyee din wɔ Nkyene-bonhwa mu sɛ ɔkumm Edomfoɔ mpem dunwɔtwe.

14 Na ɔde asraafoɔ bansifoɔ tenaa Edom; Edom nyinaa mu na ɔde bansifoɔ tenatenaeɛ, na Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Na AWURADE boaa Dawid maa no dii nim baabiara a ɔkɔeɛ nyinaa.

15 Na Dawid dii Israel nyinaa so hene; na Dawid de atɛntenenee ne tenenee dii asɛm maa ne manfoɔ nyinaa.

16 Na Seruia ba Yoab na na ɔdi asraafoɔ dɔm no soɔ, na Ahilud ba Yehosafat ne deɛ ɔtwerɛ nsɛm de sie,

17 na Ahitub ba Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfoɔ, na Seraia ne ɔtwerɛfoɔ,

18 na Yoiada ba Benaia na na ɔdi Keretifoɔ ne Peletifoɔno soɔ, na Dawid mma ne asɔfoɔ.

2 Samuel 9

Yie a Dawid yɛ Mefiboset

1 Na Dawid bisaa sɛ: Obi da so wɔ hɔ a waka Saulo fie, na Yonatan nti mɛyɛ no adɔeɛ?

2 Na Saulo fie somfoɔ bi wɔ hɔ a ne din de Siba. Na wɔkɔfrɛɛ no maa no baa Dawid nkyɛn, ɛnna ɔhene bisaa no sɛ: Wone Siba? Na ɔse: W’akoa ne no.

3 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Obi nni Saulo fie bio a mede Nyankopɔn adɔeɛ bɛyɛ no anaa? Na Siba se: Yonatan babarima bi da so wɔ hɔ a ɔyɛ apakye.

4 Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔwɔ he? Na Siba buaa ɔhene sɛ: Hwɛ, ɔwɔ Amiel ba Makir fie wɔ Lo-debar.

5 Na ɔhene soma maa wɔkɔfaa no firii Amiel ba Makir fie wɔ Lo-debar bae.

6 Na Saulo ba Yonatan ba Mefiboset duruu Dawid nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase maa no. Na Dawid kaa sɛ: Mefiboset. Na ɔse: W’akoa nie.

7 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na w’agya Yonatan nti mɛyɛ wo adɔeɛ, na mɛdane w’agya Saulo asase nyinaa mama wo, na woadidi me pono so daa daa.

8 Na ɔkoto kaa sɛ: W’akoa ne hwan a worehwɛ no teta sɛ ɔpɛtɛ funu yi?

9 Ɛnna ɔhene frɛɛ Saulo somfoɔ Siba, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adeɛ a ɛyɛ Saulo ne ne fie deɛ no nyinaa mede mama wo wura ba.

10 Enti dɔ asase no ma no, wo ne wo mma ne wo nkoa, na fa so aba bra, na wo wura ba nnya aduane nni. Na wo wura ba Mefiboset deɛ, ɔbɛdidi me pono so daa daa. Nso na Siba wɔ mmammarima dunum ne nkoa aduonu.

11 Na Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛ me wura ɔhene ahyɛ n’akoa no nyinaa no, saa ara na w’akoa bɛyɛ. Na ɔhene kaa sɛ: Mefiboset deɛ, ɔnnidi me pono so sɛ ɔhene mma mu bi.

12 Na Mefiboset wɔ ɔbabarima kumaa bi a wɔfrɛ no Mika. Na wɔn a wɔte Siba fie nyinaa yɛ Mefiboset nkoa.

13 Na Mefiboset tenaa Yerusalem, na ɔhene pono so na na ɔdidie daa daa. Na ɔtɔ ne nan mmienu so.

2 Samuel 10

Dawid di Amonfoɔ ne Siriafoɔ so nkonim

1 Na yei akyiri no, Amonfoɔ hene wui, na ne ba Hanun bɛsii n’ananmu dii hene.

2 Ɛnna Dawid kaa sɛ: Mɛyɛ Nahas ba Hanun adɔeɛ, sɛdeɛ n’agya yɛɛ me adɔeɛ no. Na Dawid somaa ne nkoa maa wɔkɔmaa no hyɛden, n’agya wuo no nti. Na Dawid nkoa no duruu Amonfoɔ asase so.

3 Ɛnna Amonfoɔ mpanimfoɔ ka kyerɛɛ wɔn wura Hanun sɛ: Wodwene sɛ Dawid di w’agya ni nti na wasoma wo nkyɛn awerɛkyekyefoɔ yi? Ɛnyɛ kuro yi mu hwehwɛ ne ne nsra ne ne butuo nti na Dawid somaa ne nkoa maa wɔbaa wo nkyɛn yi?

4 Na Hanun faa Dawid nkoa no yii wɔn bɔdwesɛ fa fa, na ɔtwitwaa wɔn ntadeɛ mu fa fa bɛduruu wɔn ataaso, na ɔgyaa wɔn kwan.

5 Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔsoma maa wɔkɔhyiaa wɔn, ɛfiri sɛ wɔasopa mmarima no pa ara. Na ɔhene kaa sɛ: Montena Yeriko nkɔsi sɛ mo bɔdwesɛ bɛfuo ansa na moasane aba.

6 Na Amonfoɔ no hunuu sɛ Dawid bo afu wɔn no, Amonfoɔ no soma maa wɔkɔbobɔɔ Bet-rehob Siriafoɔ ne Soba Siriafoɔ paa, anammɔnmufoɔ mpem aduonu ne Maakahene nnipa apem ne Tob mmarima mpem dummienu.

7 Na Dawid teeɛ no, ɔsomaa Yoab ne akofoɔ dɔm no nyinaa kɔe.

8 Na Amonfoɔ firii adi bɛtwaa mpasua kuro no pono ano; na Soba ne Rehob, Siriafoɔ ne Tob ne Maaka mmarima no nko gyinaa wiram.

9 Na Yoab hunuu sɛ ɛdɔm no kyerɛ n’anim ne n’akyiri no, ɔyii Israel mu dɔmmarima nyinaa mu bi maa wɔmia kɔhyiaa Siriafoɔ.

10 Na ne dɔm no nkaeɛ no, ɔde wɔn hyɛɛ ne nua Abisai nsa maa no twa kɔhyiaa Amonfoɔ.

11 Na ɔkaa sɛ: Sɛ Siriafoɔ yɛ den sene me a, bɛboa me, na sɛ Amonfoɔ na wɔyɛ den sene wo a, mɛba mabɛboa wo.

12 Hyɛ wo ho den na ma yɛnko sɛ mmarima mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkuro. Na AWURADE nyɛ deɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ.

13 Na Yoab ne ɛdɔm a wɔka ne ho no ne Siriafoɔ de bɔɔ ani, na wɔdwanee n’anim.

14 Na Amonfoɔ no hunuu sɛ Siriafoɔ adwane no, wɔn nso wɔdwanee Abisai anim kɔhyɛnee kuro no mu. Ɛnna Yoab sane firii Amonfoɔ koo no mu baa Yerusalem.

15 Na Siriafoɔ hunuu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israelfoɔ anim no, wɔboaboaa wɔn ano faako.

16 Na Hadadeser soma maa wɔkɔfaa Siriafoɔ a wɔwɔ Eufrate agya no bae, na wɔbaa Helam. Na Hadadeser sahene Sobak dii wɔn anim.

17 Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, na ɔkɔtwaa Yordan kɔɔ Helam. Na Siriafoɔ twitwaa mpasua hyiaa Dawid, na wɔne no koe.

18 Na Siriafoɔ dwanee Israel anim; na Dawid kunkumm Siriafoɔ mu nteaseɛnamfoɔ ahanson ne apɔnkɔfoɔ mpem aduanan, na ɔpiraa ɔsahene Sobak maa no wuu wɔ hɔ.

19 Na ahemfo a wɔyɛ Hadadeser nkoa no nyinaa hunuu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israel anim no, wɔne Israel yɛɛ asomdwoeɛ apam, na wɔsom wɔn. Na Siriafoɔ suroo sɛ wɔbɛboa Amonfoɔ no bio.

2 Samuel 11

Dawid awaresɛeɛ

1 Na afe bi mu wɔ ɔpɛ berɛ mfitiaseɛ a ahemfo tu sa mu no, Dawid somaa Yoab a ne nkoa ka ne ho, ne Israel nyinaa sɛ wɔnkɔsɛe Amonfoɔ; na wɔkɔtuaa Raba. Na Dawid deɛ, ɔtenaa Yerusalem.

2 Na da bi anwummerɛ a Dawid sɔre firii ne mpa soɔ na ɔnenam ɔhene dan atifi no, ɔfiri ɛdan no atifi hɔ hunuu ɔbaa bi sɛ ɔredwareɛ, na na ɔbaa no ho yɛ fɛ sɛ.

3 Na Dawid soma maa wɔkɔbisaa ɔbaa no ho asɛm. Na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ Eliam ba Batseba, Hetini Uria yere no nie?

4 Na Dawid somaa abɔfoɔ maa wɔkɔfaa ɔbaa no baa ne nkyɛn, na ɔne no dae. Na ɔsane kɔɔ ne fie. (Nso ɛberɛ no mu na ɔredwira ne ho afiri ne nsabuo no mu.)

5 Na ɔbaa no nyinsɛnee, na ɔsoma maa wɔkɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Manyinsɛn.

6 Na Dawid soma maa wɔkɔɔ Yoab nkyɛn sɛ: Ma Hetini Uria mmra me nkyɛn. Na Yoab somaa Uria baa Dawid nkyɛn.

7 Na ɛberɛ a Uria bɛduruu ne nkyɛn no, Dawid bisaa no sɛdeɛ Yoab ne ɛdɔm no ho teɛ ne sɛdeɛ ɛsa no rekorɔ.

8 Na Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: Siane kɔ wo fie na kɔhohoro wo nan ase.Na Uria firii ɔhene fie kɔeɛ no, wɔde ɔhene ayɛyɛdeɛ firi dii n’akyi.

9 Na Uria kɔdaa ɔhene fie pono ano, ɔne ne wura nkoa nyinaa, na wansiane ankɔ ne fie.

10 Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Uria ansiane ankɔ ne fie. Na Dawid bisaa Uria sɛ: Ɛnyɛ ɔkwan na wofiri baeɛ? Adɛn nti na woansiane ankɔ wo fie?

11 Na Uria buaa Dawid sɛ: Onyankopɔn adaka no ne Israel ne Yuda tete asese mu, na me wura Yoab ne me wura nkoa abobɔ nsraban wiram, na me deɛ, menkɔ me fie menkɔdidi na mennom na me ne me yere nna anaa? Sɛ wote aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merenni saa asɛm yi.

12 Na Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: Tena ha nnɛ nso, na ɔkyena mɛma woakɔ. Ɛnna Uria tenaa Yerusalem da no ne adekyeeɛ.

13 Na Dawid hyiaa no, na ɔdidii n’anim na ɔnomee, na ɔmaa no boroe; na anwummerɛ no, ɔfirii adi kɔdaa ne mpa so, ɔne ne wura nkoa, na wansiane ankɔ ne fie.

14 Na adeɛ kyee anɔpa no, Dawid twerɛɛ nwoma de nam Uria so kɔmaa Yoab,

15 na ɔtwerɛɛ no nwoma no mu sɛ: Ma Uria nkɔdi dɔm a ɛyɛ den no ano, na montwe mo ho mfiri n’akyi, na wɔmmɔ no, na ɔntɔ.

16 Na Yoab retua kuro no no, ɔde Uria kɔdii deɛ ɔnim sɛ dɔmmarima wɔ no.

17 Na kuro no mu mmarima firii adi ne Yoab bɛkoe, na dɔm a wɔyɛ Dawid nkoa no mu bi totɔe, na Hetini Uria nso tɔe.

18 Ɛnna Yoab soma maa wɔkɔkaa ɛsa no mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ Dawid.

19 Na ɔhyɛɛ ɔbɔfoɔ no sɛ: Sɛ woka ɛsa no mu nsɛm nyinaa kyerɛ ɔhene wie,

20 na ɔhene bo fu na ɔka kyerɛ wo sɛ: Adɛn nti na mobɛn kuro no kɔkoo saa? Monnim sɛ wɔbɛfiri ɔfasuo no so abɛtoto agyan?

21 Hwan na ɔkum Yerubeset ba Abimelek? Ɛnyɛ ɔbaa bi na ɔtoo ayuyammoɔ ba firi ɔfasuo so bɔɔ no maa no tɔeɛ Tebes no? Adɛn nti na mobɛn ɔfasuo no saa? Ɛnneɛ ka sɛ: W’akoa Uria, Hetini no nso atɔ.

22 Na ɔbɔfoɔ no sii mu, na ɔbɛkaa asɛm a Yoab de somaa no no nyinaa kyerɛɛ Dawid.

23 Na ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Mmarima no yɛɛ yɛn so den, na wɔfiri baa yɛn so petee mu no, yɛpamm wɔn ara kɔduruu kuro no pono ano.

24 Na agyantofoɔ no firi ɔfasuo so toto guu wo nkoa so, na ɔhene nkoa no bi totɔe, na w’akoa Uria, Hetini no nso atɔ.

25 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no sɛ: Sei na kɔka kyerɛ Yoab: Mma asɛm yi nha wo, na nkrantɛ twa ha na ɛtwa ha. Ma wo ko no mu nyɛ den ntia kuro no, na dwiri gu. Na hyɛ no nkuran.

26 Na Uria yere no tee sɛ ne kunu Uria awuo no, ɔgyamm ne wura no.

27 Na kunayɛ berɛ twaa mu no, Dawid soma maa wɔkɔfaa no baa ne fie, na ɔbɛyɛɛ ne yere, na ɔwoo babarima maa no. Na asɛm a Dawid diiɛ no ansɔ AWURADE ani.