2 Samuel 7

Natan asɛm a ɔde kɔmaa Dawid

1 Na ɔhene te ne fie na AWURADE maa no ɔhome firii n’atamfo nyinaa ho hyiaeɛ no,

2 ɔhene ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Natan sɛ: Hwɛ, me deɛ, mete tweneduro dan mu, na Nyankopɔn adaka si ntomadan mu.

3 Na Natan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Deɛ ɛwɔ w’akoma mu nyinaa kɔyɛ, na AWURADE di w’akyi.

4 Na anadwo no ara AWURADE asɛm baa Natan nkyɛn sɛ:

5 Kɔ na kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Wo na wobɛsi dan ama matena mu?

6 Na ɛfiri da a meyii Israelfoɔ firii Misraim baeɛ de bɛsi nnɛ yi mentenaa efie mu da, na mmom menam ntomadan tenabea mu.

7 Baabiara a me ne me man Israelfoɔ nyinaa anante akɔ no, me ne atemmufoɔ a mayi wɔn sɛ wɔnhwɛ Israel so no bi akasa sɛ adɛn nti na moansi ntweneduro dan amma me anaa?

8 Na afei kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Me na mefaa wo firii nnwanhwɛbea, firii nnwan akyiridie sɛ bɛyɛ me man Israel so hene.

9 Na medii w’akyi baabiara a wokɔeɛ, na matwitwa w’atamfo nyinaa afiri w’anim, na mɛma woanya din kɛseɛ sɛ asase so nnipa akɛseɛ din.

10 Na mɛsiesie tenabea ama me man Israel, na mɛdua wɔn ama wɔatena wɔn tenabea, na wɔanhwanyan wɔn bio, na amumuyɛ mma anha wɔn bio sɛ akane no,

11 ɛberɛ a mehyɛɛ atemmufoɔ sɛ wɔnni me man Israel soɔ no; na mɛma woahome afiri w’atamfo nyinaa nsam. Na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ AWURADE na ɔbɛkyekyere efie ama woɔ.

12 Sɛ wo nna wie duru na woti w’agyanom wɔ asamando a, mɛma w’aseni a ɔfiri wo yam so w’akyi, na mama n’ahennie atim.

13 Ɔno na ɔbɛsi dan ama me din, na mama n’ahennie adwa atim akɔsi daa.

14 Me na mɛyɛ no agya, na ɔno nso ayɛ me ɔba. Na sɛ ɔfom a, mede nnipa abaa ne nnipa mma mpire bɛtea no.

15 Na m’adɔeɛ remfiri ne ho sɛdeɛ ɛfirii Saulo a metuu no w’anim no ho no.

16 Na wo fie ne w’ahennie bɛtim akɔsi daa wɔ m’anim, w’ahennwa bɛtim pintinn akɔsi daa.

17 Na sɛdeɛ nsɛm yi nyinaa ne anisoadehunu yi nyinaa teɛ no, saa ara na Natan ka kyerɛɛ Dawid.

Dawid aseda mpaebɔ

18 Ɛnna Ɔhene Dawid ba bɛtenaa AWURADE anim, na ɔkaa sɛ: Ao, Awurade NYANKOPƆN, mene hwan, na me fie ne deɛn sɛ wode me abɛduru ha yi?

19 Nanso yei da so yɛ w’ani so ketewa, O Awurade NYANKOPƆN; na woaka daakye a ɛwɔ akyirikyiri ho asɛm nso akyerɛ w’akoa fie; na woakyerɛ me awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba, Awurade NYANKOPƆN,

20 na ɛdeɛn na Dawid nkɔ so nka nkyerɛ wo bio? Na wo na wonim w’akoa, O Awurade NYANKOPƆN.

21 Ɛsiane w’asɛm a woaka no nti ne sɛdeɛ w’akoma teɛ no na woayɛ ade kɛseɛ yi, sɛ wobɛma w’akoa ahunu.

22 Enti woso kokuroo, AWURADE Nyankopɔn, na obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ, na onyame biara nso nni w’akyi, sɛ nsɛm a yɛde yɛn aso ateɛ no nyinaa teɛ no.

23 Na ɔman foforɔ bɛn na ɛwɔ asase soɔ a ɛte sɛ wo man Israel, wɔn a Onyankopɔn akɔgye wɔn afa ayɛ ne man na ɔde agye din, na wayɛ nnoɔma akɛseakɛse a ɛyɛ hu ama wɔn, ɛberɛ a wopamm ɔman bi ne n’anyame firii wo nkurɔfoɔ anim?

24 Na woasiesie wo man Israel afa de wɔn ayɛ wo man kɔsi daa, na wo AWURADE, woayɛ wɔn Nyankopɔn.

25 Na afei, ao, AWURADE Nyankopɔn, asɛm a woaka no w’akoa ne ne fie ho no, ma no nnyina nkɔsi daa, na yɛ sɛdeɛ woaka no.

26 Na wo din bɛkorɔn akɔsi daa na wɔaka sɛ: Asafo AWURADE ne Israel so Nyankopɔn. Na w’akoa Dawid fie bɛgyina w’anim pintinn.

27 Na wo, asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, woayi w’akoa asotire sɛ: Mɛkyekyere efie mama wo, enti na w’akoa asi ne bo rebɔ wo saa mpaeɛ yi.

28 Na afei, O Awurade NYANKOPƆN, wo ara wone Onyankopɔn, na wo nsɛm yɛ nokorɛ, na wode adepa yi ahyɛ w’akoa bɔ,

29 na afei ma no nyɛ wo fɛ sɛ wobɛhyira w’akoa fie na agyina wɔ w’anim daa. Na wo, O Awurade NYANKOPƆN, wo na woaka, na wo nhyira mu na wɔbɛhyira w’akoa fie daa.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

16 + 20 =