Mika 1

AWURADE bɛba abɛbu wiase atɛn

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Moresetni Mika nkyɛn, Yuda ahemfo Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ soɔ no a ɔhunuu no Samaria ne Yerusalem ho nie.

2 Aman nyinaa, montie, asase ne ne mayɛ, monwɛn aso,

na Awurade NYANKOPƆN nyɛ ɔdanseni ntia mo,

AWURADE a ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu no.

3 Na hwɛ, AWURADE refiri adi afiri n’afa,

na wasiane abɛtiatia asase sorɔnsorɔmmea so.

4 Na mmepɔ bɛnanenane wɔ n’ase,

na mmonhwa mu apaepae,

sɛdeɛ akraa nane wɔ ogya anim no,

te sɛ nsuo a wɔahwie agu deɛ ɛhɔ siane.

5 Yakob mmarato

ne Israel fie nnebɔne nti na yei nyinaa ba.

Ɛdeɛn ne Yakob mmarato?

Ɛnyɛ ɛne Samaria anaa?

Na ɛdeɛn ne Yuda sorɔnsorɔmmea?

Ɛnyɛ ɛne Yerusalem anaa?

Samaria ne Yerusalem sɛeɛ

6 Na mede Samaria bɛyɛ wiram aboɔkuo

ne abobe atɛeɛ,

na mede n’aboɔ bɛgu bonhwa no mu,

na mayi ne nnyinasoɔ adi.

7 Na wɔbɛbobɔ n’ahoni nyinaa,

na wɔde ogya ahye n’ayɛyɛdeɛ nyinaa,

na mɛyɛ n’abosom adum nyinaa afo,

ɛfiri sɛ adwamamfoɔ apɛdeɛ na ɔde aboa ano,

na adwamamfoɔ apɛdeɛ na ɛbɛsane akɔyɛ.

8 Yei nti mɛsu na matwa adwo,

mɛnante kwaterekwa ne adagya mu,

mɛtue su mu sɛ ɛserɛ so kraman,

na madi abooboo sɛ sohori.

9 Na n’apirakuro no aporɔ.

Na abɛduru Yuda,

abɛso me man pono ano,

aduru Yerusalem.

10 Monnka nnkyerɛ Gat,

esu nso monnkɔsu;

Bet-leafra na

monyantam mfuturo mu.

11 Safirfoɔ,

monsene nkɔ,

adagya aniwuo mu;

Saananfoɔ

mfiri adi;

Bet-esel agyaadwotwa

ma mo gyinabea bɔ mo;

12 na Marotfoɔ

de ahoyera twɛn mmerɛ pa,

ɛfiri sɛ bɔne afiri AWURADE nkyɛn

aduru aba Yerusalem kuro pono ano.

13 Lakisfoɔ,

momfa teaseɛnam nsa ɔpɔnkɔ hoɔharefoɔ;

ɛyɛɛ Sion babaa

bɔne mfitiaseɛ,

sɛ wo mu na wɔhunuu

Israel mmaratodeɛ no.

14 Enti wobɛma Moreset-gat

nkradie akyɛdeɛ:

Aksib afie di

Israel ahemfo hwammɔ.

15 Maresafoɔ

mede ɔdedifoɔ foforɔ bɛbrɛ mo;

Adulam na Israel

animuonyamfoɔ bɛduro.

16 Bɔ tikwa na wewɛre wo ho,

w’anigyeɛ mma nti

ma wo tikwa ntrɛ sɛ ɔpɛtɛ deɛ,

ɛfiri sɛ wɔatu wo nkyɛn kɔ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

six − six =