Mika 6

AWURADE ne ne man asɛnnie

1 Montie deɛ AWURADE ka ɛ:

Sɔre na bɔ wo nkuro wɔ mmepɔ anim,

na nkokoɔ ntie wo nne.

2 Mmepɔ ne mo a mowɔ hɔ daa, asase nnyinasoɔ no, montie AWURADE nkurobɔ,

na AWURADE ne ne man anya ɔham,

na ɔne Israel bɛyi atɛn.

3 Me man, ɛdeɛn na mayɛ woɔ,

na ɛdeɛn na mede ahyɛ wo brɛ? Bua me ɛ!

4 Na meyii wo firii Misraim asase so bae,

na megyee wo firii nkoafie,

na mesomaa Mose,

Aaron ne Miriam dii w’anim.

5 Me man, kae agyina a Moabhene Balak tuiɛ,

ne deɛ Beor ba Bileam de buaa no,

ɛfiri Sitim kɔduru Gilgal,

sɛdeɛ ɛbɛyɛ na woahunu AWURADE nsɛntenenee no.

Afɔrebɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani

6 Ɛdeɛn na memfa memmra AWURADE anim

menkoto ɔsorosoro Nyankopɔn no?

Memfa ɔhyeɛ afɔdeɛ memmra n’anim,

ne nantwie mma a wɔadi afe afe?

7 AWURADE ani bɛsɔ adwennini mpem ahodoɔ,

ngo sɛ asutene mpem du du?

Me mmarato nti memfa m’abakan memma,

anaasɛ me yafumma, me kra bɔne nti?

8 Wɔaka deɛ ɛyɛ akyerɛ wo, onipa,

ne deɛ AWURADE hwehwɛ no wo hɔ,

ɛnyɛ biribiara sɛ adeteneneeyɛ ne adɔeɛpɛ

ne ahobrɛaseɛ a wode ne wo Nyankopɔn nanteɛ.

9 AWURADE nne refrɛ kuro no,

na wɔn a wɔsuro no no yɛ anyansafoɔ,

montie ntea ne deɛ ɔhyɛeɛ no.

10 Amumuyɛ mu adenya da so wɔ omumuyɛfoɔ fie

ne efa a wɔahwan soɔ a wɔadome no?

11 Na mɛbu deɛ ɔde nsania bɔne mu anaa fotoɔ

a nsisie abrammoɔ wɔ mu no bem anaa?

12 Nhyɛsoɔ ayɛ emu adefoɔ amaama

na emufoɔ ka atorosɛm

na wɔn tɛkyerɛma yɛ nnaadaa wɔn anomu.

13 Na me nso mabɔ wo ama no abɔ wo yadeɛ,

wo bɔne nti na masɛe woɔ.

14 Wo deɛ, wobɛdidi na woremmee,

na ɛkɔm fitaa bɛde wo;

na wobɛtwe wo nnesoa, na woremma no mfiri mu sɔnn;

na deɛ woma no firi mu no mpo, mede bɛma afena;

15 wo deɛ, wobɛgu na worentwa;

wobɛkyi ngodua aba, na worensra ngo no,

na wobɛkyi nsamono, nanso worennom nsa no.

16 Ɛfiri sɛ wodi Omri ahyɛdeɛ

ne Ahab fie nneyɛɛ nyinaa so,

na wonenam wɔn agyinatuo mu,

deɛ ɛbɛyɛ na mayɛ wo ahodwirie ne emufoɔ no nso hwerɛmabɔ,

na woasoa me man ahohora.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

14 + 5 =