Mika 4

Wiase bɛdane asomdwoeɛ ahennie

1 Na ɛbɛba sɛ nna a ɛdi akyire no mu no

AWURADE fie bepɔ no bɛtim

hɔ ataa mmepɔ atifi,

na wɔama so asene nkokoɔ nyinaa,

na aman asene yuu aba so.

2 Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ:

Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so,

nkɔ Yakob Nyankopɔn fie,

na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan,

na yɛnnante n’atempɔn so;

na Sion na mmara bɛfire,

na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.

3 Na ɔbɛbu aman pii mu atɛn,

na waka aman akɛseɛ a ɛwɔ akyirikyiri no anim,

na wɔde wɔn afena abobɔ nsɔ,

na wɔde wɔn mpea ayeyɛ nnerɛ;

ɔman bi remma afena so ntia ɔman bi,

na wɔrensua akodie bio.

4 Na wɔbɛtenatena wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase,

na obiara biara renyi wɔn hu,

ɛfiri sɛ asafo AWURADE ankasa na waka.

5 Na aman no mu biara

nante ne nyame din mu, na yɛn deɛ,

yɛbɛnante AWURADE yɛn Nyankopɔn din mu

de akɔsi daa daa.

Israel anoboa ne animuonyam

6 Ɛda no, AWURADE asɛm nie,

mɛboa asiiɛfoɔ no ano,

na wɔn a wɔapam wɔn no, mɛma wɔaba,

ne wɔn a me ne wɔn adi no bɔne no.

7 Na mɛma asiiɛfoɔ no ayɛ nkaeɛ,

na wɔn a wɔapam wɔn kɔ akyirikyiri no ayɛ ɔman kɛseɛ;

na AWURADE bɛdi wɔn so hene Sion bepɔ so

afiri nnɛ de akɔsi daa.

8 Na wo, Sion babaa kokoɔ,

woayɛ nnwanhwɛfoɔ abantenten,

na wo hɔ na akane tumidie no

bɛba abɛduro,

Yerusalem babaa ahennie no.

9 Afei, adɛn nti na woteam denden?

Ɔhene biara nni wo mu

anaasɛ wo fotufoɔ no ayera,

na awoɔ aka wo sɛ ɔwofoɔ yi?

10 Sion babaa, ko awoɔ,

kyem sɛ ɔwofoɔ,

na afei wobɛfiri adi afiri kuro no mu

akɔtena wiram,

na woakɔtena Babel tɔnn.

Ɛhɔ na wɔbɛyi woɔ,

ɛhɔ na AWURADE bɛpɔn wo

afiri w’atamfo nsam.

11 Na afei amanaman pii

aboa wɔn ano atia wo,

na wɔka sɛ: Ma Sion ho ngu fi,

na yɛmfa yɛn ani nhwɛ n’animguaseɛ no.

12 Na wɔn deɛ, wɔnnim

AWURADE adwene

na wɔnhunu n’agyinatuo mu;

sɛ waboaboa wɔn ano sɛ ayuporebea afiafi.

13 Sɔre, pore,

Sion babaa,

na mɛyɛ wo mmɛn dadeɛ,

na mayɛ wo ntɔte kɔbere mfrafraeɛ,

na wode adwerɛ aman pii dukuduku,

na mɛhyira wɔn ahonyadeɛ so mama AWURADE,

ne wɔn adedodoɔ so mama asase nyinaa wura no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

10 + 18 =