Marko 9

Yesu animuonyam hyerɛn 1 Na ɔsee wɔn sɛ:Nokorɛ mese mo sɛ wɔn a wɔgyina ha yi binom wɔ hɔ a wɔrenka owuo nhwɛ, de bɛkɔ akɔsi sɛ wɔbɛhunu Nyankopɔn ahennie no sɛ ɛde tumi aba. 2 Na ɛno akyiri nnansia no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne Yohane, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi […]

Marko 10

Awaregyaeɛ ho asɛmmisa 1 Na ɔsɔre firii hɔ baa Yudea fam ne Yordan agya nohoa; na nkurɔfoɔ akuakuo boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn bio, na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn bio. 2 Na Farisifoɔ no ba bɛbisaa no sɛ: Ɔbarima wɔ ho kwan sɛ ɔgyaa ne yere anaa? Na wɔde resɔ no ahwɛ. […]

Marko 11

Yesu hyɛne Yerusalem nkunimdie mu 1 Na wɔbɛnn Yerusalem, Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔ ho no, ɔsomaa n’asuafoɔ no mu baanu, 2 na ɔsee wɔn sɛ:Monkɔ akuraa a ɛda mo anim no ase. Na moduru hɔ pɛ a, mobɛhunu afunumu ba bi a wɔasa no homa a onipa biara ntenaa ne so da. […]

Marko 12

Turo hwɛfoɔ bɔne no 1 Na ɔfitii aseɛ nam mmebuo so kasa kyerɛɛ wɔn sɛ:Onipa bi yɛɛ bobe turo, na ɔgyee ho ban hyiae, na ɔtuu mu nsa-kyi-amena, na ɔtoo mu abantenten, na ɔde fɛm akuafoɔ bi, na ɔtuu bata. 2 Na ɛberɛ no duruiɛ no, ɔsomaa akoa kɔɔ akuafoɔ no nkyɛn sɛ, ɔnkɔgye bobe […]

Marko 13

Asɔrefie no ho nkɔmhyɛ 1 Na ɔrefiri asɔrefie hɔ no, n’asuafoɔ no mu baako see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, hwɛ aboɔ bi ne aban bi! 2 Na Yesu see no sɛ:Woahunu adan akɛseɛ yi? Wɔrennya ɔboɔ a ɛda ɔboɔ so a wɔrennwiri ngu fam. Nnoɔma a ɛbɛdi akyire 3 Na ɔte Ngo Bepɔ no so asɔrefie […]

Marko 14

Wɔpam Yesu tiri so 1 Na aka nnanu na Twam ne Apiti afahyɛ aduro no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no hwehwɛɛ sɛdeɛ wɔbɛyɛ akye no nyansa mu, na wɔakum no. 2 Na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na basabasa amma ɔman no mu. Ɔdɔ akyɛdeɛ bi 3 Na ɔwɔ Betania, Simon kwatani no fie. […]