Marko 14

Wɔpam Yesu tiri so

1 Na aka nnanu na Twam ne Apiti afahyɛ aduro no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no hwehwɛɛ sɛdeɛ wɔbɛyɛ akye no nyansa mu, na wɔakum no.

2 Na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na basabasa amma ɔman no mu.

Ɔdɔ akyɛdeɛ bi

3 Na ɔwɔ Betania, Simon kwatani no fie. Na ɔtenaa ɛpono ho no, ɔbaa bi a ɔkura sradehwam toa, a ngo hwamhwam a ne boɔ yɛ den wɔ mu bae, na ɔbɔɔ toa no hwie guu ne mpampam.

4 Na ebinom wɔ hɔ a anyɛ wɔn abodwoɔ wɔ wɔn mu, na wɔkekaa sɛ: Adɛn nti na wɔsɛee ngo hwamhwam yi?

5 Anka wɔbɛtumi atɔn ngo hwamhwam yi agye bɛboro denare ahasa, na wɔde ama ahiafoɔ. Na wɔnwiinwii tiaa no.

6 Na Yesu kaa sɛ:Monnyaa no! Adɛn na moreha no? Wayɛ me ho adwuma pa.

7 Na mowɔ ahiafoɔ mo nkyɛn daa, na da biara a mopɛ no, motumi yɛ wɔn yie; na me deɛ monni me daa.

8 Wayɛ deɛ ɔbɛtumi; wadi kan asra me nipadua ama me sie da.

9 Nokorɛ mese mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, deɛ ɔbaa yi ayɛ yi nso wɔbɛka de ayɛ no nkaeɛ.

Yuda yi Yesu ma

10 Na Yuda Iskariot, dummienu no mu baako, sii mu kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn sɛ ɔbɛyi Yesu ama wɔn.

11 Na wɔteeɛ no, ɛyɛɛ wɔn anigyeɛ, na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛma no sika bi, na ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya kwan ayi no ama, ɛberɛ a ɛsɛ mu.

Twam no siesie

12 Na Apiti da a ɛdi kan a wɔkum Twam dwan no, n’asuafoɔ no bisaa no sɛ: Ɛhefa na wopɛ sɛ yɛkɔsiesie ma wokɔdi Twam no?

13 Na ɔsomaa n’asuafoɔ no mu baanu, na ɔsee wɔn sɛ:Monkɔ kuro no mu. Na onipa bi a ɔso ahina bɛhyia mo; monni n’akyi,

14 na faako a ɔbɛhyɛne no, monse efiewura no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ no se: Ɛhefa na ahɔhodan a mene m’asuafoɔ bɛdi mu Twam no wɔ?

15 Na ɔno ara bɛkyerɛ mo abansoro asa kɛseɛ bi a wɔahyehyɛ mu, na wɔasiesie mu; ɛhɔ na monsiesie Twam no mma yɛn.

16 Na asuafoɔ no sii mu kɔe, na wɔduruu kuro no mu no, wɔhunuu sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no, na wɔsiesiee Twam no.

Adidie a ɛdi akyire no — ɔfatwafoɔ adiyie

17 Na ɛduruu anwummerɛ no, ɔne dummienu no baeɛ.

18 Na wɔte hɔ redidie no, Yesu kaa sɛ:Nokorɛ mese mo sɛ, mo a mone me redidie yi mu baako bɛyi me ama.

19 Na wɔn werɛ hoe, na wɔfitii aseɛ bisabisaa no mmaako mmaako sɛ: Ɛyɛ me?

20 Na ɔsee wɔn sɛ:Ɛyɛ dummienu no mu baako a ɔne me to nsa ayowa mu no a.

21 Onipa ba no rekɔ sɛdeɛ wɔatwerɛ ne ho deɛ, nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ ma no.

Adidie Kronkron asehyɛ

22 Na wɔredidie no, Yesu faa paanoo hyiraa so bubui, na ɔde maa wɔn kaa sɛ:Monnye. Yei ne me honam!

23 Na ɔfaa kuruwa no daa ase de maa wɔn, na wɔn nyinaa nomm bi.

24 Na ɔsee wɔn sɛ:Yei ne me mogya a ɛyɛ apam foforɔ no mogya a nnipa bebree nti wɔrehwie aguo.

25 Nokorɛ mese mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio de bɛkɔ akɔsi da a mɛnom no foforɔ Nyankopɔn ahennie no mu.

Petro pa ho nkɔmhyɛ

26 Na wɔtoo ayeyie dwom no, wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so.

27 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ:Mo nyinaa ɛbɛyɛ mo suntidua; ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ:

Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no,

na nnwan no abɔ apete.

28 Na me wusɔreɛ akyiri no, mɛdi mo anim makɔ Galilea.

29 Na Petro see no sɛ: Sɛ ɛbɛyɛ wɔn nyinaa suntidua mpo a, me deɛ, ɛrenyɛ me suntidua.

30 Na Yesu see no sɛ:Nokorɛ mese wo sɛ, ɛnnɛ anadwo yi, akokɔ remmɔn mprenu, na woapa me mprɛnsa.

31 Na ɔno deɛ, ɔkasaa anibereɛ so sɛ: Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wuo mpo a, merempa wo da! Na saa ara na wɔn nyinaa nso kaeɛ.

Getsemane awerɛhoɔ

32 Na wɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na ɔsee n’asuafoɔ no sɛ:Montena ha, na menkɔbɔ mpaeɛ ansa.

33 Na ɔfaa Petro ne Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ne ho firii aseɛ hiahiaa no, na ne ho yeraa no.

34 Na ɔsee wɔn sɛ:Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de kɔ owuo mu; montena ha, na monwɛn!

35 Na ɔkɔɔ n’anim kakra kɔbutuu fam, na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, dɔn no nsiane ne ho nkɔ.

36 Na ɔkaa sɛ:Aba, Agya! Wotumi nnoɔma nyinaa yɛ; yi kuruwa yi firi me so kɔ! Nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na deɛ wopɛ.

37 Na ɔba bɛhunuu wɔn sɛ wɔada, na ɔsee Petro sɛ:Simon, woada? Woantumi anwɛn dɔnhwereɛ baako mpo?

38 Monwɛn, na mommɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom no pɛ deɛ, nanso honam no yɛ mmerɛ.

39 Na ɔsii mu bio kɔbɔɔ mpaeɛ kaa asɛnkorɔ no ara.

40 Na ɔsane ba bɛhunuu wɔn sɛ wɔada bio; na wɔn ani twan so, na wɔnhunu deɛ wɔmfa mmua no.

41 Na ɔbaa ne mprɛnsa so, na ɔsee wɔn sɛ:Afei deɛ, monna, na monhome! Adɔɔso! Dɔn no adu; hwɛ wɔreyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa.

42 Monsɔre mma yɛnkɔ; hwɛ deɛ ɔreyi me ama no abɛn!

Yuda ne asraafoɔ ba

43 Na amonom hɔ ara, ɔgu so rekasa no, Yuda, dummienu no mu baako, bae, na nkurɔfokuo bebree a wɔkurakura nkrantɛ ne mmaa firi asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no nkyɛn ka ne ho.

44 Na deɛ ɔyii no maeɛ no ama wɔn nsɛnkyerɛnneɛ sɛ: Deɛ mɛfe n’ano no, ɔne no, monkye no, na monsɔ no mu yie mfa no nkɔ!

45 Na ɔduruiɛ no, ntɛm ara na ɔbaa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Rabi! Na ɔfee n’ano.

46 Na wɔde wɔn nsa kɔsɔɔ ne mu kyeree no.

47 Na wɔn a na wɔgyina hɔ no mu baako twee ne nkrantɛ de bɔɔ ɔsɔfo panin akoa twaa n’aso.

Yesu kyerɛ ne n’asuafoɔ no dwane

48 Na Yesu bisaa wɔn sɛ:Moaba sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ so, de nkrantɛ ne mmaa rebɛkyere me?

49 Daa a mewɔ mo nkyɛn asɔrefie rekyerɛkyerɛ no, moankye me; na sɛdeɛ atwerɛsɛm no bɛba mu ntira!

50 Na asuafoɔ no nyinaa gyaa no hɔ dwanee.

51 Na aberanteɛ bi a ɔfira nwera de akata n’adagya soɔ dii n’akyi; na wɔkyeree no;

52 na ɔgyaa nwera no, firii wɔn nsa, de adagya dwanee.

Yesu gyina ɔsɔfo panin anim

53 Na wɔde Yesu kɔɔ ɔsɔfo panin no nkyɛn, na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no nyinaa bɛhyiae.

54 Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri kɔduruu ɔsɔfo panin no aban mu, na ɔne asomfo no kɔtenaa hɔ too gya.

55 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne badwafoɔ no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adanseɛ pɛɛ sɛ wɔkum no, nanso wɔannya bi.

56 Na nnipa pii dii adansekurumu tiaa no, nanso wɔn adanseɛ no anhyia.

57 Na ebinom sɔre dii adansekurumu tiaa no sɛ:

58 Yɛate sɛ ɔreka sɛ: Mɛdwiri asɔredan a wɔde nsa ayɛ yi, na nnansa mu mɛto bi a wɔamfa nsa anyɛ.

59 Na ɛno ho mpo adanseɛ no anhyia.

60 Na ɔsɔfo panin no sɔre gyinaa mfimfini bisaa Yesu sɛ: Wommua bi? Ɛdeɛn ho na yeinom redi adanseɛ tia woɔ yi?

61 Nanso ɔmuaa n’ano na wammua bi. Na ɔsɔfo panin no bisaa no bio, na ɔsee no sɛ: Wone Kristo no, Deɛ Wɔahyira no no ba no anaa?

62 Na Yesu kaa sɛ:Mene no,

na mobɛhunu Onipa Ba no

sɛ ɔte tumi nifa,

na ɔreba ɔsoro mununkum mu.

63 Na ɔsɔfo panin no sunsuanee ne ntadeɛ mu kaa sɛ: Ɛdeɛn hia na ɛhia yɛn adansefoɔ bio?

64 Moate n’abususɛm no; modwene sɛn? Na wɔn nyinaa buu no fɔ sɛ ɛsɛ sɛ ɔwuo.

65 Na ebinom fitii aseɛ hinam ntasuo guu ne so, na wɔkataa n’ani, na wɔbobɔɔ no akuturuku, na wɔsee no sɛ: Hyɛ nkɔm! Na asomfo no bobɔɔ no asotorɔ.

Petro pa Yesu

66 Na Petro wɔ fam adihɔ no, ɔsɔfo panin no mmaawa mu baako bae,

67 na ɔhunuu Petro sɛ ɔreto gya no, ɔhwɛɛ no haa kaa sɛ: Wo nso wo ne Nasareni Yesu no na ɛnam!

68 Na Petro sanee sɛ: Mennim, na mente deɛ woreka yi ase mpo. Na ɔfirii adi kɔɔ ntwonoo mu, na akokɔ bɔnee.

69 Na abaawa no hunuu no bio, na ɔfitii aseɛ ka kyerɛɛ wɔn a wɔgyina hɔ no sɛ: Oyi fra wɔn mu bi.

70 Na ɔsanee bio. Na ɛkyɛree kakra no, wɔn a wɔgyina hɔ no ka kyerɛɛ Petro bio sɛ: Ampa ara wofra wɔn mu; ɛfiri sɛ woyɛ Galileani.

71 Na ɔfitii aseɛ dii nse, na ɔkekaa ntam sɛ: Mennim onipa a moreka ne ho asɛm yi.

72 Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu soɔ. Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no sɛ:Akokɔ remmɔn mprenu, na woapa me mprɛnsa.Na ne werɛ hoo pii, Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu soɔ ma ɔsui!

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

9 + 12 =