Marko 13

Asɔrefie no ho nkɔmhyɛ

1 Na ɔrefiri asɔrefie hɔ no, n’asuafoɔ no mu baako see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, hwɛ aboɔ bi ne aban bi!

2 Na Yesu see no sɛ:Woahunu adan akɛseɛ yi? Wɔrennya ɔboɔ a ɛda ɔboɔ so a wɔrennwiri ngu fam.

Nnoɔma a ɛbɛdi akyire

3 Na ɔte Ngo Bepɔ no so asɔrefie ntentensoɔ no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea bisaa no wɔ nkyɛn sɛ:

4 Kyerɛ yɛn ɛberɛ ko a yeinom bɛyɛ hɔ, na yeinom nyinaa rebɛba mu a, ɛho nsɛnkyerɛnneɛ ne deɛn?

5 Na Yesu fitii aseɛ see wɔn sɛ:Monhwɛ, na obi annaadaa mo.

6 Nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na wɔabɛdaadaa nnipa pii.

7 Na sɛ mote ɔko ne akosɛm a, mommma mo akoma nntutu. Na ɛtwa sɛ ɛba, nanso na awieeɛ no nnya nnuruiɛ.

8 Na ɔman bɛsɔre ɔman so na ahennie asɔre ahennie so, na asasewosoɔ bɛba mmeammea, na ɛkɔm bɛba. Yeinom ne awoɔko yea mfitiaseɛ.

Ɔtaa ne asɛmpa no ka

9 Na mo deɛ, monhwɛ mo ho yie! Na wɔbɛyi mo ama mpanimfoɔ badwa, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo bɛgyina amradofoɔ ne ahemfo anim na moadi adanseɛ akyerɛ wɔn.

10 Na ɛtwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kane!

11 Na sɛ wɔde mo rekɔ akɔyi mo ama a, monnnwennwene deɛ mobɛka ho ansa; na deɛ wɔde bɛma mo ɛdɔn no ara mu no, ɛno na monka, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ mo na mokasa, na ɛyɛ Honhom Kronkron no ara.

12 Na onua bɛyi onua ama owuo, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre awofoɔ so, na wɔama wɔakum wɔn.

13 Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtane mo. Na deɛ ɔbɛgyina mu akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.

Akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman

14 Na sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man no sɛ ɛgyina faako a ɛnsɛ no a, (ma deɛ ɔkenkan no nte aseɛ!) ɛno na ma wɔn a wɔwɔ Yudea nnwane nkɔ mmepɔ soɔ;

15 na deɛ ɔwɔ ɔdan atifi no nnsiane mmma fam, nanso ɔnnhyɛne mu mmmɛfa biribi ne fie.

16 Na deɛ ɔwɔ afuo mu no nnsane n’akyi mmmɛfa ne ntoma.

17 Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔma nufoɔ nna no mu no nnue!

18 Na mommɔ mpaeɛ na amma awɔ berɛ mu.

19 Na nna no bɛyɛ ahohiahia a ɛfiri Nyankopɔn adebɔ mfitiaseɛ de bɛduru nnɛ, ebi mmaa saa da, nanso ɛremma saa bio.

20 Na sɛ Awurade antwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; na wɔn a wɔayi wɔn, a wɔyii wɔn no nti, watwa nna no so.

21 Na ɛno na sɛ obi se mo sɛ: Hwɛ, Kristo no wɔ ha! Anaasɛ: Hwɛ, ɔwɔ hɔ! no a, monnnye nnni.

22 Na Kristo atorofoɔ ne adiyifoɔ atorofoɔ bɛsɔre, na wɔabɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, na sɛ ɛbɛtumi a, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.

23 Na mo deɛ, monhwɛ yie, ɛfiri sɛ, madi kan aka ne nyinaa akyerɛ mo.

Onipa ba no ba

24 Na nna no mu ahohiahia no akyiri no,

owia bɛduru sum,

na ɔsrane renhyerɛn,

25 na ɔsoro nsoromma bɛtutu ahwe fam,

na ɔsoro ahoɔden awoso.

26 Na ɛno na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi kɛseɛ ne animuonyam reba mununkum mu.

27 Ɛno na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ na wɔakɔboaboa wɔn a wayi wɔn no ano afiri mframa nnan no mu, ɛfiri asase ano kɔpem ɔsoro ano.

28 Monsua borɔdɔma ho bɛ no. Sɛ ne mman nya yɛ frɔmfrɔm, na ɛreyiyi ahahan a, na monim sɛ ahuhuro berɛ abɛn.

29 Saa ara na mo nso, sɛ mohunu sɛ yeinom aba a, monhunu sɛ abɛn, na aduru apono ano!

30 Nokorɛ mese mo sɛ: Awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ yeinom nyinaa aba ansa.

31 Ɔsoro ne asase bɛtwam, na me nsɛm deɛ ɛrentwam da.

32 Na ɛda no ne dɔn no deɛ, obi nnim, abɔfoɔ a wɔwɔ soro nso nnim, Ɔba no nso nnim, gye Agya no nko.

33 Monhwɛ yie, monwɛn, na mommɔ mpaeɛ! Na monnim ɛda ko a ɛberɛ no bɛduro.

34 Ɛte sɛ onipa a watu kwan agya ne fie, na wama ne nkoa tumi, na wama wɔn nyinaa wɔn adwuma mmaako mmaako, na wahyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ sɛ ɔnwɛn!

35 Enti monwɛn! Na monnim da ko a efiewura no bɛba, anadwofa anaa ɔdasuo mu anaa akokɔbɔneeɛ anaa anɔpa,

36 na wammɛfiri mo mpofirim ammɛhu mo sɛ moadeda.

37 Na deɛ mese mo yi, meka mekyerɛ nnipa nyinaa sɛ: Monwɛn!

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

2 × 3 =