Marko 11

Yesu hyɛne Yerusalem nkunimdie mu

1 Na wɔbɛnn Yerusalem, Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔ ho no, ɔsomaa n’asuafoɔ no mu baanu,

2 na ɔsee wɔn sɛ:Monkɔ akuraa a ɛda mo anim no ase. Na moduru hɔ pɛ a, mobɛhunu afunumu ba bi a wɔasa no homa a onipa biara ntenaa ne so da. Monsane no mfa no mmra.

3 Na sɛ obi bisa mo sɛ: Adɛn na moreyɛ yei a, monka sɛ: Ne ho hia Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma mode no aba ha.

4 Na wɔkɔ kɔhunuu afunumu ba no sɛ ɔsa ɛpono ano wɔ mfikyire, abɔntene, na wɔsanee no.

5 Na wɔn a wɔgyina hɔ no mu bi see wɔn sɛ: Moresane afunumu ba no ayɛ deɛn?

6 Na asuafoɔ no buaa wɔn sɛdeɛ Yesu kaeɛ no, na wɔmaa wɔn kwan.

7 Na wɔde afunumu ba no brɛɛ Yesu, na wɔde wɔn ntoma guu ne so; na ɔtenaa ne so.

8 Na nnipa bebree de wɔn ntoma sesɛɛ ɔkwan no so, na ebinom twitwaa nnua mman firi mfuo mu de sesɛɛ ɔkwan no so.

9 Na wɔn a wɔdi anim ne wɔn a wɔdi akyire teaa mu sɛ:

Hosiana!

Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba.

10 Nhyira ne yɛn agya Dawid ahennie a ɛreba no!

Hosiana wɔ sorosoro!

Borɔdɔma dua no dome

11 Na ɔhyɛnee Yerusalem kɔɔ asɔrefie. Na ɔhwɛɛ nnoɔma nyinaa, na adeɛ reyɛ asa no, ɔne dummienu no firi kɔɔ Betania.

12 Na adeɛ kyeeɛ a wɔfiri Betania reba no, ɛkɔm dee no.

13 Na ɔhunuu borɔdɔma bi wɔ akyiri sɛ ahahan wɔ soɔ no, ɔkɔɔ hɔ sɛ ebia ɔbɛhunu biribi wɔ so anaa? Na ɔduruu ho no, wanhunu hwee sɛ ahahan nko ara; ɛfiri sɛ na borɔdɔma berɛ nnuruiɛ.

14 Na ɔkasa kyerɛɛ borɔdɔma no sɛ:Obiara renni wo so aba bio da!Na asuafoɔ no teeɛ.

Yesu pam adwadifoɔ firi asɔredan no mu

15 Na wɔduruu Yerusalem. Na ɔkɔhyɛnee asɔrefie no mu no, ɔfitii aseɛ pamm wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ adeɛ asɔrefie hɔ; na ɔbutuu sikasesafoɔ apono ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkonnwa,

16 na wamma kwan amma obiara ansoa adeɛ amfa asɔrefie hɔ.

17 Na ɔkyerɛkyerɛe, see wɔn sɛ:Wɔntwerɛɛ sɛ:

Wɔbɛfrɛ me fie asɔrefie ama amanaman nyinaa?

Na mo deɛ, mode ayɛ adwotwafoɔ bɔn.

18 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no teeɛ, na wɔhwehwɛɛ sɛdeɛ wɔbɛkum no; nso na wɔsuro no, ɛfiri sɛ na ne nkyerɛkyerɛ yɛ nkurɔfokuo no nyinaa nwanwa.

19 Na adeɛ saeɛ no, ɔfirii kurom hɔ.

Borɔdɔma no wuo: Gyidie mu tumi

20 Na anɔpatutu a wɔretwam no, wɔhunuu sɛ borɔdɔma no awu firi ne nhini ase.

21 Na Petro kaee, see no sɛ: Rabi, hwɛ borɔdɔma a wodomee no no awu!

22 Na Yesu bua see wɔn sɛ:Monnya Nyankopɔn mu gyidie!

23 Na nokorɛ mese mo sɛ, obiara a ɔbɛse bepɔ yi sɛ: Ma wo ho so kɔhwe ɛpo mu, na ɔnnye akyinnyeɛ wɔ n’akoma mu, na ɔbɛgye adi sɛ deɛ ɔreka no bɛba mu no, ɛbɛyɛ hɔ ama no.

24 Yei nti, mese mo sɛ: Adeɛ biara a mobɛsrɛ mo mpaebɔ mu no, monnye nni sɛ mobɛnya, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.

25 Na sɛ mogyina hɔ rebɔ mpaeɛ, na mowɔ biribi tia obi a, momfa nkyɛ no, na mo Agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomsoɔ akyɛ mo.

26 [Na sɛ moamfa ankyɛ a, mo agya a ɔwɔ soro no remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo.]

Yesu tumi ho asɛmmisa

27 Na wɔbaa Yerusalem bio. Na ɔnenam asɔrefie no, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no baa ne nkyɛn,

28 na wɔbisaa no sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nnoɔma yi? Anaasɛ hwan na ɔmaa wo tumi sɛ yɛ yeinom?

29 Na Yesu see wɔn sɛ:Mɛbisa mo asɛm baako, na mommua me, na mɛkyerɛ mo tumi ko a mede meyɛ yeinom:

30 Yohane asubɔ no, ɛfiri soro anaasɛ ɛfiri nnipa? Mommua me!

31 Na wɔdwendwenee kekaa wɔn mu sɛ: Sɛ yɛka sɛ ɛfiri soro a, ɔbɛka sɛ: Ɛnneɛ ɛdeɛn nti na moannye no annie?

32 Anaa yɛnka sɛ: Ɛfiri nnipa? Na wɔsuro nkurɔfokuo no, ɛfiri sɛ na nnipa nyinaa bu Yohane sɛ ɔyɛ odiyifoɔ ampa.

33 Na wɔbua see Yesu sɛ: Yɛnnim. Na Yesu se:Me nso merenka tumi ko a mede meyɛ yeinom menkyerɛ mo.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

1 + seventeen =