Marko 10

Awaregyaeɛ ho asɛmmisa

1 Na ɔsɔre firii hɔ baa Yudea fam ne Yordan agya nohoa; na nkurɔfoɔ akuakuo boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn bio, na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn bio.

2 Na Farisifoɔ no ba bɛbisaa no sɛ: Ɔbarima wɔ ho kwan sɛ ɔgyaa ne yere anaa? Na wɔde resɔ no ahwɛ.

3 Na ɔbua see wɔn sɛ:Ɛdeɛn na Mose hyɛɛ mo no?

4 Na wɔkaa sɛ: Mose maa kwan sɛ ɔntwerɛ awaregyaeɛ nwoma mma no na ɔnnyae no.

5 Na Yesu bua see wɔn sɛ:Mo akomaden nti na ɔtwerɛɛ saa ahyɛdeɛ yi maa mo;

6 na ɛfiri adebɔ mfitiaseɛ no, ɔbarima ne ɔbaa na Onyankopɔn bɔɔ wɔn.

7 Yei nti na ɔbarima bɛgya n’agya ne ne na hɔ, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere ho,

8 na wɔn baanu akɔyɛ ɔhonam koro. Ne saa nti, wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ honam koro.

9 Enti deɛ Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntete mu.

10 Na ɔwɔ fie no, n’asuafoɔ no bisaa no asɛm no ara bio.

11 Na ɔsee wɔn sɛ:Obiara a ɔbɛgyaa ne yere na ɔbɛware ɔfoforɔ no, na wasɛe awadeɛ ɔbaa no fam,

12 na sɛ ɔbaa no nso gyaa ne kunu na ɔware ɔfoforɔ a, na wasɛe awadeɛ.

Kristo hyira mmɔfra

13 Na wɔde mmɔfra brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so, na n’asuafoɔ no kaa wɔn a wɔde wɔn baeɛ no anim.

14 Na Yesu hunuiɛ no, anyɛ no abodwo, na ɔsee wɔn sɛ:Momma mmɔfra no kwan, na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn kwan, na yeinom sɛɛ na Nyankopɔn ahennie no yɛ wɔn dea.

15 Nokorɛ mese mo sɛ: Obiara a ɔrennye Nyankopɔn ahennie sɛ abɔfra no, ɔrenkɔ mu koraa.

16 Na ɔyɛɛ wɔn atuu, de ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn.

Daa nkwa

17 Na ɔfirii adi kɔɔ ɔkwan soɔ no, obi tutuu mmirika bɛkotoo n’anim bisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛdeɛn na menyɛ, na manya daa nkwa?

18 Na Yesu see no sɛ:Adɛn na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa, gye ɔbaako, ɔno ne Onyankopɔn.

19 Wonim mmara nsɛm no: Nni awu! Nsɛe awadeɛ! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu! Nsisi! Di w’agya ne wo na ni.

20 Na ɔsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yeinom nyinaa mefiri me mmɔfraase na medii soɔ.

21 Na Yesu hwɛɛ no dinn, na ɔdɔɔ no, na ɔsee no sɛ:Aka wo adeɛ baako: Kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ nyinaa, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ ɔsoro; na bra bɛdi m’akyi.

22 Na asɛm no nti ɔmunae de awerɛhoɔ kɔe; ɛfiri sɛ na ɔwɔ ahonyadeɛ bebree.

23 Ɛnna Yesu hwɛɛ ne ho hyiaeɛ, see n’asuafoɔ no sɛ:Sɛ moahunu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyadeɛ sɛ wɔbɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu!

24 Na ne nsɛm no yɛɛ asuafoɔ no ahodwiri. Na Yesu bua see wɔn bio sɛ:Mma, sɛ moahunu den a ɛyɛ ma wɔn [a wɔde wɔn ho to ahonyadeɛ soɔ]sɛ wɔbɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu!

25 Ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛfa paneɛ aniwa mu sene sɛ ɔdefoɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu.

26 Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiri boroo so; na wɔsesee wɔn ho sɛ: Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛtumi agye no nkwa?

27 Na Yesu hwɛɛ wɔn kaa sɛ:Nnipa fam na ɛntumi nyɛ hɔ, na ɛnyɛ Nyankopɔn fam; ɛfiri sɛ Nyankopɔn fam deɛ nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ.

28 Na Petro fitii aseɛ see no sɛ: Hwɛ, yɛagya nnoɔma nyinaa hɔ abɛdi w’akyi.

29 Na Yesu kaa sɛ:Nokorɛ mese mo sɛ obiara nni hɔ a wagya efie anaa nua mmarimanom, anaa nua mmaanom, anaa ɛna, anaa agya, anaa mma, anaa nsase, me ne asɛmpa no nti,

30 na ɔrennya afie, ne nuammarimanom, ne nuammaanom, ne ɛnanom, ne mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa ka ho, seesei wɔ ɛberɛ yi mu ne daa nkwa, wiase a ɛreba no mu.

31 Na adikanfoɔ pii bɛka akyire, na akyikafoɔ abɛdi kan.

Yesu wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔmhyɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa

32 Na wɔnam ɔkwan so rekɔ Yerusalem; na Yesu di wɔn anim, na ɛyɛɛ wɔn ahodwiri, na na wɔn a wɔdi n’akyiri no suro. Na ɔfaa dummienu no bio fitii aseɛ kaa nnoɔma a ɛbɛba ne soɔ kyerɛɛ wɔn sɛ:

33 Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na wɔbɛyi Onipa Ba no ahyɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ nsa, na wɔabua no kumfɔ, na wɔayi no ama wiase amanaman mufoɔ,

34 na wɔagoro ne ho na wɔatete ntasuo agu ne so, na wɔaka no mpire, na wɔakum no; na ne nnansa soɔ no, wasɔre bio.

Nyankopɔn ahennie mu dibea

35 Na Sebedeo mma Yakobo ne Yohane baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ biribiara a yɛbɛsrɛ woɔ no, woyɛ ma yɛn.

36 Na ɔbisaa wɔn sɛ:Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ mema mo?

37 Na wɔsee no sɛ: Deɛ yɛ ma yɛn ne sɛ: Ma yɛn mu baako ntena wo nifa, na ɔbaako ntena wo benkum, w’animuonyam mu.

38 Na Yesu see wɔn sɛ:Monnim deɛ morebisa. Mobɛtumi anom kuruwa a menom ano, anaa mobɛma wɔde asubɔ a wɔde bɔ me no abɔ mo?

39 Na wɔbua see no sɛ: Yɛbɛtumi. Na Yesu see wɔn sɛ:Kuruwa a menom no deɛ mobɛnom, na asubɔ a wɔde bɔ me no, wɔde bɛbɔ mo;

40 na me nifa ne me benkum tena deɛ, ɛnyɛ me dea sɛdeɛ mede bɛma, na wɔde bɛma wɔn a wɔasiesie ama wɔn.

41 Na edu no teeɛ no, Yakobo ne Yohane asɛm no anyɛ wɔn abodwo.

42 Na Yesu frɛɛ wɔn bae, na ɔsee wɔn sɛ:Monim sɛ wɔn a wɔbu wɔn sɛ wɔdi wiase amanaman soɔ no di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛseɛ no di wɔn so tumi.

43 Nanso ɛnte saa mo mu; na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ mo mu kɛseɛ no, ɔbɛyɛ somfoɔ,

44 na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛdi mo kan no, ɔbɛyɛ mo nyinaa akoa.

45 Na Onipa Ba no nso amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyedeɛ ama nnipa pii.

Onifirani Bartimeo adehunu

46 Wɔduruu Yeriko. Na ɔne n’asuafoɔ no ne nkurɔfokuo bebree refiri Yeriko akorɔ no, na Timeo ba Bartimeo, onifirani no, te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ.

47 Na ɔtee sɛ ɛyɛ Yesu Nasareni no, ɔfitii aseɛ teaa mu sɛ: Dawid ba Yesu, hu me mmɔbɔ!

48 Na nnipa pii kaa n’anim sɛ ɔmmua n’ano; nanso ɔno deɛ, ɔkɔɔ so teateaa mu denden sɛ: Dawid ba, hu me mmɔbɔ!

49 Na Yesu gyina kaa sɛ:Momfrɛ no!Na wɔfrɛɛ onifirani no see no sɛ: Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre, ɔrefrɛ wo!

50 Na ɔtoo ne ntoma gui sɔre baa Yesu nkyɛn.

51 Yesu bisaa no sɛ:Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma woɔ?Na onifirani no see no sɛ: Rabuni, mepɛ sɛ mehunu adeɛ!

52 Na Yesu see no sɛ:Kɔ, wo gyidie agye wo!Na ntɛm ara ɔhunuu adeɛ, na ɔdii n’akyi ɔkwan no so.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

3 × five =