Hesekiel 9

Yerusalem di nkoguo

1 Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu guu m’aso mu sɛ: Ma kuro no so ahwɛfoɔ ntwe mpini, na obiara mfa n’akodeɛ a ɔde sɛe adeɛ nkura ne nsam.

2 Na hwɛ, mmarima baasia firi atifi ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam kwan no so reba, wɔn kɔdiawuo nnadeɛ kurakura wɔn nsam, na ɔbarima baako wɔ wɔn mu a ɔhyɛ nwera, na ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene, na wɔbaa mu bɛgyinaa kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ho.

3 Na Israel Nyankopɔn animuonyam no firii Kerub a ɛwɔ soɔ no so baa ɛdan no pono ano, na ɔfrɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ a ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene no,

4 na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sene fa kuro no mu, Yerusalem mu na hyɛ nnipa a wɔsisi apini di akyiwadeɛ a wɔyɛ wɔ mu no ho abooboo no nyinaa moma so agyiraeɛ.

5 Na wɔn a aka no, ɔka guu m’aso mu sɛ: Monkɔdi n’akyi mfa kuro no mu, na monkunkum; mommma mo ani nnnodo ho, na monnhunu mmɔbɔ.

6 Nkɔkoraa, mmeranteɛ ne mmabaa ne mmɔfra ne mmaa, monkum wɔn nsɛe wɔn; na obiara a wɔahyɛ no agyiraeɛ no deɛ, monnka no; na me kronkronbea hɔ na momfiri aseɛ. Ɛnna wɔfirii aseɛ, firi mpanimfoɔ a wɔwɔ efie no anim no soɔ.

7 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mongu efie no ho fi, na momfa atɔfoɔ nhyehyɛ abannwa no so ma ma; momfiri adi! Na wɔfirii adi kɔkunkumm wɔ kuro no mu.

8 Na wɔkunkumm no, ɛkaa me nko ara. Na mede m’anim butuu fam, na meteaa mu sɛ: Ao, Awurade NYANKOPƆN, woresɛe Israel nkaeɛ nyinaa wɔ w’abufuhyeɛ a worehwie agu Yerusalem soɔ no mu anaa?

9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Israel ne Yuda fie amumuyɛ no yɛ kɛseɛ pa ara, na mogya ayɛ asase no so ma, na ntɛnkyea ayɛ kuro no ma; na wɔka sɛ: AWURADE agya asase no, na AWURADE nhunu.

10 Enti me nso m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; mede wɔn kwan bɛbua wɔn atifi.

11 Na hwɛ, ɔbarima a wɔhyɛ nwera atadeɛ a ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene no de asɛm sane baa sɛ: Mayɛ sɛdeɛ wohyɛɛ me no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

19 − 13 =