Hesekiel 10

Awurade Animuonyam firi Asɔrefie hɔ 1 Na mehunui, na hwɛ, na ntrɛmu a ɛwɔ Kerubim no atifi no so biribi te sɛ hoaboɔ a wɔhwɛ a, ne suban ne ne tebea te sɛ ahennwa nsɛsoɔ. 2 Na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ no sɛ: Kɔ nkyimiiɛ no ntam, Kerub no ase hɔ, na […]

Hesekiel 11

Wɔtwe ɔman no gyegyefoɔ no aso 1 Na honhom no maa me so de me kɔɔ AWURADE fie no apueeɛ fam ponkɛseɛ a ɛkyerɛ apueeɛ no ano; na hwɛ, na mmarima aduonu nnum gyina ɔponkɛseɛ no ano, na mehunuu Asur ba Yaasania ne Benaia ba Pelatia, ɔman no mu mmapɔmma no, wɔ wɔn mu. 2 […]

Hesekiel 12

Ɔberempɔn ne ɔman no tukorɔ 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, wote atuatefoɔ fie, nnipa a wɔwɔ ani a wɔde hunu adeɛ nanso wɔnhunu, na wɔwɔ aso a wɔde teɛ nanso wɔnteɛ; 3 na atuatefoɔ fie ne wɔn. Na wo, onipa ba, yɛ otukorɔ adeɛ fa, na tu kɔ awia, […]

Hesekiel 13

Adiyifoɔ atorofoɔ ho atemmusɛm 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, hyɛ Israel adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm no ho nkɔm, na ka kyerɛ wɔn a wɔfiri wɔn ara wɔn tirim hyɛ nkɔm no sɛ: Montie AWURADE asɛm. 3 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Wɔnnue, adiyifoɔ nkwaseafoɔ a wɔdi wɔn honhom akyire […]

Hesekiel 14

Abosonsomfoɔ bisa Nyankopɔn ase kwa 1 Na Israel mpanimfoɔ mu bi baa me nkyɛn bɛtenaa m’anim. 2 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 3 Onipa ba, mmarima yi de wɔn abosonhunu ahyɛ wɔn akomam, na wɔde wɔn amumuyɛ suntidua asisi wɔn anim. Memma wommisa me hɔ biribi mma wɔn? 4 Enti kasa kyerɛ wɔn […]

Hesekiel 15

Yerusalem yɛ bobe dua hunu 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, ɛdeɛn na bobe dua de sene nnua nyinaa, bobe homa a ɛwɔ wira mu nnua mu no? 3 Wɔfa mu dua de yɛ adwuma bi, anaasɛ wɔfa mu bi yɛ pɛɛwa, sɛ wɔde adeɛ biara bɛsɛne soɔ? 4 Hwɛ, […]

Hesekiel 16

Nyankopɔn adɔeɛ a ɔyɛ Israel 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, ma Yerusalem nhunu n’akyiwadeɛ no, 3 na ka sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN ka kyerɛ Yerusalem nie: W’ase ne w’awoɔ asase ne Kanafoɔ asase so, w’agya yɛ Amorini, na wo na yɛ Hetini. 4 Na w’awoɔ mu deɛ, da a […]

Hesekiel 17

Sedekia asotwe 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, to aborɔme no ka mfatohosɛm yi kyerɛ Israel fie, 3 sɛ: Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie: Ɔkɔdeɛ kɛseɛ bi, a ɔwɔ ntaban akɛseakɛse, ne ntakra atenteneatentene, ntakra nworanworan ayɛ ne ho ma, baa Lebanon bɛbuu tweneduro nkona. 4 Ne nkɔnmu mu ban […]

Hesekiel 18

Ɛsɛ obiara sɛ ɔsoa ɔno ara n’asodie 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Mokyerɛ sɛn, sɛ mobu bɛ yi Israel asase so sɛ: Agyanom twɛre abunu, na mma se fem, a? 3 Sɛ mete aseɛ yi, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie, ampa ara, moremmu bɛ yi Israel mu bio. 4 Hwɛ, akra nyinaa […]

Hesekiel 19

Israel aberempɔn kwadwom 1 Na wo deɛ, twa Israel aberempɔn ho kwadwom 2 na ka sɛ: Adɛn na wo na, gyatabereɛ no butu agyatanini ntam yɛne ne mma gyataburuwa mu? 3 Na ɔyɛnee ne mma mu baako, ɔyɛɛ gyataburuwa na ɔsuaa ahayɔ; ɔdii nnipa nam, 4 na amanaman tee ne nka, na wɔkyeree no wɔn […]