Hesekiel 7

Onyankopɔn bu asase ne aman no atɛn

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Wo onipa ba, sɛ Awurade NYANKOPƆN ka kyerɛɛ Israel asase nie:

Awieeɛ! awieeɛ na ɛreba

asase no ntwea nnan soɔ.

3 Afei awieeɛ reba wo so,

na mɛsoma m’abufuo aba wo so,

na mabu wo w’akwan ho ntɛn,

na mede w’akyiwadeɛ nyinaa bɛba wo so.

4 Na m’ani renni wo ho adɔna, na merenhunu wo mmɔbɔ,

na w’akwan na mɛma no aba wo soɔ,

na w’akyiwadeɛ atena wo mu,

na moahunu sɛ mene AWURADE.

5 Sɛ Awurade NYANKOPƆN seɛ nie:

Adebɔne, adebɔne baako bi, hwɛ, ɛreba!

6 Awieeɛ aba, awieeɛ no aba,

asɔre atia wo, hwɛ ɛreba!

7 Asase soteni, deɛ wɔahyɛ no

reba wo so;

ɛberɛ no aduru, ɛda no abɛn,

hooyɛ berɛ, na ɛnyɛ mmepɔ so anigyeɛ huro!

8 Afei ɛrenkyɛre na mahwie m’abufuhyeɛ agu wo so,

na mawie m’abufuo wo mu,

na mabu wo w’akwan ho atɛn,

na mɛtea wo wɔ w’akyiwadeɛ nyinaa ho.

9 Na m’ani rennodo wo ho, na merenhunu wo mmɔbɔ;

w’akwan ho ntea na mede bɛma woɔ,

na w’akyiwadeɛ atena wo mu,

na moahunu sɛ me, AWURADE na mebobɔ.

10 Hwɛ, ɛda no nie, hwɛ, ɛreba;

deɛ wɔahyɛ no refifi,

aban no refefɛ, ahantan no ahanehane.

11 Atiritirasɛm asɔre ayɛ abɔnefosɛm abaa;

wɔn ne wɔn asafo yuu

ne wɔn hooyɛ no mu hwee nka,

na yie biara nni wɔn mu.

12 Ɛberɛ no aba, ɛda no rebɛn;

mma ɔdetɔfoɔ ani nnnye na ɔdetɔnfoɔ nnni abooboo,

na abufuhyeɛ no aba n’asafo yuu nyinaa so;

13 na ɔdetɔnni, sɛ ɔda so te ase nso a, ɔrensane mma deɛ watɔn no ho, na adehunu a ɛfa n’asafo yuu nyinaa ho no rensane, na obiara remfa n’amumuyɛ nhyɛ ne nkwa mu den.

14 Wɔhyɛne totorobɛnto na wɔsiesie ade nyinaa deɛ,

nanso deɛ ɔkɔ ɔsa nni hɔ;

na m’anibereɛ ba wɔn asafo yuu nyinaa so.

15 Nkrantɛ wɔ mfikyire, na owuyadeɛ ne ɛkɔm wɔ efie.

Deɛ ɔwɔ wiram bɛwu nkrantɛ ano,

na deɛ ɔwɔ kuro mu no, ɛkɔm ne owuyadeɛ bɛkum no.

16 Na wɔn mu adwanefoɔ firi mu a,

wɔbɛkɔ akɔtena mmepɔ so,

na wɔn nyinaa ayɛ sɛ mmonhwa mu mmuburo a wɔsisi apini,

obiara n’amumuyɛ ho.

17 Nsa nyinaa mu bɛgogo,

na nkotodwe nyinaa ahono sɛ nsuo;

18 na wɔafirafira ayitoma,

na awɔse agu wɔn so;

na aniwuo akata anim nyinaa, na wɔn nyinaa atifi bɛpa.

19 Wɔbɛtoto wɔn dwetɛ agugu mmorɔno so,

na wɔn sika adane sɛ sumina;

wɔn dwetɛ ne wɔn sika rentumi nnye wɔn AWURADE abufuo da no mu, wɔremfa mma wɔn kra mmee, na wɔremfa nhyɛ wɔn ayamdeɛ mu mama, ɛfiri sɛ ɛyɛɛ wɔn amumuyɛ ho suntidua.

20 Na wɔn ahokekadeɛ fɛfɛ no, wɔde dii ahantansɛm, na wɔde yɛɛ wɔn akyiwadeɛ mfonini, wɔn atantanneɛ no, ɛno nti na mɛma no adane efi ama wɔn.

21 Na mede bɛhyɛ ananafoɔ nsa, na wɔafom,

ne asase so abɔnefoɔ nsa, na ayɛ wɔn asadeɛ,

na wɔagu ho fi.

22 Na mɛdane m’ani afiri wɔn so,

na wɔagu m’akoradeɛ ho fi,

na adwotwafoɔ bɛhyɛne mu

agu ho fi.

23 Yɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn!

Na mogya ho atemmuo ayɛ asase no ma,

na atirimuɔden ahyɛ kuro no ma;

24 enti mede amanaman nnipa bɔne bɛba,

na wɔbɛfa wɔn afiafi afa,

na mɛtwa ahoɔdenfoɔ ahantan to

ma wɔagu wɔn akronkronneɛ ho fi.

25 Ɔsɛeɛ reba; na wɔhwehwɛ asomdwoeɛ,

nso ebi nni hɔ.

26 Abuo pae abuo so,

akwansosɛm pae akwansosɛm so.

Na wɔhwehwɛ odiyifoɔ hɔ adehunu,

na mmara bɔ ɔsɔfoɔ,

na afotuo bɔ mpanimfoɔ.

27 Ɔhene di abooboo,

na ɔberempɔn fira ahodwirie,

na asase no so aman aba mu abu.

Wɔn akwan ho adeɛ na mɛyɛ wɔn,

na wɔn atemmudeɛ na mede bɛbu wɔn atɛn,

na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

19 + four =