2 Berɛsosɛm 19

Odiyifoɔ Yehu ka Ɔhene Yehosafat anim 1 Na Yudahene Yehosafat sane baa ne fie asomdwoeɛ mu wɔ Yerusalem. 2 Na Hanani ba Yehu, ɔdehunufoɔ no, firi kɔhyiaa no, na ɔka kyerɛɛ Ɔhene Yehosafat sɛ: Ɔbɔnefoɔ na ɛsɛ sɛ woboa no, na wɔn a wɔtane AWURADE no na wodɔ wɔn? Na yei nti abufuo a ɛfiri […]

2 Berɛsosɛm 21

Yehoram nnisoɔ bɔne 1 Yehosafat tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid kuro no mu, na ne ba Yehoram bɛdii n’adeɛ. 2 Na ɔwɔ nuammarima a wɔyɛ Yehosafat mma, wɔn ne Asaria, Yehiel, Sakaria, Asaria, Mikael ne Sefatia. Yeinom nyinaa yɛ Yudahene Yehosafat mma. 3 Na wɔn agya maa wɔn […]

2 Berɛsosɛm 25

Yudahene Amasia 1 Amasia dii mfeɛ aduonu nnum na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfirinhyia aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yehoadan a ɔfiri Yerusalem. 2 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, nanso ɛnyɛ n’akoma pɛyɛ mu. 3 Na ɛbaa sɛ ahennie no timm ne nsam pɛ, ɔkunkumm ne nkoa a […]

2 Berɛsosɛm 26

Usia ahennie mfitiaseɛ pa 1 Na Yuda man no nyinaa faa Usia, na wadi mfirinhyia dunsia, na wɔsii no hene n’agya Amasia ananmu. 2 Ɔno na ɔkyekyeree Elot, na ɔdane maa Yuda, akyire yi a ɔhene no tii n’agyanom wɔ asamando. 3 Usia dii mfeɛ dunsia na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ aduonum mmienu […]

2 Berɛsosɛm 30

Hesekia Twam afahyɛ 1 Na Hesekia soma maa wɔkɔɔ Israel ne Yuda nyinaa so, na ɔtwerɛɛ nwoma nso kɔmaa Efraim ne Manase, sɛ wɔmmra AWURADE fie wɔ Yerusalem, na wɔmmɛdi Twam mma AWURADE Israel Nyankopɔn. 2 Na ɔhene no ne ne mmapɔmma ne badwa no nyinaa atu agyina wɔ Yerusalem sɛ wɔbɛdi Twam bosome a […]