2 Ahemfo 5

Naaman ayaresa

1 Na Siriahene sahene Naaman yɛ onipa kɛseɛ wɔ ne wura anim, na ɔwɔ animuonyam, ɛfiri sɛ ɔno so na AWURADE nam gyee Siria; na onipa no yɛ dɔmmarima a ɔtumi ne ho, nso na ɔyare kwata.

2 Na Siria asafo no mu bi akɔto ahyɛ Israelfoɔ so afa abaayewa kumaa bi dommum aba; na ɔsom Naaman yere.

3 Na ɔka kyerɛɛ n’awuraa sɛ: A, sɛ anka me wura wɔ odiyifoɔ a ɔwɔ Samaria no anim a, ɛnneɛ anka ɔbɛsa ne kwata yi ama no.

4 Ɛnna ɔkɔ kɔka kyerɛɛ ne wura sɛ: Sɛɛ ne sɛɛ na abaayewa a ɔfiri Israel asase soɔ no ka.

5 Na Siriahene no kaa sɛ: Kɔ na bra, na mɛtwerɛ Israel hene no nwoma.

Na ɔsii mu kɔe, na ɔfaa dwetɛ dwetikɛseɛ du ne sika nnwetɛbena mpemnsia ne ntadeɛ nsakyeraho du kurae.

6 Na ɔde nwoma no brɛɛ Israel hene sɛ: Sɛ nwoma yi ka wo nsa a, hwɛ, masoma m’akoa Naaman aba wo nkyɛn sɛ sa ne kwata no ma no.

7 Na Israel hene kenkan nwoma no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu kaa sɛ: Onyankopɔn ne me na makum na mama nkwa, sɛ oyi resoma ama wɔaba me nkyɛn sɛ mensa obi kwata yi? Ampa, monhwɛ nhunu sɛ, asɛm na ɔrepɛ me.

8 Na Nyankopɔn nipa Elisa tee sɛ Israel hene asunsuane ne ntadeɛ mu no, ɔsoma maa wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn sɛ: Adɛn nti na woasunsuane wo ntadeɛ mu? Ma no mmra me nkyɛn ɛ, na ɔnhunu sɛ odiyifoɔ bi wɔ Israel.

9 Ɛnna Naaman ne n’apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ba bɛgyinaa Elisa fie pono akyi.

10 Na Elisa somaa ɔbɔfoɔ maa no kɔɔ ne nkyɛn sɛ: Kɔ na kɔdware mprɛnson Yordan wɔ mu, na wo ho bɛsane aba wo ho, na wo ho afi.

11 Ɛnna Naaman bo fuiɛ, na ɔsii mu kɔe, kaa sɛ: Hwɛ, mesusuu sɛ: Fire na ɔbɛfiri aba abɛgyina hɔ abɔ AWURADE ne Nyankopɔn din, na ɔde ne nsa asra hɔ, na wasa kwata no.

12 Damasko nsubɔntene Abana ne Parpar nyɛ nsene Israel nsuo nyinaa? Anka merennware mu na me ho mfi anaa? Na ɔdanee ne ho de abufuo sii mu.

13 Na ne nkoa twe pinii bɛka kyerɛɛ no sɛ: M’agya, sɛ ade kɛseɛ bi na odiyifoɔ no ka kyerɛɛ wo a, anka worenyɛ anaa? Na nkantom sɛ waka akyerɛ wo sɛ: Kɔdware na wo ho mfi!

14 Ɛnna ɔsiane de ne ho kɔbɔɔ Yordan mu mprɛnson, sɛdeɛ Nyankopɔn nipa asɛm no teɛ no; na ne ho sane baa mu sɛ abɔfra ketewa honam, na ne ho firiiɛ.

15 Na ɔsane baa Nyankopɔn nipa no nkyɛn, ɔno ne n’asafo nyinaa, na ɔba bɛgyinaa n’anim kaa sɛ: Hwɛ, mahunu sɛ Onyankopɔn bi nni asase biara so sɛ Israel nko, na afei gye akyɛdeɛ yi w’akoa nsam.

16 Na ɔse: Sɛ AWURADE a megyina n’anim te aseɛ yi, merennye hwee. Na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnnye, na wampene.

17 Na Naaman kaa sɛ: Sɛ ɛnte saa a, ma wɔmfa dɔteɛ a mfunumupɔnkɔ mmienu bɛtumi asoa mma w’akoa, na w’akoa remmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ biara mma onyame biara bio sɛ AWURADE nko.

18 Asɛm yi mu nko na AWURADE mfa nkye w’akoa, sɛ me wura rekɔ Rimon fie akɔsɔre hɔ, na ɔtwere me nsa soɔ, na mekoto Rimon fie. Sɛ mekoto Rimon fie a, AWURADE mfa mfiri w’akoa, asɛm yi mu.

19 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ asomdwoeɛ mu.

Gehasi sikapɛ ne ɛho asotwe

Na Naaman firii ne nkyɛn kɔɔ kwantiaa bi.

20 Na Nyankopɔn nipa Elisa abɔfra Gehasi kaa sɛ: Hwɛ, me wura agyaa Siriani Naaman yi, sɛ wannye deɛ ɔde baeɛ no ne nsam; sɛ AWURADE te aseɛ yi, mɛtu mmirika mati no makɔgye ne hɔ biribi.

21 Na Gehasi tii Naaman. Na Naaman hunuu sɛ obi de mmirika di n’akyire no, ɔfiri teaseɛnam no mu sii fam bɛhyiaa no kaa sɛ: Asomdwoeɛ mu anaa?

22 Na ɔse: Asomdwoeɛ mu. Me wura asoma me sɛ: Hwɛ, seesei mmeranteɛ baanu a wɔfiri adiyifoɔ mma no mu firi Efraim bepɔ so aba me nkyɛn, mesrɛ wo, ma wɔn dwetɛ talente baako ne ntadeɛ nsakyeraho mmienu.

23 Na Naaman kaa sɛ: Pene na gye talente mmienu. Na ɔhyɛɛ no, na ɔkyekyeree dwetɛ talente mmienu no mmoa mmienu ne ntadeɛ nsakyeraho mmienu no, na ɔde soaa ne mmeranteɛ mu baanu, na wɔsoa dii n’anim.

24 Na ɔduruu kokoɔ no ho no, ɔgyee wɔn nsam, na ɔde kɔguu fie, na ɔgyaa mmarima no kwan maa wɔkɔe.

25 Na ɔno deɛ, ɔba bɛgyinaa ne wura anim. Na Elisa bisaa no sɛ: Gehasi, ɛhe na wofire? Na ɔse: W’akoa nkɔɔ baabiara!

26 Na ɔbisaa no sɛ: M’akoma ne wo ankɔ berɛ a ɔbarima no danee ne ho firii ne teaseɛnam mu bɛhyiaa woɔ no? Berɛ a wɔgye dwetɛ na wɔgye ntadeɛ ne ngo nnua ne bobe nturo ne nnwan ne anantwie ne nkoa ne mfenaa nie?

27 Na Naaman kwata no bɛfam wo ne w’asefoɔ ho daa. Na ɔfirii n’anim firii adie, na kwata ayɛ no fitaa sɛ sukyerɛmma.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

six − two =