2 Ahemfo 2

Elia sorokorɔ

1 Na AWURADE rebɛfa Elia ahum mu akɔ ɔsoro no, na Elia ne Elisa firi Gilgal rekɔ.

2 Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Mesrɛ wo tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Betel. Na Elisa kaa sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Na wɔsii mu kɔɔ Betel.

3 Na adiyifoɔ mma a wɔwɔ Betel no firii adi baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Wonim sɛ ɛnnɛ AWURADE rebɛfa wo wura afiri wo nkyɛn akɔ? Na ɔse: Aane, me nso menim; monyɛ komm!

4 Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Elisa, tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Yeriko. Na ɔse: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Na wɔkɔɔ Yeriko.

5 Na adiyifoɔ mma a wɔwɔ Yeriko no twe baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wonim sɛ ɛnnɛ AWURADE bɛfa wo wura afiri wo nkyɛn? Na ɔse: Aane, me nso menim; monyɛ komm!

6 Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Tena ha ɛ, AWURADE asoma me Yordan ano. Na ɔse: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Na wɔn baanu no kɔe.

7 Na adiyifoɔ mma no mu aduonum kɔ kɔgyinagyinaa wɔn ntentensoɔ akyirikyiri, na wɔn baanu no gyinaa Yordan ano.

8 Na Elia faa ne ngusoɔ bobɔ de bɔɔ nsuo no mu, na ɛpae kɔɔ ha ne ha, na wɔn baanu no nam asase pɛsɛɛ so twae.

9 Na ɛbaa sɛ wɔtwaeɛ no, Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Bisa deɛ menyɛ mma woɔ ansa na wɔafa me afiri wo nkyɛn akɔ. Na Elisa kaa sɛ: Ma wo honhom abupɛn mmienu mmra me so.

10 Na ɔkaa sɛ: Woabisa adeɛ a ɛyɛ den; sɛ wohu me sɛ wɔrefa me afiri wo nkyɛn a, ɛbɛyɛ saa ama wo; na sɛ anyɛ saa a, ɛrenyɛ.

11 Na wɔnam rekorɔ na wɔrekasa no, hwɛ, ogya teaseɛnam ne ogya apɔnkɔ ba bɛpaee wɔn baanu no ntam, na Elia faa ahum mu foro kɔɔ ɔsoro.

12 Na Elisa hwɛe na ɔteaa mu sɛ: M’agya, m’agya! Israel teaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ na ɔrekorɔ no! Na wanhu no bio.

Na ɔsɔɔ n’atadeɛ mu suanee mu mmienu.

13 Na ɔmaa Elia ngusoɔ a ɛfiri ne ho guiɛ no so, na ɔsane bɛgyinaa Yordan ano.

14 Na ɔde Elia ngusoɔ a ɛfiri ne ho guiɛ no bɔɔ nsuo no mu kaa sɛ: Ɛhe na AWURADE, Elia Nyankopɔn no ara wɔ? Na ɔbɔɔ nsuo no mu, na ɛpae kɔɔ ha ne ha, na Elisa twae.

15 Na adiyifoɔ mma a wɔwɔ Yeriko a wɔwɔ ntentensoɔ no hunuu no, na wɔkaa sɛ: Elia honhom abɛsi Elisa so. Na wɔba bɛhyiaa no, na wɔkotoo no butuu fam.

16 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, mmarima aduonum a wɔn ho yɛ den wɔ wo nkoa mu, ma wɔnkɔ nkɔhwehwɛ wo wura; na ebia sɛsɛɛ AWURADE honhom ama ne so kɔ de no akɔto mmepɔ no bi so, anaa mmonhwa no bi mu. Na ɔse: Monnsoma!

17 Na wɔhyɛɛ no ara maa no yɛɛ no ahometeɛ no, ɔkaa sɛ: Monsoma! Na wɔsomaa mmarima aduonum, na wɔkɔhwehwɛ no nnansa, nanso wɔanhu no.

18 Na wɔsane baa ne nkyɛn berɛ a ɔretwɛn wɔ Yeriko. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Manka mankyerɛ mo sɛ monnkɔ anaa?

Elisa yɛ nsɛnkyerɛnneɛ

19 Na kuro no mufoɔ no ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Hwɛ, kuro yi dabea yɛ fɛ, sɛdeɛ me wura hunu yi; nanso nsuo no nyɛ, na asase no nso awu.

20 Na ɔse: Mommrɛ me ayowa foforɔ, na momfa nkyene ngu mu. Na wɔde brɛɛ no.

21 Na ɔfirii adi kɔɔ nsuo aniwa no ho, na ɔkɔhwiee nkyene no guu mu hɔ, na ɔkaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Masa nsuo yi yadeɛ, owuo anaa apɔn biara remfiri mu hɔ mma bio.

22 Na nsuo no yɛɛ yie de bɛsi nnɛ da yi, sɛdeɛ Elisa kaeɛ no.

23 Na ɔfirii hɔ foro kɔɔ Betel; na ɔreforo akɔ ɔkwan no soɔ no, mmɔfra nketewa bi firii kuro no mu ba bɛgoroo ne ho ka kyerɛɛ no sɛ: Atipa, foro bra ɛ, atipa, foro bra ɛ!

24 Ɛnna ɔdanee ne ho, na ɔhunuu wɔn no, ɔde AWURADE din domee wɔn. Na asisirebereɛ mmienu firi kwaeɛ no mu ba bɛtetee wɔn mu mmɔfra aduanan mmienu.

25 Na ɔfiri hɔ kɔɔ Bepɔ Karmel ho, na ɔfirii hɔ nso sane baa Samaria.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

9 + seven =