2 Ahemfo 21

Manase di Yuda so hene 1 Manase bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia dummienu, na ɔdii hene mfeɛ aduonum nnum wɔ Yerusalem. Na ne na din de Hefsibah. 2 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn firii Israelfoɔ anim no akyiwadeɛ. 3 Na ɔsane sisii sorɔnsorɔmmea a n’agya Hesekia sɛesɛee […]

2 Ahemfo 22

Yosia di Yuda so hene 1 Yosia bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia nwɔtwe, na ɔdii hene mfeɛ aduasa baako wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yedida a ɔyɛ Adaia a ɔfiri Boskat ba. 2 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, na ɔnantee n’agya Dawid kwan nyinaa mu, na wammane ankɔ nifa anaa […]

2 Ahemfo 23

Yosia gu abosonsom 1 Na ɔhene no soma maa wɔkɔboaboaa Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ nyinaa ano baa ne nkyɛn. 2 Na ɔhene kɔɔ AWURADE fie, na Yuda mmarima nyinaa ne Yerusalemfoɔ nyinaa ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne ɔman mu no nyinaa, ɛfiri nketewa so kɔsi akɛseɛ soɔ ka ne ho. Na ɔkenkanee apam nwoma a […]

2 Ahemfo 24

Yehoiakim 1 Yehoiakim berɛ so na Babelhene Nebukadnessar tu baeɛ, na Yehoiakim yɛɛ no akoa mfeɛ mmiɛnsa; na ɔdanee tee Nebukadnessar so atua. 2 Na AWURADE somaa Kaldeafoɔ asafo ne Siriafoɔ asafo ne Moabfoɔ asafo ne Amon asafo baa ne so, na ɔsomaa wɔn baa Yuda so sɛ wɔmmɛsɛe no, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam […]