2 Ahemfo 7

Berɛ pa wɔ Samaria

1 Ɛnna Elisa kaa sɛ: Montie AWURADE asɛm: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔkyena sɛsɛɛ ayuosiam susuo adeɛ baako bɛdi dwetɛbena, na atokoɔ susuo adeɛ mmienu bɛdi dwetɛbena Samaria kuro pono ano.

2 Ɛnna okunini a ɔhene twere ne nsa soɔ no buaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mpomma ɔsoro mpo a, saa asɛm yi bɛbam anaa? Na ɔse: Wo ara wode w’ani bɛhunu, na worenni bi.

3 Na mmarima akwatafoɔ baanan wɔ kuro no pono ano, na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Adɛn na yɛtete ha kɔsi sɛ yɛbɛwuwuo?

4 Sɛ yɛse: Yɛbɛhyɛne kuro no mu a, ɛnneɛ ɛkɔm wɔ kuro no mu na yɛbɛwuwu hɔ; na sɛ yɛtete ha yi nso a, yɛbɛwuwu; na afei mommra mma yɛnkɔhwɛ Siriafoɔ nsraban no mu, sɛ wɔgye yɛn nkwa a, yɛbɛtena ase, sɛ wɔku yɛn nso a, yɛawu.

5 Na wɔsɔree anwummerɛ fɔmm sɛ wɔrekɔ Siriafoɔ nsraban mu: Na wɔduruu Siriafoɔ nsraban no ano, na hwɛ, onipa biara nni hɔ.

6 Na AWURADE ama Siriafoɔ dɔm ate nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne dɔm kɛseɛ nka, na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwɛ, Israel hene akɔgye Hetifoɔ ahemfo ne Misraim ahemfo adɔm atia yɛn sɛ wɔmmra yɛn so.

7 Enti anwummerɛ no wɔasɔre adwane, na wɔagyigya wɔn ntomadan ne wɔn apɔnkɔ ne wɔn mfunumu ne nsraban no sɛdeɛ ɛteɛ no, na wɔn nkwa nti wɔadwane.

8 Na akwatafoɔ no duruu nsraban no ano no, wɔkɔɔ ntomadan baako mu kɔdidii nomee, na wɔfaa dwetɛ ne sika ne ntoma firii hɔ kɔe de kɔhuntae, na wɔsane ba bɛhyɛnee ntomadan foforɔ mu, na wɔfaa hɔ adeɛ nso, na wɔde kɔ kɔhuntae.

9 Ɛnna wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Deɛ yɛreyɛ yi nyɛ, ɛnnɛ da yi yɛ asɛmpa da, na yɛn deɛ, yɛayɛ komm yi; na sɛ yɛtwɛn kɔsi adekyeeɛ a, asotwe bi bɛda yɛn so; na afei momma yɛnkɔ ahemfie nkɔka!

10 Na wɔba bɛfrɛɛ kuro no apono ano ahwɛfoɔ, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛkɔɔ Siriafoɔ nsram, na hwɛ, onipa biara ne onipa nne biara nni hɔ gye apɔnkɔ a wɔasesa wɔn ne mfunumu a wɔasesa wɔn ne ntomadan no, sɛdeɛ ɛteɛ.

11 Na ɛpono ano ahwɛfoɔ no frɛe maa wɔkɔkaa no ahemfie.

12 Ɛnna ɔhene sɔree anadwo no, na ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Mɛkyerɛ mo deɛ Siriafoɔ ayɛ yɛn yi: Wɔnim sɛ ɛkɔm de yɛn, enti na wɔafiri nsram hɔ korɔ sɛ wɔrekɔhunta wiram, na sɛ wɔfiri kuro no mu ba a, yɛakye wɔn animono, na yɛakɔhyɛne kuro no mu.

13 Na ne nkoa no mu baako buaa sɛ: Ɛnneɛ ma wɔmfa apɔnkɔ nkaeɛ a wɔaka kurom ha no mu nnum, hwɛ, wɔte sɛ Israel dodoɔ a wɔaka mu no, hwɛ wɔte sɛ Israel dodoɔ a wɔahyeɛ no, na ma yɛnsoma wɔn na yɛnhwɛ.

14 Na wɔfaa apɔnkɔ nteaseɛnam mmienu na ɔhene somaa wɔn maa wɔdii Siriafoɔ dɔm no akyiri sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ!

15 Na wɔdii wɔn akyi de kɔduruu Yordan ano, na hwɛ, ntadeɛ ne nnoɔma nnoɔma a Siriafoɔ atoto agu wɔn ntɛmpɛ no mu ayɛ ɔkwan no nyinaa so ma. Na abɔfoɔ no sane ba bɛka kyerɛɛ Ɔhene.

16 Ɛnna nkurɔfoɔ no firii adie kɔfom Siriafoɔ nsraban no. Na esiam susuo adeɛ baako tiriboɔ bɛyɛɛ dwetɛbena, na ɛmo susuo adeɛ mmienu nso yɛɛ dwetɛbena, sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ no.

17 Na ɔhene yii okunini a ɔtwere ne nsa soɔ no sɛ ɔnhwɛ ɛpono ano; na nkurɔfoɔ no tiatiaa ne so ɛpono no mu, na ɔwui, sɛdeɛ Nyankopɔn nipa no kasa a ɔhene siane baa ne nkyɛn no, ɔkaeɛ no.

18 Na ɛbaa mu sɛdeɛ Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Atokoɔ susuo adeɛ bɛyɛ dwetɛbena, na ayuosiam susuo adeɛ baako nso ayɛ dwetɛbena ɔkyena sɛsɛɛ Samaria kuro pono ano.

19 Na ɔsafohene no buaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Na hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mpomma ɔsoro mpo a, ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm yi anaa? Na ɔse: Hwɛ, wo deɛ, wode w’ani bɛhunu, na worenni bi.

20 Na ɛyɛɛ no saa ara, na nkurɔfoɔ no tiatiaa no kuro pono no mu, na ɔwui.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

eleven − 8 =