1 Berɛsosɛm 9

Yerusalemfoɔ

1 Na wɔkan Israel nyinaa twerɛɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, na hwɛ, wɔatwerɛ wɔn din wɔ Israel ahemfo nwoma mu. Wɔtuu Yuda kɔduaa Babel, wɔn amumuyɛ nti.

2 Na wɔn a wɔdii kan sane bɛtenaa wɔn agyapadeɛ so wɔ wɔn nkuro mu no ne asɔfoɔ, Lewifoɔ ne asɔrefie asomfoɔ.

3 Na Yerusalem deɛ, Yuda mma ne Benyamin mma ne Efraim ne Manase mma no mu binom tenatenaa hɔ:

4 Bani a ɔfiri Peres a ɛwɔ Yuda mma mu no ba Imri ba Omri ba Amihud ba Utai.

5 Na Silonifoɔ mu deɛ: Abakan Asaia ne ne mma.

6 Na Sera mma mu: Yeuel ne ne nuanom, ahansia aduɔkron.

7 Na Benyamin mma mu: Hasenua ba Hodawia ba Mesulam ba Salu,

8 ne Yeroham ba Yibneia ne Mikri ba Usi ba Ela ne Yibnia ba Reuel ba Sefatia ba Mesulam,

9 ne wɔn nuanom, wɔn mmusua so, nnipa ahankron aduonum nsia. Mmarima yi nyinaa yɛ agyanom atitire, wɔn mpanimfie so.

10 Na asɔfoɔ no mu: Yedaia, Yehoiarib ne Yakin,

11 ne Ahitub ba Meraiot ba Sadok ba Mesulam ba Hilkia ba Asaria a ɔyɛ Nyankopɔn fie bapɔmma;

12 ne Malkia ba Pasur ba Yeroham ba Adaia ne Imer ba Mesilemit ba Mesulam ba Yahsera ba Adiel ba Masai

13 ne wɔn nuanom, wɔn mpanimfie so atitire, apem ahanson aduosia, mmarima a wɔtumi Nyankopɔn fie som adwuma no.

14 Na Lewifoɔ mu deɛ: Merari ba Hasabia ba Asrikam ba Hasub ba Semaia,

15 Bakbakar, Heres, Galal ne Asaf ba Sikri ba Mika ba Matania,

16 ne Yedutun ba Galal ba Semaia ba Obadia ne Elkana ba Asa ba Berekia a ɔte Netofafoɔ nkuraa mu no.

Asɔrefie nnwuma ahodoɔ no

17 Na apono ano ahwɛfoɔ no: Salum, Akub, Talmon, Ahiman ne wɔn nuanom. Salum na ɔdi tire.

18 Na ɛde bɛsi sɛsɛɛ wɔwɔ ɔhene pono ano apueeɛ fam, wɔn ne Lewi mma nsra apono ano ahwɛfoɔ.

19 Na Kora ba Ebiasaf ba Kore ba Salum ne ne nuanom n’agya fie mu, Korafoɔ no, wɔwɔ ɔsom adwuma no so rewɛn ntomadan no pono ano, sɛdeɛ na wɔn agyanom wɔ AWURADE nsraban no mu rewɛn emu hyɛne no.

20 Na Eleasa ba Pinehas na na ɔdi wɔn so bapɔmma kane no, na AWURADE dii n’akyi.

21 Meselemia ba Sakaria ne ahyiaeɛ ntomadan no pono ano hwɛfoɔ.

22 Wɔn a wɔyii wɔn de wɔn sisii apono ano hwɛfoɔ nyinaa yɛ ahanu ne dummienu. Wɔn na wɔkan wɔn twerɛɛ wɔn din mmusua soɔ, wɔn nkuraa so, wɔn nso na Dawid ne Ɔdehununi Samuel de wɔn sisii wɔn nokorɛdie adwuma so.

23 Na wɔne wɔn mma wɔ apono no ano AWURADE fie, ntomadan fie no, rewɛn;

24 mframa nnan no ano deɛ, apueeɛ, atɔeɛ, atifi ne anafoɔ fam apono ano ahwɛfoɔ no wɔ.

25 Na ɛsɛ wɔn nuanom a wɔwɔ wɔn nkuraa ase no sɛ wɔba nnanson nnanson firi berɛ so kɔ berɛ soɔ bɛka wɔn ho.

26 Na nokorɛdie adwuma mu na apono ano hwɛfoɔ mpanin baanan no, Lewifoɔ no wɔ, na wɔdi Nyankopɔn fie mpumpunu ne adekora adan no soɔ.

27 Na Nyankopɔn fie no ho na wɔteteeɛ hyia anadwoɔ berɛ biara, na wɔn so na ɔwɛn no da, na wɔn nso na na wɔhinihini apono no daa anɔpa.

28 Na wɔn mu binom hwɛ ɔsom nnoɔma no so, na wɔbu ano de ba mu, na wɔbu ano de firi adi.

29 Na wɔde wɔn mu binom asisi nnoɔma ne kronkronbea nnoɔma no nyinaa ne esiam, nsa, ngo, ohwamfufuo ne nnuhwam no so.

30 Na asɔfoɔ mma no binom de nnoɔma frafra yɛɛ nnuhwam sra ngo no.

31 Na Matitia a ɔfiri Lewi mma mu a ɔyɛ Korani Salum abakan no, wɔde no sii ɛkyeɛ nnadeɛ mu atodeɛ to so.

32 Na Kohatfoɔ mma a wɔyɛ wɔn nuanom no mu binom dii kyerɛ paanoo no so, sɛ wɔnsiesie no daa homeda.

33 Yeinom ne nnwontofoɔ no, Lewi abusua so mpanimfoɔ a wɔtete asɔrefie mpumpunu mu, a wɔnyɛ adwuma foforɔ bi, ɛfiri sɛ wɔyɛ adwuma awia ne anadwo.

34 Yeinom ne Lewifoɔ mu agyanom atitire, atitire sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Yeinom na wɔtete Yerusalem.

Gibeonfoɔ, Saulo fiefoɔ

35 Na Gibeonfoɔ no agya ne Yeiel a ɔte Gibeon, na ne yere din de Maada.

36 Na n’abakan ne Adbon; ne nuanom Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab,

37 Gedor, Ahio, Sakaria ne Miklot.

38 Na Miklot woo Simeam; na wɔn nso tenaa wɔn nuanom ntentensoɔ wɔ Yerusalem, wɔne wɔn nuanom.

39 Na Ner woo Kis, na Kis woo Saulo, na Saulo woo Yonatan, Malki-sua, Abinadab ne Esbaal.

40 Na Yonatan ba ne Merib-baal, na Merib-baal woo Mika.

41 Na Mika mma ne: Piton, Melek, Tarea ne Ahas.

42 Na Ahas woo Yara, na Yara woo Alemet, Asmawet, ne Simri, na Simri woo Mosa,

43 na Mosa woo Binea; ne ne ba Refaia, ne ba Elasa, ne ba Asel.

44 Na Asel wɔ mmammarima baasia, na wɔn din nie: Asrikam, Bokeru ne Ismael ne Searia ne Obadia ne Hanan. Yeinom ne Asel mma.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

nineteen − 1 =