Ɔsɛnkafoɔ 6

Ahonyadeɛ ne animuonyam nso yɛ ahuhudeɛ

1 Bɔne bi wɔ hɔ a mahunu owia aseɛ, na ɛdɔɔso nnipa so:

2 Obi a Onyankopɔn ama no ahonyadeɛ ne adedodoɔ ne animuonyam, na deɛ ɛyɛ no akɔnnɔ mu biara mmɔ ne kra, nanso Onyankopɔn mma no ho kwan sɛ ɔnni bie, na ɔnanani bi na ɔdie, yei deɛ, ahuhudeɛ ne ayayadeɛ ne no.

3 Sɛ obi wo mma ɔha na ɔdi mfeɛ pii, na ne mfeɛ mu nna dɔɔso bebree, na papa ammee ne kra na wɔansie no yie a, mese, ɔpɔn ba yɛ sene no.

4 Na ɔba no adehunu mu, na esum mu na ɔkorɔ, na esum na ɛkata ne din soɔ,

5 owia nso wanhunu na ɔnnim, ɔhome wɔ hɔ ma oyi sene ɔno.

6 Na sɛ mpo ɔdi mfeɛ apem mmɔho, nanso wannya mu papa biara a, ɛnyɛ faako na wɔn nyinaa korɔ?

7 Onipa brɛ nyinaa, ɔbrɛ ma n’ano, nanso n’akɔnnɔ mmee no da.

8 Na ɛdeɛn na onyansafoɔ de sene ɔkwasea? Ɛdeɛn nso na ohiani a ɔnim ateasefoɔ mu abrabɔ no de kyɛne soɔ?

9 Deɛ ɛwɔ hɔ a aniwa hu no yɛ sene deɛ akɔnnɔ kyini hwehwɛ. Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.

10 Deɛ ɛwɔ hɔ biara no, na wɔabɔ ne din dada, na wɔnim sɛdeɛ onipa si teɛ, na wɔnim nso sɛ ɔntumi ne deɛ ɔyɛ den sene no no nham.

11 Na nsɛm pii wɔ hɔ a ɛma ahuhudeɛ dɔɔso; mfasoɔ bɛn na onipa nya?

12 Na hwan na ɔnim deɛ ɛyɛ ma onipa, nkwa mu, ne nkwa huhuo mu, na nna dodoɔ a ɔdie sɛ sunsum no? Na hwan na ɔbɛka onipa deɛ ɛbɛba ne wuo akyi?

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

14 − ten =