Ɔsɛnkafoɔ 5

Ahodasoɔ ne Nyankopɔn anim ahobrɛaseɛ

1 Sɛ worekɔ Nyankopɔn fie a, wɛn wo nan, na wobɛn kɔtie a, ɛyɛ sene nkwaseafoɔ afɔrebɔ; na wɔn deɛ, wɔnnim sɛ wɔreyɛ bɔne.

2 Mma w’ano nnyɛ worɔworɔ, na w’akoma nso mmpɛ ntɛm mmma asɛm bi mmfi wɔ Nyankopɔn anim, na Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na wo deɛ, wowɔ asase so; enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.

3 Na adaeɛso nam ɔbrɛdwene mu na ɛba, na ɔkwasea nne nso nam nsɛm dodoɔ mu.

4 Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ bi a, ntwentwɛn ne ma ase, ɛfiri sɛ ɔnni nkwaseafoɔ ho akoma pa bi: Deɛ woahyɛ bɔ no, ma!

5 Fanyinam sɛ woanhyɛ bɔ sene sɛ woahyɛ bɔ na womma.

6 Mma w’ano kwan mfa wo nkɔ bɔne mu, na nka wɔ ɔbɔfoɔ no anim sɛ: Ɛyɛ mfomsoɔ. Adɛn nti na Nyankopɔn bo mfu wo nne na ɔnsɛe wo nsa ano adwuma?

7 Na daeɛso rekɔ soro no, na nsɛm huhuo redɔɔso; nanso Onyankopɔn mmom na suro no.

Ahonyadeɛ yɛ ahuhudeɛ

8 Na sɛ wohunu mmɔborɔni sɛ wɔhyɛ ne soɔ, ne atemmuo, ne tenenee anidane wɔ asase bi so a, mma wo ho nnnwiri wo saa asɛm no ho, na deɛ ɔso no, deɛ ɔso sene no hwɛ no so, na deɛ ɔso koraa no hwɛ wɔn so.

9 Na adeɛ nyinaa mu mfasoɔ ne sɛ ɔhene bi wɔ hɔ ma asase a wɔdɔ soɔ no.

10 Deɛ ɔpɛ sika no, sika mmee no, na deɛ ɔpɛ adeɛ dodoɔ no nnya mu mfasoɔ: Yei nso yɛ ahuhudeɛ.

11 Berɛ a nnepa redɔɔso no, na adifoɔ nso redɔɔso, na yiedie bɛn na ɛwom ma ɔdenadeɛnom no, sɛ hwɛ a wɔn aniwa hwɛ nko?

12 Odwumayɛni didi kakraa bi oo, pii oo, ne nna yɛ no dɛ, na ɔmee a ɔdefoɔ meeɛ no mma no nnya adayɛ.

13 Bɔne bi a ɛyɛ ya wɔ hɔ a mahunu owia aseɛ, ɛne ahonyadeɛ a ɔdenadeɛnom kora ma wɔn ara mmusuo.

14 Na ahonyadeɛ no sɛe adwuma bɔne mu, na wawo ɔba a, biribiara nka ne nsam.

15 Sɛdeɛ ɔfiri ne na yam adagya mu baeɛ no, saa ara na ɔbɛsane akorɔ, sɛ ɔbaa no no, na ɔremfa ne brɛ mu hwee a ɔde bɛkuta ne nsam akorɔ.

16 Na yei nso yɛ bɔne a ɛyɛ ya, sɛdeɛ ɔbaa no ara, saa ara na ɔbɛkorɔ, na ɛyɛ no mfasoɔ bɛn sɛ ɔbrɛɛ ɔbrɛ hunu?

17 Nso ne nna nyinaa, esum mu na ɔdidiiɛ, na n’abufuo ne ne yadeɛ ne n’awerɛhoɔ dɔɔso.

Ɔpene

18 Hwɛ, deɛ mahunu sɛ ɛyɛ ne sɛ ɛyɛ fɛ sɛ obi didie na ɔnom na ɔhunu papa wɔ ne brɛ a ɔbrɛ owia aseɛ no mu nyinaa, ne nkwa nna dodoɔ a Onyankopɔn de ma no; na ɛne ne kyɛfa.

19 Nso onipa biara a Onyankopɔn ma no ahonyadeɛ ne adedodoɔ, na ɔma no ho kwan sɛ ɔnni bi na ɔmfa no sɛ ne kyɛfa, na n’ani nnye ne brɛ mu no, yei nso, Onyankopɔn akyɛdeɛ ne no.

20 Na ɔrenkae ne nkwa nna pii, ɛfiri sɛ Onyankopɔn agye ne so ama no n’akoma anigyeɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

2 × three =