Ɔsɛnkafoɔ 2

Anigyeɛ ne adwuma yɛ adehuhuo

1 Mekaa no m’akomam sɛ: Bra na memfa anigyeɛ mensɔ wo nhwɛ; gye w’ani! Na hwɛ, ɛno nso yɛ ahuhudeɛ.

2 Mekaa wɔ ɔsereɛ ho sɛ: Ɛyɛ adammɔ! Na mekaa wɔ anigyeɛ ho sɛ: Ɛdeɛn na wɔnya firii mu?

3 Mepeepee m’akomam sɛ mede nsa bɛsɛpɛ me ho, na masɔ nkwaseasɛm mu makɔsi sɛ mɛhunu deɛ ɛyɛ ma nnipa mma a wɔbɛyɛ no ɔsoro aseɛ, wɔn nkwa nna a ɛyɛ tia mu — nso na merema nyansa akyerɛ m’akoma kwan.

4 Meyeyɛɛ nnwuma akɛseɛ, mesisii adan, meyɛɛ bobe turo ahodoɔ fae,

5 meyɛɛ turo ahodoɔ ne baabi a yɛtu mpasa a masiesie hɔ, na metetɛɛ mu nnua a ɛso aba ahodoɔ nyinaa bi;

6 meyeyɛɛ nsuo atadeɛ, na mede mu nsuo magugu kwaeɛ a nnua fefɛ wɔ mu no so;

7 menyaa nkoa ne mfenaa, na efie nnipa nso wɔ me, nso menyaa anantwie, nnwan ne mmirekyie akuakuo pii sene wɔn a wɔdii m’anim Yerusalem nyinaa;

8 nso meboaa dwetɛ, sika, ahemfo ne nsase so ademudeɛ ano mefae, menyaa mmarima ne mmaa nnwontofoɔ ne mmarima anigyedeɛ ne mpenafoɔ bebree;

9 na meyɛɛ kɛse mekɔɔ so mesenee wɔn a wɔdii m’anim Yerusalem nyinaa, na me nyansa nso wɔ me hɔ;

10 na biribiara a m’ani hwehwɛeɛ no, mankame no; mansi m’akoma anigyeɛ biara ho kwan, na m’akoma ani gyee me brɛ no nyinaa mu na yei yɛɛ me brɛ no nyinaa mu kyɛfa.

11 Ɛnna medanee m’ani mehwɛɛ me nnwuma a me nsa yɛeɛ no nyinaa ne me brɛ a mebrɛ meyɛeɛ no, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu, na mfasoɔ biara nni mu owia ase.

12 Na medanee m’ani sɛ merehwɛ nyansa ne adammɔ ne nkwaseasɛm, na ɛdeɛn na onipa a ɔbɛba ɔhene akyire no bɛyɛ? Deɛ wɔayɛ no tete nteredee no ara.

13 Na mehunuu sɛ mfasoɔ wɔ nyansa mu sene nkwaseasɛm mu, sɛdeɛ hann mfasoɔ sene esum deɛ no.

14 Onipa nyansafoɔ nim faako a ɔrekorɔ, na ɔkwasea deɛ, esum mu na ɔnanteɛ. Nanso mehunuu nso sɛ asiane korɔ no ara na ɛsiane wɔn nyinaa.

15 Na mekaa no m’akomam sɛ: Ɔkwasea asiane no ara bi na ɛbɛsiane me nso; na ɛno deɛ, adɛn nti na mehunuu nyansa mesenee ebinom? Na mesee no m’akomam sɛ: Yei nso yɛ ahuhudeɛ.

16 Na onyansafoɔ ne ɔkwasea nyinaa, wɔrenkae wɔn daa, ɛfiri sɛ nna a ɛbɛba no mu no na werɛ afiri ne nyinaa dada; na ɛyɛ dɛn na onyansafoɔ ne ɔkwasea nyinaa wuwuo!

17 Ɛnna asetena fonoo me, ɛfiri sɛ na nnoɔma a wɔyɛ no owia ase no nyɛ wɔ m’ani so; na ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.

18 Na me brɛ a mebrɛɛ no owia ase no nyinaa fonoo me, sɛ merebɛgya no hɔ mama onipa a ɔbɛdi m’adeɛ no.

19 Na hwan na ɔnim sɛ ɔbɛyɛ onyansafoɔ anaa ɔkwasea? Nanso ɔbɛdi m’adeɛ a mebrɛɛ ho mede nyansa menyaa no owia ase no nyinaa so. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.

20 Na menuu me ho wɔ ɔbrɛ a mebrɛɛ owia ase no nyinaa ho.

21 Ɛfiri sɛ ɛtɔ da a, ɛsɛ sɛ obi a ɔde ne nyansa, n’adwene ne ne nimdeɛ abrɛ ayɛ adwuma no, ɔgya ne nyinaa hɔ ma deɛ wammrɛ bɛfa: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne adebɔne kɛseɛ.

22 Na ɛdeɛn na onipa nya wɔ ne brɛ nyinaa ne n’akoma mu dadwene a ɔde ha ne ho owia ase no mu?

23 Na ne nna nyinaa yɛ ayayadeɛ, na ne haw yɛ no awerɛhoɔ, nso anadwo mpo n’akoma ntɔ ne yam: Yei nso, ahuhudeɛ ne no.

24 Biribi pa biara nna hɔ mma onipa sene sɛ ɔbɛdidi na wanom na wama ne kra ahunu adepa ne brɛ no mu; yei nso mahunu sɛ Nyankopɔn nsam na ɛfire;

25 ɛnyɛ ɔno a, hwan na anka ɔbɛtumi adidie anaa hwan na anka ɔbɛtumi anya anigyeɛ?

26 Na onipa a ɔyɛ wɔ Nyankopɔn anim no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigyeɛ, na ɔdebɔneyɛni deɛ, ɔma no ha ne ho tase adeɛ boa ano de ma deɛ ɔyɛ wɔ Nyankopɔn anim: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

16 − ten =