Ɔsɛnkafoɔ 9

Nkwa ho mfasoɔ ne anigyeɛ

1 Na yei nyinaa na mede mehyɛɛ m’akomam, na mepeepee yei nyinaa mu, sɛ ateneneefoɔ ne anyansafoɔ ne wɔn nnwuma wɔ Nyankopɔn nsam, ɔdɔ oo, ɔtane oo, onipa nnim, nnoɔma nyinaa yɛ wɔn pɛ.

2 Adeɛ nyinaa ba ateasefoɔ nyinaa so pɛ, nkrabea korɔ na ɛda hɔ ma ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ, deɛ ne ho te ne deɛ ne ho nteɛ, deɛ ɔbɔ afɔdeɛ ne deɛ ɔmmɔ afɔdeɛ. Onipa pa te sɛ ɔdebɔneyɛni, deɛ ɔka ntam te sɛ deɛ ɔsuro ntanka.

3 Yei yɛ bɔne deɛ wɔyɛ no owia aseɛ no nyinaa mu, sɛ nkrabea korɔ da hɔ ma nnipa nyinaa; enti nso na bɔne ayɛ nnipa mma akoma ma, na adammɔ wɔ wɔn akoma mu ara wɔn asetena mu, na ɛno akyiri no, wɔkɔ awufoɔ nkyɛn.

4 Na hwan na wɔyi no wɔ mu? Ateasefoɔ nyinaa nkyɛn na anidasoɔ wɔ. Na ɔkraman a ɔte aseɛ yɛ sene gyata a wawuo.

5 Na ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwuwu, na awufoɔ deɛ, wɔnnim biribiara, na wɔnni akatua biara bio, na werɛ afiri wɔn nkaeɛ.

6 Wɔn dɔ oo, wɔn tane oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dadadada, na wɔnni deɛ wɔyɛ no owia aseɛ nyinaa mu kyɛfa biara bio da.

7 Kɔ na fa anigyeɛ kɔdi w’aduane, na fa akoma pa nom wo nsa, na Nyankopɔn ani asɔ wo nneyɛɛ dada.

8 Hyɛ afahyɛ atadeɛ berɛ nyinaa mu; na mma ngo mmpa wo tiri so.

9 Ɛne wo yere a wodɔ no ntena ase nni wo nkwa huhuo nna a ɔde ama wo owia aseɛ no nyinaa, w’ahuhudeɛ nna nyinaa, na ɛne wo kyɛfa nkwa yi mu ne wo brɛ a worebrɛ owia aseɛ no mu.

10 Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.

Nyansa ho mfasoɔ ne ne hunuyɛ

11 Mesane mehunuu owia ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefoɔ deɛ ne ammirikatuo, na ɛnyɛ nnɔmmarima deɛ ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafoɔ deɛ ne aduane, na ɛnyɛ nhunumufoɔ deɛ ne ahonya, na ɛnyɛ animdefoɔ deɛ ne animuonyam, na ɛberɛ ne asiane to wɔn nyinaa.

12 Nso onipa nnim ne berɛ; sɛ mpataa a wɔyi wɔn asau bɔne mu ne nnomaa a wɔyi wɔn fidie mu no, saa ara na wɔyi nnipa mma berɛ bɔne a ɛto wɔn mpofirim no mu.

13 Nso saa nyansa yi na mehunuu no owia aseɛ, na ɛso wɔ m’ani so:

14 Kuro ketewa bi wɔ hɔ, na mmarima kakraa bi na ɛwɔ mu, na ɔhenkɛseɛ bi baa ho bɛtwaa ho hyiae, na ɔtotoo ɛho abantenten akɛseɛ,

15 na wɔhunuu emu barima hiani nyansafoɔ bi, na ɔde ne nyansa no gyee kuro no; nso obiara ankae onipa hiani no.

16 Ɛnna mese: Nyansa yɛ sene mmaninyɛ, nanso wɔbu ohiani nyansa animtia, na ne nsɛm no, wɔntie.

17 Anyansafoɔ nsɛm a wɔte no komm sene nkwaseafoɔ mu tumfoɔ nteamu.

18 Nyansa yɛ sene akodeɛ, na ɔdebɔneyɛni baako sɛe papa bebree.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

nine − 1 =