2 Makabee 8

Yuda Makabeus atuateɛ 1 Afei Yuda a wɔsan frɛ no Makabeus no, ɔne n’ayɔnkofoɔ hyɛnee nkuraaseɛ hɔ kokoam, na ɔkɔfrɛfrɛɛ wɔn abusuafoɔ, na wɔtwerɛtwerɛɛ wɔn a na wɔakɔ so ara kura Yudasom gyidie mu no din, ɛno nti wɔboaboaa nnipa a wɔn dodoɔ bɛyɛ mpem nsia ano. 2 Wɔsrɛɛ Awurade sɛ ɔnhwɛ nkurɔfoɔ a nnipa […]

2 Makabee 9

Antiokus Epifanes satuo a ɛtwa toɔ 1 Saa berɛ no mu, sɛdeɛ ɛsiiɛ no, na Antiokus resan n’akyi afiri Persia mantam mu wɔ sakasakayɛ mu. 2 Ɔhyɛnee kuro bi a wɔfrɛ hɔ Persepolis na ɔpɛɛ sɛ ɔbɛwia abosonnan no mu nnoɔma na wadi kuro no so. Enti nnipa no de akodeɛ pu bae bɛsii no […]

2 Makabee 10

Wɔte Asɔredan no ho 1 Afei Makabeus ne n’akyidifoɔ no, Awurade dii wɔn anim gyee asɔredan no ne kuro no; 2 wɔbubuu afɔrebukyia a ananafoɔ no asisi wɔ badwa petee mu no, na wɔsan nso sɛee wɔn akronkronbea no. 3 Wɔtee kronkronbea no ho; afei, wɔde twerɛboɔ paa gya bɔɔ afɔdeɛ wɔ mfeɛ mmienu a […]

2 Makabee 11

Yuda Makabeus di Lisias so nkonim 1 Yei akyi no, ankyɛre biara na Lisias a ɔyɛ ɔhene hwɛfoɔ ne ne busuani no, ɔno ne deɛ na amammuo hyɛ ne nsa no, ne bu fui ɛsiane deɛ na asie no nti, 2 ɔboaboaa asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu bɛyɛ mpem nwɔtwe ne n’apɔnkɔsotefoɔ nyinaa ano de […]

2 Makabee 12

Nsɛm a ɛsisiiɛ wɔ Yopa ne Yamnia 1 Ɛberɛ a wɔyɛɛ saa nhyehyɛɛ yi wieeɛ no, Lisias san kɔɔ ɔhene hɔ, na Yudafoɔ no kɔ kɔyɛɛ wɔn kua. 2 Nanso amradofoɔ binom a wɔwɔ mmeaeɛ, Timoteo ne Genaeus ba Apolonius, ne Hieronimus ne Demofon, na deɛ ɔka yeinom ho ne Nikanor a ɔyɛ amrado wɔ […]

2 Makabee 14

Alkimus kasa tia Yuda 1 Mfeɛ mmiɛnsa akyi no, Yuda ne ne mmarima no tee sɛ, Seleukus ba Demetrius de asraafoɔ a wɔyɛ den ne ahyɛn nam ɛpo so aba suhyɛngyinabea a ɛwɔ Tripolis, 2 na wɔabɛfa ɔman no, na wɔafa Antiokus ne ne hwɛsofoɔ Lisias kɔ. 3 Afei obi a wɔfrɛ no Alkimus a […]

2 Makabee 15

Nikanor ahantan 1 Ɛberɛ a Nikanor tee sɛ Yuda ne n’akofoɔ wɔ Samaria mantam mu no, ɔyɛɛ nhyehyɛɛ sɛ ɔbɛtua wɔn na wafa ne ho sɔnn wɔ ahomegyeɛ da mu. 2 Na ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔhyɛɛ wɔn maa wɔdii n’akyi no, wɔkaa sɛ: Mfa atirimuɔden nkum wɔn, na mmom fa anidie ma deɛ ɔhunu […]

1 Makabee 1

Aleksandro a ɔyɛ onipa kɛseɛ no 1 Makedoniani Filipo a ɔyɛ Aleksandro agya, a ɔfirii Kittim asase so bɛdii Ɔhene Darius a ɔdi Persiafoɔ ne Medefoɔ so no so nkonim, na ɔbɛdii n’adeɛ sɛ ɔhene akyire no; (na wadi kan abɛyɛ Hela hene.) 2 Ɔtuu ɔsa bebree, gyee abankɛseɛ, na ɔkumm asase so ahemfo no. […]

1 Makabee 2

Matatias ne ne mma 1 Ɛberɛ no mu, Matatias a n’agya ne Yohane, a n’agya ne Simeon a ɔyɛ ɔsɔfoɔ a ɔfiri Yoarib firii Yerusalem bɛtenaa Modein. 2 Ɔwoo mmammarima nnum, Yohane a ne din pa ne Gadi, 3 Simon a wɔfrɛ no Tasi, 4 Yuda a wɔfrɛ no Makabeus, 5 Eleasa a wɔfrɛ no […]