Yɛne ɔman ntam asɛm 1 Momma nnipa nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ ɔman mu mpanimfoɔ tumi no ase. Na tumi biara nni hɔ gye deɛ ɛfiri Onyankopɔn; nanso tumi a ɛwowɔ hɔ no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ. 2 Enti obiara a ɔne tumi no di asie no, ɔne deɛ Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ […]
Author Archives: admin
Romafoɔ 14
Mo mmmu atɛn 1 Deɛ ɔyɛ mmerɛ gyidie mu no, monnye no, na mmom mo ne no nham wɔ deɛ n’adwene kyerɛ no ho. 2 Obi gye di sɛ ɔtumi di aduane biara bi; na deɛ ɔyɛ mmerɛ no deɛ, ɔdi nhahannuane nko ara. 3 Deɛ ɔdie no mmmu deɛ ɔnnie animtia, na deɛ ɔnnie […]
Romafoɔ 15
Monsɔ afoforɔ ani, na ɛnyɛ mo ho mmom 1 Na yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛyɛ na yɛansɔ yɛn ara ani. 2 Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani mma deɛ ɛyɛ, na n’ase atim. 3 Na Kristo nso ansɔ ne ho ani, na mmom sɛdeɛ […]
Romafoɔ 16
Paulo nkyea ahodoɔ 1 Na mebɔ yɛn nuabaa Foibe a ɔyɛ asafo a ɛwɔ Kenkrea no mu somfoɔ din mede no mehyɛ mo nsa 2 sɛ: Monnye no Awurade mu, sɛdeɛ ɛsɛ ahotefoɔ no, na monnyina n’akyi adwuma biara a mo ho bɛhia no mu; ɛfiri sɛ ɔno nso ayɛ nnipa pii ne me ara […]
Asomafoɔ 1
Wɔhunu Yesu a wasɔreɛ no 1 Teofilo, akane nwoma a meyɛeɛ no fa nnoɔma a Yesu firii aseɛ yɛeɛ, na ɔkyerɛkyerɛeɛ nyinaa 2 de bɛsii da a ɔnam Honhom Kronkron soɔ maa asomafoɔ a ɔyii wɔn no ahyɛdeɛ, na wɔfaa no kɔɔ soro no ho. 3 Wɔn nso na n’amanehunu akyiri no, ɔnam adanseɛ bebree […]
Asomafoɔ 2
Pentekoste Da no 1 Na Pentekoste da no duruiɛ no, na wɔn nyinaa ahyia faako. 2 Na mpofirim no, ahum bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den a ɛrebɔ firi soro bae, na ɛbɛhyɛɛ efie a wɔte mu no ma. 3 Na tɛkyerɛma a wɔapaepae mu a ɛte sɛ ogya yiyi kyerɛɛ wɔn, […]
Asomafoɔ 3
Obubuani bi ayaresa 1 Na ɛrekɔbɔ awia nnɔnmmiɛnsa a wɔbɔ mpaeɛ wɔ mu no, Petro ne Yohane bɔɔ anan kɔɔ asɔrefie. 2 Na wɔso ɔbarima bi a ɔyɛ obubuani firi ne na yam a daa wɔde no bɛto asɔrefie pono a wɔfrɛ no Fɛfɛ no ano sɛ ɔnsrɛ wɔn a wɔrekɔ asɔrefie no hɔ mmɔborɔhunu […]
Asomafoɔ 4
Petro ne Yohane kyerɛ 1 Na wɔrekasa akyerɛ ɔman no no, asɔfoɔ ne asɔrefie safohene ne Sadukifoɔ baa wɔn so. 2 Na ɛyɛɛ wɔn ahi sɛ wɔrekyerɛkyerɛ ɔman no, na wɔreka awufoɔ mu sɔreɛ wɔ Yesu din mu, 3 na wɔkyeree wɔn de wɔn kɔsiee sɛ adeɛ nkye; ɛfiri sɛ na enwunu adwo. 4 Nso […]
Asomafoɔ 5
Atorɔdie ho asotwe 1 Na ɔbarima bi a ne din de Anania ne ne yere Safira kɔtɔnee asase bi, 2 na ɔyii tiri adeɛ no bi sieeɛ, a ne yere nso nim, na ɔde ɔfa bi brɛɛ asomafoɔ no. 3 Na Petro kaa sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ w’akoma ma sɛ bɛdi atorɔ […]
Asomafoɔ 6
Asafo mu asomfo yie 1 Na nna no mu a asuafoɔ no redɔɔso no, huhuhuhu baa Helenifoɔ no mu tiaa Hebrifoɔ no sɛ wɔbu wɔn ani gu wɔn akunafoɔ so daa ɔhwɛ a wɔhwɛ wɔn no mu. 2 Na dummienu no frɛɛ asuafokuo no bae, na wɔkaa sɛ: Ɛmfata sɛ yɛbɛgya Nyankopɔn asɛm akɔsom apono […]