Numeri 3

Lewifoɔ no dodoɔ ne wɔn asɛdeɛ 1 Na yeinom ne Aaron ne Mose mmusua, da a AWURADE ne Mose kasaa Sinai bepɔ soɔ no. 2 Na yeinom ne Aaron mma din: Nadab a ɔyɛ abakan, Abihu, Eleasa ne Itamar. 3 Yeinom ne Aaron mma, asɔfoɔ a wɔsraa wɔn ngo a wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ […]

Numeri 4

Lewifoɔ som 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 Bu Kohat mma no ano firi Lewi mma no mu, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, 3 fa firi deɛ wadi mfeɛ aduasa de rekorɔ no so kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa, na wɔnyɛ m’adwuma […]

Numeri 5

Wɔyi wɔn a wɔn ho nteɛ 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Hyɛ Israelfoɔ no na wɔntu akwatafoɔ nyinaa ne wɔn a wɔn ho sene gu nyinaa ne obiara a ɔde efunu agu ne ho fi no mfiri nsraban no mu. 3 Ɔbarima ne ɔbaa na montu no, nsraban no akyi na montu […]

Numeri 6

Ahotuafoɔ ho mmara 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa bi de ne ho kɔhyɛ ahotuafoɔ mu hyɛ bɔ sɛ ɔbɛtua ne ho adeɛ de ne ho ama AWURADE a, 3 ɛnneɛ ɔntua ne ho bobesa ne nsa nyinaa; ɔnnnom bobesa a emu ka ne […]

Numeri 7

Mmapɔmma no afɔrebɔ 1 Na Mose wiee tenabea no sie, na ɔsraa ho ngo, na ɔyɛɛ no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne afɔrebukyia no ne ɛho nnoɔma nyinaa kronkron, na ɔsraa ho ngo na ɔyɛɛ ho kronkron no, 2 Israel mmapɔmma, wɔn mpanimfie so atitire a wɔyɛ mmusuakuo no asafohempanin a wɔhwɛ wɔn a wɔkan […]

Numeri 8

Nkanea no sɔbea 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Ka kyerɛ Aaron sɛ: Wode nkanea no sisi kaneadua so a, nkanea nson no nnɛre wɔ so nkyerɛ anim. 3 Na Aaron yɛɛ saa: Ɔde nkanea no sisii kaneadua no so kyerɛɛ anim, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. 4 Na yei ne kaneadua no […]

Numeri 9

Twam afahyɛdie ho asɛm 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Sinai serɛ so, wɔn Misraim asase so fire afe a ɛtɔ so mmienu no bosome a ɛdi kan no mu sɛ: 2 Ma Israelfoɔ no nni twam no ne berɛ mu. 3 Bosome yi da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ, monni no ne berɛ […]

Numeri 10

Dwetɛ ntotorobɛnto no 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Yɛ dwetɛ ntotorobɛnto mmienu fa, dwetɛ a wɔaborɔ na fa yɛ, na wɔde afrɛ asafo no aba, na wɔde ama wɔatu nsraban no akɔ. 3 Na sɛ wɔhyɛne ne mmienu nyinaa a, asafo no nyinaa ano nhyia wo nkyɛn ahyiaeɛ ntomadan no ano. 4 […]

Numeri 11

Mana fono ɔman no 1 Na ɔman no yɛɛ sɛdeɛ wɔrenwiiwii wɔn amaneɛ ho, AWURADE aso mu; na AWURADE teeɛ no, ne bo hurui, na AWURADE gya bɛsɔɔ wɔn mu hyee nsraban no ano ano. 2 Na ɔman no su frɛɛ Mose, na Mose paa AWURADE kyɛw, na ogya no dumii. 3 Na ɔfrɛɛ hɔ […]

Numeri 12

Miriam ne Aaron kasa tia Mose 1 Na Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ɔwaree Kusni baa, ɛfiri sɛ na waware Kusni baa bi. 2 Na wɔkaa sɛ: Mose nko so na AWURADE nam kasa, na ɔmfa yɛn so nso nkasa a? Na AWURADE tee. 3 Na ɔbarima Mose deɛ, na ɔdwo pii sene […]