Numeri 5

Wɔyi wɔn a wɔn ho nteɛ

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Hyɛ Israelfoɔ no na wɔntu akwatafoɔ nyinaa ne wɔn a wɔn ho sene gu nyinaa ne obiara a ɔde efunu agu ne ho fi no mfiri nsraban no mu.

3 Ɔbarima ne ɔbaa na montu no, nsraban no akyi na montu wɔn nkorɔ, na wɔangu mo nsraban a mete mu wɔ mo mu no ho fi.

4 Israelfoɔ no yɛɛ saa, na wɔtuu wɔn kɔɔ nsraban no akyi; sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no, saa na Israelfoɔ no yɛeɛ.

Asodideɛ

5 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

6 Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Ɔbarima anaa ɔbaa yɛ bɔne tia onipa bi de fom AWURADE a,

7 ɔmpae mu nka wɔn bɔne a wɔayɛ no, na ɔntua n’asodideɛ no abotene mfa abupɛn nnum mu baako nto so, na ɔmfa mma onipa a wayɛ bɔne atia no no.

8 Na sɛ onipa no awu na ɔnni busuani a ɔbɛn no bi a wɔde asodideɛ no bɛma no a, wɔmfa asodideɛ a ɛyɛ AWURADE dea no, wɔmfa mma ɔsɔfoɔ no nka mpata dwennini a wɔde rebɛpata ama no no ho.

9 Na mmasoɔ adeɛ biara Israelfoɔ no akronkronneɛ a wɔde brɛ ɔsɔfoɔ no nyinaa, nyɛ ne deɛ.

10 Na obiara akronkronneɛ yɛ ɔsɔfoɔ no dea; deɛ obiara de ma ɔsɔfoɔ no yɛ ne dea.

Ninkuntwe ho asɛm

11 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

12 Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ ɔbarima bi yere firi n’akyi na ɔkɔfom no,

13 na ɔbarima bi ne no da na sɛ wammɔ so ankyerɛ ne kunu, na ne kunu no nnim sɛ ne ho agu fi na ɛho danseni nni hɔ, na wɔankye no wɔ so,

14 na ninkuntwe honhom ba ɔbarima no so na ɔtwe ne yere no ho ninkunu, na ɔbaa no agu ne ho fi ampa, — anaasɛ ninkuntwe honhom ba ne so na ɔtwe ne yere ho ninkunu na ɔbaa no nguu ne ho fi a,

15 ɛnneɛ ɔbarima no mfa ne yere no mmra ɔsɔfoɔ no anim. Na ɔmfa ɔbaa no ho ayɛyɛdeɛ, atokosiam olonka abupɛn du mu baako mmra: Ɔnngu so ngo nanso ɔnnto so ohwamfufuo, na ɛyɛ ninkunu ho aduane afɔdeɛ, nkaeɛ aduane afɔdeɛ a wɔde kae amumuyɛ.

16 Na ɔsɔfoɔ no mfa ɔbaa no mmra mmɛgyina AWURADE anim.

17 Na ɔsɔfoɔ no nsa nsu kronkron ngu kukuo bi mu, na ɔnsa tenabea hɔ fam mfuturo bi, na ɔmfa ngu nsuo no mu;

18 na ɔsɔfoɔ no mfa ɔbaa no nnyina AWURADE anim, na ɔnyi ne tiri so akatasoɔ, na ɔmfa nkaeɛ aduane afɔdeɛ a ɛne ninkuntwe aduane afɔdeɛ nhyɛ ne nsam, na ɔsɔfoɔ no nkura nsu nwononwono a ɛde nnome ba no ne nsam.

19 Na ɔsɔfoɔ no mma no nni nse na ɔnka nkyerɛ ɔbaa no sɛ: Sɛ ɔbarima bi ne wo nnae, na sɛ womfirii wo kunu akyiri nkɔguu wo ho fi a, wo ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ afiri nsu nwononwono a ɛde nnome ba yi ho;

20 na sɛ woafiri wo kunu akyi, na sɛ wo ho agu fi na woama obi ho aka wo sɛ wo kunu a, —

21 ɛno deɛ ɔsɔfoɔ no mma ɔbaa no nni saa nse yi, na ɔsɔfoɔ no nka nkyerɛ ɔbaa no sɛ: AWURADE mfa wo nyɛ nnome ne ntam, wo man mu, sɛ AWURADE bɛma w’asrɛ atotɔ mu na wo yafunu ahonhon;

22 na nsuo a ɛde nnome ba yi ahyɛne wo nsono mu ahonhon wo yafunu na w’asrɛ atotɔ mu! Na ɔbaa no nka sɛ: Amen, Amen!

23 Na ɔsɔfoɔ no ntwerɛ nnome yi ngu nwoma so, na ɔnhohoro ngu nsu nwononwono no mu,

24 na ɔmma ɔbaa no nnom nsu nwononwono a ɛde nnome ba no, na nsuo a ɛde nnome ba no nkɔ ne mu nkɔyɛ nwononwono.

25 Na ɔsɔfoɔ no nnye ɔbaa no nsam ninkuntwe ho aduane afɔdeɛ no, na ɔnhim aduane afɔdeɛ no AWURADE anim, na ɔmfa mpini afɔrebukyia no;

26 na ɔsɔfoɔ no mfa aduane afɔdeɛ no nsa ma nyɛ nkaeɛ adeɛ, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so, na ɛno akyiri no, ɔmma ɔbaa no nnom nsuo no.

27 Na sɛ ɔma no nom a, na sɛ, wagu ne ho fi na wayɛ ne kunu bɔne a, ɛnneɛ nsuo a ɛde nnome ba no bɛhyɛne ne mu akɔyɛ no nwono, na ne yafunu ahon na n’asrɛ atotɔ mu, na ɔbaa no adane nnome, ne man mu.

28 Na sɛ ɔbaa no ho nguu fi na ne ho te a, ɛnneɛ ne ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ, na wanya mma.

29 Yei ne ninkuntwe ho mmara. Sɛ ɔbaa bi firi ne kunu akyi kɔgu ne ho fi

30 anaasɛ ninkuntwe honhom ba ɔbarima bi so na ɔtwe ne yere ho ninkunu a, ɔmfa ɔbaa no mmɛgyina AWURADE anim, na ɔsɔfoɔ no nyɛ no sɛdeɛ mmara yi hyɛ nyinaa.

31 Na ɔbarima no ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ afiri amumuyɛ no ho, na ɔbaa no asoa n’amumuyɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

twenty − 16 =