Numeri 9

Twam afahyɛdie ho asɛm

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Sinai serɛ so, wɔn Misraim asase so fire afe a ɛtɔ so mmienu no bosome a ɛdi kan no mu sɛ:

2 Ma Israelfoɔ no nni twam no ne berɛ mu.

3 Bosome yi da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ, monni no ne berɛ mu; sɛdeɛ n’ahyɛdeɛ ne n’akwan nyinaa so na monnie.

4 Na Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ wɔnni twam no.

5 Na wɔdii twam no bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ, Sinai serɛ so; sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa, saa na Israel mma no yɛeɛ.

6 Na mmarima bi wɔ hɔ a wɔn ho akum wɔ efunu bi ho, na wɔantumi anni twam no ɛda no; na wɔbaa Mose ne Aaron anim da no ara;

7 na mmarima no see no sɛ: Yɛn deɛ, yɛn ho akum wɔ efunu bi ho; adɛn na wɔbɛkame yɛn sɛ yɛmmfa yɛn ayɛyɛdeɛ mmmrɛ AWURADE ne berɛ mu wɔ Israelfoɔ mu?

8 Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnyina hɔ na menkɔtie deɛ AWURADE bɛhyɛ ama mo.

9 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

10 Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ mo anaa mo asefoɔ mu bi ho kum wɔ efunu bi ho anaasɛ ɔwɔ akwantuo mu akyirikyiri a, ɔnni twam mma AWURADE ara.

11 Bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so dunan anwummerɛ na wɔnnie; apiti ne ɛfan nwononwono na wɔmfa nnie:

12 Wɔnnnya bi nnkɔsi anɔpa na wɔmmmu ne dompe; wɔnni no twam no ho ahyɛdeɛ no nyinaa so.

13 Na deɛ ne ho teɛ na ɔntuu kwan na ɔpo twam no die no, wɔbɛtwa ɔkra no afiri ne man mu atwene, ɛfiri sɛ wamfa AWURADE ayɛyɛdeɛ no amma ne berɛ mu; saa onipa no nsoa ne bɔne.

14 Na sɛ ɔhɔhoɔ bi bɛsoɛ mo mu a, ɔnni twam mma AWURADE: Twam ahyɛdeɛ ne ne yɛbea no so na ɔnnie, ɔhɔhoɔ oo, asase no soni oo, ahyɛdeɛ baako na ɛnna hɔ mma mo.

Ogya ne mununkum fadum no

15 Na ɛda a wɔmaa tenabea no so sii hɔ no, mununkum no bɛkataa adanseɛ ntomadan no tenabea no so, na anwummerɛ, wɔhwɛ a, na ɛredɛre sɛ ogya wɔ tenabea no so de kɔsi anɔpa.

16 Saa na na ɛyɛ daa, mununkum no kata so awia na ogya no pue anadwo.

17 Na sɛ mununkum no ma ne ho so firi ntomadan no so a, na Israelfoɔ no tuo; na deɛ mununkum no gyina no, ɛhɔ na Israelfoɔ no kyere nsraban.

18 AWURADE anomu asɛm so na Israelfoɔ no nam tuo, na AWURADE anomu asɛm so na wɔnam kyere nsraban; nna a mununkum no tena tenabea no soɔ nyinaa no, wɔtena nsram.

19 Na sɛ mununkum no di tenabea no so nna pii mpo a, Israelfoɔ no yɛ AWURADE ahyɛdeɛ, na wɔntu.

20 Na sɛ ebia mununkum no tena tenabea no so nna kakraa bi a, AWURADE anomu asɛm so na wɔnam kyere nsraban, na AWURADE anomu asɛm so na wɔnam tuo.

21 Na sɛ ebia mununkum no gyina firi anwummerɛ kɔsi anɔpa na ɛma ne ho so anɔpa a, wɔtu; na sɛ awia ne anadwo na mununkum no ma ne ho so a, wɔtu;

22 na sɛ nnanu, sɛ bosome, sɛ nna bebree, na mununkum no di tenabea no so a na ɛsi so ara a, Israelfoɔ no tena nsram na wɔntu; na sɛ ɛma ne ho so a, na wɔtuo.

23 AWURADE anomu asɛm so na wɔnam kyere nsraban, na AWURADE anomu asɛm so na wɔnam tuo. AWURADE ahyɛdeɛ na wɔyɛeɛ, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so hyɛeɛ no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

5 − four =