Numeri 3

Lewifoɔ no dodoɔ ne wɔn asɛdeɛ

1 Na yeinom ne Aaron ne Mose mmusua, da a AWURADE ne Mose kasaa Sinai bepɔ soɔ no.

2 Na yeinom ne Aaron mma din: Nadab a ɔyɛ abakan, Abihu, Eleasa ne Itamar.

3 Yeinom ne Aaron mma, asɔfoɔ a wɔsraa wɔn ngo a wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnni asɔfoɔ no din.

4 Na Nadab ne Abihu wuwuu AWURADE anim, sɛ wɔde anana gya bi kɔɔ AWURADE anim Sinai serɛ soɔ no, na wɔannya mma; na Eleasa ne Itamar dii asɔfoɔ wɔn agya Aaron anim.

5 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

6 Fa Lewi abusuakuo no bra na fa wɔn bɛgyina ɔsɔfoɔ Aaron anim, na wɔnsom no,

7 na wɔnyɛ ɔno ne asafo no nyinaa adwuma mma wɔn, ahyiaeɛ ntomadan no anim, tenabea no ho som mu,

8 na wɔnhwɛ ahyiaeɛ ntomadan no mu nnoɔma nyinaa so nyɛ Israelfoɔ nnwuma mma wɔn, tenabea no ho som mu.

9 Na fa Lewifoɔ no ma Aaron ne ne mma no, wɔde wɔn ama no koraa afiri Israelfoɔ mu.

10 Na Aaron ne ne mma no deɛ, yi wɔn si hɔ na wɔnkura wɔn asɔfodie no mu; na ɔhɔhoɔ biara a ɔtwe pini ho no, wɔnku no.

11 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

12 Na me deɛ, hwɛ, mafa Lewifoɔ no afiri Israelfoɔ mu asi Israelfoɔ mu mmakan a wɔbue ɔyafunu ano no nyinaa ananmu, enti Lewifoɔ no ayɛ me dea.

13 Na mmakan nyinaa yɛ me dea; da a mebobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa no, meyɛɛ Israel mu mmakan nyinaa kronkron mefae, ɛfiri onipa so kɔsi afieboa so; wɔyɛ me dea: Mene AWURADE.

14 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose, Sinai serɛ so sɛ:

15 Kan Lewi mma no sɛdeɛ wɔn mpanimfie ne wɔn mmusua teɛ, mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa, kan wɔn.

16 Na Mose nam AWURADE asɛm no so kan wɔn sɛdeɛ ɔhyɛɛ no no.

17 Na yeinom ne Lewi mma, sɛdeɛ wɔn din teɛ: Gerson, Kohat ne Merari.

18 Na yeinom ne Gerson mma din, sɛdeɛ wɔn mmusuakuo teɛ: Libni ne Simei.

19 Na Kohat mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, ne: Amram ne Isehar, Hebron ne Usiel.

20 Na Merari mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ ne: Mahli ne Musi. Yeinom ne Lewi mmusua no, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ.

21 Gerson deɛ ne Libni abusua ne Simei abusua; yeinom ne Gersonfoɔ mmusua no.

22 Wɔn mu wɔn a wɔkan wɔn no, mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa, wɔn a wɔkan wɔn no yɛ mpem nson ne ahanum.

23 Gersonfoɔ mmusua yi kyeree nsraban tenabea no akyi wɔ atɔeɛ fam.

24 Na Gersonfoɔ agya fie bapɔmma ne Lael ba Eliasaf.

25 Na deɛ Gerson mma no nhwɛ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho ne tenabea no ne ntomadan no, ne nkatasoɔ ne ahyiaeɛ ntomadan no ano nkataano no,

26 ne adihɔ no ho ntwamutam no ne adihɔ a ɛtwa tenabea no ne afɔrebukyia no ho hyia no ano nkataano ne ne ntampehoma, ntomadan no ho adwuma nyinaa.

27 Na Kohat deɛ ne Amramfoɔ abusua, Iseharfoɔ abusua, Hebronfoɔ abusua ne Usielfoɔ abusua; yeinom ne Kohatfoɔ mmusua no.

28 Mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa dodoɔ yɛ mpem nwɔtwe ne ahansia. Wɔn na wɔyɛ kronkronbea no ho ahwɛfoɔ.

29 Kohat mma no mmusua nkyere nsraban tenabea no nkyɛn, anafoɔ fam.

30 Na Kohatfoɔ mmusua no agya fie bapɔmma ne Usiel ba Elisafan.

31 Na deɛ wɔnhwɛ ne adaka no, ɛpono no, kaneadua no, afɔrebukyia no ne kronkronbea hɔ nnoɔma nyinaa a wɔde som no ne ntwamutam no ne ɛho adwuma nyinaa.

32 Na Lewi mmapɔmma mu panin ne Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa, ɔne wɔn a wɔkura kronkronbea mu no so no mu panin.

33 Merari deɛ ne Mahli abusua ne Musi abusua; yeinom ne Merari mmusua no.

34 Na wɔn a wɔkan wɔn no, mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa dodoɔ yɛ mpem nsia ne ahanu.

35 Na Merari mmusua no agya fie bapɔmma ne Abihail ba Suriel. Tenabea no nkyɛn na wɔnkyere wɔn nsraban atifi fam.

36 Na Merari mma no hwɛ adwuma ne tenabea no ntaaboɔ ne ne mmeamu ne n’adum ne ne nnyinasoɔ ne ɛho nnoɔma nyinaa ne ɛho adwuma nyinaa,

37 ne adihɔ no ho adum a ɛhyia ho no ne ne nnyinasoɔ ne ɛho mpɛɛwa ne ɛho ntampehoma so.

38 Na wɔn a wɔnkyere nsraban, ahyiaeɛ ntomadan no anim, apueeɛ no, ne Mose ne Aaron ne ne mmammarima a wɔkura kronkronbea no ma Israelfoɔ no; na ɔhɔhoɔ a ɔtwe pini no, wɔnku no.

39 Lewifoɔ a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm so kan wɔn, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa yɛ mpemaduonu mmienu.

Lewifoɔ gye mmakan

40 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kan Israelfoɔ no mu mmakan mmarima a wɔadi bosome ne akyire nyinaa, na bu wɔn din dodoɔ ano;

41 na fa Lewifoɔ no ma me — mene AWURADE — fa wɔn si Israelfoɔ mu mmakan nyinaa ananmu, ne Lewifoɔ afieboa, si Israelfoɔ no afieboa mmakan nyinaa ananmu.

42 Na Mose kan Israelfoɔ mu mmakan nyinaa sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no.

43 Na mmakan mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa din dodoɔ, sɛdeɛ wɔn a wɔkan no teɛ no ano si mpemaduonu mmienu ne ahanu aduɔson mmiɛnsa.

44 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

45 Fa Lewifoɔ si Israelfoɔ mu mmakan nyinaa ananmu ne Lewifoɔ afieboa si wɔn afieboa ananmu, na Lewifoɔ no nyɛ me dea: Mene AWURADE.

46 Na Israelfoɔ mmakan mu nnipa ahanu aduɔson mmiɛnsa a wɔboro Lewifoɔ soɔ no agyedeɛ deɛ,

47 gye obiara dwetɛbena nnum, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ na gyeɛ, gera aduonu nyɛ dwetɛbena baako;

48 na fa dwetɛ a ɛyɛ wɔn a wɔboro wɔn soɔ no agyedeɛ no ma Aaron ne ne mma.

49 Na Mose gyegyee dwetɛ no wɔn a wɔboro wɔn a Lewifoɔ gyee wɔn no soɔ hɔ.

50 Israelfoɔ mmakan hɔ na ɔgyegyee dwetɛ no, apem ahasa aduosia nnum, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ.

51 Na Mose nam AWURADE asɛm so de wɔn a wɔagye wɔn no tiri dwetɛ no maa Aaron ne ne mma, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

2 × one =