Numeri 6

Ahotuafoɔ ho mmara

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa bi de ne ho kɔhyɛ ahotuafoɔ mu hyɛ bɔ sɛ ɔbɛtua ne ho adeɛ de ne ho ama AWURADE a,

3 ɛnneɛ ɔntua ne ho bobesa ne nsa nyinaa; ɔnnnom bobesa a emu ka ne nsa a emu ka, na adeɛ biara a wɔde bobe aba ayɛ nso, ɔnnnom, na bobe aba mono ne dwane nso, ɔnnni;

4 n’ahotua nna nyinaa mu, biribiara a wɔde bobe ho biribi ayɛ, ne nsoeɛ mu aba oo, ne hono oo, ɔnnni.

5 N’ahotua bɔhyɛ nna nyinaa mu no yiwan biara nnka ne ti; ɔnyɛ kronkron nkɔsi sɛ nna a ɔtuaa ne ho maa AWURADE no bɛwie duro; ɔnsi atimum.

6 Nna a watua ne ho adeɛ ama AWURADE no, ɔnnkɔ efunu ho.

7 N’agya ne ne na ne ne nuabarima ne ne nuabaa wuo mu mpo, ɔnnkɔgu ne ho fi, ɛfiri sɛ ne Nyankopɔn ahotua wɔ n’atifi.

8 N’ahotua nna nyinaa ɔyɛ kronkron ma AWURADE.

9 Na sɛ obi kɔwu mpofirim wɔ ne nkyɛn ma ɔgu n’ahotua tiri ho fi a, ɔnyi ne tiri n’ahodwira da a ɛne da a ɛtɔ so nson no mu.

10 Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ ɔsɔfoɔ no ahyiaeɛ ntomadan no ano.

11 Na ɔsɔfoɔ no mfa baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, na baako nso ɔmfa nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ɔmpata mma no sɛ efunu no nti wafom, na ɔnyɛ ne tiri kronkron bio da no ara.

12 Na ɔntua ne ho adeɛ mma AWURADE n’ahotua nna no, na ɔmfa odwanten ba a wadi afe mmra mmɛbɔ asodie ho afɔdeɛ; na kane nna no ayera, ɛfiri sɛ n’ahotua no ho agu fi.

13 Na yei ne ahotuafoɔ ho mmara: Ɛda a n’ahotua nna wie duro no, wɔmfa no mmra ahyiaeɛ ntomadan ano,

14 na ɔmfa n’ayɛyɛdeɛ mmrɛ AWURADE; odwanten ba a wadi afe a ɔdi mu baako mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne odwammereɛ baako a wadi afe a ɔdi mu nso mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini baako a ɔdi mu mmɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ;

15 ne apiti paanoo, esiam taterɛ a wɔde ngo afɔre, ne apiti ɔfam a wɔasra ho ngo kɛntɛn, ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa.

16 Na ɔsɔfoɔ no mfa mmra AWURADE anim, na ɔmmɔ ne bɔne ne ne hyeɛ afɔdeɛ.

17 Na ɔmfa odwennini no mmɔ AWURADE asomdwoeɛ afɔdeɛ nka apiti kɛntɛn no ho, na ɔsɔfoɔ no mmɔ n’aduane afɔdeɛ ne n’ahwiesa afɔdeɛ.

18 Na ɔhotuafoɔ no nyi n’ahotua ti ahyiaeɛ ntomadan no ano, na ɔmfa n’ahotua tirinwi no ngu asomdwoeɛ afɔdeɛ no ase gya mu.

19 Na ɔsɔfoɔ no mfa odwennini no basa a wɔanoa ne kɛntɛn no mu apiti taterɛ baako ne apiti ɔfam baako ngu ɔhotuafoɔ a wanya ayi n’ahotua no nsam;

20 na ɔsɔfoɔ no nhim no ohim afɔdeɛ AWURADE anim, ɛyɛ kronkron ma ɔsɔfoɔ no, ɛne ohim yan ne mmasoɔ srɛ no; ɛno akyiri no ɔhotuafoɔ no nnom bobesa.

21 Yei ne mmara a ɛda hɔ ma ɔhotuafoɔ a, n’ahotua nti, wahyɛ n’ayɛyɛdeɛ ho bɔ ama AWURADE, de ka deɛ ne nsa bɛso soɔ ho; sɛ ne bɔ a ɔhyɛeɛ no teɛ no, saa na ɔmfa n’ahotua mmara so nyɛ.

Nhyira a wɔmfa nhyira ɔman no

22 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

23 Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Sɛdeɛ monhyira Israelfoɔ no nka nkyerɛ wɔn nie:

24 AWURADE nhyira wo, na ɔnhwɛ wo so;

25 AWURADE nte n’anim nkyerɛ wo, na ɔnnom wo;

26 AWURADE mma n’ani so nhwɛ wo, na ɔmma wo asomdwoeɛ.

27 Na wɔmfa me din nto Israelfoɔ so, na me deɛ, mɛhyira wɔn.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

three − 2 =