Salomo bɛdi n’agya Dawid adeɛ 1 Na Dawid hyiahyiaa Israel mmapɔmma nyinaa, mmusuakuo so mmapɔmma ne akuo so asafohene a wɔsom ɔhene no, ne mpem mpem so asafohene, ne ɔha ha so asafohene, ne ɔhene ne ne mma ahodeɛ ne mmoa nyinaa so asafohene, wɔne mpiadifoɔ, ne nnɔmmarima no, ne mmarima a wɔawedare wɔ ɔko […]
Author Archives: admin
1 Berɛsosɛm 29
Ɛtoɔ kɛseɛ a wɔyi ma asɔrefie no 1 Na Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ: Me ba Salomo, a ɔno nko na Onyankopɔn ayi no no, yɛ abɔfra, na ɔnni suahunu, na adwuma no so, ɛfiri sɛ ahemfie no nyɛ onipa dea, na ɛyɛ AWURADE Nyankopɔn dea. 2 Na me tumi nyinaa, na […]
2 Ahemfo 1
Ɔhene Ahasia adebisa 1 Na Ahab wuo akyiri no Moab tee Israel so atua. 2 Na Ahasia firii n’abansoro dan a ɛwɔ Samaria no mpomma mu te hwee fam, na ɔyaree; na ɔsomaa abɔfoɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔbisa Ekron nyame Baalsebub, sɛ mɛnya yadeɛ yi mu nkwa anaa? 3 Na AWURADE bɔfoɔ […]
2 Ahemfo 2
Elia sorokorɔ 1 Na AWURADE rebɛfa Elia ahum mu akɔ ɔsoro no, na Elia ne Elisa firi Gilgal rekɔ. 2 Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Mesrɛ wo tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Betel. Na Elisa kaa sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Na wɔsii […]
2 Ahemfo 3
Yehoram ne Yehosafat ko tia Moab 1 Na Ahab ba Yehoram bɛdii Israel so hene Samaria, Yudahene Yehosafat afe a ɛtɔ so dunwɔtwe so; na ɔdii hene mfeɛ dummienu. 2 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne deɛ, nanso na ɛnte sɛ n’agya ne ne na deɛ no; na ɔyii Baal honi a n’agya yɛeɛ no […]
2 Ahemfo 4
Elisa ne ɔbaa kunafoɔ no 1 Na adiyifoɔ mma no mu baako yere teaa mu ka kyerɛɛ Elisa sɛ: W’akoa, me kunu, awu, na wo ara wonim sɛ na w’akoa suro AWURADE; na ɔkafoɔ aba rebɛfa me mma baanu akɔyɛ ne nkoa. 2 Na Elisa bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na menyɛ memma woɔ? Kyerɛ me […]
2 Ahemfo 5
Naaman ayaresa 1 Na Siriahene sahene Naaman yɛ onipa kɛseɛ wɔ ne wura anim, na ɔwɔ animuonyam, ɛfiri sɛ ɔno so na AWURADE nam gyee Siria; na onipa no yɛ dɔmmarima a ɔtumi ne ho, nso na ɔyare kwata. 2 Na Siria asafo no mu bi akɔto ahyɛ Israelfoɔ so afa abaayewa kumaa bi dommum […]
2 Ahemfo 6
Elisa ma dadeɛ bi tɛ nsuo ani 1 Na adiyifoɔ mma no ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Hwɛ, w’anim ha a yɛteɛ yi yɛ hiahiaa papa ma yɛn. 2 Ma yɛnkɔ Yordan ano na yɛnkɔfa mpuna mmaako mmaako mfiri hɔ, na yɛnsiesie baabi wɔ hɔ ntena hɔ. Na ɔse: Monkɔ ɛ! 3 Na ɔbaako kaa sɛ: […]
2 Ahemfo 7
Berɛ pa wɔ Samaria 1 Ɛnna Elisa kaa sɛ: Montie AWURADE asɛm: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔkyena sɛsɛɛ ayuosiam susuo adeɛ baako bɛdi dwetɛbena, na atokoɔ susuo adeɛ mmienu bɛdi dwetɛbena Samaria kuro pono ano. 2 Ɛnna okunini a ɔhene twere ne nsa soɔ no buaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mpomma […]
2 Ahemfo 8
Elisa ne Sunemni baa no 1 Na Elisa aka akyerɛ ɔbaa a ɔnyanee ne ba no sɛ: Sɔre kɔ, wo ne wo fie, na kɔyɛ ɔhɔhoɔ baabiara a wobɛtumi, na AWURADE rema ɛkɔm aba, na ɛbɛba asase yi so mfeɛ nson. 2 Na ɔbaa no sɔree yɛɛ sɛdeɛ Nyankopɔn nipa no asɛm no teɛ no, […]