1 Berɛsosɛm 29

Ɛtoɔ kɛseɛ a wɔyi ma asɔrefie no

1 Na Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ: Me ba Salomo, a ɔno nko na Onyankopɔn ayi no no, yɛ abɔfra, na ɔnni suahunu, na adwuma no so, ɛfiri sɛ ahemfie no nyɛ onipa dea, na ɛyɛ AWURADE Nyankopɔn dea.

2 Na me tumi nyinaa, na mede masiesie me Nyankopɔn fie no ho sika ama sika adeɛ, ne dwetɛ ama dwetɛ adeɛ, ne kɔbere mfrafraeɛ adeɛ ho kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ adeɛ nso dadeɛ, ne nnua adeɛ, nnua, apopobibire aboɔ ne nhyehyɛmu aboɔ, aboɔ hyɛnhyɛn ne aboɔ nworonnworan ne aboɔden aboɔ nyinaa ne abofufuo pii pa.

3 Nanso me Nyankopɔn fie ho anisɔ nti, me sika ne dwetɛ akoradeɛ a ɛwɔ me hɔ no, mede mama me Nyankopɔn fie no apae deɛ masiesie asie kronkronbea fie no nyinaa so.

4 Sika dwetikɛseɛ mpensa, Ofir sika ne dwetɛ a wɔayiyi mu dwetikɛseɛ mpemnson, sɛ wɔmfa nnura adan no afasuo no ho,

5 na wɔmfa sika no nyeyɛ sika nnoɔma, na wɔmfa dwetɛ no nyeyɛ dwetɛ nnoɔma, na wɔmfa nyɛ adwumfoɔ nsa ano adwuma no nyinaa. Na afei, hwan na ɔyi ne yam ama, na wadwira ne ho ama AWURADE nnɛ?

6 Ɛnna agyanom mmapɔmma ne Israel mmusuakuo mmapɔmma ne mpem mpem ne ɔha ha so asafohene ne ɔhene adwuma so ahwɛfoɔ no nyaa ɛho anigyeɛ,

7 na wɔmaa Nyankopɔn fie som no ho sika dwetikɛseɛ mpemnum ne sika dare mpemdu ne dwetɛ dwetikɛseɛ mpemdu ne kɔbere mfrafraeɛ dwetikɛseɛ mpemdunwɔtwe ne dadeɛ dwetikɛseɛ mpemha.

8 Na wɔn a wɔhunuu wɔn hɔ aboɔ no, de maa AWURADE fie akoradeɛ no, de hyɛɛ Gersonni Yehiel nsa.

Dawid aseda mpaebɔ

9 Na ɔman no ani gyee deɛ wɔyii wɔn yam de maeɛ no ho, ɛfiri sɛ akoma mu nyinaa na wɔde yii wɔn yam de maa AWURADE, na Ɔhene Dawid nso ani gyee ani gyee kɛse.

10 Na Dawid hyiraa AWURADE, badwa no nyinaa anim, na Dawid kaa sɛ: Nhyira ne wo, AWURADE, yɛn agya Israel Nyankopɔn, firi daa kɔsi daa.

11 Wo AWURADE na kɛseyɛ ne mmaninyɛ ne animuonyam ne nimdie ne aseda wɔ woɔ, na deɛ ɛwɔ ɔsoro ne asase soɔ nyinaa wɔ wo. Wo, AWURADE, na ahennie wɔ woɔ, na wo na woama wo ho so di adeɛ nyinaa soɔ.

12 Na ahonya ne animuonyam firi w’anim, na wo na wodi adeɛ nyinaa soɔ, na wo nsam na ahoɔden ne mmaninyɛ wɔ, na nnipa nyinaa kɛseyɛ ne denhyɛ wɔ wo nsam.

13 Na afei, yɛn Nyankopɔn, yɛn deɛ, yɛda wo ase, na yɛyi w’animuonyam din no ayɛ.

14 Na hwan ne me, na hwan ne me man, na yɛanya ahoɔden sɛ yɛbɛyi yɛn yam ama adeɛ seyie? Na wo nkyɛn na ne nyinaa fire, na wo nsam na yɛnyaa no, na yɛde ama woɔ yi.

15 Na ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ ne yɛn wɔ w’anim, sɛ yɛn agyanom nyinaa. Yɛn nna te sɛ sunsum asase so, na anidasoɔ biara nni hɔ.

16 AWURADE yɛn Nyankopɔn, ade kuo yi a yɛasiesie sɛ yɛde rebɛsi efie ama wo din kronkron yi nyinaa, wo nsam na ɛfire, na wo na ne nyinaa wɔ woɔ.

17 Na menim, me Nyankopɔn, sɛ wo deɛ, wosɔ akoma hwɛ, na teeyɛ na ɛsɔ w’ani. Me deɛ, m’akomam teeyɛ mu na mayi me yam ama yeinom nyinaa, na afei wo man a wɔhu wɔn ɛha yi nso, mede anigyeɛ mahunu sɛ wɔn nso ayi wɔn yam ama wo adeɛ.

18 AWURADE, yɛn agyanom Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn, fa yei sie wo man akoma mu, adwene mu, nsusuiɛ mu, kɔsi daa, na siesie wɔn akoma bra wo nkyɛn.

19 Na me ba Salomo no, ma no akoma a ɛdi mu, na ɔnhwɛ wo mmara nsɛm, w’adanseɛ ne w’ahyɛdeɛ, na ɔnyɛ ne nyinaa, na ɔnsi ahemfie a masiesie ho asie no.

Wɔsra Salomo ngo

20 Na Dawid ka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ: Monhyira AWURADE mo Nyankopɔn no ɛ! Na badwa no nyinaa hyiraa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wɔkoto sɔree AWURADE ne ɔhene.

21 Na wɔbobɔɔ AWURADE afɔdeɛ, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE, da no. Na adeɛ kyeeɛ no, wɔde anantwinini apem, adwennini apem, nnwan mma apem ne wɔn ho ahwiesa ne afɔdeɛ pii pa maa Israel nyinaa.

22 Na wɔde anigyeɛ kɛseɛ didi nomee, AWURADE anim da no.

Na wɔsii Dawid ba Salomo hene ne mprenu so, na wɔsraa no ngo maa AWURADE sɛ bapɔmma, na Sadok nso wɔhyɛɛ no ɔsɔfoɔ.

23 Na Salomo tenaa AWURADE adwa so dii n’agya Dawid adeɛ, na ɔyɛɛ prɔmprɔm, na Israel nyinaa tiee no.

24 Na mmapɔmma no nyinaa ne nnɔmmarima no nyinaa ne Ɔhene Dawid mma no nyinaa nso de wɔn ho hyɛɛ Ɔhene Salomo ase.

25 Na AWURADE maa Salomo so kɛse pa ara Israel nyinaa ani so, na ɔhyɛɛ no ahennie mu animuonyam a ahemfo a wɔdii Israel soɔ dii n’anim no biara nnyaa bi da.

Dawid wuo

26 Saa na Yisai ba Dawid dii Israel nyinaa so hene.

27 Na nna a ɔde dii Israel soɔ no yɛ mfirinhyia aduanan. Ɔdii hene mfeɛ nson wɔ Hebron, na Yerusalem deɛ, ɔdii mfeɛ aduasa mmiɛnsa.

28 Na ɔwuu onyini pa mu a nna ne adedodoɔ ne animuonyam amee no. Na ne ba Salomo bɛdii n’adeɛ.

29 Na Ɔhene Dawid nsɛm a ɛdi kan ne deɛ ɛdi akyire no, hwɛ, wɔatwerɛ no Ɔdehunufoɔ Samuel nsɛm ne Odiyifoɔ Natan Nsɛm ne Ɔdehwɛfoɔ Gad nsɛm mu,

30 ne n’ahennie ne ne mmaninyɛ nyinaa ne mmerɛ a ɛfaa ne tiri soɔ ne Israel soɔ, na ɛfaa aman ahodoɔ no ahennie nyinaa soɔ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

five × five =